Anidaso Hyɛ Yɛn Den, Na Ɔdɔ Kanyan Yɛn
“Gyidi, anidaso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi na ɛtra hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse.” —1 KORINTOFO 13:13.
1. Kɔkɔbɔ bɛn na ɔsomafo Paulo de ma yɛn?
ƆSOMAFO Paulo bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, te sɛ po so hyɛn no, yɛn gyidi betumi agu asu. Ɔka sɛ ‘yennya gyidi ne ahonim pa a ebinom agyaa mu agu gyidi ho asu no.’ (1 Timoteo 1:19) Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, na wɔde dua na ɛyɛ po so hyɛn. Sɛ na ebetumi ayɛ adwuma yiye wɔ po so a, na egyina sɛnea dua no di mu fa ne ahokokwaw a wɔde yɛe no so.
2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn gyidi hyɛn no yiye, na dɛn na eyi hwehwɛ wɔ yɛn hɔ?
2 Ɛsɛ sɛ ade a yebetumi afrɛ no yɛn gyidi hyɛn no gyina adesamma po a ahum tu wɔ so no so. (Yesaia 57:20; Adiyisɛm 17:15) Enti ɛsɛ sɛ yesi no yiye, na eyi gyina yɛn so. Bere a Yudafo ne Romafo wiase “po” no so yɛɛ basabasa maa tete Kristofo no, Yuda kyerɛwee sɛ: ‘Mo, adɔfo, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae honhom kronkron mu mfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu.’ (Yuda 20, 21) Esiane sɛ Yuda kaa “gyidi a wɔde ama ahotefo” ho asɛm nso nti, asɛm “gyidi kronkron no” betumi akyerɛ Kristofo nkyerɛkyerɛ nyinaa, a nkwagye asɛmpa no ka ho. (Yuda 3) Kristo ne saa gyidi no fapem. Sɛ yɛbɛkɔ so akura nokware Kristofo gyidi mu a, ehia ma gyidi a emu yɛ den.
“Sum Ase Kuw” Ahunahuna Ano a Yebegyina
3. Ɔkwan bɛn so na ebinom de “sum ase kuw ahunahuna” no redi dwuma?
3 Nnansa yi, nsɛm a ɛyɛ hu pii na yɛate afa nnipa pii a wodi wɔn ho dɔm, awudifo, ne amumɔyɛfo ntua a sum ase akuw de ba ho. Ntease wom sɛ nnipa pii, a amammui akannifo a wɔwɔ komapa ka ho, asusuw nnipa a wɔn ho nni asɛm, titiriw mmofra, a wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi akuw a wɔn ho yɛ hu saa ho no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ “wi yi ase nyame” no hyɛ saa nsɛmmɔnedi a ɛyɛ hu yi akyi, na ɔnam so akɔfa biribi a ebinom frɛ no sum ase kuw ahunahuna aba, na ɔde redi dwuma atia Yehowa nkurɔfo. (2 Korintofo 4:4; Adiyisɛm 12:12) Ebinom de saa tebea yi adi dwuma ɔkwammɔne so de akɔfa ɔsɔretia aba yɛn adwuma no so. Wɔ aman bi mu no, wɔayɛ ɔsatu a n’atirimpɔw titiriw ne sɛ wɔde bɛbɔ nkurɔfo ho ban afi “sum ase akuw a wɔn ho yɛ hu” ho, nanso wodi mfomso ka sɛ Yehowa Adansefo ka saa akuw yi ho ma enti wɔrebɔ yɛn sobo rekeka yɛn ho nsɛmmɔne. Eyi ama afie-afie adansedi ayɛ den wɔ Europa aman bi mu, na ama ebinom a na wɔne yɛn resua Bible no agyae wɔn adesua. Bio nso, eyi anya yɛn nuanom bi so nkɛntɛnso bɔne.
4. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔsɔretia ma yɛn abam bu?
4 Nanso, sɛ́ anka ɔsɔretia bɛma yɛn abam abu mmom no, ɛsɛ sɛ ɛhyɛ gyidi a yɛwɔ sɛ yɛreda nokware Kristosom adi no mu den. (Mateo 5:11, 12) Wɔbɔɔ tete Kristofo no sobo sɛ kuw a wotutu ɔman ase, na ‘wɔkasa tiaa’ wɔn mmaa nyinaa. (Asomafo no Nnwuma 24:5; 28:22) Nanso ɔsomafo Petro maa ne mfɛfo gyidifo awerɛhyem, na ɔkyerɛwee sɛ: “Adɔfo, mommma amanehunu gya a asɔ wɔ mo mu sɛ wɔde resɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo sɛ ade foforo, te sɛ ade foforo bi na ɛyɛ mo; na mmom, sɛnea moayɛ Kristo amanehunu no fafafo no, momma mo ani nnye, na sɛ woyi n’anuonyam no adi a, mode ahosan ama mo ani agye nso.” (1 Petro 4:12, 13) Saa ara na afeha a edi kan no sodikuw muni bi kyerɛwee sɛ: “Me nuanom sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa, na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ. Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ ne mu, na anka mo biribi.” (Yakobo 1:2-4) Sɛnea ahum a ano yɛ den sɔ gyina a hyɛn bi betumi agyina po so hwɛ no, saa ara na ɔsɔretia ahum bɛda mmerɛwyɛ biara a ɛwɔ yɛn gyidi hyɛn mu no adi.
Ahohia De Boasetɔ Ba
5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ yɛn gyidi yɛ pintinn wɔ amanehunu mu?
5 Kristofo betumi ahu sɛ wɔwɔ boasetɔ ne gyidi a emu yɛ den bere a wɔatumi agyina amanehunu a emu yɛ den ano nkutoo. Yɛn boasetɔ ‘bewie n’adwumayɛ pɛ’ wɔ po so ahum mu bere a ‘yɛayɛ pɛ wɔ biribiara mu, na anka yɛn biribi,’ a gyidi a emu yɛ den ka ho, nkutoo. Paulo kyerɛwee sɛ: “Ade nyinaa mu yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo: boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyere mu, ahometew mu.”—2 Korintofo 6:4.
6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ “yɛn ani gye wɔ ahohia mu,” na ɔkwan bɛn so na eyi hyɛ yɛn anidaso mu den?
6 Ɛsɛ sɛ yebu amanehunu ahum a ano yɛ den a yebetumi ahyia mmere bi no sɛ hokwan a yɛde bɛkyerɛ sɛ yɛn gyidi hyɛn no wɔ ahoɔden na egyina hɔ pintinn. Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Roma no sɛ: “Yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahu ba, na osuahu de anidaso ba; na anidaso nhyɛ aniwu.” (Romafo 5:3-5) Gyina a yebegyina pintinn wɔ sɔhwɛ mu no ma yenya Yehowa anim dom. Eyi nso ma yɛn anidaso mu yɛ den.
Nea Enti a Ebinom Gu Asu
7. (a) Sɛnea Paulo nsɛm no da no adi no, ɔkwan bɛn so na ebinom guu asu wɔ honhom fam? (b) Ɔkwan bɛn so na ebinom awae afi nokware no ho nnɛ?
7 Bere a Paulo rebɔ ‘asugu’ ho kɔkɔ no, na ebinom a ‘wɔagyaa’ ahonim pa mu ma wɔahwere wɔn gyidi ho asɛm na ɛwɔ n’adwenem. (1 Timoteo 1:19) Ná wɔn mu bi ne Himeneo ne Aleksandro a wɔbɛyɛɛ awaefo, wɔtwee wɔn ho fii nokware no ho, na wɔkekaa ho nsɛmmɔne no. (1 Timoteo 1:20, NW ase hɔ asɛm; 2 Timoteo 2:17, 18) Ɛnnɛ, awaefo, a wɔtwe wɔn ho fi nokware no ho de wɔn ano bo “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no, ma enti wɔka nsa a na ɛma wɔn aduan honhom fam no. Ebinom te sɛ “akoa bɔne” no, na wɔka no pefee sɛ, “Me wura rekyɛ.” (Mateo 24:44-49; 2 Timoteo 4:14, 15) Wɔka sɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei nnya mmae, na wɔkasa tia akoa kuw a wɔwɛn honhom fam na wɔma Yehowa nkurɔfo hu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no. (Yesaia 1:3) Awaefo a wɔte saa no tumi ‘dan ebinom gyidi butuw,’ na ɛma wogu asu wɔ honhom fam.—2 Timoteo 2:18.
8. Dɛn na ama ebinom agu asu anaa wɔn gyidi hyɛn no amem?
8 Kristofo foforo a wɔahyira wɔn ho so ama wɔn gyidi hyɛn no agu asu denam wɔn ahonim a wɔagyaa mu na wɔde wɔn ho ahyɛ wiase yi mu anigyede ne nna mu ɔbrasɛe a anohyeto nnim mu so. (2 Petro 2:20-22) Afoforo nso ma wɔn gyidi hyɛn no gu asu efisɛ wɔn fam no, ɛte sɛ nea nneɛma nhyehyɛe foforo no nnya mmae koraa. Esiane sɛ wontumi nhu mmere a nkɔmhyɛ ahorow benya mmamu, na woyi ‘Yehowa da’ no fi wɔn adwenem nti, wogyae nokware som. (2 Petro 3:10-13; 1 Petro 1:9) Ɛnkyɛ, na wɔasan kɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe nsu a atɛkyɛ ayɛ no ma na ɛrehuru kutukutu no mu. (Yesaia 17:12, 13; 57:20) Wɔn a wɔafi Kristofo asafo no mu binom da so gye di sɛ ɛno ne nokware som. Nanso, ɛda adi sɛ wonni boasetɔ a wɔde bɛtwɛn wiase foforo a Yehowa Nyankopɔn ahyɛ ho bɔ no. Paradise amma ntɛm amma wɔn.
9. Dɛn na Kristofo a wɔahyira wɔn ho so binom reyɛ, na dɛn na ɛsɛ sɛ saa nokwasɛm yi ma yesusuw ho?
9 Wɔ wiase afã bi no, ɛte sɛ nea Kristofo a wɔahyira wɔn ho so binom atow baabi a wɔn gyidi hyɛn no bɛkɔ akodu no ano hye. Hyɛn no gu so rekɔ, nanso sɛ́ anka wɔde gyidi a emu yɛ den bɛpere akɔ anim no, wɔagow wɔn mmirika mu koraa. Esiane anidaso a na ebinom wɔ sɛ “ɛnkyɛ na Paradise aba” nti, wɔyɛɛ krado sɛ wɔbɛpere adu ho—wɔyɛɛ nsi wɔ asɛnka adwuma mu, na wɔkɔɔ asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam daa. Afei de, esiane sɛ wosusuw sɛ wɔn anidaso no wɔ akyiri sen sɛnea na wɔhwɛ kwan nti, wɔnyere wɔn ho bio. Eyi da adi wɔ asɛnka adwuma a wɔatew so, asafo nhyiam a wɔnkɔ no daa, ne hyɛ a wɔhyɛ da toto ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam dwumadi ahorow bi mu no mu. Afoforo de bere pii gye wɔn ani, de bi pɛ honam fam nneɛma. Ɛsɛ sɛ saa nokwasɛm ahorow yi ma yesusuw dekode a ɛsɛ sɛ edi akoten wɔ yɛn asetram bere a yehyira yɛn ho so ma Yehowa no ho. So ɛsɛ sɛ nsi a yɛbɛyɛ wɔ ne som mu no gyina ‘Paradise a ɛnkyɛ ɛbɛba’ ho anidaso so?
Anidaso a Wɔde Toto Sɛkyɛ Ho
10, 11. Paulo de yɛn anidaso totoo dɛn ho, na dɛn nti na saa ntotoho yi fata?
10 Paulo daa no adi sɛ Yehowa hyɛɛ nhyira bi a ɛnam Abraham so bɛbam ho bɔ. Afei ɔsomafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Onyankopɔn de ntam gyinaa mu, na yɛafa ade abien [n’asɛm ne ne ntam] a ɛnsakra a Onyankopɔn ntumi nni mu atoro so anya afotu a emu yɛ den, yɛn a yɛaguan abɛdɔ sɛ yebeso anidaso a ɛda yɛn anim no mu. Ɛno na yɛwɔ sɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛntew na etim hɔ.’ (Hebrifo 6:17-19; Genesis 22:16-18) Kristofo a wɔasra wɔn no anidaso ne sɛ wobenya nkwa a owu nnim wɔ soro. Ɛnnɛ Yehowa asomfo pii wɔ anidaso a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wobenya daa nkwa wɔ paradise asase so. (Luka 23:43) Sɛ anidaso a ɛte saa nni hɔ a, obi ntumi nnya gyidi.
11 Sɛkyɛ yɛ adwinnade a ɛwɔ ahoɔden a ɛma ahobammɔ, a ɛho hia a wɔde so po so hyɛn mu ma egyina faako. Po so hyɛn mu dwumayɛni biara nni hɔ a ɔbɛkɔ po so bere a ɔmfaa sɛkyɛ. Esiane sɛ na Paulo ahyia asugu mpɛn pii nti, na ofi suahu mu nim sɛ mpɛn pii no, hyɛn mu adwumayɛfo nkwa gyina wɔn hyɛn no sɛkyɛ so. (Asomafo no Nnwuma 27:29, 39, 40; 2 Korintofo 11:25) Wɔ afeha a edi kan mu no, na po so hyɛn nni engine a ɛbɛma hyɛn mu panyin no adannan hyɛn no sɛnea ɔpɛ. Sɛ akohyɛn a wɔde tabon hare no da nkyɛn a, na mframa ne ade titiriw a ɛde ahyɛn kɔ. Enti sɛ na hyɛn mu panyin bi hyɛn rekɔpem ɔbotan bi a, na nea obetumi ayɛ ara ne sɛ ɔbɛto no sɛkyɛ na ama watumi agyina ahum no ano, a na ɔwɔ ahotoso sɛ sɛkyɛ no bɛma hyɛn no agyina pintinn. Enti Paulo de Kristofo anidaso totoo “ɔkra sɛkyɛ a ɛntew na etim hɔ” ho. (Hebrifo 6:19) Sɛ ɔsɔretia ahum bɔ yɛn anaasɛ yehyia sɔhwɛ foforo a, yɛn anidaso a ɛyɛ nwonwa no te sɛ sɛkyɛ a ɛma yegyina pintinn sɛ akra ateasefo, na amma yɛn gyidi hyɛn no ankɔ adwenem naayɛ bun a ɛyɛ hu mu anaasɛ ankɔpem ɔwae abotan a ɛyɛ hu no.—Hebrifo 2:1; Yuda 8-13.
12. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi Yehowa ho?
12 Paulo bɔɔ Hebrifo Kristofo kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na [wantwe ne ho, NW] amfi Nyankopɔn teasefo ho.” (Hebrifo 3:12) Wɔ Hela nkyerɛwee no mu no, nea ‘twe a obi bɛtwe ne ho’ kyerɛ ankasa ne sɛ “obeyi ne ho afi biribi mu,” kyerɛ sɛ ɔbɛwae. Nanso yebetumi akwati asugu a ɛyɛ hu saa no. Gyidi ne anidaso bɛma yɛabata Yehowa ho wɔ sɔhwɛ ho ahum a emu yɛ den sen biara mpo mu. (Deuteronomium 4:4; 30:19, 20) Yɛn gyidi renyɛ sɛ hyɛn a awaefo nkyerɛkyerɛ ahum bɔ de no di akɔneaba. (Efesofo 4:13, 14) Na bere a anidaso yɛ yɛn sɛkyɛ no, yebetumi agyina asetra mu ahum ano sɛ Yehowa asomfo.
Ɔdɔ ne Honhom Kronkron Kanyan Yɛn
13, 14. (a) Dɛn nti na yɛn anidaso sɛkyɛ no ara nnɔɔso? (b) Tumi bɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛde ɔsom kronn ma Yehowa, na dɛn ntia?
13 Sɛ Kristoni adwene a ɔde resom Yehowa ara ne sɛ ɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so a, ɔrentumi mpere nhyɛn nhyehyɛe foforo no mu. Bere a okura n’anidaso sɛkyɛ mu sɛ ade a ɛmma onhinhim wɔ n’asetram no, ɛsɛ sɛ ɔde ɔdɔ ka n’anidaso ne gyidi ho. Paulo si nokwasɛm yi so dua bere a ɔkyerɛwee eyi no: “Gyidi, anidaso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi na ɛtra hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse.”—1 Korintofo 13:13.
14 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a efi komam titiriw kanyan yɛn ma yɛde ɔsom kronn ma Yehowa, de yɛ ne dɔ a ɛso bi nni a wada no adi akyerɛ yɛn no ho biribi. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nea ɔnnɔ no nhuu Nyankopɔn ɛ, na Onyankopɔn ne dɔ. Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa. Yɛdɔ, efisɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kan.” (1 Yohane 4:8, 9, 19) Esiane anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa nti, ɛnsɛ sɛ nkwagye a yebenya yɛ yɛn botae titiriw, na mmom sɛ yebedi adanse de atew ne din kronkron no ho, na yɛasan ne tumidi a ɛteɛ no ho.
15. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no fa ne tumidi ho?
15 Yehowa pɛ sɛ yɛsom no esiane dɔ a yɛdɔ no nti, na ɛnyɛ Paradise nti. Bible ho nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm Insight on the Scripturesa ka sɛ: “Yehowa anuonyam da adi esiane nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ne tumidi ne n’abɔde a ɛtaa akyi no gyina ɔdɔ so titiriw nti. Wɔn a wɔdɔ ne tumidi esiane ne suban pa ne teɛ a ɛteɛ, na wɔpɛ ne tumidi sen biribi foforo biara no nkutoo na ɔpɛ wɔn asɛm. (1Kor 2:9) Wɔpaw sɛ wɔbɛsom wɔ ne tumidi ase mmom sen sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ade wɔn ho—esiane ɔno, ne dɔ, n’atɛntrenee, ne ne nyansa ho nimdeɛ a wɔwɔ, a wonim sɛ ɛboro wɔn de so koraa no nti. (Dw 84:10, 11)”—Po 2, kratafa 275.
16. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yesu yɛ tumi a ɛkanyan yɛn wɔ asetram?
16 Sɛ́ Kristofo no, yɛn nso yɛdɔ Yesu de kyerɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no ho anisɔ. Paulo kae sɛ: “Kristo dɔ no hyɛ yɛn; efisɛ yebu atɛn sɛ, obiako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu. Na owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antra ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatra ase ama nea owui na ɔsɔre maa wɔn no.” (2 Korintofo 5:14, 15) Kristo ne fapem a wɔasi yɛn honhom fam nkwa, yɛn gyidi, ne yɛn anidaso wɔ so no. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Kristo Yesu no ma yɛn anidaso mu yɛ den, na ɛma yɛn gyidi yɛ pintinn, titiriw wɔ sɔhwɛ mmere a emu yɛ den mu.—1 Korintofo 3:11; Kolosefo 1:23; 2:6, 7.
17. Tumi bɛn na Yehowa de ma yɛn, na ɔkwan bɛn so na wɔda hia a ɛho hia no adi wɔ Asomafo no Nnwuma 1:8 ne Efesofo 3:16?
17 Bere a ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne ne Ba no ne ade titiriw a ɛkanyan yɛn wɔ asetram sɛ Kristofo no, Yehowa ma yɛn biribi foforo a ɛno nso kanyan yɛn, ɛma yɛn tumi, ne ahoɔden a yɛde bɛkɔ yɛn anim wɔ ne som mu. Ɛno ne n’adeyɛ tumi, anaa honhom kronkron no. Nea Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔkyerɛ ase “honhom” no kyerɛ ankasa ne tumi a mframa, te sɛ ahum, de di akɔneaba no. Ná ahum a aniwa nhu na ɛma po so ahyɛn te sɛ nea Paulo foroe no du baabi a ɛrekɔ. Saa ara na sɛ yɛn gyidi hyɛn no bɛma yɛakɔ yɛn anim wɔ Yehowa som mu a, yehia ɔdɔ ne Onyankopɔn adeyɛ tumi a aniwa nhu no mmoa.—Asomafo no Nnwuma 1:8; Efesofo 3:16.
Yɛbɛkɔ Yɛn Anim Akodu Baabi a Yɛrekɔ
18. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina gyidi ho sɔhwɛ a yebehyia daakye ano?
18 Wɔbɛsɔ gyidi ne ɔdɔ a yɛwɔ no ahwɛ yiye ansa na yɛadu nneɛma nhyehyɛe foforo no mu. Nanso Yehowa ama yɛn sɛkyɛ a “ɛntew na etim hɔ”—yɛn anidaso a ɛyɛ anigye no. (Hebrifo 6:19; Romafo 15:4, 13) Sɛ yehyia ɔsɔretia ne sɔhwɛ foforo a, yebetumi agyina mu bere a yɛn anidaso to yɛn sɛkyɛ pintinn no. Sɛ ahum bi tu wie a, momma yɛnhyɛ yɛn anidaso ne yɛn gyidi mu den ansa na foforo afi ase.
19. Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn gyidi hyɛn no akɔ tẽẽ ma yɛadu Onyankopɔn wiase foforo no mu?
19 Ansa na Paulo reka “ɔkra sɛkyɛ” ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Yeyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmiako mmiako yi saa mmɔdenbɔ yi adi [sɛ́ “wɔbɛyɛ hyew,” NW ase hɔ asɛm] kyerɛ wɔ anidaso a akyinnye biara nni mu koraa mu de kodu ase, na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidi ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafo.” (Hebrifo 6:11, 12) Bere a ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ne Ba no kanyan yɛn, na ne honhom kronkron hyɛ yɛn den no, momma yɛn gyidi hyɛn no nkɔ tẽẽ nkosi sɛ yebedu Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.
Ntimu
◻ Ɛdefa yɛn gyidi ho no, kɔkɔbɔ bɛn na Paulo de ma yɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na ebinom agu asu honhom fam, na ɔkwan bɛn so na afoforo regow wɔn nsam?
◻ Su titiriw bɛn na ehia sɛ yɛde ka yɛn gyidi ho?
◻ Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadu Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu?
[Kratafa 16 mfonini]
Ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ yɛn gyidi hyɛn no yiye na ama atumi agyina asetram ahum ano
[Kratafa 17 mfonini]
Yɛn gyidi betumi agu asu
[Kratafa 18 mfonini]
Anidaso yɛ Kristofo asetram sɛkyɛ