Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 5/1 kr. 10-14
  • Gyina “Pintinn Wɔ Gyidi No Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyina “Pintinn Wɔ Gyidi No Mu”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔwae Wɔ Tete Kristofo Mu
  • Ɔwae Wɔ “Akyiri Nna Bi Mu”
  • Nea Ɛde Ɔwae Ba Ne Nea Ekowie
  • Ɔkwan A Yebetumi Afa So Akwati ‘Gyidi No Ho A Yɛbɛwae Afi’
  • ‘Ogya No Mu A Wobegye Akyinnyegyefo Afi’
  • ‘Gyina Gyidi No Mu Pintinn’ Kodu Awiei
  • ‘Mommma Wɔnnnan Mo Adwene Ntɛm’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Hwɛ Wo Ho So Yiye wɔ Awaefo Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • “Boa Me Wɔ Faako A Minni Gyidi No Mu!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Mommma Ɔbonsam Kwan!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 5/1 kr. 10-14

Gyina “Pintinn Wɔ Gyidi No Mu”

“Honhom no ka fann sɛ akyiri nna bi mu ebinom . . . [bɛtwe] wɔn ho afi gyidi ho.”​—1 Tim. 4:1.

1. Sɛ obi wae fi gyidi no ho a, so ɛsɛ sɛ yɛn ho dwiriw yɛn mmoroso?

SO WO ho dwiriw kɛse na ɛhaw wo sɛnea ɛnsɛ bere a wuhu anaasɛ wote sɛ Kristoni bi a wunim no fi ase gye nneɛma horow bi ho akyinnye, ma ne gyidi ano rebrɛ ase, na ebi mpo a watew atua atwe ne ho afi Kristofo asafo no ho na ɔrebɔ mmɔden mpo sɛ ɔbɛtwe afoforo adi n’akyi no anaa? Sɛ saa a, ebia ɛbɛyɛ wo awerɛkyekye sɛ wubehu sɛ, ɛwom sɛ ɛyɛ awerɛhow de, nanso Bible no di kan bɔ yɛn kɔkɔ sɛ nneɛma a ɛtete saa bɛba.

2, 3. (a) Dɛn na asɛmfua “ɔwae” no kyerɛ, na hena ne onipa a odii kan waee? (b) Dɛn na nokware som ho a wɔwae fii no de baa Israel ne Yuda so?

2 Asɛmfua “ɔwae” no fi Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “twe a obi twe ne ho fi adeyɛ bi ho,” “ogyae adeyɛ bi, anaasɛ ɔtew ne ho,” “ɔtew atua, ɔpow” no mu. Obi a odi kan a ɔwae fii Yehowa nokware som ho ne Satan Ɔbonsam. Enti ɔno na odii kan waee. (Yoh. 8:44) Ɔmaa nnipa baanu a wodi kan no nso waee. (Gen. ti 3) Wɔ Israel abakɔsɛm mfiase hɔ pɛɛ no ebinom “waee” anaasɛ ‘wɔdan wɔn ho’ fii nokware som ho. Yɛkenkan sɛ:

“Na wɔn atemmufo no nso, wɔantie wɔn, na wodii anyame foforo akyi aguamammɔ mu, na wɔsɔree wɔn; ntɛm ara na wofii kwan a wɔn agyanom nantew so tiee Yehowa mmaransɛm no so.”​—Ate. 2:17.

3 Akyiri yi, Israel ne Yuda ahene no pii waee, na wɔmaa aman a wodi wɔn so no nso wae fii nokware no ho. Onyankopɔn dii kan twee kusuufam Israel ahemman no aso, kae sɛ: “Ɔman nkɔnkɔnsafo [Israel] mu na mɛsoma no [Asiria] makɔ.” (Yes. 10:6) Na ansa na Babilonfo no resɛe Yerusalem, Yuda ahekurow no, Yehowa kae sɛ: “Yerusalem adiyifo mu nkɔnkɔnsasɛm fi kɔ asase no nyinaa so.” (Yer. 23:15) Ɔwae anaasɛ nokware gyidi no ho a wɔwae fii no amfa nhyira biara ammrɛ Israel ne Yuda.

Ɔwae Wɔ Tete Kristofo Mu

4. Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de mae wɔ wɔn a wɔwae no ho?

4 Mfiase wɔ n’asase so dwumadi no mu no, Yesu bɔɔ n’akyidifo kɔkɔ wɔ wɔn a wɔbɛwae afi gyidi no ho ho. Wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔkae sɛ:

“Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw ne nea ɛde kɔ sɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu hɔ yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa ne nea ɛde kɔ nkwa mu no, na wɔn a wohu no sua. Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de wɔyɛ mpataku adifudepɛfo. Wɔn aba na mode behu wɔn.”​—Mat. 7:13-16.

5. Dɛn na Paulo kae wɔ wɔn a wɔwae no ho?

5 Mfe aduonu anum akyi no, Paulo bɔɔ Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ Efeso no kɔkɔ sɛ: “Minim eyi sɛ me kɔ akyi no mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenkyɛe nguankuw no. Nso mo ankasa mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm sɛ wɔbɛtwe asuafo no adi wɔn akyi.” (Aso. 20:29, 30) Wɔ ne nkyerɛwee ahorow a efi honhom mu mu nea etwa to no mu no, Paulo bobɔɔ wɔn a wɔwae fii gyidi no ho wɔ afeha a edi kan no mu mu kakraa din. Ɔbɔɔ Timoteo kɔkɔ sɛ: “Na nsɛnhunu a ɛho ntew no de, yi wo ho fi ho, na wɔbɛkɔ wɔn anim ara mmusubɔ mu, na wɔn asɛm ‘bɛyerɛw sɛ ɔyare-bɔne; wɔn mu bi ne Himeneo ne Fileto a wɔatere nokware no ho, . . . na wɔdan binom gyidi butuw.” “Aleksandro, kɔbere-dwumfo no, yɛɛ me bɔne pii hwɛ wo ho yiye wo ne ho, na osiw yɛn nsɛm ano kwan bebree.”​—2 Tim. 2:16-18; 4:14, 15.

6. Dɛn ne su horow a ɛhyɛ wɔn a wɔwae fi gyidi no ho agyirae no binom?

6 Sɛ yɛpɛɛpɛɛ kɔkɔbɔ ahorow a Yesu ne Paulo de mae yi mu a, su horow a edidi so yi a ɛtaa hyɛ wɔn a wɔwae fi nokware no ho agyirae no da adi:

(1) Nokware no ho a wɔterew

(2) Nkontompo ne nsɛnhunu a wɔkeka

(3) Mmɔden a wɔbɔ sɛ wobebutuw afoforo gyidi na wɔatwe asuafo adi wɔn akyi

(4) Nyaatwomyɛ (‘mpataku a wɔnam nguanten nhoma mu’)

(5) Wɔn aba na wɔde hu wɔn; ‘wɔkɔ anim ara mmusubɔ mu’

Saa su horow yi yɛ nea na ɛbɛma tete Kristofo atumi ahu wɔn a wɔrewae afi gyidi no ho ntɛm na ‘wɔahwɛ yiye wɔ wɔn ho.’

Ɔwae Wɔ “Akyiri Nna Bi Mu”

7. Bere bɛn na ɔwae kɛse no bae, sɛnea kyerɛwsɛm bɛn ka siei?

7 Ɔwae a na “anya reyɛ adwuma” bere a Kristofo asomafo no binom da so te ase no mu bɛyɛɛ den wɔ “akyiri nna bi mu,” kyerɛ sɛ, wɔ wɔn wu akyi. Su horow anum a ɛhyɛ wɔn agyirae no bɛdaa adi kɛse wɔ afeha a ɛto so abien no mu na ewiee du wɔ afeha a ɛto so anan no mu. Na ɔwae a ɛsen biara no bɛba ansa na “yɛn Awurade Yesu Kristo ba” ne ‘Yehowa da’ no adu.​—2 Tes. 2:1-12.

8, 9. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na Petro de mae wɔ nna a edi akyiri no ho? So saa “fɛwdifo” ne “amumɔyɛfo” yi bɛyɛ nnipa a wonni Kristofo asafo no mu nkutoo?

8 Nanso kyerɛw nsɛm afoforo ma ɛda adi pefee sɛ wɔ nneɛma nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ no “nna a edi akyiri” yi mu no, ebinom bɛwae afi gyidi no ho wɔ nokware Kristofo asafo no mu. Ɔsomafo Petro kyerɛw sɛ:

“Nna a ebedi akyiri no mu fɛwdifo bɛba a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi abɛka sɛ: Ne ba nhyɛase no wɔ he? . . . Enti, adɔfonom, sɛ munim dedaw no, monhwɛ mo ho so yiye, na wɔamfa amumɔyɛfo nnaadaasɛm no amfa mo ankɔ bi, na moamfi mo ankasa tim a moatim no mu anhwe ase.”​—2 Pet. 3:3, 4, 17.

9 Na ɛnyɛ sɛ Petro rebɔ ne nuanom kɔkɔ wɔ “fɛwdifo” ne “amumɔyɛfo” a wɔwɔ wiase ho ara kwa. Ná Kristofo nim asiane a saa nnipa yi yɛ no bere nyinaa. Ná Petro reka asiane a ɛwɔ hɔ sɛ ebinom a wɔwɔ Kristofo asafo no mu a wɔabɛyɛ “fɛwdifo,” a wɔremfa nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Kristo “ba” ho no mmamu aniberesɛm na wonya adwemmɔne wɔ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” Kristofo asafo no sodikuw no ne mpanyimfo a wɔapaw wɔn no ho no ‘bɛtwe wɔn akɔ’ no nso ho asɛm.

Nea Ɛde Ɔwae Ba Ne Nea Ekowie

10, 11. (a) Dɛn ne ade titiriw a ɛma nkurɔfo wae fi nokware no ho? (b) Dɛn ne asekyerɛ ahorow bi a wɔde ma wɔ Hela asɛmfua sa wɔkyerɛ ase sɛ “obi adwenem a ɛyɛ no naa” no ho, na ɔkwan bɛn so na obi a ɔwae fi nokware no ho no de ne ho si hɔ sɛ ɔtemmufo?

10 Nneɛma ahorow a ɛde ɔwae ba a akyinnye biara nni ho titiriw biako ne gyidi a enni hɔ denam akyinnyegye so. (Heb. 3:12) Nea ɛyɛ anigye no, The New International Dictionary of New Testament Theology de asɛm a edi so a ɛfa Hela adeyɛ asɛmfua a wɔtaa kyerɛ ase sɛ “obi adwenem a ɛyɛ no nãa” ho no ma: “Diakrino, sɛ woyiyim, bu atɛn, . . . ; gye akyinnye, hinhim. . . . Wɔ [Apam Foforo] no afã horow bi mu no, adwenem nãayɛ da adi sɛ gyidi a enni hɔ, ma enti ɛyɛ bɔne (Rom. 14:23) . . . .Wɔ Rom. 4:20f. no, adwenem nãayɛ bɛn gye a wonnye nni. . . . Enti, adwenem nãayɛ yɛ ahotoso a wonni wɔ nea Onyankopɔn bɛyɛ a ɛsɛ sɛ nnipa twɛn mu. . . .Wɔ Apam Foforo no mu no, okyinnyegyefo no yɛ bɔne tia Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ ahorow, efisɛ ɔka Onyankopɔn ho atorosɛm.”

11 Enti, obi a ogye akyinnye araa ma ɔwae fi nokware no ho no yɛ ne ho ɔtemmufo. Osusuw sɛ onim ade sen ne mfɛfo Kristofo, na onim ade sen “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no a ɔnam no so asua nea onim wɔ Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw horow ho fã kɛse no ara, sɛ ɛnyɛ ne nyinaa mpo a, no nso. Onya ahofadi honhom, na ɔbɛyɛ “koma mu kwasiarefo . . . [ade a ɛyɛ] Yehowa akyide.” (Mmeb. 16:5) Wɔn a wɔwae fi gyidi no ho no mu binom mpo susuw sɛ wonim ade sen Onyankopɔn, wɔ nhyehyɛe a ɔyɛ wɔ n’atirimpɔw ho dwumadi mu no fam. Enti nneɛma abien foforo nso a ɛma nkurɔfo wae fi gyidi no ho ne bonniayɛ ne ahantan.​—2 Pet. 2:10b-13a.

12. Dɛn ne nneɛma a atuatew ne gyidi no ho a wɔwae fi de ba no binom?

12 Ɛdefa nea gyidi no ho a wɔwae fi de ba no ho no, biako a ɛda adi ntɛm ara ne anigye a wɔhwere. Onii a ɔwae fi gyidi no ho no pirim ne koma wɔ n’atuatew nneyɛe no mu. Bio nso ɛne sɛ onni honhom fam aduan a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma no bio​—na eyi ma ɔyɛ mmerɛw wɔ honhom mu na ɔkɔ fam. Ɔde anigye a ne nkoa anokwafo wɔ no retoto wɔn a wɔwae fi gyidi no ho no awerɛhow tebea no ho no, Yehowa kaa no nkɔmhyɛ kwan so sɛ:

“Hwɛ, me nkoa bedidi, na mo de, mubedi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo de, mubedi sukɔm; hwɛ, me nkoa ani begye, na mo de, mo ani bewuwu; hwɛ me nkoa de koma pa bɛto ahurusidwom, na mo de, mode koma mu yaw bɛteɛm, na mode honhom a abubu asu yɔɔ.”​—Yes. 65:13, 14.

13. Dɛn na ‘tumidi ahi a wɔtew’ no kyerɛ, na eyi kowie dɛn mu? (Yuda 8. 10)

13 Bere a wɔde wɔn ho ama honam nnwuma te sɛ “ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, atutuw, kunsunkunsun, mpaapaemu” no, honam nnwuma afoforo te sɛ “asabow,” “ahohwi” ne “aguamammɔ” taa nya wɔn a wɔwae yi nso. (Gal. 5:19-21) Petro bɔ yɛn kɔkɔ wɔ wɔn a “wɔtew tumidi ahi” denam teokrase nhyehyɛe a wobu no animtiaa so, na ‘wɔkasa tia’ wɔn a wɔde dwumadi ahyɛ wɔn nsa wɔ Kristofo asafo no mu, na enti ‘wofi ɔkwampa no so’ no ho. Ɔka sɛ “wɔn akyiri asetra adan wɔn bɔne akyɛn kan de no.”​—Kenkan 2 Petro ti 2 yiye.

Ɔkwan A Yebetumi Afa So Akwati ‘Gyidi No Ho A Yɛbɛwae Afi’

14, 15. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati ahantanyɛ?

14 Yɛahu sɛ nneɛma atitiriw a ɛde ɔwae ba ne gyidi a enni hɔ denam adwenem nãayɛ a enye so, ɛne sɛ asɛmfua a wɔkyerɛ ase “adwenem nãayɛ” no nso kyerɛ “nyiyim.” Obi a ɔwae fi gyidi no ho no yɛ ne ho nea ɛyɛ nokware ne nea ɛyɛ atoro, nea ɛyɛ “papa ne bɔne” wɔ honhom mu aduan fam, no ho temmufo. Ɔba bɛyɛ ahantan.​—Fa toto Genesis 2:17; 3:1-7 ho.

15 Sɛnea ɛbɛyɛ na wakwati wae a ɔbɛwae afi gyidi no ho no, ɛsɛ sɛ Kristoni hwɛ yiye wɔ gyidi a ɔbɛhwere, “bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si,” no ho, na ‘ɔde boasetɔ tu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.’ (Heb. 12:1; 3:12, 19) Paulo de afotu yi ma yɛn: “Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi mu anaa? Mummisa mo ho nhwɛ.” (2 Kor. 13:5) Paulo nka nkyerɛ yɛn sɛ yɛn adwenem nyɛ nãa wɔ ‘gyidi no” ho, na mmom yemmisa yɛn ho sɛ ebia yɛreyɛ gyidi no ho adwuma anaasɛ dabi. Ɛsɛ sɛ yɛn ho mu a yɛde nokwaredi pɛɛpɛɛ no ma yɛn ani da hɔ na yɛbrɛ yɛn ho ase, na abɔ yɛn ho ban afi ahofadi honhom ne ahantan su a wɔn a wɔwae fi gyidi no ho wɔ no ho.

16. (a) Asiane afoforo bɛn na ɛsɛ sɛ yekwati? (b) Nneɛma abien bɛn na yebetumi asua afi Yudafo a na wɔwɔ Beroia no nkyɛn?

16 Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛakwati wae a yɛbɛwae afi gyidi no ho no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye nso wɔ bonniayɛ ho. Ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ honhom fam aduan pii a yɛnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so nya no. (Mat. 24:45) Eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte nneɛma ase bere a yɛkɔ anim no. Eyi fam no, yebetumi asua nneɛma abien afi Yudafo a na wɔwɔ Beroia no nkyɛn. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi ahu no yiye no, “daa wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa,” nanso na wɔyɛ ‘mmadwemma’ efisɛ “woyii wɔn yam pefee gyee asɛm [a Paulo ne Sila ka kyerɛe] no.”​—Aso. 17:11.

17, 18. Dɛn na ɛsɛ sɛ yetumi hu, na afotu bɛn na Paulo de ama wɔ eyi ho?

17 Anisɔ a yebesua sɛ yebesua ade no bɛboa yɛn ma yɛanya ɔdɔ ne nimdeɛ a ɛyɛ pɛ, na yɛanya nhumu a edi mu nso. Saa Kristofo su horow yi nso bɛboa yɛn ma yɛahu nneɛma titiriw a ɛho hia ne nea ɛho nhia pii no. So asɛm bi a yentumi nte ase yiye no ho hia ankasa? So ɛka nneɛma a ɛho hia ankasa a yɛnam “akoa” kuw no mmoa so asua no anaa? So ɛyɛ ade a ɛfata sɛ yɛma ɛto yɛn hintidua ne ebia afoforo? So esiw Kristofo aba a yɛbɛsow kwan?

18 Paulo tu yɛn fo sɛ: “Mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so ara mmoroso ohu paara ne ɔte nyinaa, na moasɔ nneɛma a eye kyɛn so no ahwɛ na moabu, na moayɛ kurennyen ne nnipa a hintiduato nni wɔn mu akosi Kristo da no, na trenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba ayɛ mo ma ama Onyankopɔn anuonyam ne ayeyi.”​—Fil. 1:9-11.

‘Ogya No Mu A Wobegye Akyinnyegyefo Afi’

19. (a) Nneɛma afoforo bɛn nso na ɛho hia sɛ yehu? (b) Afotu foforo a nkuranhyɛ wom bɛn na Yuda de ma?

19 Esiane sɛ wɔabɔ yɛn kɔkɔ sɛ ‘ebinom bɛtwe wɔn ho afi gyidi no ho’ nti, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ ‘yɛbɛko denneennen ama gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no.’ (1 Tim. 4:1; Yuda 3) Nanso ɛsɛ sɛ yehu nsonoe a ɛda wɔn a wɔwae fi gyidi no ho na wɔhaw adwene, sɛnea Petro ka wɔn ho asɛm wɔ 2 Petro, ti 2, ne Kristofo a wɔyɛ mmerɛw wɔ gyidi mu na esiane nimdeɛ a edi mu a wonni nti wɔn adwenem yɛ wɔn naa wɔ nneɛma ho no ntam. Yuda da saa nsonoe yi adi. Bere a ɔbɔɔ kɔkɔ wɔ “anwiinwiifo, [wɔn] a hwee nsɔ wɔn ani,” a “wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa” ho, na ɔbɔɔ kɔkɔ wɔ “wɔn a wɔde mpaapaemu ba” ho akyi no, ose: “[Momfa] mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu. Na akyinnyegyefo nso, munhu wɔn mmɔbɔ, ebinom nso munhwim wɔn mfi gya mu nnye wɔn nkwa.”​—Yuda 16-23, Twi Bible Foforo.

20. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔboa akyinnyegyefo, na sɛ wɔpow mmoa a ɛte saa na ‘wɔwae fi gyidi no ho’ nso ɛ?

20 Yiw, ɛsɛ sɛ wɔma akyinnyegyefo a wɔte saa no hu sɛ akyinnyegye bɔne betumi asɛe wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔn nuanom Kristofo, titiriw mpanyimfo no, bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wohwim wɔn fi “ogya” a ebetumi asɛe wɔn honhom mu no mu. Ɛdefa wɔn a wɔpow mmoa a ɛte saa a wofi ɔdɔ mu de ma wɔ boasetɔ mu na ‘wɔtwe wɔn ho fi gyidi no ho’ ankasa no ho no, ɛnsɛ sɛ yɛhaw yɛn ho sɛnea ɛnsɛ. Yɛne ɔsomafo Yohane bɛka sɛ: “Wofi yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn traa hɔ.”​—1 Yoh. 2:19, Twi Bible Foforo.

‘Gyina Gyidi No Mu Pintinn’ Kodu Awiei

21, 22. (a) Nkuranhyɛ bɛn na Petro de ma wɔ gyidi no mu pintinn a yebekura no ho? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ honhom mu Israelfo ne “nnipakuw kɛse” no mufo kɔ so yɛ na wɔn nsa aka wɔn anidaso horow no?

21 Akyinnye biara nni ho sɛ Satan bɛpɛ sɛ ohu sɛ yɛn nyinaa ‘awae afi gyidi no ho.’ Enti Petro tu yɛn fo sɛ:

“Momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan, sɛ munim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu. Na ɔdom nyinaa Onyankopɔn a wafrɛ yɛn aba ne daa anuonyam no mu Kristo Yesu mu no, ɔno ara na, sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den.”​—1 Pet. 5:8-10.

Yiw, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ honhom mu Israelfo, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔne Kristo nkodi hene wɔ “daa anuonyam” mu no kɔ so kura wɔn gyidi mu wɔ “sɔhwɛ dɔn” no mu, sɛ wɔmpɛ sɛ ‘obi gye wɔn abotiri’ no a.​—2 Tim. 2:10; Adi. 3:10, 11.

22 Wɔn ahokafo, “nnipakuw kɛse” no mufo no nso hu sɛ ɛsɛ sɛ wogyina ‘pintinn wɔ gyidi no mu’ sɛ wɔpɛ sɛ ‘wofi ahohiahia kɛse no mu’ a. (Adi. 7:9, 10, 14) Kristofo a wɔwɔ ɔsoro anidaso, ne wɔn ahokafo a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase a wɔasan de asi hɔ so no, abɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛkɔ so de nokwaredi aka “ahenni ho asɛmpa yi.” (Mat. 24:14) Nkɔso fɛfɛ a aba wɔ wiase afã horow pii de besi afe 1981 yi ma wohu sɛ Yehowa nhyira wɔ n’ahyehyɛde no so, ne sɛ adwuma da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Enti wotie Paulo afotu no: “Mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebenya aba, ne bere so.”​—Gal. 6:8, 9.

23. Dɛn na ɛde ‘nkuranhyɛ a emu yɛ den’ ma yɛn nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ yegyina ‘gyidi no mu pintinn’?

23 Bere a yehu nneɛma a wɔka siei sɛ ɛbɛba wɔ “nna a edi akyiri” no mu no mmamu wɔ yɛn ankasa ani so no, yɛwɔ ahotoso a emu yɛ den sɛ “ahohiahia kɛse no” ne Onyankopɔn trenee nhyehyɛe foforo no abɛn pɛɛ. Nhyira horow a ɛso nni a ɛda yɛn anim pɛɛ a yɛn nsa bɛka, wɔ soro anaasɛ wɔ paradise asase so no, ma yenya ‘nkuranhyɛ kɛse’ sɛ ɛsɛ sɛ yegyina ‘pintinn wɔ gyidi no mu’ kodu awiei, na yɛn nsa aka “anidaso a ɛda yɛn anim no.”​—Heb. 6:17-19.

[Kratafa 12 adaka]

NEA ƐDE BA

Gyidi a enni hɔ

Ahofadi honhom

Bonniayɛ

Ahantan

[Kratafa 12 adaka]

NEA EKOWIE

Anigye a wɔhwere

Atuatew

Honhom mu aduan a wonnya

Ɔhonam nnwuma

[Kratafa 13 mfoni]

“Munhwim wɔn mfi gya no mu nnye wɔn nkwa”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena