-
“Monkae Wɔn a Wodi Mo Anim” NoNhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
-
-
ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ ‘YƐKAE WƆN A WODI YƐN ANIM’ NO?
9 Nneɛma pii nti ɛsɛ sɛ ‘yɛkae wɔn a wodi yɛn anim’ no na yenya wɔn mu ahotoso. Sɛ yɛyɛ saa a mfaso bɛn na yebenya? Ɔsomafo Paulo kaa sɛ: “Wɔn na wɔhwɛ mo kra so sɛ nnipa a wobebu ho akontaa; ɛno bɛma wɔde anigye ayɛ eyi, na ɛnyɛ ahomegu, anyɛ saa a ɛrensi mo yiye.” (Heb. 13:17) Wɔn a wodi yɛn anim ma yɛn akwankyerɛ no, ɛho hia paa sɛ yetie wɔn na yɛbrɛ yɛn ho ase ma wɔn. Efisɛ wɔhwɛ yɛn so na wɔboa yɛn ma yedi yiye wɔ Onyankopɔn som mu.
10 Wohwɛ 1 Korintofo 16:14 a, Paulo kaa sɛ: “Monyɛ biribiara ɔdɔ mu.” Ɔdɔ na ɛka mpanyimfo no ma wogyina Onyankopɔn nkurɔfo ananmu sisi nneɛma ho gyinae. Wɔaka ɔdɔ ho asɛm wɔ 1 Korintofo 13:4-8 sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye. Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw, entu ne ho, ɛnhoman, ɛnyɛ ade a ɛnsɛ, ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia, ne bo nhaw no. Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu. Enni nea ɛnteɛ ho ahurusi, na mmom edi nokware ho ahurusi. Ɛtɔ ne bo ase biribiara mu, egye biribiara di, ɛwɔ biribiara mu anidaso, na egyina biribiara ano. Ɔdɔ to ntwa da.” Esiane sɛ mpanyimfo no dɔ Yehowa asomfo nyinaa nti, wosisi gyinae a ɛbɛboa yɛn. Wei nti, ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yɛde wɔn akwankyerɛ bɛyɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ wɔyɛ wei nyinaa de suasua Yehowa dɔ.
Wɔn a wodi yɛn anim no, ɛho hia paa sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma wɔn, efisɛ wɔboa yɛn ma yedi yiye wɔ Onyankopɔn som mu
11 Asomafo no bere so no, nnipa a Yehowa ma wodii ne nkurɔfo anim no, na wɔnyɛ pɛ. Saa ara na ɛte nnɛ. Tete mmere mu nso, Yehowa de nnipa a wɔnyɛ pɛ yɛɛ adwuma maa nea na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ baa mu. Noa sei, ɔpam adaka, na ɔkaa ɔsɛe a na ɛreba wɔ ne bere so no ho asɛm. (Gen. 6:13, 14, 22; 2 Pet. 2:5) Afei nso, Yehowa paw Mose ma odii ne nkurɔfo anim yii wɔn fii Egypt. (Ex. 3:10) Mmarima a wɔnyɛ pɛ na Yehowa de ne honhom kaa wɔn ma wɔkyerɛw Bible no. (2 Tim. 3:16; 2 Pet. 1:21) Ɛnnɛ, nnipa a wɔnyɛ pɛ na Yehowa ma wodi asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no anim. Nanso wei mma ahotoso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu no mmrɛ ase. Mmom no, ɛhyɛ yɛn den efisɛ yenim sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔtaa yɛn akyi a, anka ahyehyɛde yi ntumi nyɛ hwee. Akoa nokwafo no afa ɔhaw pii mu, na wɔanya osuahu pii. Ne nyinaa mu no, wɔakyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom na ɛrekyerɛ wɔn kwan. Ɛnnɛ, yehu sɛ Yehowa ahyira n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no paa. Enti yɛn nso, yɛwɔ saa ahyehyɛde yi mu ahotoso, na yefi yɛn kra nyinaa mu taa akyi.
-
-
“Monkae Wɔn a Wodi Mo Anim” NoNhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
-
-
14 Ade foforo a yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ ahyehyɛde no mu ahotoso ne sɛ yebegye gyinae ahorow a ahyehyɛde no sisi atom. Ɔkwan baako a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase atie akwankyerɛ a wɔn a wodi nneɛma anim no de ma yɛn no. Wɔn mu bi ne amansin so ahwɛfo ne asafo mu mpanyimfo. Saa anuanom yi nyinaa ka ‘wɔn a wodi yɛn anim’ no ho, enti ɛsɛ sɛ yetie wɔn na yɛbrɛ yɛn ho ase ma wɔn. (Heb. 13:7, 17) Sɛ wosi gyinae bi na yɛnte ase mpo a, ɛsɛ sɛ yegye tom, efisɛ yenim sɛ wɔpɛ sɛ esi yɛn yiye. Afei nso, Yehowa behu sɛ yetie n’Asɛm na yɛbrɛ yɛn ho ase ma n’ahyehyɛde no, enti obehyira yɛn. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma yɛn Wura Yesu Kristo nso.
-