Dɛn na Ahwehwɛ Ma Yehu?
HWƐ ahwehwɛ mu. Dɛn na wuhu? Ɛtɔ mmere bi a, ahwehwɛ mu a wohwɛ no ma wuhu biribi a ɛhaw adwene wɔ wo nipadua no ho na w’ani gye ho sɛ wubesiesie ansa na afoforo ahu.
Bible no te sɛ ahwehwɛ pɛpɛɛpɛ. Ebetumi aboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛte ankasa, na ɛbɛbɔ yɛn ho ban na yɛammu yɛn ho sɛ yɛsom bo dodo—anaasɛ yɛnsom bo ahe biara—wɔ Onyankopɔn ani so. (Mateo 10:29-31; Romafo 12:3) Bio nso, Bible no betumi ada yɛn kasa, nneyɛe, anaa yɛn su mu mfomso ahorow a ehia sɛ yesiesie adi. Sɛ ɛba saa a, wubebu w’ani agu nea ahwehwɛ no da no adi no so?
Bible kyerɛwfo Yakobo ka sɛ: “Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefo na ɔnyɛ ɔyɛfo a, ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim suban ahwehwɛ mu; na ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara na ne werɛ afi su ko a okurae.”—Yakobo 1:23, 24.
Nea ɛne ɛno bɔ abira no, Yakobo ka onipa foforo ho asɛm, “nea ɔkotow hwɛɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu na ɔtraa mu.” (Yakobo 1:25) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “hwɛɛ” no kyerɛ sɛ wobɛkotow anaasɛ wubekuntun wo mu ahwɛ ade. Theological Dictionary of the New Testament ka sɛ: “Ɛkyerɛ pii sen w’ani a ɛbɔ biribi so na wuyi no ntɛm ara.” Asɛmfua no kyerɛ biribi a ahintaw a wɔhwehwɛ no yiye. Bible ho nkyerɛkyerɛmufo R. V. G. Tasker kyerɛw sɛ: “Biribi titiriw bi wɔ hɔ a nea ɔhwɛ no pɛ sɛ ohu, ɛwom mpo sɛ ebia ɛbɛyɛ den ama no sɛ obehu na wate ase prɛko pɛ.”
Enti wobɛhwehwɛ wo ho mu wɔ ahwehwɛ a ɛne Onyankopɔn Asɛm no mu na afei wode nea ɛhwehwɛ no adi dwuma? Yakobo kɔ so ka sɛ: “Saa onipa yi, esiane sɛ ɔnyɛ otiefo werɛfirifo, na mmom adwuma no yɛfo nti, n’ani begye wɔ ne yɛ mu.”—Yakobo 1:25, NW.