Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 5/1 kr. 10-15
  • Adansefo Mununkum Kɛse!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adansefo Mununkum Kɛse!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA GYIDI KYERƐ
  • GYIDI NE “TETE WIASE” NO
  • GYIDI WƆ TETE AGYANOM A WƆTRAA ASE WƆ NSUYIRI NO AKYI NO MU
  • GYIDI MA YƐDE ONYANKOPƆN DI KAN
  • ‘Yɛnam Gyidi Mu, Ɛnyɛ Nea Yehu Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Kyerɛ Gyidi A Egyina Nokware So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Wo Gyidi Yɛ Den Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Kyerɛ Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow Ho Anisɔ Denam Gyidi a Wobɛkyerɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 5/1 kr. 10-15

Adansefo Mununkum Kɛse!

“Sɛ yɛwɔ adansefo mununkum [kɛse] a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma . . . yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.”​—HEBRIFO 12:1.

1, 2. (a) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn ho mfonini na na ɛwɔ Paulo adwene mu bere a na ɔrekyerɛw akɔma Hebri Kristofo no? (b) Dɛn nti na na mfɛfo gyidifo a wɔwɔ Hebri no hia gyidi a ɛyɛ den?

YƐ WO HO mfonini sɛ mmirikatufo wɔ agumadibea bi. Woyere wo ho a w’ani da botae no so. Na bɛhwɛadefo no nso ɛ? Ɛdɛn, wɔn nyinaa yɛ mmirikatufo nkonimdifo! Wɔnnyɛ bɛhwɛadefo ara kwa na mmom adansefo a wɔyɛ hyew wɔ asɛm ne nneyɛe mu.

2 Ɛbɛyɛ sɛ na ɔsomafo Paulo wɔ mfonini a ɛte saa wɔ n’adwene mu bere a na ɔrekyerɛw krataa akɔma Hebri Kristofo (bɛyɛ 61 Y.B.) no. Ná wohia gyidi a ɛyɛ den. (Hebrifo 10:32-39) Gyidi nkutoo so na na wɔnam betumi atie Yesu kɔkɔbɔ sɛ wonguan bere a asraafo twaa Yerusalem ho hyiae (wɔ 66 Y.B.), mfe kakraa bi ansa na Romafo resɛe no (wɔ 70 Y.B.) no. Ná gyidi bɛma wɔatumi agyina nso, bere a “trenee nti wɔtaa wɔn” no.​—Mateo 5:10; Luka 21:20-24.

3. Wɔ Hebrifo 12:1 no, dɛn ne “bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si” no, na wɔka kyerɛ Kristofo sɛ wɔmfa boasetɔ ntu mmirika bɛn?

3 Bere a Paulo apɛɛpɛe gyidi nnwuma ahorow a wɔyɛe ansa na Kristofo mmere no reba mu (wɔ Hebrifo, ti 11) akyi no, ɔkae sɛ: “Sɛ yɛwɔ adansefo mununkum [kɛse] a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, moma yɛntow adesoa biara adesoa [a ebegye yɛn asabawmu honhom mu] ne bɔne [gyidi a wonni] a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim [a ɛyɛ daa nkwa] no mu mmirika.” (Hebrifo 12:1) Gyidi a ano yɛ den ho asɛm a Paulo kae no si n’afã horow so dua na ɛho bɛba yɛn mfaso sɛ́ yɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔretu nkwa a owu nni mu wɔ ɔsoro ho mmirika, anaasɛ yɛka “nnipakuw kɛse” a wɔn botae ne sɛ wobenya nkwa a enni awiei wɔ paradise asase so no ho. (Adiyisɛm 7:4-10; Luka 23:43; Romafo 8:16, 17) Nanso dɛn koraa ne gyidi? Dɛn ne saa honhom mu abohene yi afã horow no mu bi? Na sɛ yɛwɔ gyidi a, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn? Bere a mohwehwɛ saa nsemmisa yi ho mmuae no, yɛsrɛ mo, monkenkan Hebrifo ti 11 ne 12 mu nkyekyem a wɔabobɔ din no wɔ mo kokoam adesua mu ne asafo adesua no nso ase.

NEA GYIDI KYERƐ

4. Dɛn ne gyidi?

4 Paulo dii kan kyerɛkyerɛɛ gyidi mu. (Kenkan Hebrifo 11:1-3.) Gyidi fã bi ne “ade a yɛn ani da so ho ahotoso.” Obi a ɔwɔ gyidi no wɔ adanse sɛ biribiara a Onyankopɔn hyɛ ho bɔ no te sɛ nea abam dedaw. Afei nso gyidi ne “nneɛma a yenhu ho adansegye.” Nneɛma no pɔtee a wonhui ho adanse a wɔagye atom no ano yɛ den ara ma wɔka sɛ gyidi te sɛ saa adansegye no.

5. Dɛn na yɛnam gyidi so hu wɔ yɛn adwene mu?

5 Gyidi nti na “tetefo no nyaa adanse” sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani. Afei gyidi na ‘yɛde hu yɛn adwenem sɛ wɔde Onyankopɔn asɛm asiesie nneɛma nhyehyɛe no’​—asase, owia, ɔsram ne nsoromma​—ma nea ani tuae fi nneɛma a ɛnna adi mu bae.’ Yegye di sɛ Yehowa ne saa nneɛma no nyinaa Bɔfo, ɛwom sɛ yentumi nhu no esiane sɛ ɔyɛ Honhom a aniwa nhu no nti.​—Genesis 1:1; Yohane 4:24; Romafo 1:20.

GYIDI NE “TETE WIASE” NO

6. Dɛn nti na na Habel wɔ ‘ade a n’ani da so’ sɛ Yehowa nkɔmhyɛ nsɛm a ɛfa ‘ɔbea no aseni’ ho no bɛbam ampa?

6 Gyidi afã horow pii no mu biako ne anisɔ ma hia a bɔne ho afɔrebɔ hia no. (Kenkan Hebrifo 11:4.) “Tete wiase” no mu no, Habel, adesamma baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, babarima a ɔto so abien no, kyerɛɛ mogya afɔrebɔ mu gyidi. (2 Petro 2:5) Akyinnye biara nni ho sɛ Habel ankasa huu bɔne su a edi awu a wonya fi awo mu no. (Genesis 2:16, 17; 3:6, 7; Romafo 5:12) Ɛda adi nso sɛ ohuu Onyankopɔn ahyɛde a ɛde ɔbrɛ adwumayɛ brɛɛ Adam ne nyinsɛn mu yaw pii brɛɛ Hawa no mmamu. (Genesis 3:16-19) Enti na Habel wɔ ‘ade a n’ani da so’ sɛ nneɛma afoforo a Onyankopɔn aka no bɛbam ampa. Nea na ɛka eyinom ho ne nkɔmhyɛ nsɛm a wɔka kyerɛɛ ɔdaadaafo kɛse Satan bere a Onyankopɔn kaa eyi kyerɛɛ ɔwɔ no, sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.”​—Genesis 3:15.

7. (a) Ɔkwan bɛn so na Habel kyerɛɛ anisɔ wɔ hia a bɔne ho afɔrebɔ ho hia no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ‘dii Habel ayɛyɛde no ho adanse’?

7 Habel daa gyidi wɔ Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no mu adi denam aboa afɔre a ɔbɔ maa Onyankopɔn a na ebetumi agyina hɔ wɔ mfonini kwan so ama Habel ankasa nkwa no so. Nanso ne nua panyin Kain a onni gyidi no de nnuadewa a mogya nni mu na ɛbɔɔ afɔre. Sɛ owudifo no, Kain hwiee Habel mogya gui akyiri yi. (Genesis 4:1-8) Nanso Habel wui a na onim sɛ Onyankopɔn abu no trenee, “Onyankopɔn dii n’ayɛyɛde ho adanse.” Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Habel afɔre a ofi gyidi mu bɔe a ogye toom no so. Esiane ne gyidi ne ɔsoro mpeneso, a Kyerɛwtohɔ a efi Honhom mu no kɔ so di ho adanse no nti, ‘Habel wui de, nanso ɔda so ara kasa.’ Ohuu hia a bɔne ho afɔrebɔ ho hia no. So wowɔ gyidi wɔ Yesu Kristo ogye afɔre a ɛho hia kɛse sen saa no mu?​—1 Yohane 2:1, 2; 3:23.

8. (a) Dɛn na yesua fa gyidi ho wɔ Henok adanse a odii wɔ akokoduru so no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na “wɔfaa Henok kɔe a wanhu owu”?

8 Gyidi bɛka yɛn ma yɛaka Onyankopɔn asɛm no a yensuro. (Kenkan Hebrifo 11:5, 6.) Yehowa tete dansefo Henok de akokoduru kaa ɔsoro atemmu a na ɛbɛba nnipa a wonnim Onyankopɔn so ho asɛm siei. (Yuda 14, 15) Akyinnye biara nni ho sɛ Henok atamfo pɛe sɛ wokum no, nanso Onyankopɔn “faa no kɔe” na wanhu owu mu yaw. (Genesis 5:24) Nanso nea edi kan no, “onyaa adanse sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani.” Ɔkwan bɛn so? “Gyidi nti na wɔfaa Henok kɔe a wanhu owu.” Ɔkwan a ɛte saa ara so no, wɔfaa Paulo, anaasɛ “wohwim no kɔɔ paradise,” a ɛda adi sɛ onyaa Kristofo asafo no daakye honhom mu paradise no ho anisoadehu. (2 Korintofo 12:1-4) Enti ɛda adi sɛ na Henok renya asase so Paradise a ɛbɛba no ho anisoadehu, bere a Yehowa ma ɔdae wɔ owu mu, a wagye no afi atamfo nsam no. Sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani, te sɛ Henok a, ɛsɛ sɛ yɛka Onyankopɔn asɛm no a yensuro. (Asomafo no Nnwuma 4:29-31) Ɛsɛ sɛ yegye di nso sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na “ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.”

9. Ɔkwan bɛn so na Noa kwan a ɔfaa so no kyerɛ sɛ Onyankopɔn akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ a wodi no yɛ gyidi fã foforo?

9 Onyankopɔn akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ a wodi nso yɛ gyidi fã foforo. (Kenkan Hebrifo 11:7.) Bere a Noa reyɛ n’ade gyidi mu no, ɔyɛɛ ‘sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no ara.’ (Genesis 6:22; 7:16) Noa nyaa ‘nea wonhui ho ɔsoro kɔkɔbɔ’ na ogyee Yehowa asɛm sɛ asase nyinaa so nsuyiri bɛba no dii. Wɔ gyidi mu no, Noa “siesiee adaka maa ne fi nkwagye.” Ɛdenam osetie ne trenee nnwuma so no, obuu wiase a enni gyidi no fɔ esiane ne nnwuma bɔne nti, na ɔkyerɛe sɛ ɛfata ɔsɛe.​—Genesis 6:13-22.

10. Ɛwom sɛ na Noa repam adaka no de, nanso adwuma foforo bɛn na ogyee bere yɛe?

10 Ná Noa yɛ Yehowa adansefo no mu biako nso efisɛ na ɔyɛ “treneekafo.” (2 Petro 2:5) Ɛwom sɛ na ɔrepam adaka no a onni adagyew de, nanso ogyee bere de kaa asɛm sɛnea Yehowa Adansefo yɛ nnɛ no. Ampa, Noa de akokoduru kasae sɛ Onyankopɔn kɔkɔbɔ ma nnipa a na wɔwɔ hɔ ansa na nsuyiri no reba no ho dawurubɔfo de, nanso “wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.”​—Mateo 24:36-39.

GYIDI WƆ TETE AGYANOM A WƆTRAA ASE WƆ NSUYIRI NO AKYI NO MU

11. (a) Ɔkwan bɛn so na Abraham kyerɛe sɛ nea ɛka gyidi ho nso ne Yehowa bɔhyɛ ahorow mu ahotoso a edi mu? (b) Gyidi mu no, na Abraham retwɛn “kurow” bɛn?

11 Nea ɛka gyidi ho ne Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu ahotoso a edi mu. (Kenkan Hebrifo 11:8-12.) Gyidi na Abraham (Abram) de tiee Onyankopɔn ahyɛde na ofii Ur a ɛyɛ kurow a na obetumi anya honam fam nneɛma pii wom no mu. Ogyee Yehowa bɔhyɛ sɛ ne mu na “asase so mmusua nyinaa” benya nhyira ne sɛ ɔbɛma n’asefo asase no dii. (Genesis 12:1-9; 15:18-21) Ná Abraham ba Isak ne ne banana Yakob yɛ “bɔhyɛ koro no ara difo.” Gyidi na Abraham “de kɔyɛɛ ɔhɔho bɔhyɛ asase no so sɛ ananafo de so.” Ɔhwɛɛ “kurow a ne kyekyefo ne ne yɛfo ne Nyankopɔn” no kwan. Yiw, Abraham twɛnee Onyankopɔn soro Ahenni a ɛno ase na wobenyan no aba nkwa mu wɔ asase so no. So Ahenni no wɔ afã titiriw saa wɔ w’asetra mu?​—Mateo 6:33.

12. Esiane sɛ na Sara wɔ gyidi wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu nti, dɛn na ɛbae?

12 Ná tete agyanom a wosuro Nyankopɔn no yerenom nso wɔ gyidi wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no mu. Sɛ nhwɛso no, gyidi na Abraham yere Sara a ɔyɛɛ obonin kosii sɛ odii mfe 90 a na “watwa ne nyin mu” no de nyaa ahoɔden “nyinsɛn aseni . . . efisɛ obuu nea ɔhyɛɛ bɔ no [Onyankopɔn] nokwafo.” Ankyɛ na Sara woo Isak. Enti Abraham a na wadi mfe 100 a wɔ abawo mu no na ɛte sɛ nea ‘wawu’ no mu na akyiri yi “wɔwoo nnipa a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea a wontumi nkan.”​—Genesis 17:15-17; 18:11; 21:1-7.

13, 14. (a) Ɛwom sɛ Abraham, Isak, ne Yakob “nsa anka bɔhyɛ no” de, nanso wɔyɛɛ wɔn ade dɛn? (b) Sɛ yesusuw tete agyanom no nokwaredi ma Yehowa no ho a, ɔkwan bɛn so na yenya mfaso, sɛ yenhu ne bɔhyɛ horow no mmamu ntɛm ara mpo a?

13 Sɛ yenhu ne bɔhyɛ ahorow no mmamu ntɛm ara mpo a, gyidi bɛma yɛadi nokware ama Yehowa. (Kenkan Hebrifo 11:13-16.) Tete agyanom no nyinaa wuwui a wɔanhu Onyankopɔn bɔhyɛ a ɔde mae no anwie. Nanso “wohuu [nneɛma a wɔahyɛ ho bɔ no] akyiri nko gye dii yɛɛ no atuu kae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo.” Yiw, wɔbɔɔ wɔn bra gyidi mu, efisɛ awo ntoatoaso pii twaam ansa na Bɔhyɛ Asase no rebɛyɛ Abraham asefo agyapade.

14 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔannya ɔsoro bɔhyɛ ahorow no mmamu wɔ wɔn bere so no amma Abraham, Isak, ne Yakob bo amfuw na amma wɔammɛyɛ awaefo nso. Wɔannyaw Yehowa ansan ankɔ Ur amfa wɔn ho ankɔhyɛ wiase nnwuma mu. (Fa toto Yohane 17:16; 2 Timoteo 4:10; Yakobo 1:27; 1 Yohane 2:15-17 ho.) Dabi, saa tete agyanom yi ‘hwehwɛɛ’ beae a eye sen Ur, ‘nea ɛyɛ ɔsoro de.’ Enti ɛnyɛ Yehowa ‘aniwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn.’ Wokuraa wɔn gyidi wɔ ɔsorosoroni no mu de kosii owu mu, na ɛrenkyɛ wobenyan wɔn aba nkwa mu wɔ asase so a ɛno nso yɛ “kurow” no, Mesia Ahenni a Onyankopɔn siesie maa wɔn no, fã a edi so no so. Na wo nso ɛ? Sɛ ‘woanantew nokware no mu’ mfe dodow bi, anyin wɔ Yehowa som mu mpo a, ɛsɛ sɛ wukura w’ahotoso wɔ ne nhyehyɛe foforo ho bɔhyɛ no mu no mu. (3 Yohane 4; 2 Petro 3:11-13) Akatua bɛn ara na esiane gyidi a ɛte saa nti wo ne tete agyanom anokwafo no benya sɛɛ yi!

15. (a) Dɛn na ɛmaa anka Abraham de Isak rebɔ afɔre ankasa no? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ asɛm a esii a ɛfa Abraham ne Isak ho no ka yɛn gyidi? (d) Nkɔmhyɛ mu adeyɛ bɛn na nea esii no daa no adi?

15 Osetie a edi mũ koraa ma Onyankopɔn yɛ gyidi no fã a ɛho hia kɛse. (Kenkan Hebrifo 11:17-19.) Esiane sɛ Abraham tiee Yehowa kosii ase nti, ɛte sɛ nea “ɔde Isak,” ne “ba koro no”​—biako pɛ a Sara wo maa no no​—“kɔbɔɔ afɔre ankasa.” Dɛn nti na na Abraham betumi ayɛ eyi? Efisɛ “osusuwii sɛ Onyankopɔn betumi anyan [Isak] afi awufo mu mpo,” sɛ, ɛho hia a, na ɔde ama aseni ho bɔhyɛ a ɛnam no so no abam. Bere tiaa bi mu no, na anka sekan a ekura Abraham no bɛma Isak nkwa aba awiei, nanso ɔbɔfo bi nne siw eyi kwan. Enti Abraham nsa kaa Isak fii owu mu “wɔ mfatoho mu.” Saa ara na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn nso ma yetie Onyankopɔn wɔ gyidi mu, sɛ yɛn nkwa anaa yɛn mma de ho ba asɛm mpo a. (1 Yohane 5:3) Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow nso sɛ Abraham ne Isak yɛɛ sɛnea Yehowa de ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, bɛma sɛ agyede na ama wɔn a wɔkyerɛ ne mu gyidi anya daa nkwa no ho mfonini wɔ nkɔmhyɛ kwan so.​—Genesis 22:1-19; Yohane 3:16.

16. Ɛdefa yɛn mma ne Onyankopɔn bɔhyɛ mu gyidi ho no, nhwɛso bɛn na tete agyanom no yɛe?

16 Sɛ yɛwɔ gyidi a, yɛbɛboa yɛn mma ma wɔde wɔn ani ato nea Onyankopɔn hyɛ ho bɔ ma daakye no so. (Kenkan Hebrifo 11:20-22.) Ná tete agyanom no gyidi mu yɛ den ara ma ɛwom sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow no amma mu wɔ wɔn bere so de, nanso wɔde eyinom maa wɔn mma sɛ apɛgyade a ɛsom bo. Enti “Isak hyiraa Yakob ne Esau nneɛma a ɛbɛba ho,” na Yakob a ɔrewu no hyiraa Yosef mmabarima a wɔne Efraim ne Manase. Esiane sɛ na Yosef ankasa wɔ gyidi a emu yɛ den sɛ Israelfo befi Misraim akɔ bɔhyɛ asase no so nti, ɔmaa ne nuanom kaa ntam sɛ sɛ wɔrefi hɔ akɔ a, wɔde ne nnompe bɛkɔ. (Genesis 27:27-29, 38-40; 48:8-22; 50:24-26) So woreboa w’abusua ma wɔanya gyidi a ɛte saa ara wɔ nea Yehowa ahyɛ ho bɔ no mu?

GYIDI MA YƐDE ONYANKOPƆN DI KAN

17. Ɔkwan bɛn so na Mose awofo yɛɛ ade gyidi mu?

17 Gyidi kanyan yɛn ma yɛde Yehowa ne ne nkurɔfo di biribiara a wiase yi wɔ de ma no kan. (Kenkan Hebrifo 11:23-26.) Bere a Mose awofo yɛɛ wɔn ade wɔ gyidi mu no, ná Israelfo yɛ nkoa a wohia ogye fi Misraim kɔndua no ase. ‘Wɔansuro ɔhene mmara’ sɛ wonkum Hebrini ɔbabanin biara wɔ awoe no. Mmom no, wɔde Mose siei asram abiɛsa, na awiei koraa no, wɔde no too mmɛw adaka mu de no kosii nwura a ɛwɔ Nil Asubɔnten no kɔn so no mu. Bere a Farao babea kohuu no no, ‘ɔyɛn no sɛ n’ankasa ba.’ Nanso, nea edi kan no, wɔyɛn Mose na wɔtetee no wɔ honhom mu wɔ n’agya ne ne na, Amram ne Yokebed, fi. Afei, sɛ́ Farao fifo no mu biako no, “wɔkyerɛɛ no Misrifo nyansa nyinaa” na ɔyɛɛ “den wɔ ne nsɛm ne nneyɛe mu,” a ɔbɔ mmɔden wɔ adwene ne nipadua mu dwumadi mu.​—Asomafo no Nnwuma 7:20-22; Exodus 2:1-10; 6:20.

18. Esiane Mose gyidi nti, gyinabea bɛn na ɔpawee wɔ Yehowa som ho?

18 Nanso, Misraim nhomasua ne ahenfie nneɛma afɛfɛ no amma Mose ampow Yehowa som ammɛyɛ ɔwaefo. Mmom, “gyidi nti na Mose nyinii no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba,” ade a ɔdaa no adi bere a ɔko gyee ne nua Hebrini no. (Exodus 2:11, 12) Mose pawee sɛ “ɔne Onyankopɔn man [ne mfɛfo Israelfo a wɔyɛ Yehowa asomfo] behu amane mmom sen sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi.” Sɛ woyɛ Yehowa somfo a woabɔ asu a wowɔ honhom mu ntetee a w’ase a atim a, so wubedi Mose nhwɛso yi akyi na woagyina pintinn ama nokware som anaa?

19. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛda adi sɛ Mose de Yehowa ne Ne nkurɔfo dii kan wɔ n’asetra mu? (b) Mose hwɛɛ akatua bɛn kwan?

19 Mose yɛɛ nea obetumi nyinaa wɔ Yehowa nkurɔfo mu “efisɛ obuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛse sen Misraim ahonyade.” Ɛda adi yiye sɛ Mose ‘buu tete bere mu Kristo nsɛso anaa Nea Onyankopɔn Asra no a ɔbɛyɛ no sɛ ahonya sen Misraim ahonyade.’ Sɛ́ obi a ofi adehye abusua mu no, na anka obetumi anya ahonyade ne din wɔ Misraim. Nanso ɔdaa gyidi adi na “ɔhwɛɛ akatua no”​—daa nkwa denam owusɔre so wɔ asase so wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo a wahyɛ ho bɔ no mu kwan.

20. Dɛn na ɛwɔ Mose osuahu no mu a ɛkyerɛ sɛ, sɛ́ Yehowa nkoa no, gyidi mma yensuro?

20 Gyidi mma yensuro, efisɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso sɛ ɔyɛ ogyefo. (Kenkan Hebrifo 11:27-29.) Bere a Farao tee sɛ Mose akum Misrini bi no, ɔpɛe sɛ okum no. “Nanso Mose guan fii Farao anim kɔtraa Midian asase so.” (Exodus 2:11-15) Enti ɛte sɛnea na Paulo reka Hebrifo no tu a wotu fii Misraim no ho asɛm bere a ɔkaa eyi no: “Gyidi nti na [Mose] gyaw Misraim a wansuro ɔhene [a ɔde owu hunahunaa no esiane sɛ ogyinaa Onyankopɔn ananmu maa Israel nti no] abufuw na omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu Nea wonhu no no.” (Exodus 10:28, 29) Ɛwom sɛ Mose anhu Yehowa ankasa da de, nanso sɛnea Yehowa ne no dii no yɛ paa ara ma enti ɔyɛɛ n’ade te sɛ nea ohu ‘Nea wonhu no.’ (Exodus 33:20) Wo ne Yehowa ntam abusuabɔ mu yɛ den saa anaa?​—Dwom 37:5; Mmebusɛm 16:3.

21. Ɛdefa lsraelfo no fi a wofii Misraim no ho no, esiane “gyidi nti” dɛn na ɛbae?

21 Aka bere tiaa bi ma lsraelfo afi Misraim no, “gyidi na [Mose] de dii twam ne mogya-pete no, na mmakan no sɛefo no anka wɔn [Israelfo] mmakan no.” Yiw, na egye gyidi na wɔde adi Twam no a ntease no ne sɛ wɔbɛkora Israelfo mmakan so bere a Misrifo de wuwu no, na wotuaa saa gyidi yi so ka. (Exodus 12:1-39) Afei nso “gyidi na [Israelfo no] de twaa Ɛpo kɔkɔɔ no sɛ fam a awo, nanso Misrifo no resɔ ahwɛ no, ɛmenee wɔn.” Ogyefo a ne ho yɛ nwonwa bɛn ara na Yehowa kyerɛe sɛ ɔyɛ sɛɛ yi! Na esiane saa ogye yi nti, Israelfo no “suroo [Yehowa] na wogyee [Yehowa] ne n’akoa Mose dii.”​—Exodus 14:21-31.

22. Ɛdefa gyidi ho no, nsemmisa bɛn na ɛda so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

22 Ampa, Mose ne tete agyanom no gyidi no yɛ nhwɛso ma Yehowa Adansefo nnɛ. Nanso dɛn na ɛbae bere a Onyankopɔn kɔɔ so ne Abraham asefo a wɔahyehyɛ wɔn wɔ teokrase kwan so sɛ ɔman no dii no? Dɛn na yebetumi asua afi gyidi nwuma a wɔkɔɔ so yɛe tete mmere mu no mu?*

Wobɛma Mmuae Dɛn?

◻ Dɛn ne gyidi?

◻ Henok nhwɛso no kyerɛ yɛn dɛn wɔ gyidi ho?

◻ Ɔkwan bɛn so na tete agyanom a na wosuro Onyankopɔn no kyerɛe sɛ nea ɛka gyidi ho nso ne ahotoso a edi mu wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu?

◻ Mose nneyɛe bɛn na ɛkyerɛ sɛ gyidi kyerɛ Yehowa ne Ne nkrurɔfo a wɔde wɔn di biribiara a wiase yi wɔ de ma no kan?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena