Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 1/1 kr. 7-10
  • Ahenni No​—So Ɛyɛ Paara Ma Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahenni No​—So Ɛyɛ Paara Ma Wo?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahenni Nniso Bɛyɛ Ɔsɛmpɔw No
  • Pilato ne Herode Nyinaa Huu sɛ Ne Ho Nni Asɛm
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Wɔde No Fi Pilato Hɔ Kɔ Herode Anim San De No Ba Hɔ Bio
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ná Hena Ne Pontio Pilato?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ɔde Yesu Maa Wɔn sɛ Wɔnkɔkum No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 1/1 kr. 7-10

Ahenni No​—So Ɛyɛ Paara Ma Wo?

“M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; na afei m’ahenni mfi ha.”​—Yoh. 18:36.

1. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔka ahenni ne nniso ho asɛm bom wɔ Yesaia 9:5, 6 (nky. 6, 7, Twi Bible Foforo)? (b) Ɛhe na na wɔadi kan aka ahenni ne nniso ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so?

BƐBORO mfe 2,600 a atwam ni no, Yesaia kaa no nkɔmhyɛ mu wɔ nniso ne ahenni ho sɛ:

“Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn babanin; na n’ahenni [ nniso ] bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Nwonwa, Ɔfotufo, Onyame Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoe Hene; na wama n’ahenni [ nniso ] mu atrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ akosi daa. Asafo Yehowa mmɔdenbɔ bɛyɛ eyi.” (Yes. 9:5, 6; nky. 6, 7 Twi Bible Foforo.)

Mfehaha a edi eyi anim no, yɛn soro Agya no kaa ahenni ne nniso koro no ara ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so sɛ ebefi ase adi dwuma. Bere a ‘Ne bea no aseni’ no di anim no, na ɛbɛsɛe Ahenni nniso no tamfo kɛse no.​—Gen. 3:15.

2. Ɔkwan bɛn so na Abraham daa ne gyidi adi Ahenni nniso bɔhyɛ no mu?

2 Ɔsoro ne asase Bɔfo no amma saa mfitiase bɔhyɛ no anyɛ hunu. Mfe bi akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ n’adamfo Abraham sɛ:

“Mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔhyɛ wo nsew no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira wiase mmusua nyinaa.” (Gen. 12:3)

Na bɔhyɛ a edi kan no mmamu so nkutoo na wɔnam ‘behyira wiase mmusua nyinaa,’ na Abraham huu eyi. Enti, Kristoni somafo Paulo bɔ amanneɛ sɛ: “Gyidi na [Abraham] de kɔyɛɛ ɔhɔho bɔhyɛ asase no so sɛ ananafo de so, na ɔne bɔhyɛ koro no ara difo Isak ne Yakob traa ntamadan mu; na ɔtwɛn kurow [ahenni] a ɛwɔ nhyɛase no a ne kyekyefo ne yɛfo ne Nyankopɔn.” (Heb. 11:9, 10) Na Abraham wɔ saa Ahenni nniso no mu anidaso araa ma ɔyɛɛ n’ade te sɛ ɔhɔho ne ɔnanani, ɛwom sɛ na ɔte Bɔhyɛ Asase no so de.

3. Nsɛm ban na yebetumi abisa yɛn ho wɔ yɛn gyidi wɔ Ahenni nniso no mu ho?

3 Yɛn ankasa yebu saa wiase yi dɛn? So yebu yɛn ho sɛ ‘ananafo’ ne ‘ahɔho,’ ɛwom sɛ ebia yɛte yɛn kurom wɔ yɛn abusuafo mu anaa? So afoforo a wɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ no bu yɛn sɛ yɛyɛ soronko? So wohu yɛn sɛ yɛatew yɛn ho? Sɛ saa a, yɛn gyidi wɔ Ahenni nniso no mu no mu yɛ den dɛn? So yɛte sɛ nnipa a wɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ no ara? Anaa, so yɛyɛ Onyankopɔn nnamfo, sɛnea na Abraham yɛ no?​—Yak. 2:23.

4. Henanom na gye a wobegye ahenni nniso no “aseni” no atom no ho bɛba wɔn mfaso, na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔanya mfaso?

4 Yehowa maa saa anidaso no mu yɛɛ den wɔ Abraham mu ma ɔkaee no akyiri yi sɛ:

“Nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma w’asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nhwea, na w’asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow ano apon adi; na w’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, sɛ woatie me nne nti.” (Gen. 22:17, 18)

Nokwarem no, ɛdenam “aseni” koro no ara a wɔka ne ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no so no, ɛnyɛ aman bi nko na wobehyira wɔn, na mmom asase so aman nyinaa. Yiw, na saa ara na wobehyira obiara a ɔwɔ saa aman no mu, a sɛnea ne honam ani hwɛbea te mfa ho, na ɛmfa ho sɛ ɔyɛ ɔdefo anaa ohiani, sɛ onii gye hia a saa “aseni” no ho hia no tom nkutoo a. Na ampa, sɛnea ɛte no, ‘obiara a ogye no di no renyera, na mmom obenya daa nkwa.’ Hokwan no wɔ ho sɛ nnipa pii bɛyɛ saa nniso no man mma, Sɛ wɔkyerɛ gyidi a.​—Yoh. 3: 16; Aso. 10:34, 35.

5. Sɛ́ “Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ ne Ɔhene no, dɛn na wɔnam Kristo so bɛyɛ?

5 Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu Kristo ne saa Abraham “aseni” titiriw no ampa? Paulo ka no pefee sɛ: “Na Abraham ne n’asefo na wɔhyehyɛɛ wɔn bɔ no. Onse sɛ: ‘na wo asefo’ Sɛ bebree, na mmom ɛte sɛ obiako: ‘na wo aseni’ a ɔne Kristo.” (Gal. 3:16) Afei, bere a ɔrekyerɛw Kristofo a wɔwɔ Efeso no, ɔsomafo no da Yehowa kwan a ɔnam so di nsɛm ho dwuma wɔ sɛnea ɔka Yesu asuafo no nyinaa bom wɔ Kristo, “Aseni” a wɔahyɛ ne ho bɔ ne ɔhene no ase, na ɔnam Ne Ba no so de adesamma a aka wɔ asase so no ba Onyankopɔn nkyɛn ho no adi. Paulo kyerɛwee sɛ:

“Sɛnea n’anisɔ a ɛma ɔbɔɔ ne tirim maa afisiesie adwuma bi a ɔbɛyɛ wɔ mmere a wɔahyɛ ato hɔ no awiei koraa no kyerɛ no, sɛ, ɔbɛboaboa nneɛma nyinaa ano bio Kristo mu, nneɛma a ɛwɔ ɔsoro ne nneɛma a ɛwɔ asase so no.”​—Efe. 1:8-10, NW.

Ahenni Nniso Bɛyɛ Ɔsɛmpɔw No

6. Dɛn nti na na Yesu nim nea ɔbɛyɛ daakye wɔ Ahenni nniso no mu?

6 Ansa na ɔreba asase so no, na “Kristo” adi dwuma sɛ Asɛm no (anaasɛ, Logos) , yɛn soro Agya no kyeame. (Yoh. 1:1) Enti na Yesu nim nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 ne Yesaia 9:5, 6 (nky. 6, 7, Twi Bible Foforo) no. Na onim asɛm a wɔka kyerɛɛ Abraham no. (Gen. 12:3; 22:17, 18) Afei nso, na onim sɛ ɔno na ɔbɛma bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɛfa aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no ne Ahenni nniso no ho no anya mmamu.

7. Ɔkwan bɛn so na Yesu twee adwene kɔɔ n’ahenni dibea no so?

7 Bere a Yesu wɔ asase so no, titiriw wɔ ne mfirihyia abiɛsa ne fã som adwuma no mu no, ɔtwee adwene kɔɔ saa ahenni dibea no so. Ɔkekaa nsɛm te sɛ ‘Onyankopɔn ahenni no wɔ mo mfinimfini,’ ne “Onyankopɔn ahenni abɛn.” Ɛdenam ne mfatoho ne abebu pii no so no, Yesu twee adwene kɔɔ saa ahenni no so.​—Mat. 13:1-52; Marko 1:14, 15; Luka 17: 21.

8. Anwonwade bɛn na Yesu yɛe?

8 Sɛ́ Ɔhene a wɔapaw no no, Yesu yɛɛ anwonwade pii nso. Ɛdenam honhom kronkron no tumi so no, ɔnantew nsu so. Obuee anifuraefo ani na ɔmaa asotifo tee asɛm. Yesu saa ayarefo ne mpakye yare, na onyan awufo. Ampa, sɛ onipa a ɔte saa wɔ hɔ nnɛ ma ɔhwɛtie afiri so dwumadifo rebisabisa no nsɛm a, hwɛ nsɛm ahorow ara a wobetumi abisa! ‘Wone ɔbarima a ɔnantew nsu so no? Ɔkwan bɛn na wofaa so buee anifuraefo ani, maa asotifo tee asɛm na wunyan awufo​—ɛyɛɛ dɛn na eyi tumi yɛɛ yiye?’ Na, bere a ogyina “ɔsemmisafo” Pontio Pilato anim no, dɛn na Yesu Kristo yɛe?

9. Bere a Yesu gyinaa Pilato anim no, dɛn na wɔma ɛdaa adi titiriw?

9 Yesu sii Ahenni no so dua titiriw. Pilato dii Yesu akyi ma ɔno nso tĩi Ahenni nniso asɛmti no mu. Nokwarem no, na hwee nni hɔ a Pilato betumi ayɛ, esiane nyansa kwan a Yesu nam so dii nsɛm ho dwuma wɔ nnɔnhwerew a edi akyiri wɔ n’asase so asetra mu no mu nti no. Momma yɛmfa yɛn Bible no na yɛnnan nko Yohane Asɛmpa no, ti 18, nkyekyem 33.

10. Dɛn ne asɛm a edi kan a Pilato bisaa Yesu, na dɛn nti na na ɛfata?

10 Wɔ asɛm a edi kan a obisaa Yesu no mu no, Pilato kae sɛ, “Wone Yudafo hene anaa?” Enti, wɔ Roma amrado no adwene mu no na wɔde asɛmti no asi ho. Ɛno ne asɛmti ara a ɛho hia sɛ wɔkyerɛkyerɛ mu saa da no, efisɛ bere a Pilato bisaa Yudafo no dekode a wɔkyerɛ sɛ Yesu ayɛ no, wɔkae sɛ: “Yɛahu oyi sɛ ɔresɛe ɔman no, na wabara sɛ wonnyi Kaesare tow, na ɔka sɛ ɔno ankasa ne ɔhene Kristo.” Enti, nea ɛfata no, Pilato bisaa Yesu sɛ: “Wone Yuda‘fo hene anaa?”​—Luka 23:1-3.

11. (a) Pilato asemmisa a edi so no ho mmuaema mu no, dɛn na anka Yesu betumi ayɛ? (b) Dɛn na ayɛ ɔsɛmpɔw a ɛsen biara wɔ Onyankopɔn nkurɔfo tam?

11 Sɛ na wugyina Yesu anan mu na wobisaa wo asɛm koro no ara a, anka wobɛma mmuae dɛn? So anka wobɛbɔ mmɔden aka nneɛma a woayɛ ne nea wonyɛe de abɔ mmɔden sɛ wobɛma w’asotwe no ayɛ nea emu nyɛ den pii, na ebia wonam so akwati owu afobu anaa? Eyi ne awosu mu ade a nnipa dodow no ara bɛyɛ, nanso Yesu anyɛ saa. Anka obetumi atwe Pilato adwene afi Ahenni asɛm no so. Nanso na Ahenni nniso ne ɔsɛmpɔw no ankasa. Wɔ mfedudu a atwam no mu no Ahenni ho asɛm no na ayɛ ɔsɛmpɔw bere nyinaa, na mprempren, wɔ nnɛyi Onyankopɔn nkurɔfo mu no, Ahenni no ara ne ɔsɛmpɔw no. Na ɛte saa ‘wɔ Nazi Germany, Fascist Italy, Amerika, Australia, Kanada ne asase yi afã horow wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu. Asɛm a wobisa nne sɛ, Nniso bɛn na ɛyɛ titiriw wɔ obi asetra mu​—onipa de anaa Onyankopɔn de? Nnɛ bere yi nso, asɛm koro no ara na ɛda hɔ, wɔ Malawi, China, Rusia, anaa ɔman foforo biara mu. Ɔsɛmpɔw titiriw no nyɛ nea ɛfa mogya a wɔtwe gu obi mu anaa biribi foforo bi a, wɔabara ho, na mmom, awiei koraa no, Nniso abɛn na ɛho hia sen biara wɔ obi asetra mu?

12. Ɔkwan bɛn so na Yesu twee adwene kɔɔ Ahenni no so bio, na asɛm bɛn na eyi maa Pilato bisae afei?

12 Yesu ammua Pilato asemmisa no tẽe, na mmom ɔkae sɛ:

“M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa, na afei m’ahenni mfi ha.”

Hyɛ no nsow sɛ wɔ mmuae tiaa a Yesu de mae no mu no ɔbɔɔ Ahenni no din mprɛnsa. Eyi san de Pilato ne wɔn a wɔretie no nyinaa adwene baa Ahenni nniso asɛmti no so, ma afei Pilato kae sɛ: “‘Na, woyɛ ɔhene nen?” (Yoh.18:36, 37) Wɔde asɛm no sii hɔ pefee, ma na obiara rentumi mmu n’ani ngu nea enti a wɔredi Kristo asɛm no so. Hyɛ sɛnea nneɛma kɔɔ so no nsow. Yesu buae sɛ:

“Woaka; na meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.”​—Yoh. 18:37.

13. Ɔkwan bɛn so na wosii Ahenni asɛm no so dua bio bere a Yesu kɔɔ Herode anim no?

13 Ɛha no Pilato ka kyerɛɛ nyamesom mpanyimfo ne Yudafo dɔm no sɛ: “Me de, minhu no mu afobusɛm biara.” Nanso, dɔm no kɔɔ so teɛteɛɛm na wɔkaa sɛnea Yesu Ahenni nkyerɛkyerɛ no atrɛw Yudea nyinaa, de fi Galilea. Saa bere no na Herode Antipa yɛ mansinhene wɔ Galilea na na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛba abɛyɛ Yudafo nyinaa hene. Pilato fam no, na dɛn na ɛbɛyɛ nea ɛfata sen sɛ Yesu behyia Herode, esiane sɛ na Herode aba Yerusalem saa bere no nti? Enti ɔde Yesu kɔmaa Herode, na obisabisaa Yesu nsɛm bere tenteenten, a na ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ anwonwade bi. Nanso Yesu, Yehowa Hene a wasra no no, ampɛ sɛ ɔbɛbrɛ ɔhene a ɔyɛ no ase de agyigye Herode ani ara kwa. Ɔyɛɛ komm. Bere a ɛyɛɛ no ahometew no, Herode a na ɔrebɛyɛ ɔhene no dii ɔhene a Yesu yɛ no ho fɛw, na ɔmaa n’asraafo no hyɛɛ Yesu ahentade de no san kɔmaa Pilato.​—Luka 23:4-11.

14. Ɛdefa ahenni ho no, na dɛn na awiei koraa no ɛbɛba Herode ne Yesu so?

14 Ɛwom sɛ Pilato faa Herode adamfo efi saa da no de, nso ankowie Herode yiye. Ne tiaa mu no, yebetumi ahyɛ nea awiei koraa no ɛbaa Herode so ne nea ɛbaa Yesu so no nsow. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, mfe bi akyi no, Herode a na n’ani bere tumidi, a na ne yere awaresɛefo Herodia hyɛ no nkuran no, kɔɔ Roma kobisaa ɔhempɔn Caligula sɛ wɔnyɛ no ɔhene. Nanso eyi hyɛɛ Kaesare abufuw, ma ɔde Herode kɔtoo Gaul. Herode dibea ne n’ahonyade fii ne nsa. Yesu de, wampɛ sɛ wɔyɛ no asase so hene. Ɔde biribiara a anka obetumi anya wɔ asase so ha no too nkyɛn. (Mat. 8:20; Yoh. 6:15) Ɔbrɛɛ ne ho ase, de ne ho hyɛɛ Yehowa apɛde ase koraa. N’ani gyei sɛ ɔbɛyɛ saa apɛde no na ɔde ɔsoro ahenni no ayɛ ne botae. “Anigye a ɛda n’anim” no nti, ogyinaa ahohorabɔ ne amanehunu biara a n’atamfo de baa no so no ano, efisɛ na onim sɛ mudi mu a obekura akodu wu mu no na ɛbɛma wafata ama ahenni a ɛwɔ anuonyam a ɛda n’anim no.​—Heb. 12:2; Mat. 25: 31.

15. Ɔkwan bɛn so na wosii asɛm a ɛfa ahenni ho no so dua wɔ nkɔmmɔbɔ mu bere a Yesu wɔ Pilato anim no?

15 Yesu san begyinaa Pilato anim bio. Wɔde Ahenni ɔsɛmpɔw no sii hɔ bio, bere a Pilato bisaa Yudafo dɔm no sɛ: “Mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no mema mo anaa?” Nanso asɛm no antwa wɔ hɔ. Roma asraafo soo ahenni ne nniso asɛmti no mu. Atwetwesi kwan so no, asraafo no yɛɛ nsɔe ahenkyɛw hyɛɛ Yesu na wɔde ntama kɔkɔɔ bi guu no so. Wɔbɔɔ no asotɔre, frɛɛ no Yudafo hene. (Yoh. 18:39-19:3) Biribiara nkyerɛ sɛ Yesu bɔɔ mmɔden sɛ obeyi nsɔe ahenkyɛw no. Ɔkɔɔ so hyɛe, na ɛno sii ade a na ɛho aba asɛm no so dua. Na ɛnsɛ sɛ obiara adwenem yɛ no nãa wɔ asɛm no ho. Bere a Pilato kae sɛ Yudafo no ankasa mfa Yesu nkɔbɔ no asɛnduam no, wɔfaa anifere kwan so kyerɛe sɛ asɛm a ɛda hɔ no yɛ nea etia Roma nniso no tumidi, sɛ: “Sɛ wugyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho hene no kasa tia Kaesare.”​—Yoh. 19:12.

16. Ɔkwan bɛn so na wɔn a na wɔwɔ Yesu asenni no ase no dii asɛm a na worebekum Kristo wɔ ho no ho adanse?

16 Ɛte sɛ nea Pilato dii Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma saa da no, sɛnea na Persiani Kores ayɛ wɔ bere a atwam no. (Fa toto Yesaia 45:1-7 ho.) Nea edi hɔ no, Pilato fii ase sɛ ɔde asɛm no bɛba awiei, ma ɔkae sɛ: “Hwɛ, mo hene ni!” Eyi akyi no Yudafo no kae ara sɛ wɔmmɔ Yesu asɛnduam, na Pilato bisae sɛ: “Memmɔ mo hene asɛnduam anaa?” Mmuae bɛn na wɔde mae? “Yenni hene bi sɛ Kaesare.” (Yoh. 19:14, 15) Ɔkwan bi so no na saa nkurɔfo yi ankasa redi asɛm a enti wɔrebekum Kristo no ho adanse, na na ɛho nhia sɛ Yesu ka asɛm biara. Na wɔn ankasa anom nsɛm resi asɛm no so dua sɛnea ɛfata.

17. Ɔkwan bɛn so na ade a edi akyiri a Pilato yɛe wɔ Yesu ho no sii Ahenni nniso no so dua?

17 Awiei koraa no wosii Ahenni nniso ho ɔsɛmpɔw no so dua kɛse bere a Pilato ma wɔde asɛm a wɔakyerɛw no Hebri, Latin ne Hela kasa mu kɔbɔɔ Yesu asɛndua no atifi no. Ná wɔn a wɔwɔ hɔ saa da no nyinaa betumi akenkan na na wɔn adwenem renyɛ wɔn nãa wɔ nea enti a wɔbɔɔ no asɛnduam no ho. Asɛm a wɔkyerɛw kɔbɔɔ n’atifi no kae sɛ: “Yesu Nasareni, Yudafo hene.” Bere a Yudafo asɔfo mpanyin no hui no, wɔn bo fuwii na wɔka kyerɛɛ Pilato sɛ: “Nkyerɛw sɛ: Yudafo hene, na kyerɛw sɛ ɔno na ɔkae sɛ: Mene Yudafo hene.” Nanso Pilato buae sɛ: “Nea makyerɛw no, makyerɛw.”​—Yoh. 19:19-22.

18. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nkwa gyina so titiriw nnɛ? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisabisa yɛn ho?

18 Ɛsɛ sɛ nsɛm a ɛyɛ ahodwiriw a esisii saa amanehunu da no ma Kristofo nyinaa hu nea ɛsɛ sɛ wɔn asetra gyina so titiriw nnɛ no pefee. Ɛsɛ sɛ Yehowa somfo biara a wahyira ne ho so no pɛɛpɛɛ sɛnea Ahenni no yɛ nea ɛwɔ hɔ ankasa ma no no mu hwɛ. So yehu yɛn ho sɛ nnipa a wɔbɛyɛ saa nniso no man mma? Dɛn mmɔden na yɛrebɔ de akamfo saa Ahenni nniso no akyerɛ? Yɛn nnamyɛ wɔ adwuma a yɛyɛ de boa saa nniso no mu no te dɛn? Wɔ adesua a edi so no mu no, yebehu nea enti a ɛfata sɛ yenya ɔsɛmpɔw a ɛfa Ahenni no ho no ho anigye kɛse. Na yebehu sɛ ɛho hia sɛ yɛda anigye a ɛte saa adi ntɛm. ‘Awurade ne honhom a yɛda no adi’ wɔ Ahenni no ho dwumadi mu no ‘ntra’!​—2 Tim. 4:22.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

“Woaka; na meyɛ Ɔhene. Me de eyi nti no wɔwoo me na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no adanse.”​—Yoh. 18:37.

[Kratafa 9 mfoni]

Ná Ahenni no yɛ paara ma Yesu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena