Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 5/1 kr. 20-24
  • Ma W’ani Nna Hɔ Na Yɛ Nsi!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma W’ani Nna Hɔ Na Yɛ Nsi!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma W’ani Nna Hɔ, sɛ Mmabaa Baanum No!
  • Yɛ Nsi Bere a Awiei no Bɛn No
  • Ma W’ani Nna Hɔ na Yɛ Nsi Wɔ Ne Mmae Yi Mu
  • ‘Wobɛkɔ So Awɛn’ Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Woretie Kɔkɔbɔ No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Sua Biribi Fi Dwetikɛse Ho Mfatoho no Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Mmaabun Mfatoho no Ho Adesuade
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 5/1 kr. 20-24

Ma W’ani Nna Hɔ Na Yɛ Nsi!

“Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no.”—MATEO 25:13.

1. Dɛn na na ɔsomafo Yohane rehwɛ kwan?

WƆ Yesu nkɔmmɔbɔ a etwa to wɔ Bible mu no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Mereba ntɛm.” Ne somafo Yohane buae sɛ: “Amen, Awurade Yesu, bra!” Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔsomafo Yohane gye di yiye sɛ Yesu bɛba. Na Yohane ka asomafo a wobisaa Yesu sɛ: “Bere bɛn na eyinom bɛba, na dɛn na ɛbɛyɛ wo ba a woaba [Hela, pa·rou·siʹa] ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?” no ho. Yiw, Yohane de ahotoso hwɛɛ ba a na Yesu bɛba daakye no kwan.—Adiyisɛm 22:20; Mateo 24:3.

2. Ɛdefa Yesu mmae ho no, tebea no te dɛn wɔ asɔre ahorow mu?

2 Ahotoso a ɛte saa ho yɛ na nnɛ. Asɔre ahorow pii kyerɛkyerɛ ba a Yesu ‘reba’ ho ade, nanso emufo kakraa bi pɛ na wɔhwɛ kwan ankasa. Wɔde wɔn asetra kyerɛ saa. The Parousia in the New Testament nhoma no ka sɛ: “Parousia ho anidaso ketewaa bi pɛ na ɛda adi wɔ asɔrefo no asetra, wɔn nsusuwii, ne wɔn dwumadi mu. . . . Ahokeka a emu yɛ hyew a ɛsɛ sɛ asɔre no de yɛ adwensakra ne asɛmpatrɛw adwuma no mu agow, sɛ ɛnsae koraa mpo a.” Nanso, ɛnyɛ obiara na ɔte saa!

3. (a) Nokware Kristofo te nka dɛn wɔ pa·rou·siʹa no ho? (b) Dɛn titiriw na yɛrebesusuw ho mprempren?

3 Yesu nokware asuafo de anigye retwɛn mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei. Bere a yɛde nokwaredi reyɛ saa no, ɛsɛ sɛ yenya adwempa wɔ nneɛma a ɛfa Yesu mmae no nyinaa ho no ho na yedi ho dwuma ɔkwampa so. Ɛno bɛboa yɛn ma ‘yɛagyina akodu awiei na wɔagye yɛn nkwa.’ (Mateo 24:13) Bere a Yesu rehyɛ nkɔm a ɛwɔ Mateo ti 24 ne 25 no, ɔde afotu bi a nyansa wom mae a yebetumi de adi dwuma ma ɛso aba yɛn mfaso daa. Mmɛ bi wɔ ti 25 a ɛda adi sɛ wunim, a emu biako a ɛfa mmabaa du (mmabaa nyansafo ne nkwasea) ho, ne talente bɛ no, ka ho. (Mateo 25:1-30) Yɛbɛyɛ dɛn anya saa mmɛ yi so mfaso?

Ma W’ani Nna Hɔ, sɛ Mmabaa Baanum No!

4. Dɛn ne mmabaa ho bɛ no mu asɛntitiriw?

4 Ebia w’ani begye ho sɛ wobɛkenkan mmabaa ho bɛ a ɛwɔ Mateo 25:1-13 no mpɛn pii. Asɛm no fa Yudafo ayeforohyia kɛse a ayeforokunu no kɔ ayeforo no agya fie kɔfa no ba ayeforokunu no fie (anaa n’agya fie) no ho. Nnwontofo betumi aka santento a ɛte saa ho, na na wontumi nkyerɛ bere pɔtee a wɔbɛba abedu. Wɔ bɛ no mu no, mmabaa du no twɛnee ayeforokunu no mmae araa kosii ɔdasum. Baanum anhu nyansa amfa ngo a ɛdɔɔso a wɔde begu wɔn akanea mu ma enti na ɛsɛ sɛ wɔkɔtɔ bi ka ho. Baanum a aka no huu nyansa faa ngo foforo guu ntoa mu na sɛ ɛho behia wɔ bere a wɔretwɛn no a wɔde agu wɔn akanea no mu. Bere a ayeforokunu no bae no, baanum yi nkutoo na na wɔwɔ hɔ a na wɔasiesie wɔn ho. Enti, wɔn nkutoo na wɔmaa wɔn kwan kɔɔ apontow no ase. Bere a mmabaa baanum no san bae no, na aka akyi dodo sɛ wɔbɛma wɔakɔ mu.

5. Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛma yɛte mmabaa ho bɛ no ase wɔ sɛnkyerɛnne kwan so?

5 Yebetumi ate bɛ yi afã pii ase sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so ade. Sɛ nhwɛso no, Kyerɛwnsɛm no ka Yesu ho asɛm sɛ ayeforokunu. (Yohane 3:28-30) Yesu de ne ho totoo ɔhene ba a wohyiaa ayeforo maa no ho. (Mateo 22:1-14) Na Bible de Kristo toto okunu ho. (Efesofo 5:23) Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow no, bere a wɔka Kristofo a wɔasra wɔn ho asɛm sɛ Kristo “ayeforo” wɔ mmeae bi no, wɔanka ayeforo bi ho asɛm wɔ bɛ no mu. (Yohane 3:29; Adiyisɛm 19:7; 21:2, 9) Nanso, ɛka mmabaa du ho asɛm, na wɔka wɔn a wɔasra wɔn no ho asɛm wɔ baabi sɛ ababaa a wɔagye no aware ama Kristo.—2 Korintofo 11:2.a

6. Bere a na Yesu rewie mmabaa ho bɛ no, afotu bɛn na ɔde mae?

6 Sɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa ne nkɔmhyɛ mmamu no da nkyɛn a, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi asua nnyinasosɛm pa pii afi saa bɛ yi mu. Sɛ nhwɛso no, hyɛ no nsow sɛ nsɛm yi na Yesu de wiei: “Monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no.” Enti ɛbɛ no ka hia a ɛho hia sɛ yɛn mu biara ma n’ani da hɔ, na ama wahu nhyehyɛe bɔne yi awiei a ɛreba no. Akyinnye biara nni ho sɛ awiei yi reba, ɛwom sɛ yentumi nkyerɛ da pɔtee de. Wɔ eyi mu no, hyɛ su a mmabaa akuw abien yi daa no adi no nsow.

7. Ɔkwan bɛn so na mmabaa no mu baanum daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nkwasea?

7 Yesu kae sɛ: “Na wɔn mu baanum yɛ nkwasea.” Esiane sɛ na wonnye nni sɛ ayeforokunu no reba nti? So wɔkɔe kodii anigyede akyi? Anaasɛ wɔdaadaa wɔn? Ɛnyɛ emu biara. Yesu kae sɛ baanum yi ‘kɔe sɛ wɔrekohyia ayeforokunu no.’ Na wonim sɛ ɔreba, na na wɔpɛ sɛ wohyia no, na wɔkɔ “ayeforohyia apontow” no ase mpo. Nanso, so wosiesiee wɔn ho yiye? Wɔtwɛnee kakra, kosii “ɔdasum,” nanso na wonsiesiee wɔn ho sɛ wobehyia no bere biara a ɔbɛba—sɛ́ ɔbɛba ntɛm anaasɛ na ɔbɛkyɛ sen sɛnea na wɔhwɛ kwan no.

8. Ɔkwan bɛn so na mmabaa no mu baanum daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ mmadwemma?

8 Baanum a aka no—wɔn a Yesu frɛɛ wɔn mmadwemma no—nso de wɔn akanea a na wɔasosɔ no kɔe a na wɔrehwɛ ayeforokunu no kwan. Na ɛsɛ sɛ wɔn nso twɛn, nanso na wɔyɛ “mmadwemma.” Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “mmadwemma” no betumi akyerɛ sɛ obi “ani da hɔ, ɔwɔ adwene, onim nyansa ankasa.” Saa baanum yi nam ngo foforo a wɔde guu ntoa mu kɔe sɛ sɛ ɛho behia a wɔde agu wɔn akanea mu no so daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ mmadwemma. Nokwarem no, na wɔayɛ krado sɛ wobehyia ayeforokunu no araa ma wɔampɛ sɛ wɔde wɔn ngo no bɛkyɛ. Na anidahɔ a ɛte saa no nyɛ nea ɛmfata, sɛnea ɛdaa adi bere a ayeforokunu no bae a na wɔwɔ hɔ na wɔasiesie wɔn ho koraa no. Eyinom a na “wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforohyia no ase, na wɔtoo pon no mu.”

9, 10. Dɛn na mmabaa ho bɛ no sii so dua titiriw, na nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

9 Ɛnyɛ ayeforohyia ase ahosiesie ho asuade na na Yesu de rema, na saa ara na na ɛnyɛ kyɛ a obi ne afoforo bɛkyɛ nea ɔwɔ ho afotu na na ɔde rema. Na n’asɛm no ne sɛ: “Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no.” Bisa wo ho sɛ, ‘So m’ani da hɔ wɔ Yesu mmae no ho?’ Yegye di sɛ Yesu redi ade wɔ soro mprempren, nanso ɔkwan bɛn so na yɛde yɛn adwene si so ankasa sɛ ‘ɛrenkyɛ na onipa Ba no nam ɔsoro mununkum so ahoɔden ne anuonyam kɛse so aba’? (Mateo 24:30) Bere a eduu “ɔdasum” no, akyinnye biara nni ho sɛ na ayeforokunu no mmae no abɛn sen bere a mmabaa no fii ase kohyiaa no no. Saa ara na bere a onipa Ba no bɛba abɛsɛe nhyehyɛe bɔne yi no abɛn sen bere a yefii ase hwɛɛ no kwan no. (Romafo 13:11-14) So yɛakɔ so ama yɛn ani ada hɔ, a yɛn ani da hɔ kɛse koraa bere a saa bere no bɛn kɛse no?

10 Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa na ama yɛatumi atie ahyɛde a ese ‘monkɔ so nwɛn’ no. Mmabaa baanum maa wɔn ngo no sae, na wɔkɔe sɛ wɔrekɔtɔ bi. Biribi betumi agye Kristoni bi adwene saa ara nnɛ na ama wayɛ obi a onsiesiee ne ho koraa mmaa Yesu mmae a abɛn no. Ɛtoo afeha a edi kan no mu Kristofo binom. Ebetumi ato ebinom nnɛ. Enti momma yemmisa yɛn ho sɛ, ‘So mete saa?’—1 Tesalonikafo 5:6-8; Hebrifo 2:1; 3:12; 12:3; Adiyisɛm 16:15.

Yɛ Nsi Bere a Awiei no Bɛn No

11. Ɛbɛ bɛn na Yesu bui bio, na ɛne dɛn na edi nsɛ?

11 Wɔ Yesu bɛ a edi hɔ mu no, ɔkaa nsɛm pii sen hyɛ a na ɔbɛhyɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ. Bere a ɔkaa mmabaa anyansafo ne nkwasea ho asɛm wiei no na obuu talente ho bɛ no. (Kenkan Mateo 25:14-30.) Wɔ akwan pii so no, na eyi sɛ mmɛnnaa ho bɛ a na Yesu adi kan abu esiane sɛ na nnipa pii ‘susuw sɛ Onyankopɔn ahenni rebeyi ne ho adi amonom hɔ ara’ nti no.—Luka 19:11-27.

12. Dɛn ne talente ho bɛ no mu asɛntitiriw?

12 Wɔ talente ho bɛ no mu no, Yesu kaa ɔbarima bi a ɔrebetu kwan akɔ asase bi so akyirikyiri, na ɔfrɛɛ ne nkoa baasa de biribi hyɛɛ wɔn nsa ho asɛm. Ɔde talente anum maa biako, ɔde abien maa ɔfoforo, na nea odi akyiri no, ɔmaa no biako pɛ—“sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te.” Ɛda adi sɛ na eyi yɛ dwetɛ talente, na ɛyɛ sika a ɛsom bo a saa bere no na ɛyɛ ɔpaani mfirihyia 14 akatua—sika kɛse ankasa! Bere a ɔbarima no san bae no, ɔmaa nkoa no bebuu nea wɔyɛe wɔ ‘bere tenten’ a na onni hɔ no ho akontaa. Na nkoa baanu a wodi kan no abɔ sika a ɔde maa wɔn no ho abien. Ɔmaa wɔn ‘amo,’ na ɔhyɛɛ wɔn mu biara bɔ sɛ ɔbɛma wɔn asɛyɛde pii aka ho, na ɔde baa awiei sɛ: “Kɔ wo wura anigye mu!” Esiane sɛ akoa a wɔmaa no talente biako no kyerɛe sɛ owura no yɛ nhyɛ dodo nti, wamfa talente no anyɛ adwuma biara. Ɔde sika no kosiei, a wamfa ankɔto sikakorabea mpo na ama wɔanya ho mfaso. Owura no frɛɛ no “akoa bɔne ne onihafo,” esiane sɛ wamma ne wura annya mfaso nti. Enti, wogyee talente no fii ne nsam kɔtoo no kyenee abɔnten ‘baabi a osu ne setwɛre wɔ.’

13. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ ɔte sɛ owura a ɔwɔ ɛbɛ no mu no?

13 Eyi nso, yebetumi ate ase wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Sɛ nhwɛso no, na Yesu a ɔbarima a na ɔretu kwan akɔ akyirikyiri asase so yɛɛ ne ho mfonini no begyaw n’asuafo hɔ akɔ soro, na watwɛn bere tenten akosi sɛ ne nsa bɛka ahenni tumi no.b (Dwom 110:1-4; Asomafo no Nnwuma 2:34-36; Romafo 8:34; Hebrifo 10:12, 13) Yɛn nyinaa betumi anya asuade anaa nnyinasosɛm pii a ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ yɛn asetram wɔ eyi nso mu. Ɛne dɛn?

14. Ahiade titiriw bɛn na talente ho bɛ no si so dua?

14 Sɛ́ yɛn anidaso yɛ nkwa a owu nni mu wɔ soro anaa daa nkwa wɔ paradise wɔ asase so no, Yesu bɛ no ma emu da hɔ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho wɔ Kristofo som adwuma mu. Nokwasɛm ne sɛ, yebetumi abɔ bɛ yi mu nsɛm nyinaa mua ma ayɛ asɛmfua biako: nsiyɛ. Asomafo no yɛɛ nhwɛso maa yɛn fi Pentekoste afe 33 Y.B. mu reba no. Yɛkenkan sɛ: “[Petro de] nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanse na otuu wɔn fo sɛ: Momma wonnye mo mfi nnɛ mma abusua kɔntɔnkye yi mu!” (Asomafo no Nnwuma 2:40-42) Na hwɛ mfaso a onyae wɔ ne mmɔdenbɔ yi so! Bere a afoforo bɛkaa asomafo no ho wɔ Kristofo asɛnka adwuma yi mu no, wɔn nso yɛɛ nsi kaa asɛmpa no maa ‘enyinii wɔ wiase nyinaa.’—Kolosefo 1:3-6, 23; 1 Korintofo 3:5-9.

15. Ɔkwan titiriw bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde talente ho bɛ no mu asɛntitiriw di dwuma?

15 Ma asɛm a ɛbɛ yi fa ho no ntra w’adwenem—Yesu mmae ho nkɔmhyɛ. Yɛwɔ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yesu pa·rou·siʹa no mu, na ɛrenkyɛ na adu awiei. Kae sɛnea Yesu de “awiei no” bataa adwuma a ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ ho no: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ akoa bɛn na yɛsɛ no? Bisa wo ho sɛ: ‘So biribi wɔ hɔ a ɛbɛma maka sɛ mete sɛ akoa a ɔde nea wɔde maa no no kosiei no, a ebia na ɔreyɛ n’ankasa nnwuma no? Anaasɛ ɛda adi sɛ mete sɛ wɔn a na woye na wodi nokware no? So mede ayɛ me botae sɛ mɛma Owura no nneɛma anya nkɔso bere biara?’

Ma W’ani Nna Hɔ na Yɛ Nsi Wɔ Ne Mmae Yi Mu

16. Asɛm bɛn na mmɛ abien a yɛaka ho asɛm no ka kyerɛ wo?

16 Yiw, sɛ yɛde saa mmɛ abien yi mu sɛnkyerɛnne kwan so ne nkɔmhyɛ mu ntease to nkyɛn a, ɛma yenya nkuranhyɛ nsɛm a efi Yesu ankasa anom. N’asɛm ne sɛ: Ma w’ani nna hɔ; yɛ nsi, titiriw bere a yehu Kristo pa·rou·siʹa ho sɛnkyerɛnne no. Ɛno mu na yɛwɔ yi. So yɛn ani da hɔ, na yɛreyɛ nsi ankasa?

17, 18. Yesu mmae no ho afotu bɛn na osuani Yakobo de mae?

17 Yesu nua Yakobo ankɔ Ngo Bepɔw no so ankotie Yesu nkɔmhyɛ no bi; nanso ɔtee ho asɛm akyiri yi, na ohuu nea na ɛkyerɛ ankasa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Enti, anuanom, montɔ mo bo ase nkodu da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafo a ɔretwɛn asase aba a ne bo yɛ den no tɔ ne bo ase kyɛ wɔ ho de kosi sɛ enya asusow ne adom [fẽẽfee ne asuso, Asante Twi Bible]. Mo nso, montɔ mo bo ase nkyɛ, monhyɛ mo koma den, efisɛ da a Awurade bɛba no abɛn.”—Yakobo 5:7, 8; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

18 Bere a Yakobo maa yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bebu wɔn a wɔde wɔn ahode di dwuma ɔkwammɔne so atɛn no, ɔhyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmmpere wɔn ho bere a wɔretwɛn Yehowa ma wadi nneɛma ho dwuma no. Kristoni a onni boasetɔ betumi abɛyɛ ɔweretɔfo, te sɛ nea ɔno ankasa wɔ hokwan sɛ ɔteɛteɛ nneyɛe bɔne a wɔayɛ no. Nanso, ɛnsɛ sɛ ɛba saa, efisɛ atemmu bere no bɛba ɔkwan biara so. Sɛnea Yakobo kyerɛkyerɛɛ mu no, okuafo asɛm no yɛ eyi ho nhwɛso.

19. Boasetɔ bɛn na na Israelni kuafo betumi anya?

19 Na ɛsɛ sɛ Israelni kuafo a ogu aba twɛn, nea edi kan ma eyi ahaban, afei ɔtwɛn ma afifide no nyin, na awiei koraa no, otwa. (Luka 8:5-8; Yohane 4:35) Saa asram no mu no, na ɛbere wom, na ebia na nneɛma bi wɔ hɔ a ɛma no dadwen. So na fẽẽfee bɛtɔ ma wanya nsu pii? Na asusow nso ɛ? Na sɛ nkoekoemmoa anaa ahum sɛe nnɔbae no nso ɛ? (Fa toto Yoel 1:4; 2:23-25 ho.) Nanso, ne nyinaa mu no, na Israelni kuafo betumi de ne ho ato Yehowa ne n’adebɔ mu nneɛma a wahyehyɛ no so. (Deuteronomium 11:14; Yeremia 5:24) Okuafo boasetɔ no betumi akyerɛ ahotoso a wɔde hwɛ biribi kwan ankasa. Na ɔwɔ gyidi sɛ nea ɔrehwɛ kwan no bɛba. Na ɛbɛba nso!

20. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada boasetɔ adi ma ɛne Yakobo afotu no ahyia?

20 Bere a okuafo betumi anya bere a otwa bere bedu ho nimdeɛ bi no, na afeha a edi kan no mu Kristofo no ntumi mmu bere a na Yesu bɛba no ho akontaa. Nanso, na ɛbɛba ɔkwan biara so. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Da a Awurade bɛba [Hela, pa·rou·siʹa] no abɛn.” Bere a Yakobo kyerɛw saa asɛm yi no, na Kristo mmae no ho sɛnkyerɛnne no nnya nnaa adi kɛse, anaasɛ na ennya nnaa adi wɔ wiase nyinaa. Nanso, ada adi mprempren! Enti ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ saa bere yi mu? Sɛnkyerɛnne no ada adi ankasa. Yehu. Yebetumi de ahotoso aka sɛ, ‘Mahu sɛ sɛnkyerɛnne no renya ne mmamu.’ Yebetumi de ahotoso aka sɛ: ‘Awurade mmae mu ni, na adu ne mpɔmpɔn so.’

21. Dɛn na yɛasi yɛn bo koraa sɛ yɛbɛyɛ?

21 Esiane sɛ ɛda no abɛn nti, yɛwɔ ntease a emu yɛ den koraa a enti ɛsɛ sɛ yɛde asuade atitiriw a ɛwɔ Yesu mmɛ abien a yɛaka ho asɛm no mu no sie yɛn komam na yɛde di dwuma. Ɔkae sɛ: “Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no.” (Mateo 25:13) Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsi wɔ yɛn Kristofo som adwuma no mu. Momma yɛmfa yɛn da biara da asetra nkyerɛ sɛ yɛte Yesu asɛm no ase. Momma yɛn ani nna hɔ! Momma yɛnyɛ nsi!

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ sɛnkyerɛnne kwan so bɛ no ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ God’s Kingdom of a Thousand Years Has Approached, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no nkratafa 169-211.

b Hwɛ God’s Kingdom of a Thousand Years Has Approached, nkratafa 212-56.

So Wokae?

◻ Asuade titiriw bɛn na woanya afi mmabaa nyansafo ne nkwasea ho bɛ no mu?

◻ Asuade titiriw bɛn na Yesu nam talente ho bɛ no so de rema wo?

◻ Ɔkwan bɛn so na wo boasetɔ wɔ pa·rou·siʹa ho no te sɛ Israelni kuafo bi de?

◻ Dɛn nti na yɛn bere yi mu tra yɛ anigye na egye mmɔdenbɔ titiriw?

[Kratafa 23 mfonini ahorow]

Asuade ahorow bɛn na woanya afi mmabaa ne talente ho bɛ no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena