Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Ɔsɔɔ Onyankopɔn Ani’
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2017 | No. 1
    • “WOYII ENOK FII BAABI A NA ƆWƆ NA WANHU OWU”

      Sɛn na Enok asetena baa awiei? Nea Bible ka fa ne wuo ho deɛ, ɛyɛ nwonwa mpo sen n’asetenam nsɛm. Nea Genesis ka ara ne sɛ, “Enok kɔɔ so ne nokware Nyankopɔn no nantewee. Ebeduu bere bi no wɔanhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.” (Genesis 5:24) Bible ka sɛ Onyankopɔn faa Enok kɔe a, ɛkyerɛ sɛn? Akyiri yi ɔsomafo Paulo kyerɛɛ mu. Ɔkaa sɛ, “Gyidi nti woyii Enok fii baabi a na ɔwɔ na wanhu owu, na wɔanhu no baabiara, efisɛ Onyankopɔn yii no kɔɔ baabi foforo; na ansa na wɔreyi no afi hɔ no, onyaa adanse sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani.” (Hebrifo 11:5) Bere a Paulo kaa sɛ “woyii Enok fii baabi a na ɔwɔ na wanhu owu” no, na ɔrekyerɛ sɛn? Bible nkyerɛase bi ka sɛ Nyankopɔn faa Enok kɔɔ soro. Nanso ɛnyɛ nokware. Bible ma yehu sɛ Yesu Kristo ne onipa a odi kan a wonyanee no kɔɔ soro.—Yohane 3:13.

      Ɛnde Bible asɛm a ɛse “woyii” Enok kɔɔ baabi foforo na “wanhu owu” no, yɛbɛte ase sɛn? Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa twaa Enok nkwa so bɔkɔɔ na wante owuyaw. Ansa na Enok rewu no, onyaa “adanse sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani.” Ɔkwan bɛn so? Ebetumi aba sɛ aka kakraa bi ama Enok awu no, Nyankopɔn yii biribi kyerɛɛ no. Ɛbɛyɛ sɛ otwaa paradise asase ho mfonini kyerɛɛ no. Bere a Enok nyaa sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔsɔ Yehowa ani no na owui. Ɔsomafo Paulo kyerɛw biribi faa Enok ne mmarima ne mmea anokwafo bi ho. Ɔkaa sɛ, “Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa wuwui.” (Hebrifo 11:13) Enok wui no, ɛbɛyɛ sɛ n’atamfo hwehwɛɛ n’amu, nanso “wɔanhu no baabiara.” Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa de amu no siei sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa nyɛ nyankomade biara.b

      Nea Kyerɛwnsɛm no aka wɔ yɛn adwenem yi, hwɛ sɛ wubetumi de w’adwene abu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Enok wui anaa. Wo deɛ, twa wei ho mfonini hwɛ. Nanso ebetumi aba sɛ ɛnyɛ saa pɛpɛɛpɛ na esii. Enok aka mmirika agu mu, na wohwɛ a, wuhu sɛ wabrɛ. N’atamfo sa no. Adɛn ntia? Ne nyinaa ne sɛ wakɔka atemmusɛm ama n’atamfo no koko apae. Enok anya baabi akɔbɔ ne ho adwaa, nanso ɛrenkyɛ na n’atamfo no abɛtoa no atetew no. Ná ogyina owu ne nkwa nkwanta. Ɔhyɛ hɔ regye n’ahome no, ɔbɔɔ Nyankopɔn mpae. Prɛko pɛ, ɔte sɛ ne ho ayɛ no fɔɔm. Afei onyaa yikyerɛ bi. Nea na ɔrehwɛ no, na ɛyɛ no sɛ ɛyɛ asɛmpa ara.

      Enok atamfo repɛ no akye no. Ɔde ne ho asie ɔbodan bi mu

      Ɛbɛyɛ sɛ na atamfo repɛ Enok atetew no na Yehowa faa no kɔe

      Wo deɛ, fa no sɛ yɛabue biribi so akyerɛ Enok. Ɔnkɔhwɛ a, wiase foforo bi a onhuu bi da ni. Ná ɛhɔ yɛ no fɛ paa te sɛ Eden turo, nanso na kerubim biara nni hɔ a wɔrewɛn hɔ na nnipa ankɔ hɔ. Ohuu mmea ne mmarima bebree. Obiara baabi mmu no dwɛ; wosi pi si ta. Asomdwoe deɛ, wɔfa no kwa. Ɔtan ne ɔsom mu ɔsɔretia a Enok hyiae no, wɔne no too nkwanta a, wɔapae. Enok huu paa sɛ Yehowa dɔ no, ogye no tom, na ɔka ne ho. Ohuu sɛ waba ne deɛ mu, enti ɛhɔ ara na ɛsɛ sɛ ɔtena. Nkakrankakra, ɔtee nka sɛ ne ho rebae no. N’ani fii ase wiaa no. Afei ɔdaa nnahɔɔ.

      Enok dae no, wansɔre bio; ne wuo mu ara no no. Ɔwɔ Yehowa Nyankopɔn nkae mu, na ne werɛ remfi no da! Akyiri yi Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɛda bi reba a, wɔn a wɔwɔ Nyankopɔn nkae mu nyinaa bɛte Kristo nne, na wɔafi adakamena mu. Wɔbɛtew wɔn ani no, na wɔwɔ wiase foforo fɛfɛɛfɛ bi mu; asomdwoe nko ara.—Yohane 5:28, 29.

  • ‘Ɔsɔɔ Onyankopɔn Ani’
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2017 | No. 1
    • b Mose ne Yesu amu nso, ɛbɛyɛ sɛ Nyankopɔn de siei sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo mfa nyɛ abosom nneɛma anaa nyankomade biara.—Deuteronomium 34:5, 6; Luka 24:3-6; Yuda 9.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena