Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 11/15 kr. 19-24
  • Gyidi Ma Yenya Boasetɔ Bɔ Mpae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyidi Ma Yenya Boasetɔ Bɔ Mpae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akɔnnɔ Bɔne Sɛe Ade
  • Mommmu Mo Ho Mo Ho Atɛn
  • Kwati Sɛ Wubegye Wo Ho Adi Ahoahoa Wo Ho
  • Adefo Ho Kɔkɔbɔ
  • Gyidi Boa Yɛn Ma Yenya Boasetɔ
  • Gyidi ne Yɛn Mpaebɔ
  • Biribi Ma Yɛn Nyinaa
  • Sua Biribi Fi Yesu Nua Kumaa No Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Sɔhwɛ Nyinaa Akyi No, Kura Wo Gyidi Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Gyidi Ma Yɛyɛ Nnwuma!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Abusuabɔ A Ɛsom Bo Mu Kura
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 11/15 kr. 19-24

Gyidi Ma Yenya Boasetɔ Bɔ Mpae

“Montɔ mo bo ase nkyɛ, monhyɛ mo koma den, efisɛ Awurade mmae no abɛn.”—YAKOBO 5:8, NW.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw Yakobo 5:7, 8 ho?

YESU KRISTO “mmae” a yɛde bere tenten atwɛn no abam seesei. (Mateo 24:3-14) Nea ɛsen bere biara no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ne Kristo mu gyidi nyinaa wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wosusuw osuani Yakobo nsɛm yi ho: “Anuanom, montɔ mo bo ase nkodu da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafo a ɔretwɛn asase aba a ne bo yɛ den no tɔ ne bo ase kyɛ wɔ ho de kosi sɛ enya asusow ne adom. Mo nso, montɔ mo bo ase nkyɛ, monhyɛ mo koma den, efisɛ da a Awurade bɛba no abɛn.”—Yakobo 5:7, 8.

2. Dɛn ne ɔhaw ahorow bi a na wɔn a Yakobo rekyerɛw wɔn no rehyia?

2 Ná ehia sɛ wɔn a Yakobo kyerɛw ne krataa a efi honhom mu kɔmaa wɔn no tɔ wɔn bo ase, di ɔhaw ahorow ho dwuma. Ná wɔn mu pii reyɛ nneɛma a ɛne nea wɔhwehwɛ fi wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi hɔ no bɔ abira. Sɛ nhwɛso no, na ehia sɛ wɔyɛ biribi wɔ akɔnnɔ bi a na ahyɛn ebinom koma mu ho. Ná ehia sɛ wɔma asomdwoe ba saa tete Kristofo no mu bio. Ná wohia afotu nso na wɔatɔ wɔn bo ase, abɔ mpae. Bere a yesusuw nea Yakobo ka kyerɛɛ wɔn no ho no, momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi de ne nsɛm no adi dwuma wɔ yɛn asetra mu.

Akɔnnɔ Bɔne Sɛe Ade

3. Dɛn na na ɛde mpaapaemu aba asafo no mu, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

3 Ná asomdwoe nni ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no ntam, na akɔnnɔ bɔne na ɛde saa tebea yi bae. (Yakobo 4:1-3) Ná atutuw repaapae wɔn mu, na na ebinom fi ɔtan mu rebu wɔn nuanom atɛn. Ná eyi resisi efisɛ na ɔhonam akɔnnɔ ne wɔn nkwaa redi ako. Ɛho hia sɛ yɛn nso yɛbɔ mpae hwehwɛ mmoa de ko tia honam fam akɔnnɔ a ɛma yɛhwehwɛ anuonyam, tumi, ne ahonyade, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenyɛ biribi nsɛe asafo no asomdwoe. (Romafo 7:21-25; 1 Petro 2:11) Ná anibere ahyɛn afeha a edi kan mu Kristofo no bi mu ma akowie nitan mu ma esum aba wɔn tirim. Esiane sɛ na Onyankopɔn renni wɔn akɔnnɔ bɔne ho abisade no ho dwuma nti, wɔkɔɔ so dii apere bɔɔ mmɔden sɛ wobedu wɔn botae horow ho. Sɛ yɛwɔ akɔnnɔ bɔne a ɛte saa a, yebebisa nanso yɛn nsa renka, esiane sɛ yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no mmua mpaebɔ a ɛte saa nti.—Kwadwom 3:44; 3 Yohane 9, 10.

4. Dɛn nti na Yakobo frɛ ebinom “awaresɛefo,” na ɛsɛ sɛ n’asɛm no ka yɛn dɛn?

4 Ná wiase honhom, anibere, ne ahantan wɔ tete Kristofo no bi fam. (Yakobo 4:4-6) Yakobo frɛ ebinom “awaresɛefo” efisɛ na wɔne wiase no afa adamfo, na na wɔnam saayɛ so asɛe aware wɔ honhom fam. (Hesekiel 16:15-19, 25-45) Nokwarem no, yɛmpɛ sɛ wiase honhom da adi wɔ yɛn abrabɔ, yɛn kasa, ne yɛn nneyɛe mu, efisɛ ɛno bɛma yɛayɛ Onyankopɔn atamfo. N’asɛm kyerɛ yɛn sɛ ‘ninkuntwe su’ yɛ suban bɔne anaa “honhom” a enye a ɛwɔ adesamma abɔnefo mu no fã. (Genesis 8:21; Numeri 16:1-3; Dwom 106:16, 17; Ɔsɛnkafo 4:4) Enti sɛ yehu sɛ ehia sɛ yɛko tia anibere, ahantan, anaa su bɔne foforo bi a, momma yɛnhwehwɛ Onyankopɔn honhom kronkron no mmoa. Saa tumi a ɛnam Onyankopɔn dom so ba no wɔ ahoɔden sen ‘ninkuntwe su.’ Na bere a Yehowa kyi ahantanfo no, sɛ yɛko tia nsusuwii bɔne a, ɔbɛdom yɛn.

5. Sɛ yebenya Onyankopɔn anim dom a, ahwehwɛde ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yedu ho?

5 Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Onyankopɔn anim dom? (Yakobo 4:7-10) Sɛ yebenya Yehowa anim dom a, ɛsɛ sɛ yetie no, yegye ne nsiesiei ahorow tom, na yɛde yɛn ho hyɛ biribiara a ɛyɛ ne pɛ ase. (Romafo 8:28) Ɛsɛ sɛ ‘yesiw’ Ɔbonsam “kwan” anaa ‘yɛko tia no.’ Sɛ yegyina pintinn sɛ Yehowa amansan tumidi no akyitaafo a, ‘obeguan afi yɛn ho.’ Yɛwɔ Yesu, a osiw wiase no adwumayɛfo abɔnefo no kwan no mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara ntumi nsɛe yɛn daa. Na mma wo werɛ mmfi eyi da: Ɛdenam mpaebɔ, osetie, ne gyidi so no, yɛbɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛn yɛn.—2 Beresosɛm 15:2.

6. Dɛn nti na na Yakobo frɛ Kristofo binom “nnebɔneyɛfo”?

6 Dɛn nti na Yakobo de asɛmfua “nnebɔneyɛfo” di dwuma ma ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi no? Efisɛ na wotu “sa,” na na nitan wɔ wɔn tirim—su a ɛmfata Kristofo. (Tito 3:3) Ná ehia sɛ wɔhohoro wɔn “nsa” a nnebɔne ayɛ no mã no ho. Ná ehia sɛ wɔtew wɔn “koma” a nneyɛe nyinaa fi mu no nso mu. (Mateo 15:18, 19) Na wɔn a ‘wɔn koma yɛ ntanta’ no ne Onyankopɔn ne wiase no nyinaa afa adamfo. Bere a wɔn nhwɛso bɔne no yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn no, momma yɛnkɔ so nwɛn sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma a ɛtete saa no rensɛe yɛn gyidi.—Romafo 7:18-20.

7. Dɛn nti na Yakobo ka kyerɛ ebinom sɛ ‘wonni awerɛhow na wonsu’?

7 Yakobo ka kyerɛ n’akenkanfo sɛ ‘wonni nkɔmmɔ, wɔn werɛ nhow, na wonsu.’ Ná awerɛhow a wobedi no nokwarem no bɛkyerɛ sɛ wɔanu wɔn ho. (2 Korintofo 7:10, 11) Ɛnnɛ, wɔn a wɔka sɛ wɔwɔ gyidi no binom ne wiase refa adamfo. Sɛ yɛn mu bi nam saa kwan no so a, so ɛnsɛ sɛ yedi yɛn honhom fam mmerɛwyɛ tebea no ho awerɛhow, na yɛyɛ ade ntɛm siesie nsɛm? Nsiesiei a ɛho hia a yɛbɛyɛ, na yɛanya Onyankopɔn fafiri no bɛma yɛate anigye nka esiane ahonim pa ne daa nkwa ho akwanhwɛ a ɛyɛ anigye a yenya nti.—Dwom 51:10-17; 1 Yohane 2:15-17.

Mommmu Mo Ho Mo Ho Atɛn

8, 9. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia afoforo anaa yebu wɔn atɛn?

8 Ɛyɛ bɔne sɛ yɛbɛkasa atia yɛn yɔnko gyidini bi. (Yakobo 4:11, 12) Nanso ebinom keka mfɛfo Kristofo ho nsɛmmɔne, ebia esiane sɛ wobu wɔn ho atreneefo anaasɛ esiane sɛ wɔpɛ sɛ wobu afoforo animtiaa de ma wɔn ho so nti. (Dwom 50:20; Mmebusɛm 3:29) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “nseku” no kura adwene a ɛne nitan, na ɛkyerɛ sɛ yɛbɛhanhan yɛn ani aka obi ho asɛm anaasɛ yɛbɛka asɛm a ennim ato ne so. Eyi kyerɛ sɛ yɛrebu yɛn nua bi fɔ. Ɔkwan bɛn so na eyi kyerɛ sɛ ‘yɛredi Onyankopɔn mmara ho nseku na yɛrebu no atɛn’? Wiɛ, kyerɛwfo ne Farisifo no ‘fii wɔn pɛ mu de Onyankopɔn mmara too nkyɛn,’ de wɔn ankasa gyinapɛn ahorow buu atɛn. (Marko 7:1-13) Ɔkwan koro no ara so no, sɛ yebu onua bi fɔ bere a Yehowa mmu no fɔ a, so ɛnyɛ ‘Onyankopɔn mmara na yɛrebu no atɛn,’ na yɛkyerɛ ɔkwammɔne so sɛ ɛmfata? Na sɛ yɛkasa tia yɛn nua wɔ ɔkwan a ɛmfata so a, yɛrentumi nni mmara a ɛne ɔdɔ no so.—Romafo 13:8-10.

9 Momma yɛnkae sɛ: “Obiako ne mmarahyɛfo ne temmufo”—Yehowa. Ne “mmara yɛ pɛ,” ɛntɔ kyima. (Dwom 19:7; Yesaia 33:22) Onyankopɔn nkutoo na ɔwɔ hokwan sɛ ɔde nkwagye ho gyinapɛn ne ahyɛde ahorow sisi hɔ. (Luka 12:5) Enti Yakobo bisa sɛ: “Ɛhena ne wo a wubu obi atɛn?” Ɛnyɛ yɛn de ne sɛ yebebu afoforo atɛn abu wɔn fɔ. (Mateo 7:1-5; Romafo 14:4, 10) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tumidi ne n’atɛntrenee ne yɛn ankasa bɔne a yesusuw ho no boa yɛn ma yɛkwati sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho atreneefo abu afoforo atɛn.

Kwati Sɛ Wubegye Wo Ho Adi Ahoahoa Wo Ho

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw Yehowa ho wɔ yɛn da biara da asetra mu?

10 Ɛsɛ sɛ yesusuw Yehowa ne ne mmara ho bere nyinaa. (Yakobo 4:13-17) Esiane sɛ wɔn a wɔwɔ wɔn ankasa mu ahotoso no bu wɔn ani gu Onyankopɔn so nti, wɔka sɛ: ‘Ɛnnɛ anaa ɔkyena yɛbɛkɔ kurow bi mu akodi afe wɔ hɔ, na yɛatɔ atɔn, na yɛanya mfaso.’ Sɛ ‘yɛhyehyɛ ademude ma yɛn ho, na yɛnyɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam’ a, yebetumi awu ɔkyena, a yɛrennya hokwan biara nsom Yehowa. (Luka 12:16-21) Sɛnea Yakobo ka no, yɛte sɛ huruhurow a “eyi ne ho kakra, na afei ɛyera.” (1 Beresosɛm 29:15) Yehowa mu gyidi a yebenya nkutoo na ɛbɛma yɛanya daa anigye ne daa nkwa ho anidaso.

11. Sɛ́ yɛbɛka sɛ, ‘Sɛ Yehowa pɛ a,’ no kyerɛ dɛn?

11 Sɛ́ anka yɛbɛhoahoa yɛn ho abu yɛn ani agu Nyankopɔn so mmom no, ɛsɛ sɛ yɛpaw saa gyinabea yi: “Sɛ [Yehowa, NW] pɛ na yenya nkwa a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi.” Ka a yɛbɛka sɛ, “Sɛ [Yehowa, NW] pɛ” a, no kyerɛ sɛ yɛrebɔ mmɔden ayɛ ade ma ɛne n’apɛde ahyia. Ɛho behia sɛ yɛyɛ adwuma de hwɛ yɛn abusua, yetu kwan wɔ Ahenni adwuma no mu, ne nea ɛkeka ho. Nanso mommma yɛnnhoahoa yɛn ho. “Saa ahohoahoa yi nyinaa yɛ bɔne” efisɛ ɛnkyerɛ yɛn ho a yɛde to Onyankopɔn so.—Dwom 37:5; Mmebusɛm 21:4; Yeremia 9:23, 24.

12. Nsɛm a ɛwɔ Yakobo 4:17 no kyerɛ dɛn?

12 Ɛda adi sɛ bere a Yakobo de n’asɛm a ɛfa obi ho mu ahotoso a n’ankasa benya ne ahohoahoa ho reba awiei no, ɔka sɛ: “Nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.” Ɛsɛ sɛ Kristoni biara fi ahobrɛase mu gye tom sɛ ɔdan Nyankopɔn. Sɛ wanyɛ saa a, “ɛyɛ bɔne ma no.” Nokwarem no, sɛ yɛanyɛ biribiara a Onyankopɔn mu gyidi a yebenya hwehwɛ fi yɛn hɔ a, nnyinasosɛm koro no ara na ɛyɛ adwuma.—Luka 12:47, 48.

Adefo Ho Kɔkɔbɔ

13. Dɛn na Yakobo ka fa wɔn a wɔde wɔn ahonyade di dwuma ɔkwammɔne so no ho?

13 Esiane sɛ na tete Kristofo no bi abɛyɛ ade dodowpɛfo anaasɛ na wɔkyerɛ adefo ho anigye nti, Yakobo ka aniberesɛm bi fa adefo bi ho. (Yakobo 5:1-6) Ná wiasefo a wɔde wɔn ahonyade di dwuma ɔkwammɔne so no ‘besu na wɔabɔ wɔn afonom wɔn amanehunu a ɛreba wɔn so nti’ bere a Onyankopɔn tua wɔn ka sɛnea wɔn nnwuma te no. Saa bere no, na ahonyade titiriw a nnipa pii wɔ no yɛ nneɛma te sɛ ntade, awi, ne nsa. (Yoel 2:19; Mateo 11:8) Eyinom mu bi betumi aporɔw anaasɛ ‘nwewee bɛwe,’ nanso ɛnyɛ sɛe a ahonyade tumi sɛe nti na na Yakobo resi so dua sɛ ɛnsom bo. Ɛwom sɛ sika ne dwetɛ nwe nkannare de, nanso sɛ yɛkora so a, mfaso remma so te sɛ nneɛma a awe nkannare. “Nkannare” no kyerɛ sɛ wɔamfa honam fam ahonyade anni dwuma ɔkwampa so. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kae sɛ ‘biribi te sɛ ogya’ na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn honam fam ahonyade so no ‘ahyehyɛ wɔ nna a edi akyiri mu’ bere a Onyankopɔn abufuw ba wɔn so no. Esiane sɛ yɛte “awiei bere no” mu nti, saa nsɛm no kyerɛ biribi titiriw ma yɛn.—Daniel 12:4; Romafo 2:5.

14. Adefo taa yɛ wɔn ade dɛn, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

14 Adefo taa sisi wɔn apaafo a wɔn akatua a wɔde kame wɔn no “teɛm” hwehwɛ awerɛdi no. (Fa toto Genesis 4:9, 10 ho.) Wiase adefo ‘de asetra fɛfɛ atra ase.’ Esiane anigyede a wɔde wɔn ho hyem tra so nti, wonya komaden a entie asɛm, na wɔbɛkɔ so ayɛ saa wɔ wɔn kum “da” no mpo. Wobu ‘nea ɔteɛ no fɔ kum no.’ Yakobo bisa sɛ: ‘So adefo nsiw mo kwan?’ Nanso nkyerɛase foforo de ba sɛ, “ɔtreneeni; onsiw wo kwan.” Sɛnea ɛte biara no, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ adefo anim. Ɛsɛ sɛ yɛde honhom fam nneɛma di kan wɔ asetra mu.—Mateo 6:25-33.

Gyidi Boa Yɛn Ma Yenya Boasetɔ

15, 16. Dɛn nti na ɛho hia ankasa sɛ yenya boasetɔ?

15 Bere a Yakobo aka wiase mu adefo a wɔhyɛ nkurɔfo so ho asɛm awie no, ɔkɔ so hyɛ Kristofo a wɔhyɛ wɔn so no nkuran sɛ wonnya boasetɔ. (Yakobo 5:7, 8) Sɛ na gyidifo de boasetɔ gyina wɔn amanehunu mu a, na wobetua wɔn nokwaredi so ka bere a Kristo aba rebebu wɔn nhyɛsofo atɛn no. (Mateo 24:37-41) Ná ehia sɛ saa tete Kristofo no yɛ te sɛ okuafo a ɔde boasetɔ twɛn otwabere mu sutɔ a edi kan, bere a obetumi adua ade, ne sutɔ a edi akyiri wɔ fefɛw bere mu a ɛma wotwa nnɔbae no. (Yoel 2:23) Ehia sɛ yɛn nso yenya boasetɔ na yɛyɛ yɛn koma pintinn, titiriw bere a “Awurade” Yesu Kristo “mmae” no abɛn no!

16 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya boasetɔ? (Yakobo 5:9-12) Boasetɔ boa yɛn ma yensi apini anaa yengu ahome bere a mfɛfo gyidifo hyɛ yɛn abufuw no. Sɛ yɛde adwemmɔne ‘gu ahome tia yɛn ho’ a, Otemmufo Yesu Kristo bebu yɛn fɔ. (Yohane 5:22) Seesei a ne “mmae” no afi ase, na ‘ogyina ɔpon no ano’ no, momma asomdwoe mmra yɛn mu denam yɛn nuanom a wohyia gyidi ho sɔhwɛ pii a yebenya wɔn ho abotare no so. Sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn tuaa Hiob ka esiane sɛ ɔde boasetɔ gyinaa ne sɔhwɛ ahorow mu nti a, ɛhyɛ yɛn ankasa gyidi den. (Hiob 42:10-17) Sɛ yenya gyidi ne boasetɔ a, yebehu sɛ “[Yehowa, NW] ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.”—Mika 7:18, 19.

17. Dɛn nti na Yakobo ka sɛ, “Monnka ntam”?

17 Sɛ yɛantɔ yɛn bo ase a, yebetumi de tɛkrɛma no adi dwuma ɔkwammɔne so bere a biribi hyɛ yɛn so no. Sɛ nhwɛso no, yɛbɛpɛ ntɛm aka ntam. Yakobo ka sɛ, “monnka ntam,” na ɔbɔ ntanhunu ho kɔkɔ. Afei nso ɛte sɛ nea ntam a yɛbɛka daa de asi nsɛm bi so dua de akyerɛ sɛ ɛyɛ nokware no yɛ nyaatwom adeyɛ. Enti, ɛsɛ sɛ yɛka nokware nkutoo, na yɛma yɛn yiw yɛ yiw, na yɛn dabi yɛ dabi. (Mateo 5:33-37) Nokwarem no, ɛnyɛ nea Yakobo reka ne sɛ ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛka ntam bi de aka nokware wɔ asɛnnibea.

Gyidi ne Yɛn Mpaebɔ

18. Tebea horow bɛn mu na ɛsɛ sɛ ‘yɛbɔ mpae,’ na ‘yɛto ayeyi nnwom’?

18 Sɛ yebetumi ahwɛ yɛn kasa yiye, anya boasetɔ, na yɛanya Onyankopɔn mu gyidi a edi mũ a, ɛsɛ sɛ mpaebɔ di dwuma titiriw wɔ yɛn asetra mu. (Yakobo 5:13-20) Bere a yɛwɔ sɔhwɛ mu titiriw na ɛsɛ sɛ ‘yɛbɔ mpae.’ Sɛ yɛwɔ anigye mu a, momma ‘yɛnto ayeyi nnwom,’ sɛnea Yesu ne n’asomafo no yɛe bere a ɔde ne wu ho Nkaedi sii hɔ no. (Marko 14:26, NW ase hɔ asɛm) Ɛtɔ mmere bi a, Onyankopɔn ho anisɔ a ɛte saa betumi ahyɛ yɛn mã araa ma yɛato ayeyi nnwom yɛn koma mu mpo. (1 Korintofo 14:15; Efesofo 5:19) Na hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yɛde nnwonto beyi Yehowa ayɛ wɔ Kristofo nhyiam horow ase!

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yɛyare wɔ honhom fam no, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛfa saa kwan no so?

19 Ebia yɛrente nka sɛ yɛbɛto nnwom bere a yɛyare honhom fam, a ebia esiane bɔne bi a yɛayɛ anaasɛ didi a yennidi Yehowa pon so daa ntia. Sɛ yɛwɔ saa tebea no mu a, momma yɛmfrɛ mpanyimfo no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ ‘yɛn so mpae.’ (Mmebusɛm 15:29) ‘Wɔbɛsra yɛn ngo wɔ Yehowa din mu’ nso. Te sɛ ngo a edwudwo yaw a ɛwɔ kuru mu ano no, wɔn awerɛkyekye nsɛm ne afotu a egyina Kyerɛwnsɛm so no bɛboa ma yɛayi adwenemhaw, adwene mu naayɛ, ne suro biara afi hɔ. ‘Gyidi mpaebɔ begye yɛn nkwa’ bere a yɛde yɛn ankasa gyidi taa akyi no. Sɛ mpanyimfo no hu sɛ yɛn honhom fam yare no fi bɔne a anibere wom bi a, wobefi ayamye mu aka yɛn bɔne akyerɛ yɛn, na wɔabɔ mmɔden aboa yɛn. (Dwom 141:5) Na sɛ yenu yɛn ho a, yebetumi anya gyidi sɛ Onyankopɔn betie wɔn mpaebɔ na ɔde afiri yɛn.

20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ na yɛbɔ mpae ma yɛn ho yɛn ho?

20 Ɛsɛ sɛ ‘yɛn bɔne a yɛkeka kyerɛ yɛn ho yɛn ho’ no ka yɛn na yɛankɔyɛ bɔne bio. Ɛsɛ sɛ ɛma yɛn yam hyehye yɛn ma yɛn ho yɛn ho, su a ɛbɛka yɛn ma ‘yɛabɔ mpae ama yɛn ho yɛn ho.’ Yebetumi anya gyidi sɛ eyi so betumi aba mfaso efisɛ “onipa trenee”—obi a ɔwɔ gyidi na Onyankopɔn bu no sɛ ɔteɛ—mpaebɔ yɛ nneɛma pii wɔ Yehowa anim. (1 Petro 3:12) Ná odiyifo Elia wɔ mmerɛwyɛ te sɛ yɛn ara, nanso ne mpaebɔ yɛɛ adwuma. Ɔbɔɔ mpae, na osu antɔ mfe abiɛsa ne fã. Bere a ɔbɔɔ mpae bio no, osu tɔe.—1 Ahene 17:1; 18:1, 42-45; Luka 4:25.

21. Sɛ yɛn yɔnko Kristoni bi “fom fi nokware ho” a, dɛn na yebetumi ayɛ?

21 Na sɛ asafo no muni bi “fom fi nokware ho,” ɔman fi nkyerɛkyerɛ ne abrabɔ pa ho nso ɛ? Yebetumi adan no afi ne mfomso ho denam Bible afotu, mpaebɔ, ne mmoa foforo so. Sɛ yetumi yɛ eyi a, ɛboa no ma ɔkɔ so nya Kristo agyede no mu mfaso, na egye no fi honhom fam owu ne ɔsɛe afobu mu. Sɛ yɛboa ɔbɔnefo no a, yɛkata bɔne bebree so. Sɛ ɔbɔnefo a wɔaka n’anim no dan fi n’akwammɔne so, onu ne ho, na ɔsrɛ fafiri a, yebedi ahurusi sɛ yɛaboa akata ne bɔne so.—Dwom 32:1, 2; Yuda 22, 23.

Biribi Ma Yɛn Nyinaa

22, 23. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Yakobo nsɛm no ka yɛn?

22 Ɛda adi pefee sɛ, Yakobo krataa no kura biribi a ɛso wɔ mfaso ma yɛn nyinaa. Ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebegyina sɔhwɛ ahorow mu, etu yɛn fo wɔ animhwɛ a yɛbɛyɛ ho, na ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ nnwuma pa. Yakobo hyɛ yɛn nkuran sɛ yenni tɛkrɛma no so, yɛnko ntia wiase nkɛntɛnso, na yɛnhwehwɛ asomdwoe. Ɛsɛ sɛ ne nsɛm no ma yenya boasetɔ na yɛbɔ mpae nso.

23 Ampa, tete Kristofo a na wɔasra wɔn no na wɔhyɛɛ da de Yakobo krataa no kɔmaa wɔn. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma emu afotu no boa yɛn ma yɛkɔ so kura yɛn gyidi mu. Yakobo nsɛm no betumi ama yɛanya gyidi a ɛbɛma yɛayɛ nneɛma pɔtee wɔ Onyankopɔn som mu. Na saa krataa a efi Nyankopɔn home mu yi ma yenya gyidi a ɛnsa da a ɛma yɛyɛ nnɛyi Yehowa Adansefo a yɛwɔ boasetɔ, na yɛbɔ mpae, wɔ bere a “Awurade” Yesu Kristo ‘aba’ no mu.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na na ehia sɛ tete Kristofo no binom sesa wɔn su ne wɔn nneyɛe?

◻ Kɔkɔbɔ bɛn na Yakobo de ma adefo?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya boasetɔ?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae daa?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Kratafa 23 mfonini]

Ná ehia sɛ tete Kristofo no binom nya mfɛfo gyidifo ho boasetɔ kɛse

[Kratafa 24 mfonini]

Ehia sɛ Kristofo nya boasetɔ ne ɔdɔ, na wɔbɔ mpae

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena