Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 9/15 kr. 3-5
  • Nea Ɛsɛ sɛ Wuhu Fa Ninkuntwe Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛsɛ sɛ Wuhu Fa Ninkuntwe Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Nea Ɛma Obi Twe Ninkunu’
  • Wiase a Ninkuntwe Bɔne Nnim
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Me Ninkuntwe Nkate No So?
    Nyan!—1985
  • Ɔdɔ di Ninkuntwe a Ɛmfata So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Ninkunu a Wɔtwe ma Yehowa Nokware Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Ahoɔyaw Nti, Na Yosef Nuanom Tan No
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 9/15 kr. 3-5

Nea Ɛsɛ sɛ Wuhu Fa Ninkuntwe Ho

DƐN ne ninkuntwe? Ɛyɛ nkate a ano yɛ den a ebetumi ama obi anya dadwen, wadi awerɛhow, anaa ne bo afuw. Yebetumi atwe ninkunu bere a ɛte sɛ nea obi di nkonim wɔ adwuma bi mu sen yɛn no. Anaasɛ yebetumi atwe ninkunu bere a wɔkamfo yɛn yɔnko bi sen yɛn no. Nanso bere nyinaa na ɛyɛ bɔne sɛ wobɛtwe ninkunu?

Nnipa a ninkuntwe di wɔn so no tu wɔn ani sa wɔn a wɔtwe wɔn ho ninkunu ankasa no. Tete Israel Hene Saul yɛɛ eyi ho nhwɛso. Mfiase no, ɔdɔɔ n’akodekurafo, Dawid, na ɔbɔɔ n’aba so mpo sii no akofofo no so panyin. (1 Samuel 16:21; 18:5) Afei, da bi, Ɔhene Saul tee sɛ mmea no de nsɛm yi reyi Dawid ayɛ sɛ: “Saul akum n’apem, na Dawid akum ne pedu.” (1 Samuel 18:7) Anka ɛnsɛ sɛ Saul ma kwan ma eyi ka ɔne Dawid ntam abusuabɔ pa no. Nanso, ne bo fuwii. “Na efi da no ara de rekɔ no, Saul tuu n’ani saa Dawid.”—1 Samuel 18:9.

Ebia oninkufo rempɛ sɛ obepira obi foforo. Obetumi anya ne yɔnko nkɔso ho menasepɔw, na wahwehwɛ sɛ obenya su anaa tebea horow a ɛte saa ara. Wɔ ɔkwan foforo so no, anibere yɛ ninkuntwe bɔne ankasa. Oniberefo betumi de biribi pa asie nea n’ani bere no no, anaa ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔhaw bi ba saa nipa no so. Ɛtɔ mmere bi a, oniberefo ntumi nkora ne nkate so. Ebetumi aka no ma wahaw obi pefee, te sɛ nea Ɔhene Saul bɔɔ mmɔden sɛ obekum Dawid no. Mpɛn pii na Saul bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtow peaw ‘abɔ Dawid afam ɔfasu ho.’—1 Samuel 18:11; 19:10.

Ebia wobɛka sɛ ‘menyɛ ninkufo.’ Nokwarem no, ebia ninkuntwe nni w’asetra so. Nanso, ninkuntwe haw yɛn nyinaa wɔ kwan bi so—ninkuntwe ho nkate a yɛn ankasa yɛwɔ ne afoforo de. Ɛwom sɛ yetumi hu afoforo ninkuntwe ntɛm de, nanso ebia yɛrenhu yɛn de ntɛm.

‘Nea Ɛma Obi Twe Ninkunu’

Onipa su a ɛnyɛ pɛ ho kyerɛwtohɔ a wɔada no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu no taa ka bɔne a anibere de ba ho asɛm. Wokae Kain ne Habel ho kyerɛwtohɔ no? Adam ne Hawa mmabarima baanu yi nyinaa bɔɔ afɔre maa Onyankopɔn. Habel yɛɛ saa efisɛ na ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidi. (Hebrifo 11:4) Ná ɔwɔ gyidi wɔ tumi a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔbɛma N’atirimpɔw a ɛfa asase ho anya mmamu no mu. (Genesis 1:28; 3:15; Hebrifo 11:1) Habel gye dii nso sɛ Onyankopɔn de asetra wɔ Paradise asase a ɛreba no mu betua nnipa anokwafo ka. (Hebrifo 11:6) Enti, Onyankopɔn kyerɛɛ Habel afɔrebɔ no ho anigye. Sɛ na Kain dɔ ne nua no nokwarem a, anka n’ani begye sɛ Onyankopɔn hyiraa Habel. Nanso, Kain “bo fuwii pii.”—Genesis 4:5.

Onyankopɔn hyɛɛ Kain nkuran sɛ ɔnyɛ papa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nso betumi anya nhyira. Afei Onyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ sɛ: “Sɛ woanyɛ yiye a, bɔne butuw ɔpon ano, na w’akyi kwan na ɛhwehwɛ, nanso di no so.” (Genesis 4:7) Nea ɛyɛ awerɛhow no, Kain anni ne ninkuntwe abufuw no so. Ɛma okum ne nua a ɔteɛ no. (1 Yohane 3:12) Efi saa bere no, ntɔkwaw ne akodi akunkum nnipa ɔpepehaha pii. The World Book Encyclopedia kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nneɛma titiriw a ɛma ɔko ba no bi ne nsase pii, ahonyade pii, ne tumi pii a wɔpɛ, anaa ahobammɔ a wɔpɛ.”

Nokware Kristofo mfa wɔn ho nhyɛ wiase yi akodi mu. (Yohane 17:16) Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛtɔ mmere bi a, Kristofo binom ne wɔn ho di anobaabae. Sɛ asafo no mufo afoforo gyina ɔfã bi akyi a, saa ntɔkwaw yi betumi akowie anobaabae akodi a epira mu. Bible kyerɛwfo Yakobo bisaa ne mfɛfo gyidifo sɛ: “Ɛhe na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi?” (Yakobo 4:1) Obuaa saa asemmisa no denam wɔn honam fam ade dodowpɛ mu adifudepɛ a ɔdaa no adi so, na ɔde kaa ho sɛ “Mo ani bere,” anaa motwe “ninkunu.” (Yakobo 4:2, NW, ase hɔ asɛm) Yiw, honam fam ade dodowpɛ betumi ama obi ani abere na watwe wɔn a ɛte sɛ nea wɔn tebea ye no ho ninkunu. Eyi nti, Yakobo bɔɔ ‘ninkunu a obi twe’ ho kɔkɔ.—Yakobo 4:5.

Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ yɛbɛhwehwɛ nea ɛde ninkuntwe ba no mu? Wiɛ, eyi betumi aboa yɛn ma yɛadi nokware na yɛne afoforo anya abusuabɔ pa. Ebetumi aboa yɛn nso ma yɛanya ntease, yɛanya nneɛma ho koma, na yɛde afiri pii. Nea ɛsen biara no, esi sɛnea nnipa hia Onyankopɔn nkwagye ho nsiesiei a ɔdɔ wom ne gye a wobegye yɛn afi bɔne su horow nkɛntɛnso mu so dua.—Romafo 7:24, 25.

Wiase a Ninkuntwe Bɔne Nnim

Wɔ onipa nsusuwii mu no, yɛrentumi nnya wiase a ninkuntwe bɔne nnim. Nhoma kyerɛwfo Rom Landau gye toom sɛ: “Nyansa a wɔde mfe bebree aboaboa ano ne nea nyansapɛfo nyinaa . . . ne adwene ne nneyɛe ho animdefo aka wɔ asɛm no ho, nyinaa mfaa akwankyerɛ biara mmaa onipa a ninkuntwe teetee no no. . . . Oduruyɛfo bi asa ninkuntwefo bi yare pɛn?”

Nanso Onyankopɔn Asɛm de asetra a ɛyɛ pɛ a onipa benya wɔ wiase foforo bi a ninkuntwe anaa anibere bɔne renhaw obiara bio mu ho anidaso ma. Afei nso, nnipa a wɔda su bɔne a ɛtete saa adi no renhaw saa wiase foforo no asomdwoe.—Galatifo 5:19-21; 2 Petro 3:13.

Nanso, ɛnyɛ ninkuntwe nyinaa na ɛnteɛ. Nokwarem no, Bible no ka sɛ, Yehowa “yɛ Onyankopɔn ninkunfo.” (Exodus 34:14) Dɛn na ɛno kyerɛ? Na dɛn na Bible no ka fa ninkuntwe papa no ho? Bere koro no ara no, obi bɛyɛ dɛn adi ninkuntwe bɔne no so? Hwɛ asɛm a edi hɔ no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena