Nea Enti A Yehia Gyidi Ne Nyansa
Yakobo Nhoma No Mu Nsɛntitiriw
YEHOWA nkoa hia boasetɔ bere a wohyia sohwɛ no. Ɛsɛ sɛ wɔkwati abrabɔ a ɛremma Onyankopɔn ani nsɔ wɔn nso. Wosi nsɛntitiriw a ɛte sɛɛ yi so dua wɔ Yakobo nhoma no mu, na sɛ yɛbɛyɛ ho biribi pa a, ehia gyidi ne ɔsoro nyansa.
Nhoma yi kyerɛwfo nna ne ho adi sɛ Yesu asomafo baanu a wɔn din de Yakobo no mu biako, na mmom sɛ ‘Onyankopɔn ne Kristo akoa.’ Saa ara nso na Yesu nua Yuda ka sɛ ɔyɛ “Yesu Kristo akoa, Yakobo ne nua.” (Yakobo 1:1; Yuda 1; Mateo 10:2, 3) Enti, ɛda adi sɛ Yesu nua Yakobo na ɔkyerɛw nhoma a ne din da so no.—Marko 6:3.
Nhoma yi nka Yerusalem sɛe wɔ 70 Y.B. mu no ho asɛm, na abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ sɛ Yakobo wui sɛ mogya dansefo bere a Romafo ɔtemmufo Festo wui wɔ bɛyɛ 62 Y.B. mu akyi bere tiaa bi. Ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛw nhoma no ansa na 62 Y.B. reba. Ɔkyerɛw kɔmaa honhom mu Israel “mmusuakuw dumien no,” efisɛ na ɔde kɔma wɔn a wokura “yɛn Awurade Yesu Kristo . . . gyidi” no.—Yakobo 1:1; 2:1; Galatifo 6:16.
Yakobo de mfatoho ahorow a ebetumi aboa yɛn ma yɛakae n’afotu no di dwuma. Sɛ nhwɛso no, ɔkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obi a obisa Onyankopɔn hɔ nyansa no gye kyim, ‘efisɛ nea ogye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ de no redi akɔneaba.” (1:5-8) Ɛsɛ sɛ yɛto yɛn tɛkrɛma nnareka efisɛ ebetumi akyerɛ yɛn kwan te sɛ nea kudɔɔ kyerɛ hyɛn kwan no. (3:1, 4) Sɛ yebetumi agyina sɔhwɛ ahorow ano a, ehia sɛ yɛda boasetɔ adi te sɛ nea okuafo yɛ bere a ɔtwɛn twabere no.—5:7, 8.
Gyidi, Sɔhwɛ, ne Nnwuma
Yakobo di kan kyerɛ sɛ yɛn ani betumi agye sɛ Kristofo wɔ sɔhwɛ ahorow a yehyia nyinaa akyi. (1:1-18) Adesamma nyinaa hyia sɔhwɛ ahorow yi mu binom, sɛ nyarewa sɛɛ, nanso Kristofo hu amane nso esiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn ne Kristo nkoa nti. Yehowa bɛma yɛn nyansa a yehia no na yɛde agyina ano, sɛ yɛkɔ so bisa a. Ɔmfa nneɛma bɔne nsɔ yɛn nhwɛ, na yebetumi de yɛn ho ato no so ma ɔde nea eye ama yɛn.
Sɛ yebenya mmoa afi Onyankopɔn hɔ a, ɛsɛ sɛ yɛsom no denam nnwuma a ɛda yɛn gyidi adi no so. (1:19-2:26) Eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ “asɛm no yɛfo,” na ɛnyɛ atiefo nko. Ɛsɛ sɛ yɛto yɛn tɛkrɛma nnareka, yɛhwɛ nyisaa ne akunafo, na yeyi yɛn ho fi wiase nkekae mu.
Sɛ yɛpɛ adefo asɛm na yebu ahiafo animtiaa a, yebebu “mmara a edi hene” a ɛne ɔdɔ no so. Ehia sɛ yɛkae nso sɛ nnwuma na wɔde kyerɛ gyidi, sɛnea Abraham ne Rahab nhwɛso no kyerɛkyerɛ mu yiye no. Nokwarem no, “gyidi a nnwuma nni mu awu.”
Ɔsoro Nyansa ne Mpaebɔ
Akyerɛkyerɛfo hia gyidi ne nyansa na wɔde ayɛ wɔn nnwuma. (3:1-18) Sɛ akyerɛkyerɛfo no, wɔwɔ asɛyɛde a emu yɛ duru. Ɛsɛ sɛ yɛto yɛn tɛkrɛma nnareka te sɛ wɔn—biribi a ɔsoro nyansa boa yɛn ma yɛyɛ.
Nyansa ma yehu nso sɛ wiase su horow a yɛbɛma ho kwan no bɛsɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ (4:1-5:12) Sɛ yɛapere adu pɛsɛmenkominya botae horow a, anaasɛ yɛakasa atia yɛn nuanom a, ehia sɛ yɛkyerɛ ahonu. Na hwɛ sɛnea ehia sɛ yɛkwati wiase yi adamfofa efisɛ eyi yɛ honhom mu awaresɛe! Mommma yemmmu yɛn ani nngu Onyankopɔn apɛde so da denam honam fam adedodowpɛ ho nhyehyɛe so, na ɛmmra sɛ yɛbɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ahopere honhom ne apinisi a etia yɛn ho yɛn ho no ho.
Ɛsɛ sɛ obi a ɔyare honhom mu no hwehwɛ mmoa fi asafo no mu mpanyimfo hɔ. (5:13-20) Sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔn mpaebɔ ne wɔn afotu a nyansa wom no bɛboa ma ɔdebɔneyɛfo a wanu ne ho no asan anya honhom mu akwahosan. Nokwarem no, “nea ɔdan ɔdebɔneyɛfo fi ne mfomso kwan so no, obegye [ɔdebɔneyɛfo no] kra afi [honhom ne daa] owu mu.”
[Adaka wɔ kratafa 23]
Asɛm no Yɛfo: Ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ asɛm no yɛfo, na ɛnyɛ atiefo nko.’ (Yakobo 1:22-25) Otiefo nko ‘te sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim suban ahwehwɛ mu.’ Bere a ɔde bere tiaa bi ahwɛ awie no, ɔkɔ “na ntɛm ara na ne werɛ afi su ko a okurae.” Nanso “asɛm no yɛfo” de boasetɔ hwɛ Onyankopɔn mmara a ɛyɛ pɛ anaasɛ edi mu a ɛfa biribiara a wɔhwehwɛ afi Kristoni hɔ ho no. ‘Ɔtra mu,’ na ɔkɔ so hwɛ mmara no mu a adwene a ɔde yɛ saa ne sɛ ɔbɛyɛ nsiesiei na ama wadi so yie. (Dwom 119:16) Ɔkwan bɛn so na “adwuma no yɛfo” nte sɛ obi a ɔhwɛ ahwehwɛ mu na ne werɛ fi nea ɛda no adi kyerɛ no no? Adwuma no yɛfo de Yehowa asɛm di dwuma na onya N’anim dom!—Dwom 19:7-11.