Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dɛn Na Ebetumi Aboa Wo Ma Woakɔ So Asua Bible?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Sɛ yɛyere yɛn ho sua Bible a, yebenya so mfaso pii. Nanso ɛtɔ da a, ne yɛ nna fam. Ebi mpo a w’adwene yɛ wo sɛ ebedu baabi no, worentumi nkɔ so nsua Bible no. Nanso adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyere wo ho toa so? Sɛ worehyia ɔhaw mpo a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woakɔ so asua Bible?

      1. Sɛ wusua Bible no a, sɛn na ɛbɛboa wo?

      “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Bible som bo paa efisɛ sɛ wokenkan a, ɛbɛma woahu Onyankopɔn adwene, na ɛbɛma woahu sɛ ɔdɔ wo. Sɛ wusua a, ɛbɛma woanya nimdeɛ. Ɛnyɛ ɛno nko, ɛbɛma woanya nyansa ne anidaso nso. Nanso mfaso a ɛsen biara a wubetumi anya afi Bible so ne sɛ, ɛbɛboa wo ama woafa Onyankopɔn adamfo. Esiane sɛ Bible no wɔ tumi nti, sɛ wusua a, ebetumi aboa wo ama w’abrabɔ ayɛ papa.

      2. Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛsom bo ma yɛn?

      Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no te sɛ agude bi a ɛsom bo. Ɛno nti, Bible tu yɛn fo sɛ ‘yɛntɔ nokware, na ɛnsɛ sɛ yɛtɔn da.’ (Mmebusɛm 23:23) Sɛ yegye tom sɛ nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no som bo a, ɛbɛma yɛakɔ so ayere yɛn ho asua, na mpo sɛ yehyia ɔhaw a, yɛrennyae.—Kenkan Mmebusɛm 2:4, 5.

      3. Dɛn na Yehowa betumi ayɛ de aboa wo ama woakɔ so asua Bible?

      Yehowa yɛ tumi nyinaa Wura. Ɔno na ɔbɔɔ wo, na ɔyɛ w’Adamfo. Enti ɔpɛ sɛ ɔboa wo ma wusua ne ho ade. Obetumi ama ‘woanya ɔpɛ ne ahoɔden a wode bɛyɛ n’apɛde.’ (Kenkan Filipifo 2:13.) Ɛno nti, ɛtɔ da na ɛyɛ den ma wo sɛ wubesua ade anaa wode nea woresua no bɛyɛ adwuma a, obetumi aboa wo. Afei sɛ nkurɔfo sɔre tia wo anaa wuhyia ɔhaw bi a, obetumi ama woanya ahoɔden a wode begyina ano. Ɛyɛ a taa bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na kɔ so sua Bible no.—1 Tesalonikafo 5:17.

      SUA PII KA HO

      Adagyew a wunni nti, ɛyɛ den sɛ wubesua Bible anaa? Anaa wo de, Bible a woresua nti, nkurɔfo sɔre tia wo? Sɛ saa a, hwɛ nea ɛbɛboa wo ma woakɔ so asua Bible no, na hwɛ sɛnea Yehowa nso betumi aboa wo.

      4. Ma Bible a woresua no ho nhia wo paa

      Ɛtɔ da na yɛsɔre a, nneɛma a egu yɛn so nti, yetumi te nka sɛ yenni adagyew a yɛde besua Bible. Dɛn na ebetumi aboa yɛn? Monkenkan Filipifo 1:10. Muwie a, munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • “Nneɛma a ehia paa” wɔ asetena mu no, wohwɛ a ebi ne dɛn?

      • Dɛn na woyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ Bible a woresua no ho hia wo paa?

      A. Mfoni ahorow: Wɔde anwea ne abo agu bokiti mu. 1. Abo ne anwea. 2. Wɔde anwea agu bokiti mu ama adu mfinimfini. 3. Wɔde abo akɛse no agu anwea no so, nanso ankɔ mu. B. Mfoni ahorow: 1. Abo ne anwea koro no ara. 2. Wɔde abo agu bokiti koro no ara mu ama ayɛ ma ara ne sa. 3. Wɔahwie anwea no agu abo no so ma bokiti no ayɛ ma. Anwea ketewa bi na aka.
      1. Sɛ wode abo ne anwea regu bokiti mu, na wudi kan de anwea no gu mu ansa na wode abo no agu mu a, abo no nyinaa renkɔ mu

      2. Sɛ wudi kan de abo no gu mu a, anwea no dodow no ara bɛkɔ mu. Saa ara na nneɛma a yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu no nso te. Sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ yebedi kan ayɛ “nneɛma a ehia paa no” a, yebetumi ayɛ awie asan anya bere mpo de ayɛ nneɛma foforo

      Yɛn nyinaa hia Onyankopɔn akwankyerɛ; sɛ yesua Bible a, etumi ma yenya saa akwankyerɛ no. Afei ɛma yehu no yiye, na yetumi som no nso. Monkenkan Mateo 5:3. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ yɛma Bible a yɛresua no ho hia yɛn paa a, ɛboa yɛn sɛn?

      5. Sɛ nkurɔfo sɔre tia wo mpo a, mpa abaw

      Ɛtɔ da a, ebinom bɛyɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ wɔn ani nnye Bible a woresua no ho. Ebinom mpo betumi aka sɛ gyae. Biribi saa too aberante bi a ne din de Francesco. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

      VIDEO: Yehowa Hyiraa No, Efisɛ Wampa Abaw (5:22)

      Video a yɛato din ‘Yehowa Hyiraa No, Efisɛ Wampa Abaw’ mu mfoni bi. Francesco aka akyerɛ ne nnamfo no sɛ ɔrentumi ne wɔn mmɔ bio, enti wagyaw wɔn hɔ.
      • Bere a Francesco kaa nea ɔresua no ho asɛm kyerɛɛ ne nnamfo ne n’abusuafo no, wɔyɛɛ wɔn ade sɛn?

      • Nea wɔyɛe nyinaa akyi no, wampa abaw. Nhyira bɛn na efii mu bae?

      Monkenkan 2 Timoteo 2:24, 25. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Nea woresua no, w’abusuafo ne wo nnamfonom hu no sɛn?

      • Wohwɛ kyerɛwsɛm a yɛakenkan yi a, sɛ obi yɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ n’ani nnye Bible a woresua no ho a, sɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ w’ade? Adɛn ntia?

      6. Fa wo ho to Yehowa so

      Sɛ yɛne Yehowa adamfofa no mu yɛ den a, ɛbɛma yɛn ani agye ho sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Nanso ɛtɔ da a, nsakrae a Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ wɔ yɛn abrabɔ mu no, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ nsakrae bi mpo a, mma w’abam mmu. Yehowa bɛboa wo. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

      VIDEO: Yehowa Betumi Aboa Yɛn Ama Yɛasesa Yɛn Abrabɔ (3:56)

      • Nsakrae bɛn na Jim yɛe wɔ n’abrabɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asɔ Yehowa ani?

      • Dɛn na w’ani gye ho paa wɔ nea ɔyɛe no ho?

      Monkenkan Hebrifo 11:6. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Wɔn a “wɔn ani abere rehwehwɛ” Yehowa, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔreyɛ nea wobetumi nyinaa sɛ wobesua ne ho ade na wɔayɛ nea ɛsɔ n’ani no, dɛn na Yehowa bɛyɛ ama wɔn?

      • Sɛnea kyerɛwsɛm yi ka no, sɛ Yehowa hu sɛ woreyɛ nea wubetumi biara asua Bible no a, ɔte nka sɛn?

      OBI BETUMI ABISA SƐ: “Adɛn nti na wo ne Yehowa Adansefo resua Bible?”

      • Sɛ obi bisa saa a, dɛn na wobɛka akyerɛ no?

      NEA YƐASUA

      Ɛtɔ da a, ɛnna fam sɛ yebesua Bible. Nanso sɛ wutumi yɛ saa a, ebetumi ama woatena ase daa, na w’ani begye afebɔɔ. Afei nso, sɛ wokɔ so ara de wo ho to Yehowa so a, obehyira wo.

      Ntimu

      • Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, adɛn nti na ɛsom bo ma wo?

      • Dɛn na woyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ ‘worehwehwɛ mu ahu nneɛma a ehia paa’ wɔ w’asetena mu?

      • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na kɔ so sua Bible?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Hwɛ nneɛma nnan bi a nnipa pii ayɛ a aboa ma wɔatumi de wɔn bere ayɛ adwuma yiye.

      “Nea Ɛbɛma Wode Wo Bere Ayɛ Adepa” (Nyan!, February 2014)

      Ná maame bi pɛ sɛ ɔyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani, nanso na ne kunu ani nnye ho. Hwɛ sɛnea Yehowa boaa no.

      Yehowa Hyɛ Yɛn Den Ma Yɛsoa Yɛn Adesoa (5:05)

      Papa bi yɛe ara sɛ ɔbɛma ne yere agyae Bible a ɔresua no, nanso wannyae. Akokoduru a maame no nyae no, hwɛ sɛnea ɛboaa ne kunu no.

      Mehwehwɛɛ Mu Huu Nokware No (6:30)

      Ɛyɛ a ebinom keka sɛ Yehowa Adansefo tetew mmusua ntam. Wohwɛ a, saa asɛm no yɛ nokware?

      “Yehowa Adansefo Tetew Mmusua Ntam Anaasɛ Wosiesie Mmusua?” (Ɛwɔ jw.org)

  • Woyere Wo Ho Bɔ Asu a, Wubenya Nhyira!
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • 3. Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na watumi abɔ asu?

      Sɛ wubetumi abɔ asu a, ɛsɛ sɛ wusua Yehowa ho ade na wunya ne mu gyidi. (Kenkan Hebrifo 11:6.) Bere a worehu Yehowa yiye na wo gyidi reyɛ den no, ɔdɔ a wowɔ ma no no nso bɛyɛ kɛse. Ɛba saa a, w’ani begye ho sɛ wobɛka ne ho asɛm akyerɛ afoforo, na wode ne mmara nsɛm abɔ wo bra. (2 Timoteo 4:2; 1 Yohane 5:3) Sɛ obi fi ase ‘nantew ɔkwampa so wɔ Yehowa anim na ɔyɛ nea ɛsɔ n’ani’ a, obetumi asi gyinae sɛ obehyira ne ho so ama Onyankopɔn na wabɔ asu.—Kolosefo 1:9, 10.a

  • Woyere Wo Ho Bɔ Asu a, Wubenya Nhyira!
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • a Yɛmfa no sɛ obi abɔ asu wɔ asɔre bi mu dedaw a, ɛho behia sɛ ɔsan bɔ asu bio anaa? Yiw. Adɛn ntia? Efisɛ asɔre a na onipa no wom no ankyerɛkyerɛ no nokwasɛm a ɛwɔ Bible no mu.—Hwɛ Asomafo Nnwuma 19:1-5 ne Adesua 13.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena