Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 10/1 kr. 26-31
  • Munnyina Ɔbonsam Nnɛɛdɛe Ahorow Ano Pintinn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munnyina Ɔbonsam Nnɛɛdɛe Ahorow Ano Pintinn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onii Ko a Satan Yɛ Ankasa
  • Satan Anitew ne Anifere Nneyɛe
  • Ɔkwan Bɛn So na Yebetumi Ako Atia Satan na Yɛakɔ So Adi Onyankopɔn Nokware?
  • Monwɛn—Satan Pɛ sɛ Ɔmene Mo!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Monhwɛ yiye wɔ mo tamfo Bonsam ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Ako Atia Adaemone?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Daa Nkwa Tamfo
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 10/1 kr. 26-31

Munnyina Ɔbonsam Nnɛɛdɛe Ahorow Ano Pintinn

“Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe [Hela, “anitew nneyɛe”] adi asi.”​—EFESOFO 6:11.

1. Adanse a ɛkyerɛ sɛ Satan wɔ hɔ bɛn na Yesu sɔhwɛ ahorow no de ma?

SO SATAN wɔ hɔ ankasa? Ebinom gye akyinnye sɛ wɔ Bible no mu no, “Satan” gyina hɔ ma bɔne a ɛwɔ onipa mu no ara kwa. Wɔpow wɔ a ɔwɔ hɔ sɛ abɔde no. Nanso dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn? Mateo ne Luka Asɛmpa no mu kyerɛwtohɔ ahorow no kyerɛ sɛ Satan sɔɔ Yesu hwɛe tẽẽ mprɛnsa na Yesu nam Kyerɛwnsɛm no so pam no wɔ mmere yi mu biara mu. Dɛn nti na Yesu fii Hebri Kyerɛwnsɛm no mu maa no mmuae? Efisɛ Satan baa ne nkyɛn na ɔde saa Kyerɛwnsɛm koro no ara dii dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma Yesu ayɛ bɔne na wadi nkogu sɛ Onyankopɔn Ba ne Aseni a wɔahyɛ no ho bɔ no.​—Mateo 4:1-11; Luka 4:1-13.

2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ nea Yesu yɛɛ hyia a ɔne Satan hyiae no ho mfonini wɔ n’adwenem?

2 Ɛda adi sɛ ɛnyɛ nea Yesu a na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ no yɛɛ nsɛm a esisii yi ho mfonini wɔ n’adwenem. (Hebrifo 4:15; 7:26) Saa onii ko no ara a ɔne tumi a na ɔhyɛ ɔwɔ no akyi wɔ Eden, Yesu kan nua a ɔyɛ ɔbɔfo a watew atua wɔ mfe pii a atwam no mu a na afei ɔpɛ sɛ osiw Genesis 3:15 mmamu kwan no na ɔbaa Yesu nkyɛn. Esiane sɛ na Yesu nim Ɔsɔhwɛfo no anitew nneyɛe no nti, ɔpow no pintinn. Dɛn na Satan yɛe? “Na Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ogyaw no hɔ kɔe ansa.” Ɛda adi sɛ Yesu ankasa antwe ne ho! Esiane sɛ na Satan aba mu abu nti, ogyaw no hɔ kɔe na “abɔfo bae bɛsom [Yesu].”​—Luka 4:13; Mateo 4:11.

3. Ɔkwan bɛn so na abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka hia a wɔ a Satan wɔ hɔ no ho hia ma Kristosom ho asɛm?

3 Ntease wom sɛ abakɔsɛm kyerɛwfo biako ka sɛ: “Sɛ wɔbɛpow wɔ a Ɔbonsam wɔ hɔ ne hia a ne ho hia titiriw wɔ Kristosom mu no ne asomafo no nkyerɛkyerɛ ne sɛnea ɛyɛe a Kristosom nkyerɛkyerɛ bae ho abakɔsɛm bɔ abira. Esiane sɛ Kristosom a wɔkyerɛkyerɛ mu wɔ ɔkwan foforo so a wɔrenka eyi ho asɛm wom no yɛ nea ntease ankasa nnim nti, nyansa nnim sɛ wobegyina Kristosom a wɔmmɔ Ɔbonsam din wom akyi. Sɛ Ɔbonsam nni hɔ a, ɛnde na Kristosom adi mfomso kɛse wɔ asɛntitiriw bi mu fi mfiase.”a Saa asɛm no yɛ asɛnnennen ma obiara a ɔwɔ asase so nnɛ no. So wuhu sɛ ɔtamfo bi a aniwa ntumi nhu no a ɔpɛ sɛ ɔsɛe Onyankopɔn tumidi ne onipa nokwaredi wɔ hɔ?

Onii Ko a Satan Yɛ Ankasa

4. Ɔkwan bɛn so na honhom abɔde a ɔyɛ pɛ bi bɛyɛɛ Satan?

4 Satan yɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi kɛse a mfiase no Onyankopɔn bɔɔ no sɛ ɔbɔfo, honhom mu ɔba a otumi kɔ Yehowa ɔsoro nhyiam ase. (Hiob 1:6) Nanso, Satan de hokwan a ɔwɔ sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ no dii dwuma de sɔre tiaa Onyankopɔn; ɔnam anifere so maa Hawa yɛɛ asoɔden na owu baa no so na ɔnam Hawa so ma Adam nso baa tebea a ɛte saa ara mu. (2 Korintofo 11:3) Enti, ɔbɛyɛɛ Satan a ase kyerɛ sɛ “Ɔtamfo”​—otuatewfo, honhommɔne, owudifo, ne ɔtorofo. (Yohane 8:44) Hwɛ sɛnea Paulo asɛm a ɛne sɛ “Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo,” no fata bere a nokwarem no ɔyɛ ‘wiase yi sum tumfoɔ’ ankasa no! (2 Korintofo 6:14; 11:14; Efesofo 6:12) Ɛdenam abɔfo afoforo a ɔdaadaa wɔn ma wɔtew atua so no, ɔma wofii Onyankopɔn hann mu kɔɔ n’ankasa sum mu. Ɔbɛyɛɛ “ahonhommɔne panyin.” Ɛda adi sɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ sodifo nti, na ɛsɛ sɛ ɔtra ase sɛ honhom abɔde a wɔbɔɔ no.​—Mateo 9:34; 12:24-28; Yohane 16:11.

5. Wɔkyerɛ onii a Satan yɛ no pefee wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu dɛn?

5 Bere a wɔntaa nka Satan ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔka ne ho asɛm kɛse wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu​—araa ma yehu edin Satan no mpɛn 36 ne asɛmfua ɔbonsam no mpɛn 33 wom. (Hwɛ Comprehensive Concordance of the New World Translation of the Holy Scriptures.) Wɔde edin ne abodin afoforo nso kyerɛ onii ko a ɔyɛ. Yohane de eyi abien dii dwuma wɔ Adiyisɛm 12:9: “Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so.”​—Hwɛ Mateo 12:24-27; 2 Korintofo 6:14, 15 nso.

6. Asɛmfua “Ɔbonsam” no ase kyerɛ dɛn?

6 Hela asɛmfua di·aʹbo·los a wɔakyerɛ ase “Ɔbonsam” no pue wɔ Adiyisɛm nhoma no mu wɔ eyi mu. Sɛnea Helani nhomanimfo J. H. Thayer kyerɛ no, asɛmfua no kyerɛ “osekufo, ɔnototofo, otwirifo.” (Fa toto 1 Timoteo 3:11; 2 Timoteo 3:3, Kingdom Interlinear ho.) W. E. Vine ka Ɔbonsam ho asɛm sɛ “ɔyɛ Onyankopɔn ne onipa tamfo kɛse.”b

7. Dɛn nti na Satan betumi de n’adwene asi Yehowa nkurɔfo so?

7 Ɔtamfo kɛse no nte hɔ kwa. (1 Petro 5:8) Ebia ɛno nti abebusɛm bi ka sɛ, “Sɛ wonni biribi yɛ a Ɔbonsam ma wo adwuma yɛ” no. Ɔpɛ sɛ ɔsɛe nokware Kristofo nyinaa. (2 Timoteo 3:12) Na obetumi de n’ani asi Yehowa nkurɔfo so esiane ade biako nti​—wiase a aka no hyɛ ne tumi ase dedaw! (1 Yohane 5:19) Ɛnnɛ wiase no yɛ Satan de. Ɔno ne ne sodifo ne ne nyame, sɛ ebia nkurɔfo hu no saa anaasɛ dabi no. (Yohane 12:31; 2 Korintofo 4:4) Esiane eyi nti, ɔde anitew anaa anifere adeyɛ anaasɛ nyansahyɛ biara bedi dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe Yehowa nkurɔfo, sɛ ankorankoro anaasɛ kuw. Momma yɛnhwehwɛ akwan horow a ɔfa so yɛ adwuma no mu binom mu.​—Marko 4:14, 15; Luka 8:12.

Satan Anitew ne Anifere Nneyɛe

8. Dɛn na ebia Satan nim sen yɛn a obetumi de ako atia yɛn?

8 Satan anya bere tenten de asua sɛnea onipa adwene yɛ adwuma, de ahwehwɛ onipa su ne sintɔ ahorow a onya fi awo mu a ɔwɔ no mu. Onim sɛnea obedi yɛn mmerɛwyɛ ne yɛn ho a yebu ma ɛtra so dodo no ho dwuma. Afei, tebea no te dɛn sɛ wo tamfo nim wo mmerɛwyɛ na w’ankasa woantumi anhu a? Ɛnde na wusiesiee wo ho yiye sɛ wobɛbɔ wo ho ban, efisɛ wonnim sɛ ntokuru wowɔ wo honhom mu akode ho. (1 Korintofo 10:12; Hebrifo 12:12, 13) Hwɛ sɛnea Scotlandni anwensɛm kyerɛwfo bi nsɛm yi fata: ‘Oo, so tumi bi bɛma yɛn akyɛde a ɛbɛma yɛahu yɛn ho te sɛ nea afoforo hu yɛn no! Anka ɛbɛma yɛade yɛn ho afi mfomso pii ho.’

9. Sɛ yɛantumi ampɛɛpɛɛ yɛn ho mu na yɛansakra a, ade a ɛyɛ awerɛhow bɛn na ebetumi afi mu aba?

9 So yɛwɔ ɔpɛ sɛ yebehu yɛn ho sɛnea afoforo hu yɛn​—ne titiriw no, sɛnea ebia Onyankopɔn anaasɛ Satan behu yɛn no? Ɛno hwehwɛ sɛ obi de nokwaredi hwehwɛ ne ho mu na onya ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nsakrae. Ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ obi bɛdaadaa n’ankasa ho. (Yakobo 1:23, 24) Hwɛ sɛnea ɛtɔ bere bi a yenya adwene sɛ ɔkwan bi a yɛnam so no teɛ! (Fa toto 1 Samuel 15:13-15, 20, 21, 24 ho.) Na hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛka sɛ, “Wiɛ, wunim sɛ obiara nyɛ pɛ!” Ɛno ara na Satan nim, na ɔde yɛn pɛ a yɛnyɛ no di dwuma. (2 Samuel 11:2-27) Hwɛ awerɛhow ara a ɛyɛ sɛ obi bedu ne mfinimfini mfe mu na wahu sɛ esiane sɛ ɔne afoforo dii wɔ atirimɔden anaasɛ ɔkwammɔne so wɔ mfe pii a atwam no mu nti, wabɛyɛ obi a onni adamfo; anaasɛ obehu sɛ biribi kakraa bi na wayɛ anaasɛ ɔnyɛɛ hwee a ɛbɛma afoforo anya anigye. Ebia Satan de yɛn afa anitew kwan so wɔ asetra mu na ɔde pɛsɛmenkominya su a yɛwɔ no adi dwuma de afura yɛn ani. Yɛantumi annya Kristo nokware adwene no mu su atitiriw no​—ɔdɔ, ayamhyehye, ne ayamye.​—1 Yohane 4:8, 11, 20.

10. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho, na dɛn ntia?

10 Enti, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛko atia Satan no, ɛsɛ sɛ yɛpɛɛpɛɛ yɛn ho mu hwɛ. So wowɔ mmerɛwyɛ bi a Satan betumi de adi dwuma anaasɛ ɔde redi dwuma mprempren? So woyɛ ɔhopɛfo? So ɛsɛ sɛ wudi kan wɔ biribiara mu bere nyinaa? So ahomaso yɛ tumi a ɛkanyan wo a ahintaw? So ninkutwe, ahoɔyaw, anaasɛ sika ho dɔ sɛe wo nipasu? So wo bo fuw ntɛmntɛm? So wontew wo anim na wummu ade? Anaa, so wo bo fuw ntɛm bere a wɔde nyansahyɛ ahorow rema wo anaasɛ wɔkasa tia wo no? So wompɛ anaasɛ wopow afotu mpo? Sɛ yenim sɛnea yɛte na yɛbrɛ yɛn ho ase a, yebetumi adi ɔhaw ahorow a ɛte saa no ho dwuma. Anyɛ saa a, ɛnde na yɛde yɛn ho rema Satan.​—1 Timoteo 3:6, 7; Hebrifo 12:7, 11; 1 Petro 5:6-8.

11. Anitew kwan bɛn so na Satan betumi afa de abɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe yɛn honhom mu su ahorow?

11 Satan betumi asɛe yɛn honhom mu su ahorow nso wɔ anitew kwan so a yɛrenhu. Ebia sɛnea wɔyɛ nneɛma wɔ asafo no anaasɛ ahyehyɛde no mu no haw yɛn. Mpɛn pii no ɛnyɛ nea yɛn nsa ka nokwasɛm ahorow no nyinaa nanso yesi gyinae ntɛm ara. Sɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ yɛ mmerɛw a, ɛnde ɛno ne ɔkwantiaa a yɛbɛfa so anya adwene a ɛnteɛ na yɛn adwenem ayɛ yɛn naa wɔ nokware no ho. Ebinom betumi ahwehwɛ ɔkwan a wɔn ankasa kyerɛ sɛ ɛteɛ na ama wɔade wɔn ho afi asɛyɛde ahorow a nokware no de to yɛn so no ho. Afei Satan de nokware a ɛnsɛ sɛ wodi ne pa a wɔbɛpɛ asafo no hyɛ wɔn komam. Wɔ bere tiaa bi mu no, wɔbɛyɛ awaefo na Satan ani gye.​—Luka 22:3-6; Yohane 13:2, 27; 2 Yohane 9-11.

12. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan ahyɛ ebinom den? (b) Ɔkwan bɛn so na Satan sum nnipa pii afiri ma wobu ɔbra bɔne?

12 Ɛnyɛ sɛ Satan hyɛ afoforo den ma wɔyɛ bɔne a emu yɛ den a ɛfata sɛ wotu wɔn nko, na mmom nso ɔma wodi atoro na wɔfa nnaadaa kwan so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ mmɔden adaadaa asafo no mu mpanyimfo. Te sɛ Anania ne Safira no, wosusuw sɛ wobetumi adaadaa abɔfo no ne Onyankopɔn honhom kronkron. (Asomafo no Nnwuma 5:1-10) Wɔ nnansa yi mfe no mu no, nnipa mpempem pii atɔ Satan ɔbrasɛe afiri no mu. Ɔbonsam nim sɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho nkate a adesamma wɔ no ano yɛ den, na ɔnam ne wiase nhyehyɛe no so si afã a ɔbarima ne ɔbea nna wɔ no so dua, na ɔsɛe no. (Numeri 25:1-3) Wobetumi asɔ Kristofo a wɔnwaree no ahwɛ ma wɔabɔ aguaman anaasɛ wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe ahorow a ɛmfata mu. (Mmebusɛm 7:6-23) Sɛ Kristofo a wɔaware ma kwan ma wɔn adwene ne wɔn koma kyinkyin a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wobetumi abu ɔbra a ɛnkyerɛ nokwaredi na wɔapa wɔn ahokafo a wɔkaa ntam sɛ wobedi wɔn nokware no.​—1 Korintofo 6:18; 7:1-5; Hebrifo 13:4.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na television betumi anya yɛn nsusuwii so tumi? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ako atia nkɛntɛnso a ɛte saa no?

13 Yɛte wiase a atoro, nnaadaa, basabasayɛ ne abufuw abu so wom mu. Satan de nsɛm ho amanneɛbɔ di dwuma kɛse de da n’adwene a asɛe yi adi. Television so dwumadi ahorow da nnipa a wɔn ho yɛ fɛ a wɔde biakoyɛ daadaa afoforo no adi. Sɛ yɛma saa nsusuwii no nya yɛn so tumi a, yebetumi afi ase ayɛ bɔne “nketenkete” a ɛbɛma yɛayɛ bɔne “akɛse.” Satan anitew nyansahyɛ ahorow no tumi bɛyɛ yɛn nsusuwii fã ntɛm ara. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ako atia nkɛntɛnso ahorow a ɛte sɛɛ yi. Sɛnea Paulo de afotu mae no: “Mommma ɔbonsam kwan” da. Ɛno kyerɛ sɛ wo na ɛsɛ sɛ wokyerɛ nea ɛsɛ sɛ ɔfa television so ba wo fi. So ɛnsɛ sɛ yekyi basabasayɛ, ɔbrasɛe ne nnipa a wɔka kasa fi a wɔde fi ba yɛn asa so no?​—Efesofo 4:23-32.

Ɔkwan Bɛn So na Yebetumi Ako Atia Satan na Yɛakɔ So Adi Onyankopɔn Nokware?

14. Tirimbɔ abien bɛn na ɛho hia na ama yɛatumi ako atia Satan na eyi hwehwɛ dɛn?

14 Bere a ɔtamfo a ɔkorɔn sen onipa a ɔwɔ tumi kɛse a ɛte saa no reko atia yɛn a yɛyɛ abɔde a wɔyɛ nnipa no, ɔkwan bɛn so na yebetumi akura yɛn mudi mu? Yehu ano aduru wɔ Yakobo nsɛm yi mu: “Momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.” (Yakobo 4:7) Hyɛ no nsow sɛ Yakobo afotu no yɛ ahorow abien. Bere a yɛsɔre tia Ɔbonsam ne n’apɛde no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ Onyankopɔn apɛde ase. Ɛno kyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn apɛde na yekyi Satan de. (Romafo 12:9) Enti Yakobo ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo kra yɛ ntanta!” (Yakobo 4:8) Yiw, bere a yɛreko atia Satan no, ɛnsɛ sɛ yɛde koma fã yɛ ade na yɛn koma yɛ ntanta. Yɛrentumi mfa yɛn mudi mu kura nto asiane mu denam hu a yebehu sɛ yɛabɛn nsɛmmɔnedi ho pɛɛ no so. Ɛsɛ sɛ ‘yekyi bɔne’ korakora.​—Dwom 97:10.

15. Dɛn nti na “Onyankopɔn akode nyinaa” ho hia? Ma nhwɛso.

15 Yehu afotu titiriw bi a ɛfa Satan ho no wɔ Efesofo ti 6. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ako atia Satan “anitew,” “nnɛɛdɛe,” anaasɛ “nhyehyɛe” no? (Efesofo 6:11, Philips, New Testament Version, The Jerusalem Bible) Paulo de afotu ma sɛ: “Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa.” Saa asɛm a ɛne “akode nyinaa” no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ anibiannaso wɔ Kristosom ho te sɛ nea na Roma ɔsraani rentumi nyɛ anibiannaso bere a ɔresiesie ne ho ama ɔko no. Dɛn na ɛbɛto ɔsraani no sɛ ɔhyɛ akode no nyinaa na ogyaw ɔkyɛm no ne dade kyɛw no a? Ebia obetumi asusuw sɛ, ‘Ɛyɛ ɔkyɛm a ɛso kɛse ankasa na dade kyɛw no mu yɛ duru. Emu yɛ duru dodo, minhia ankasa.’ Yɛ tebea no ho mfonini wɔ a’adwenem​—Roma ɔsraani wɔ akode a ɔde bɛko nanso nneɛma atitiriw a ɔde bɛbɔ no ho ban no nka ho.​—Efesofo 6:16, 17.

16. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yedi Yesu nhwɛso no akyi wɔ yɛn “nkrante” a yɛde di dwuma no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ yɛn ho yiye wɔ Satan “bɛmma a ɛredɛw” no ho, na dɛn na ebefi mu aba?

16 Susuw ɔsraani a ne nkrante nkura no no nso ho. “Honhom nkrante” yɛ adepa a Kristoni de bɔ ne ho ban, efisɛ ɔde twitwa nneɛma a Satan de ko tia no no. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn “nkrante” bere nyinaa. Ɛno bɛkyerɛ sɛ yemmu yɛn ani ngu yɛn kokoam ne abusua Bible adesua so. Nanso ne titiriw no, saa “nkrante . . Onyankopɔn Asɛm” yi yɛ yɛn adwinnade a yɛde toa ɔtamfo no. Yesu de nkrante yi dii dwuma wɔ akwan ahorow abien yi nyinaa so. (Mateo 4:6, 7, 10; 22:41-46) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ma anisɔ a yɛwɔ ma nokware no yɛ kɛse. Ɛnyɛ nea yebetumi agyina nea yesuae wɔ asram anaa mfe kakraa bi a edi kan wɔ bere a yɛbaa nokware no mu no so akura yɛn honhom mu su ahorow mu. Sɛ yɛantumi ansan anhyɛ yɛn adwene no den wɔ sɛnea yesusuw nneɛma ho wɔ honhom fam a, yɛn honhom fam adehu ano bɛbrɛ ase. Yɛn nnamyɛ ma Yehowa nokware som no ano bɛbrɛ ase. Yɛbɛyɛ mmerɛw wɔ honhom mu. Yɛrentumi nko ntia yɛn abusuafo, nnamfo, ahokafo, ne awaefo a ebia wobebu yɛn gyidi horow animtiaa no ntua ahorow no. Nanso sɛ yɛkɔ so hyɛ “Onyankopɔn akode nyinaa” a, Onyankopɔn begye yɛn afi Ɔbonsam ne ne “bɛmma a ɛredɛw” no mu.​—Yesaia 35:3, 4.

17, 18. Hena na yɛreko atia no, na ɔkwan bɛn so na yebetumi adi nkonim?

17 Yiw, Paulo sii asiane a ɛwɔ Kristofo ko no mu no so dua bere a ɔkyerɛw eyi no: “Efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom.” (Efesofo 6:12) Ɔkwan bɛn so na yɛn nnipa a yesuasuae na yɛyɛ mmerɛw no bɛko na yɛadi nkonim wɔ ɔko a ɛte saa a yɛn tamfo no wɔ ahoɔden sen yɛn no mu? Paulo san tĩ n’asɛm no mu bio sɛ: “Eyi nti monhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ade nyinaa wie a, moagyina hɔ.” (Efesofo 6:13) Asɛntitiriw a ɛwom ne: “Moyɛ ade nyinaa wie a.” Eyi kyerɛ bio nso sɛ ɛnsɛ sɛ yɛn Kristosom yɛ koma fã de a wonhu sɛnea ɛte.​—1 Yohane 2:15-17.

18 Enti, momma yennyina pintinn wɔ nokware no mu, yɛnnɔ Yehowa trenee, yɛnka asomdwoe asɛmpa no, yennya nkwagye a Yehowa nam Kristo Yesu so de ma no mu gyidi a ɛyɛ den bere a yɛde yɛn ho to Onyankopɔn Asɛm so sɛ yɛn nnyinaso titiriw no. (Efesofo 6:14-17) Kae, Onyankopɔn dwen yɛn ho na ɔbɛboa ma yɛadi sɔhwɛ ahorow ne dadwen a yehyia wɔ Satan nneɛma nhyehyɛe yi mu no so. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa betie kɔkɔbɔ yi: “Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” Yiw, “Momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan.”​—1 Petro 5:6-9.

19. (b) Nsiesiei foforo a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma na ama yɛatumi ako atia Satan? (b) Dɛn na awiei koraa ɛbɛba Satan so?

19 Mommma yɛn werɛ mmfi asɛm a ɛho hia a Paulo de kaa “akode” no ho no. Ɔka sɛ: “Na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa.” (Efesofo 6:18) Yɛn tamfo a aniwa ntumi nhu no no wɔ tumi araa ma yehia “mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa.” Ɛnde hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ nea eye ne nea egu ahorow! Sɛ yebetumi adi nkonim wɔ ɔko no mu na yɛakura yɛn mudi mu a, yɛn ho a yɛde bɛto Yehowa so koraa ho hia. Ɔno nkutoo na obetumi de “tumi a ɛboro so” a ɛbɛma yɛatumi ako atia yɛn Tamfo a ɔyɛ mpi no ama yɛn. Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ ɛrenkyɛ wɔde yɛn Tamfo kɛse no bɛhyɛ bun mu na awiei koraa no wɔasɛe no korakora!​—2 Korintofo 4:7; Adiyisɛm 20:1-3, 10.

[Ase hɔ nsɛm]

a Satan​—The Early Christian Tradition a Jeffrey Burton yɛe, kratafa 25.

b An Expository Dictionary of New Testament Words.

So Wubetumi Abua?

◻ Yɛyɛ dɛn yehu sɛ Satan yɛ onipa ankasa?

◻ Dɛn nti na Satan din ne abodin afoforo no fata?

◻ Yɛn ankasa ho mu mpɛɛpɛɛmu a yɛbɛyɛ bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛako atia Satan anifere ntua ahorow no?

◻ Afotu bɛn na ɛbɛboa ma yɛadi Satan so nkonim, na dɛn ntia?

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Ɔkwan biako a wobɛfa so ako atia Satan nkɛntɛnso ne sɛ wubenya adamfofa su, wobɛboa afoforo na woayi ɔdɔ adi akyerɛ

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye na yɛanyɛ te sɛ Anania ne Safira a wɔmaa Ɔbonsam dii wɔn so no

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Sɛ yebesianka Satan mmɛmma no a, yɛrentumi nnyaw yɛn honhom mu akode no fã biara

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena