Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔs
Wɔ Hebrifo 11:26 no, so wɔka Mose ho asɛm sɛ “Kristo,” anaasɛ na ɔyɛ Yesu Kristo nsusuwso bi mmom?
Bere a na ɔsomafo Paulo reka Mose gyidi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ Mose ‘buu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛse sen Misraim ahonyade, efisɛ ɔhwɛɛ akatua no.’ (Hebrifo 11:26) Ɔkwan bi so no, ɛte sɛnea na Paulo reka Mose ho asɛm sɛ “Kristo,” anaa nea wɔasra no.
Ɛwom, akwan horow pii so no, Mose yɛɛ Mesia a na ɔreba no nhwɛso. Ɛwom sɛ na Mose ankasa yɛ odiyifo de, nanso ɔkaa odiyifo kɛse a ɔte sɛ ‘ɔno’ ba ho asɛm siei. Yudafo pii tee nka sɛ na Yesu ne “Odiyifo No,” na n’akyidifo sii so dua. (Deuteronomium 18:15-19; Yohane 1:21; 5:46; 6:14; 7:40; Asomafo no Nnwuma 3:22, 23; 7:37) Ná Mose nso ne Mmara apam no ntamgyinafo, nanso Yesu nyaa “asɔfodwuma a ɛkyɛn so” sɛ ‘apam a ɛkyɛn so,’ anuonyam apam foforo, no “ntamgyinafo.” (Hebrifo 8:6; 9:15; 12:24; Galatifo 3:19; 1 Timoteo 2:5) Enti akwan bi so no, wobetumi aka Mose ho asɛm sɛ na ɔyɛ Mesia a ɔreba no nsusuwso.
Nanso, ɛte sɛ nea ɛnna adi sɛ ɛno ne Hebrifo 11:26 ntease titiriw no. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Mose nim Mesia no ho nsɛm nyinaa, na ɔhyɛɛ da buu nea ɔfaa mu wɔ Misraim no sɛ biribi a na ɔreyɛ ama Mesia no anaa Ne nanmusifo.
Ebinom akyerɛ sɛ Paulo nsɛm a ɛwɔ Hebrifo 11:26 no kura ntease a ɛte sɛ asɛm a ɔkae sɛ Kristofo huu ‘amane maa Kristo’ no ara pɛ. (2 Korintofo 1:5) Ná Kristofo a wɔasra wɔn nim sɛ Yesu Kristo ahu amane, na sɛ ‘wɔne no hu amane a, wɔbɛhyɛ wɔne no anuonyam’ wɔ ɔsoro. Nanso na Mose nnim amane ko a Mesia a ɔreba no behu, na na Mose nni anidaso nso sɛ ɔbɛkɔ soro.—Romafo 8:17; Kolosefo 1:24.
Nanso ‘Kristo ahohora’ a Mose ‘buu no sɛ ahonya’ no mu ntease a ɛnyɛ den koraa bi wɔ hɔ.
Bere a Paulo kyerɛw “Kristo” wɔ Hebrifo 11:26 no, ɔde Hela asɛmfua Khri·stouʹ a nea ɛkyerɛ wɔ Hebri mu ne Ma·shiʹach anaa Mesia na edii dwuma. “Mesia” ne “Kristo” nyinaa kyerɛ “nea wɔasra no.” Enti na Paulo rekyerɛw ‘nea wɔasra no’ a Mose ‘buu no ahohora’ no ho asɛm. So na wobetumi afrɛ Mose ankasa sɛ “nea wɔasra no”?
Yiw. Bible mmere mu no na wobetumi asi so dua sɛ wɔde dibea titiriw bi ama obi denam ngo a wohwie gu n’atifi no so. “Ɛna Samuel faa ngo toa hwie guu [Saul] atifi.” “Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa [Dawid] ne nuanom mu. Na [Yehowa] honhom sii Dawid so.” (1 Samuel 10:1; 16:13; fa toto Exodus 30:25, 30; Leviticus 8:12; 2 Samuel 22:51; Dwom 133:2 ho.) Nanso, wɔka ebinom te sɛ odiyifo Elisa ne Siria hene Hasael ho asɛm sɛ wɔyɛ wɔn a ‘wɔasra wɔn,’ ɛwom mpo sɛ adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wohwiee ngo ankasa guu wɔn atifi de. (1 Ahene 19:15, 16; Dwom 105:14, 15; Yesaia 45:1) Enti obi betumi ayɛ “nea wɔasra no” denam paw a wɔpaw no anaa dwumadi titiriw bi a wɔde ma no no so.
Saa kwan yi so no, na Mose ankasa yɛ obi a Onyankopɔn asra no, na Bible ahorow bi kyerɛ Hebrifo 11:26 ase sɛ “Nea Onyankopɔn Asra No” anaa “Nea Wɔasra No.” Wɔpaw Mose sɛ Yehowa nanmusifo ne nea na obedi Israel anim afi Misraim. (Exodus 3:2-12, 15-17) Ɛwom sɛ na wɔatete Mose wɔ Misraim ahonyade ne anuonyam mu de, nanso obuu adwuma a wɔde maa no no sɛ ɛsom bo, na ogye toom dii ho dwuma. Enti, na Paulo betumi akyerɛw sɛ Mose ‘buu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛse sen Misraim ahonyade.’