So Wobɛkɔ So Anantew Nokware No Mu?
“MINNI anigye a ɛsen eyi, sɛ . . . me mma [kɔ so] nam nokware mu.” (3 Yohane 4) Saa na ɔsomafo Yohane kae bere a na ne nkwa nna tenten no rebɛn awiei no. Kɔ a ‘ne mma,’ wɔn a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn “nokware no” kɔɔ so tɔɔ wɔn bo ase no maa n’ani gyei kɛse. Sɛ Yehowa asomfo tra nokware no mu a, ɔno nso ani gye. N’ani begye nnɛ dɛn ara, sɛ ofi ne soro ahengua so bɛhwɛ asase so na obehu ahyehyɛde a emufo dɔɔso, a wɔn dodow yɛ ɔpepem pii, sɛ wodi saa nyansa kwan no akyi!—Mmebusɛm 27:11.
Nanso, bere a sɛ kuw no, Onyankopɔn nkurɔfo bata nokware no ho denneennen no, Kristofo ankorankoro bi gow wɔn ho mu anaa wofi ɔsom a ɛho tew ho mpo. Ɛwom sɛ eyi yɛ awerɛhow de, nanso, ɛnyɛ nea wɔnhwɛ kwan, efisɛ ade koro no ara sii wɔ afeha a edi kan no mu. (2 Timoteo 4:10; Hebrifo 2:1) Nanso, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ebinom gow wɔn ho no si hia a ehia sɛ obiara hwɛ ne honhom mu yiyedi so yiye no so dua. Paulo hyɛ Kristofo nyinaa nkuran sɛ: “Mummisa mo ho nhwɛ!.” (2 Korintofo 13:5) Ɛsɛ sɛ Kristoni biara bisa ne ho sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn ahu yiye sɛ mɛkɔ so anantew nokware no mu?’
Ebinom agow wɔn ho anaa wɔagyae nokware no mu nantew mpo esiane sɛ wɔn aba mu abu nti—ebia nea ɛma ɛbaa saa ne akwahosan mu nsɛnnennen ahorow, tebea a emu yɛ den wɔ fie, anaa nipasu ho ntawntawdi. Afoforo nso agow wɔn ho efisɛ biribi agye wɔn adwene. Wɔpɛ sɛ wonya nneɛma nhyehyɛe yi mu nneɛma mu anigye bere a ɛda so ara wɔ hɔ yi. Yɛbɛyɛ dɛn akwati nneɛma yi a yɛbɛma kwan ma ama yɛagow yɛn ho no? Sɛ yɛbɛma ho mmuae a, momma yensusuw nhwɛso a Yesu de gyaw yɛn no ho.
Di Yesu Nhwɛso Akyi
Yesu hyiaa nsɛnnennen ne tebea horow a emu yɛ den bebree. Ná ɛsɛ sɛ odi n’akyidifo no ntam nsɛnnennen ahorow ho dwuma, na ogyina n’atamfo nitan ne fɛwdi ano bere koro no ara mu. Na ɛsɛ sɛ ɔko tia wiase yi sɔhwɛ ahorow nso. Nokwarem no, wɔde ahonyade ne anuonyam a nnipa kakraa bi pɛ na ahu bi pɛn sii n’anim. (Mateo 4:8-11; Yohane 6:14, 15) Nanso, Yesu kɔɔ so nantew nokware no mu. Dɛn na ɛboaa no ma ɔyɛɛ eyi?
Ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn bere a ɔkyerɛw sɛ: “Momma . . . yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.” (Hebrifo 12:1, 2) Yesu fam no, “anigye a ɛda n’anim,” akatua a ɛkorɔn a ɛretwɛn no, a ɔma ɛtraa n’adwenem no boaa no ma ɔkɔɔ so nantew nokware no mu. Ná saa “anigye a ɛda n’anim” no som bo koraa sen bere tiaa bi mu abasamtu anaa nneɛma a egye adwene a na ohyia no.
Akatua no a yɛbɛma atra yɛn adwene mu no betumi aboa yɛn ma yɛagyina, sɛnea ɛboaa Yesu no. (Adiyisɛm 22:12) Sɛ nhwɛso no, susuw ɔkwantufo bi a ɔnam bepɔw bi so anammɔn kwan bi a ɛso nantew yɛ den ho hwɛ. Ɔbrɛ, na n’abasam tu. Egye mmɔdenbɔ na watu ne nan, na ɛte sɛ nea anammɔn kwan no nni awiei. Afei okodu koko bi atifi, na ohu kurow a ɔrekɔ so no wɔ n’anim. Mpofirim ara no, ɛte sɛ nea ɔkwan no so nantew ayɛ mmerɛw kakra. Beae a ɔrekɔ no a ohu no yiye no boa no ma ne werɛ fi ne brɛ no. Sɛ Kristoni ma beae a ɔrekɔ no tra n’adwenem yiye a, obehu sɛ nokware no a ɔbɛkɔ so anantew mu no bɛyɛ mmerɛw ama no saa ara.
Suasua Ɔsomafo Paulo
Onipa foforo a ogyinaa nneɛma a na anka ebetumi atu n’abasam pii ano ne ɔsomafo Paulo. Ná ɛsɛ sɛ odi anuanom no ntam mpaapaemu ne nsɛnnennen ho dwuma, na ogyina akwahosan mu asɛnnennen, ɔtaa, ɔhonam mu ahohia, ne ɔhaw ahorow ne ɔsɔretia a efi asafo no mu mpo ano. (1 Korintofo 1:10; 2 Korintofo 10:7-12; 11:21-29; 12:7-10) Dɛn nti na Paulo aba mu ammu kosi sɛ obegyaa biribiara mu ma aka? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:13) Wammɔ mmɔden sɛ ne nkutoo bɛsoa n’adesoa no. Mmom no, Paulo de ne ho too Yehowa so na waso ne mu.—Dwom 55:22.
Ahoɔden fibea a ɔwɔ soro a Paulo frɛɛ no na waboa no ma watumi agyina no wɔ hɔ ma yɛn nnɛ. Bible no ka sɛ: “[Yehowa] ma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso. Mmerante brɛ, na wɔpa abaw, na nkwankwaa hwehwe ase. Na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no nya ahoɔden foforo, wɔde ntaban foro sɛ akɔre, wotu mmirika, na wɔmpa abaw, wɔnantew, na wɔmmrɛ.” (Yesaia 40:29-31) Sɛ yɛhwɛ Yehowa kwan na wama yɛn ahoɔden denam kokoam adesua, nhyiamkɔ, Kristofo adwuma a yɛde nsi yɛ, ne—titiriw no—mpaebɔ so a, yebetumi agyina sɔhwɛ ahorow ne abasamtu a ebetumi aba bere ne bere mu no ano.—Dwom 1:1-3; Romafo 10:10; 1 Tesalonikafo 5:16, 17; Hebrifo 10:23-25.
Ɔpepem Pii Siesie Wɔn ho ma Paradise mu Asetra
Satan ne nneɛma nhyehyɛe, a nokwarem no Kristofo yɛ ananafo, ahɔho wom yi no nyame. (2 Korintofo 4:4) Enti, sɛ ɛtɔ mmere bi na yehyia abasamtu ne nneɛma a egye yɛn adwene a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Paulo kyerɛwee wɔ Hebrifo nhoma no mu sɛ: “Yenni kurow a ɛtra hɔ daa wɔ ha, na mmom nea ɛbɛba no akyi kwan na yɛhwehwɛ.” (Hebrifo 13:14) Sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ yɛn anidaso nni wiase dedaw yi mu na mmom nea ɛbɛba no mu no nso a, ɛbɛboa yɛn na yɛangow yɛn ho.
Akwan horow bi so no, Kristofo te sɛ atukɔfo a wotu fi wɔn nsase so kɔhwehwɛ asetra papa wɔ baabi foforo. Eyi yɛ ade a ne yɛ yɛ den. Ɛsɛ sɛ ɔboaboa ne nneɛma nyinaa ano anaa ɔtow gu na ɔne ofie a ɔtraa mu ne nnamfo ne abusuafo di ntetewmu. Ɛsɛ sɛ ɔkɔtra asase bi a onnim hɔ so, ɔkɔtra nnipa a ebia wonnye no ntom mu, na osua kasa foforo ne asetra kwan bi a onnim yiye nso. Nanso pii yɛ ade a ɛte sɛɛ a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya honam fam yiyedi wɔ wiase yi mu.
Wɔn a ɛte sɛ nea wotu fi nneɛma nhyehyɛe dedaw yi mu na wɔbɛka Onyankopɔn nkurɔfo ho no hyia nsɛnnennen a ɛtete saa ara. Wɔyɛ asetra mu nsakrae ahorow na wɔn asetra ne Onyankopɔn Asɛm mu gyinapɛn ahorow a ɛho tew no ahyia, na wosua nokware “kasa kronn” no. (Sefania 3:9; 1 Korintofo 6:9-11) Wɔyere wɔn ho nso som Onyankopɔn Ahenni Ɔhenkɛse Yesu Kristo. Bio nso, mpɛn pii no, wɔn abusuafo ne kan nnamfo tew wɔn ho, na ɛte sɛ nea wɔne wɔn di ntetewmu.
Nanso, Kristofo nya mfaso pii sen wɔn a sikasɛm nti wotu kwan no. Ade biako ne sɛ wɔba nnipa bi a wɔdɔ wɔn na wosusuw wɔn ho mu. (Luka 18:29, 30) Nea ɛho hia sen saa no, wɔne Yehowa, amansan Nyankopɔn no nya abusuabɔ a emu yɛ den. Wonya asomdwoe ne daakye mu ahotoso bere a wɔhwɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa kwan no. (Filipifo 4:8, 9) Wɔn a wɔn ani sɔ nokwasɛm ahorow yi yiye no remma kwan mma nneɛma a egye wɔn adwene anaa abasamtu mma wongow wɔn ho bere nyinaa. Wɔmma kwan mma wɔnnan wɔn mfi ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no ho.—Mateo 7:13, 14; 1 Yohane 2:15-17.
Hwɛ wo Honhom Fam Akwahosan so Yiye
Sɛ yɛhwɛ yɛn honam fam akwahosan so yiye bere ne bere mu a, yebetumi ako atia nyarewa yiye. Na sɛ yɛyare po a, yɛn ho tɔ yɛn ntɛmntɛm. Saa ara nso na sɛ yɛhwɛ yɛn honhom fam akwahosan so yiye, na yɛma nhyira horow a yenya mprempren ne nea ɛretwɛn yɛn no tra yɛn adwene mu, na sɛ yesua sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa ahoɔden so sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ankasa de so a, yebetumi adi nsɛnnennen a ɛsɔre no ho dwuma yiye. Yɛrentumi nkwati nneɛma a egye adwene ne abasamtu no korakora. Nanso, sɛ yɛadi kan ahwɛ yɛn honhom fam akwahosan so yiye a, nneɛma a ɛte saa no rentumi mmunkam yɛn so.
Kae sɛ, sɛ Yehowa asomfo gyina sɔhwɛ ano a, n’ani gye. Enti momma yɛmma ne koma ani nnye denam nokware no a yɛbɛkɔ so anantew mu no so.