Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 4/8 kr. 10-12
  • So Atorodi Yɛ Bɔne Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Atorodi Yɛ Bɔne Saa?
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Adwene wɔ Atorodi Ho
  • Atorodi​—Nea Enti a Epira
  • Atorodi ne W’ahonim
  • “Ahonim pa” a Wubenya
  • Dɛn Nti Na Atorodi Yɛ Mmerɛw Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Atorodi—So Ɛtɔ Da a Ɛfata?
    Nyan!—2000
  • Atorodi Ho Nokwasɛm
    Nyan!—1997
  • Ka Nokware
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 4/8 kr. 10-12

Mmofra Bisa Sɛ . . .

So Atorodi Yɛ Bɔne Saa?

Ná Michelle nim sɛ sɛ n’awofo hu sɛ wabu ahyehyɛde a wɔn anigye ho no a wɔn bo befuw. Nanso, na onsiesiee ne ho sɛ obegye asotwe anaa ɔkasa a ano yɛ den. Enti ɔhwehwɛɛ ɔkwantiaa a ɔbɛfa so akwati n’awofo abufuw: ɔtotoo ne nuabarima kumaa no ano sɛ ɔno na obuu no.

ATORODI​—mmofra a wonnii mfe 20 pii te nka sɛ eye wɔ tebea horow bi mu. Ebinom ka sɛ wobedi atoro sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde besiw nsɛmmɔne adeyɛ bi kwan, wɔde bɛbɔ obi a odi bem ho ban, anaasɛ wɔde bɛkora nkwa so. Nanso, tebea horow a ɛte saa no ntaa mma wɔ asetra mu. Mpɛn pii no, mmofra pii di atoro esiane nea enti a Michelle yɛɛ saa no ara nti: sɛ wɔde beguan asotwe anaasɛ wɔde befi tebea bi a enye mu.

Donald ka kyerɛɛ ne na sɛ wasiesie ne dan mu bere a wɔ nokware mu no na wato biribiara ahyɛ mpa ase. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, Richard ka kyerɛɛ n’awofo sɛ onyaa mma a ɛba fam a ɛnyɛ sɛ wansua ade nti na mmom efisɛ ‘na ontumi ne ne kyerɛkyerɛfo mmɔ.’ Ntease nnim koraa.

Nanso, ebia wobɛte nka sɛ esiane sɛ eyinom nyɛ atoro akɛse biara no nti, ɛnsɛe hwee. Ebia wobɛka sɛ ‘Bɔne bɛn na ɛwɔ atoro nketenkete mu?’ Na esiane sɛ nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛ atoro nketenkete ase sɛ “atoro a anibuei wom anaa empira” no nti, ebia ɛbɛyɛ sɛ nea atoro nketenkete no nyɛ bɔne biara.

Wɔ nhoma The Importance of Lying mu no, wɔfa H. L. Mencken asɛm ka sɛ ɔde ntease foforo a enti na ebinom di atoro no ma sɛ: “Ɔyare a ɛwɔ nokware ho ne sɛ titiriw no ɛmma ahotɔ, na ɛtaa yɛ bosoo. Ɔdesani adwene no hwehwɛ biribi a ɛyɛ serew na ɛdɛfɛdɛfɛ.” Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo ntaa mpɛ sɛ wɔbɛte nokware ankasa na mmom wɔpɛ sɛ ‘wobenunu wɔn asom ama wɔn.’ (2 Timoteo 4:3, NW) Yesu Kristo a na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara a watra ase pɛn no hui sɛ eyi yɛ nokware. Ɔka kyerɛɛ ne bere sofo no sɛ: “Sɛ meka nokware a, adɛn nti na munnye nni?” (Yohane 8:46) Hwɛ sɔhwɛ ara a ɛyɛ sɛ ɛtɔ bere bi a yebedi atoro a ɛma nkurɔfo ani gye sen sɛ wobɛka nokware a wɔmpɛ!

Nanso so nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ebia atoro bi bɛyɛ nea nkurɔfo ani gye ho anaasɛ ɛyɛ asɛm ketewaa bi anaasɛ adwempa wɔ akyiri no kyerɛ sɛ eye?

Onyankopɔn Adwene wɔ Atorodi Ho

Wohuu adesamma su a wɔwɔ sɛ wobedi atoro no wɔ Bible mmere mu. Odwontofo no kae sɛ: “Wɔne wɔn mfɛfo keka nsɛnhunu, ano fremfrem ne koma nta na wɔde kasa.” Ná ahopɛ nti na wodi atoro. Wɔkae sɛ: “Yɛn tɛkrɛma na yɛde di abaninsɛm, yɛn [atoro] ano wɔ hɔ, hena na obedi yɛn so?” Nanso, hyɛ sɛnea Onyankopɔn tee nka wɔ wɔn atorodi no ho no nsow: “Ma [Yehowa] ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa, ne tɛkrɛma a ɛka nsɛnkɛse.”​—Dwom 12:2-4.

Yiw, na “atoro tɛkrɛma” yɛ nneɛma ahorow a “[Yehowa] kyi” no mu biako na ɛda so ara yɛ bi. (Mmebusɛm 6:16, 17) Anye yiye koraa no, Satan Ɔbonsam ankasa ne “atoro agya.” (Yohane 8:44) Nanso, nea ɛyɛ anigye no, Bible no mfa nsonsonoe biara nto atoro ne ‘atoro nketenkete’ ntam. Ɛka no tiaa sɛ, “atoro biara mfi nokware no mu.” (1 Yohane 2:21) Ɛno nti na “nkɔnkɔnsani yɛ [Yehowa] akyide, na teefo na ɔne wɔn di atirimsɛm” no. (Mmebusɛm 3:32) Yiw, Yehowa ne obi a onni nokware nnya abusuabɔ biara.

Enti abofra a osuro Oyankopɔn rentumi mmu atorodi biara sɛ wogye tom. Sɛnea abofra bi a wɔfrɛ no Tyrone ka no no: “Ɛte sɛ sɔhwɛ a wobisa sɛ ampa-anaa-atoro. Biribi teɛ anaasɛ ɛnteɛ.”

Atorodi​—Nea Enti a Epira

Nanso, dɛn nti na atorodi yɛ bɔne saa? So atorodi rentumi nye wo mfi asotwe mu? Ebia. Nanso sɛ atoro no ho da hɔ a, dɛn na ɛba? Ɛnde na atu asotwe ahyɛ da ara kwa. Abofra André nso ka sɛ: “Sɛ obi ka asɛm bi kyerɛ wo na akyiri yi wuhu sɛ ɛyɛ atoro a, ɛma wobɔ dam.” Yiw, atorodi hwanyan abufuw ne bobɔne. Na sɛ wɔn a wudii atoro kyerɛɛ wɔn no yɛ w’awofo a​—nteɛso a anibere wom betumi afi mu aba.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no ka sɛ: “Ademude a wɔde atoro tɛkrɛma anya yɛ ahuhuw a ehuw kɔ.” (Mmebusɛm 21:6) Wɔ ɔkwan foforo so no, mfaso biara a atorodi de bɛba no yɛ bere tiaa mu de te sɛ ahuhuw.

Atorodi ne W’ahonim

Atorodi pira ɔtorofo no ankasa nso. Michelle (a yɛbɔɔ ne din wɔ mfiase hɔ no) tumi maa n’awofo gye dii sɛ ɛyɛ ne nuabarima no na obuu ahyehyɛde no. Nanso, akyiri yi ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne no kyerɛ wɔn. Michelle kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛhaw me kɛse mmere pii. Na m’awofo wɔ me mu ahotoso, na midii wɔn huammɔ.”

Michelle ahonim a ɛhaw no no kyerɛkyerɛ nnyinasosɛm bi a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm mu. Wɔ Romafo 2:14, 15 no ɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn de ahonim ahyɛ adesamma mu. Paulo kyerɛkyerɛɛ sɛnea eyi yɛ adwuma no mu, na ɔkae sɛ: “Na wɔn ahonim no nso di wɔn adanse, na wɔn nsusuwii toto wɔn ho ano, anaasɛ nso eyiyi wɔn ho ano.” Wɔ Michelle asɛm no mu no, n’ahonim ‘dii no adanse’ wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ atorodi yɛ bɔne no ho na ‘ɛtotoo n’ano’​—ɛde afobu nkate haw no.

Ampa, obi betumi abu n’ani agu n’ahonim so, wama ano akum. Sɛ nhwɛso no, asɛm bi a epuei wɔ Adolescence nsɛmma nhoma no mu no kyerɛe sɛ mmofra nkumaa a wonnii mfe 20 no bu atorodi sɛ ɛyɛ bɔne. Nanso bere a wɔrenyin no, wɔn nsusuwii wɔ atorodi ho no ano kum. Asɛm no kae sɛ: “Wɔn a wɔadi mfe dunum no taa bu atorodi sɛ ɛtɔ bere bi a ɛnyɛ bɔne sen wɔn a wɔadi mfe dummien.” Ɛda adi sɛ, dodow a obi di atoro no, dodow no ara na asiane wɔ hɔ sɛ ɔbɛyɛ ‘obi a ɔhyehyew ano atwã wɔ n’ankasa ahonim mu.’​—1 Timoteo 4:2.

“Ahonim pa” a Wubenya

Wɔ abirabɔ mu no, na ɔsomafo Paulo betumi aka n’ankasa ne n’ahokafo ho asɛm sɛ: “Yenim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa.” (Hebrifo 13:18) Na Paulo ahonim no remma no kwan mma onni atoro na ɔnkeka nsɛm a ebi nyɛ nokware. So w’ahonim ano yɛ hyew wɔ nsɛm a ɛnyɛ nokware ho saa? Sɛ ɛnte saa a, tete no denam Bible no ne Bible ho nhoma te sɛ saa nsɛmma nhoma yi ne ne hokafo Ɔwɛn-Aban no a wubesua so.

Abofra bi a wɔfrɛ no Bobby ayɛ saa, na adepa afi mu aba. Bere bi saa nkrataa yi kaa asɛnnennen bi a na ɔwɔ ho asɛm. Sɛ anka ɔde atoro bɛkata asɛnnennen no so mmom no, aka n’ahonim ma wakɔ n’awofo nkyɛn na wofi nokwaredi mu asusuw asɛm no ho. Ɛtɔ mmere bi a eyi ma onya nteɛso. Nanso ogye tom sɛ ‘ne ho tɔ no wɔ ne mu’ sɛ wadi nokware.

Yegye tom sɛ, sɛnea abofra bi ka no no: “Sɛ woka nokware a, ɛbɛhaw w’awofo.” Nanso, wɔbɛkyerɛ obu ama nokware a woka kyerɛ wɔn no. Ɛbɛkyerɛ wɔn sɛ worenyin na wohu sɛ worebu wo nneyɛe ho akontaa.

Mmoa foforo a wode benya ahonim pa ne sɛ wobɛhwɛ yiye wɔ nnamfo a wobɛpaw mu. Mmebusɛm 13:20 se: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” Bobby ka sɛ: “Adamfo a wo ne no nyinaa di atoro no bɛma woanya amane. Ɔnyɛ adamfo a wubetumi de wo ho ato no so.” Enti odwontofo no kaa no nyansa mu sɛ: “Me ne nnipa huhuw antra.” (Dwom 26:4) Bɔ mmɔden sɛ wubenya nnamfo a wɔkyerɛ obu ma Onyankopɔn gyinapɛn ahorow.

Awiei koraa no, sɛ wuhyia atorodi ho sɔhwɛ a, kae Yehowa Nyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɔde asisi hɔ ama ne nnamfo no. Odwontofo no bisae sɛ: “[Yehowa], hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu atra mu? Nea . . . ɔka ne komam nokware.” (Dwom 15:1, 2) Hokwan a ɛyɛ sɛ wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ a wobesusuw ho no kanyan obi ma odi nokware!

Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛka nokware bere nyinaa. Ebia wobɛba tebea bi a sɛnea abofra bi a wɔfrɛ no Mark ka no no “nnipa kuw bi di atoro, na ɛsɛ sɛ wo woka nokware” no mu mpo. Nanso obi a osi gyinae sɛ ɔbɛka nokware no bekura ahonim pa, ɔne ne nnamfonom ntam abusuabɔ pa, na nea eye sen ne nyinaa no, ɔne ne Bɔfo no ntam abusuabɔ pa mu. Enti abofra bi a wɔfrɛ no Steven bɔ asɛm no nyinaa mua bere a ɔka sɛ: “Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ afoforo di atoro no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wo nso yɛ saa!” no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Atorodi ntaa nyɛ nea ntease wom na ebia ɛbɛtwentwɛn asotwe ase ara kɛkɛ kosi sɛ ɛho bɛda hɔ

[Kratafa 12 mfoni]

Bɔne a wɔka kyerɛ nyɛ mmerɛw, nanso w’awofo bɛkyerɛ obu ama wo nokwaredi no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena