‘Frɛ Mpanyimfo No’
“Mo mu bi yare anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo.”—YAKOBO 5:14.
1, 2. (a) Tebea a ɛyɛ hu bɛn mu na Yehowa asomfo wɔ nnɛ, na ebia wɔbete nka dɛn? (b) Nsɛmmisa bɛn na ehia mmuae mprempren?
YƐWƆ “mmere a emu yɛ den” mu. Nkurɔfo fi pɛsɛmenkominya, honam fam ade dodowpɛ, ahantan, mu reyɛ wɔn ade, na ɛtaa de basabasayɛ ba wɔ “nna a edi akyiri” yi mu. (2 Timoteo 3:1-5) Sɛ́ Kristofo a yɛte mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu no, yɛda asiane akɛse abiɛsa mu: Satan Ɔbonsam, adesamma amumɔyɛ wiase, ne yɛn ankasa yɛn bɔne su ahorow a yenya fii awo mu no.—Romafo 5:12; 1 Petro 5:8; 1 Yohane 5:19.
2 Esiane sɛ asiane ahorow yi hunahuna yɛn nti, ɛtɔ da bi a, ebetumi abunkam yɛn so. Ɛnde ɛhe na yebetumi anya mmoa na ama yɛatumi akura yɛn nokwaredi mu? Sɛ yehyia yɛn Kristofo dwumadi ahorow ne yɛn som ho gyinaesi ahorow a, hena hɔ na yebetumi akogye akwankyerɛ?
Mmoa a Ɛwɔ Hɔ
3. Hena hɔ na yebetumi anya awerɛhyem a awerɛkyekye wom afi, na ɔkwan bɛn so?
3 Nim a yenim sɛ Yehowa ne yɛn ahoɔden Fibea no ma yenya awerɛhyem a awerɛkyekye wom. (2 Korintofo 1:3, 4; Filipifo 4:13) Odwontofo Dawid a onyaa ɔsoro mmoa no kae sɛ: “Fa wo kwan hyɛ [Yehowa] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.” “Dan w’adesoa to [Yehowa] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” (Dwom 37:5; 55:22) Yebetumi anya mmoa a ɛte sɛɛ ho anisɔ dɛn ara!
4. Ɔkwan bɛn so na Petro ne Paulo nyinaa de awerɛkyekye ma?
4 Yebetumi anya awerɛkyekye afi nim a yenim sɛ ɛnyɛ yɛn nko na yɛrehyia sɔhwɛ ne asiane ahorow mu nso. Ɔsomafo Petro hyɛɛ mfɛfo Kristofo sɛ: “Ɔno [Satan Ɔbonsam] na momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan, efisɛ munim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu.” (1 Petro 5:9) Nokwarem no, Kristofo nyinaa pɛ sɛ wogyina pintinn wɔ gyidi no mu. Ɛyɛ nokware sɛ te sɛ ɔsomafo Paulo no, ebia yɛbɛte nka mpɛn pii sɛ “ade nyinaa mu wohiahia yɛn ho.” Nanso, ‘n’ahome antew no.’ Te sɛ ɔno no, ebia yɛahaw de, ‘nanso ɛnkyerɛ sɛ yenni ɔkwan biara koraa a yɛbɛfa so afi mu.’ Sɛ wɔtaa yɛn mpo a, “wɔmpaa yɛn akyi ɛ.” Sɛ ‘wɔtwe yɛn ase’ a, “wɔnsɛee yɛn ɛ.” Eyi nti, “yɛmpa abaw.” Yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yɛnhwɛ nneɛma a wohu, na mmom yɛbɛhwɛ nneɛma a wonhu no.’ (2 Korintofo 4:8, 9, 16, 18) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?
5. Mmoa a ɛbɔ ho abiɛsa bɛn na Yehowa de ma?
5 Yehowa, “mpaebɔ tiefo” no de mmoa a ɛbɔ ho abiɛsa ma. (Dwom 65:2; 1 Yohane 5:14) Nea edi kan no, ɔnam n’Asɛm a wɔde honhom kyerɛwee no so de akwankyerɛ ma. (Dwom 119:105; 2 Timoteo 3:16) Nea ɛto so abien no, ne honhom kronkron no ma yɛn ahoɔden ma yetumi yɛ n’apɛde. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 4:29-31 ho.) Afei nea ɛto so abiɛsa, Yehowa asase so ahyehyɛde no ayɛ krado sɛ ɛbɛboa yɛn. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya mmoa?
“Nnipa mu Akyɛde”
6. Mmoa bɛn na Yehowa de mae wɔ Tabera, na ɔkwan bɛn so?
6 Asɛm bi a esii wɔ odiyifo Mose bere so boa yɛn ma yɛn ani sɔ sɛnea Yehowa fi ɔdɔ mu dwen yɛn ho denam mmoa a ɔde ma N’asomfo so no. Esii wɔ Tabera, a ɛkyerɛ “ahyewee; ogyaframa; ogya a ɛredɛw.” Onyankopɔn maa ogya hyew Israelfo a wonwiinwii wɔ beae yi wɔ Sinai sare no so. Ná “afrafrafo” a wodii Israelfo no mu fi Misraim bae no nso ka wɔn ho wɔ aduan a wɔde fi soro mae no ho anwiinwii no mu. Bere a Mose huu Onyankopɔn abufuw, na ɔtee nka sɛ nkurɔfo no ho asɛyɛde ne wɔn ahiade no hyɛ ne so no, ɔteɛɛm sɛ: “Me nko mintumi minkura ɔman yi nyinaa, efisɛ ɛyɛ duru sen me. Na sɛ saa na wo ne me bedi no a, ɛnde sɛ m’anim aba onyam w’anim a, okum mmom na kum me, na manhu m’amane no.” (Numeri 11:1-15) Dɛn na Yehowa yɛɛ wɔ ho? Ɔpaw “Israel mpanyimfo mu mmarima aduɔson,” na ohwiee ne honhom guu wɔn so sɛnea wobetumi ne Mose abom adi ɔman no anim ma afata. (Numeri 11:16, 17, 24, 25) Bere a wɔpaw mmarima a wɔfata no akyi no, na Israelfo no ne “afrafrafo pii” no betumi anya mmoa bere biara a wohia.”—Exodus 12:38.
7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa de “nnipa mu ayɛyɛde” mae wɔ tete Israel? (b) Dwom 68:18 afeha a edi kan mmamu bɛn na Paulo kaa ho asɛm?
7 Bere a Israelfo no adi mfe pii wɔ Bɔhyɛ Asase no so akyi no, Yehowa nam sɛnkyerɛnne kwan so foroo Sinai Bepɔw, na ɔde Yerusalem yɛɛ ahenni nsusuwso bi a Dawid dii so no ahenkurow. Dawid maa ne nne so yii Onyankopɔn, ‘Ade Nyinaa so Tumfoɔ’ no ayɛ sɛ: “Woaforo kɔ ɔsoro, woafa nnommum nnommum, woagye nnipa mu ayeyɛde.” (Dwom 68:14, 18) Nokwarem no, wɔde mmarima a wɔfaa wɔn nnommum wɔ Bɔhyɛ Asase no sodi mu no dii dwuma ma wɔboaa Lewifo no wɔ wɔn adwuma mu.—Esra 8:20.
8 Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, Kristoni ɔsomafo Paulo twee adwene sii odwontofo no nsɛm no mmamu so wɔ nkɔmhyɛ kwan so. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na wɔde ɔdom adom yɛn nyinaa mmiako mmiako, sɛnea Kristo asusuw n’akyɛde ama no. Enti ose: ‘Bere a ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔde nnommum a ɔfae no kɔe na ɔde nnipa mu akyɛde mae.’ Na asɛm a ese: Ɔforoe no kyerɛ dɛn, gye sɛ osian kɔɔ asase ase hɔnom ansa? Nea osianee no ara nso ne nea ɔforo traa ɔsorosoro nyinaa so no, na wahyɛ nneɛma nyinaa ma no.” (Efesofo 4: 7-10, NW) Hena ne “nea osianee no”? Ɛnyɛ obiara se Yehowa nanmusifo, Dawid Ɔkɛse ne Mesia Hene Yesu Kristo. Ɔno na Onyankopɔn nyan no na ‘ɔmaa no so kɛse.’—Filipifo 2: 5-11.
9. (a) Ná henanom ne afeha a edi kan mu nnipa mu akyɛde no? (b) Henanom ne nnɛ bere mu nnipa mu akyɛde no?
9 Ɛnde, henanom ne “nnipa mu akyɛde” (anaa “nnipa a wɔyɛ akyɛde”) no? Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn Nanmusifo Panyin no ‘ama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so.’ (Efesofo 4:11, 12) Kristo akyidifo a wɔsom sɛ asomafo, adiyifo, asɛmpakafo, ahwɛfo, ne akyerɛkyerɛfo no nyinaa yɛɛ saa wɔ Teokrase akwankyerɛ ase. (Luka 6:12-16; Asomafo no Nnwuma 8:12; 11:27, 28; 15:22; 1 Petro 5:1-3) Wɔ yɛn nna yi mu no, mmarima mpanyimfo a wɔfata wɔ honhom mu, a honhom kronkron apaw wɔn som sɛ ahwɛfo wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛyɛ 70,000 mu wɔ wiase nyinaa. Wɔyɛ nnipa mu akyɛde. (Asomafo no Nnwuma 20:28) Bere a wɔrekɔ so trɛw Ahenni asɛnka”adwuma no mu kɛse wɔ wiase nyinaa no, anuanom bebree ‘repere kɔ wɔn anim’ na wɔredi asɛyɛde a ɛbata “hwɛfodwuma” ho no ho dwuma. (1 Timoteo 3:1) Sɛ wɔpaw wɔn a, wɔn nso bɛyɛ nnipa mu akyɛde.
10. Ɔkwan bɛn so na nea Yesaia ka faa “asafohene” ho no fata Kristofo mpanyimfo nnɛ?
10 Asɛm a Yesaia kae bere a ɔreka afã a “asafohene” no, Ahenni nniso no ahwɛfo, benya ho asɛm no fata saa Kristofo mpanyimfo anaa nnipa mu akyɛde yi. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara yɛ “sɛ mframa ano hintabea ne osu guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.” (Yesaia 32:1, 2) Eyi kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ ahwɛfo a wɔapaw wɔn no hwɛ a ɔdɔ wom no boa fa. Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya mu mfaso a ɛsen biara?
Sɛnea Yebedi Kan Ayɛ Ade
11. Sɛ yɛyɛ mmerɛw wɔ honhom mu a, ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mmoa?
11 Obi a nsu refa no fi awosu mu teɛm hwehwɛ mmoa. Ɔntwentwɛn ne nan ase. Sɛ obi nkwa da asiane mu a, enhia sɛ wɔkanyan no na wabisa mmoa. So Ɔhene Dawid ammisa mmoa amfi Yehowa hɔ mpɛn pii? (Dwom 3:4; 4:1; 5:1-3; 17:1, 6; 34:6, 17-19; 39:12) Sɛ yɛyɛ mmerɛw honhom mu, na ebia yɛkɔ abasamtu mu a, yɛn nso yɛdan kɔ Yehowa hɔ wɔ mpaebɔ mu, na yɛsrɛ no sɛ ɔmfa ne honhom kronkron no nkyerɛ yɛn kwan. (Dwom 55:22; Filipifo 4: 6, 7) Yɛhwehwɛ awerɛkyekye fi kyerɛwnsɛm no mu. (Romafo 15:4) Yɛhwehwɛ afotu a nyansa wom fi Ɔwɛn Aban Asafo no Kristofo nhoma ahorow no mu. Eyi taa boa yɛn ma yedi yɛn ankasa nsɛnnennen ho dwuma. Nanso, sɛ yɛte nka sɛ nsɛnnennen hyɛ yɛn so a, yebetumi akogye afotu nso wɔ asafo mpanyimfo a wɔapaw wɔn no hɔ. Nokwarem no, ɛtɔ da bi a ebetumi aba sɛ ehia ankasa sɛ ‘yɛfrɛ mpanyimfo no.’ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛfrɛ Kristofo mpanyimfo? Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa wɔn a wohia honhom mu mmoa?
12-14. (a) Sɛ obi yare a, dɛn na nyansa wom sɛ ɔyɛ? (b) Sɛnea Yakobo 5:14 kyerɛ no, dɛn na wotu Kristofo a ‘wɔyare’ fo sɛ wɔnyɛ? (d) Ɔyare bɛn na Yakobo 5:14 ka ho asɛm, na dɛn nti na wubua saa?
12 Sɛ yɛyare a, yɛhome na ama nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa no kwan ma ayɛ adwuma. Nanso sɛ yɛn yare no annyae a, yefi nyansa mu bɛhwehwɛ ayaresa a ɛfata. So ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa ara bere a yɛayɛ mmerɛw wɔ honhom mu no nso?
13 Hyɛ sɛnea osuani Yakobo tu yɛn fo wɔ eyi ho no nsow. Ose: “Mo mu bi yare anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, na wɔnsra no ngo [Yehowa] din mu.” (Yakobo 5:14) Ɔyare bɛn ho asɛm na Yakobo reka wɔ ha yi? Bible mu nkyerɛkyerɛmufo binom de ba awiei sɛ ɛyɛ honam fam ɔyare, na wɔkyerɛ sɛ ná ngo a wɔde sra obi no yɛ ayaresa ade a wɔtaa yɛ no saa bere no. (Luka 10:34) Wogye di nso sɛ ná anwonwa kwan so a wɔsa yare denam ayaresa akyɛde so na ɛwɔ Yakobo adwene mu. Nanso, dɛn na nsɛm afoforo a ɛka ho no kyerɛ?
14 Wɔde ‘abotɔyam’ bɔ ‘amanehunu’ abira. Eyi kyerɛ sɛ na Yakobo reka honhom fam ɔyare ho asɛm. (Yakobo 5:13) Ná ɛsɛ sɛ wɔfrɛ “asafo no mu mpanyimfo,” ɛnyɛ nnuruyɛfo anaa wɔn a wɔwɔ ayaresa akyɛde no mpo. Na dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Yakobo kae sɛ: “Wɔmmɔ no so mpae. . . . Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa.” (Yakobo 5: 14, 15; fa toto Dwom 119:9-16 ho.) Nea ɛkyerɛ pefee sɛ na Yakobo reka honhom fam ɔyare ho asɛm ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔhyɛ bɔne a wɔka kyerɛ ho nkuran de bata ayaresa a wɔhwɛ kwan no ho. Ɔkyerɛw sɛ: “Monkeka mo mfomso nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na munyiyi mpae mmoma mo ho mo ho, na wɔasa mo yare.” Sɛ bɔne a anibere wom na ama onii no yare wɔ honhom mu, na otie afotu a egyina Onyankopɔn Asɛm so, onu ne ho, na ɔdan fi ne bɔne ho nkutoo a, obetumi ahwɛ kwan sɛ ne ho bɛtɔ no.—Yakobo 5:16; Asomafo no Nnwuma 3:19.
15. Adeyɛ bɛn na wɔhyɛ ho nyansa wɔ Yakobo 5: 13, 14?
15 Ade foforo nso wɔ Yakobo afotu no mu a yebetumi ahyɛ no nsow. Sɛ Kristoni bi hu amane a, “ɔmmɔ mpae.” Sɛ ɔwɔ abotɔyam a, “ɔnto ayeyi nnwom.” Tebea biara—sɛ́ obi rehu amane anaa ne bo atɔ ne yam no—hwehwɛ sɛ wɔyɛ ho biribi. Mpaebɔ ho hia wɔ tebea bi mu, na ayeyi nnwom nso ho hia wɔ tebea foforo mu. Sɛ ɛte saa a, ɛnde dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan bere a Yakobo bisa eyi no: “Mo mu bi yare anaa?” Bio nso ɔhyɛ adwempa a obi de bɛyɛ ade ho nyansa, yiw, sɛ obedi kan ayɛ tebea no ho biribi. “Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo.”—Dwom 50:15; Efesofo 5:19; Kolosefo 3:16.
Sɛnea “Mpanyimfo” no Boa
16, 17. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo boa yɛn ma yɛde Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma?
16 Ɛtɔ da bi a ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma wɔ yɛn ankasa tebea ahorow mu. Ɛha no, Kristofo mpanyimfo betumi ayɛ mmoa fibea a ɛsom bo yiye. Sɛ́ nhwɛso no, wɔbɔ obi a ɔyare wɔ honhom mu no so mpae, na ‘wɔsra no ngo wɔ Yehowa din mu’ denam Onyankopɔn Asɛm mu ahyɛde a ɛyɛ awerɛkyekye a wɔde bedi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no so. Enti, mpanyimfo betumi ayɛ pii de aboa wɔ yɛn honhom mu ayaresa mu. (Dwom 141:5) Mpɛn pii no, nea yehia ara ne sɛ wobesi so dua akyerɛ yɛn sɛ yɛn nsusuwii teɛ. Kristoni panyin a ɔwɔ osuahu a yɛne no bɛbɔ nsɛm ho nkɔmmɔ no bɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ no mu den.—Mmebusɛm 27:17.
17 Sɛ wɔfrɛ Kristofo mpanyimfo a, ɛsɛ sɛ ‘wɔkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ.’ ‘Wobeso wɔn a wɔayɛ mmerɛw mu, na wɔatɔ wɔn bo ase ama nnipa nyinaa’ nso. (1 Tesalonikafo 5:14) “Mpanyimfo” no ne “wɔn a wɔyɛ mmerɛw” no ntam abusuabɔ a emu yɛ den, a adamfofa su wom sɛɛ yi ma hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wobenya honhom mu ayaresa korakora no yɛ kɛse.
Ankorankoro Asɛyɛde ne Mpaebɔ
18, 19. Ɔfã bɛn na Kristofo mpanyimfo wɔ wɔ Galatifo 6:2, 5 ho?
18 Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo di asɛyɛde a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn nguan ho no ho dwuma. Ɛsɛ sɛ wɔde mmoa ma. Sɛ́ nhwɛso no, Paulo kae sɛ: “Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu, nanso hwɛ wo ho, na wɔansɔ wo nso anhwɛ. Munnyigye mo ho ade a ɛyɛ mo duru nsoa, na saa na mode bewie Kristo mmara so di.” Ɔsomafo no kyerɛwee nso sɛ: “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.”—Galatifo 6:1, 2, 5.
19 Ɔkwan bɛn so na yebetumi agyegye yɛn ho yɛn ho ade a ɛyɛ duru asoa, na yɛasoa yɛn ankasa adesoa nso? Nsonsonoe a ɛda Hela nsɛmfua a wɔkyerɛ ase sɛ “ade a ɛyɛ mo duru” ne “adesoa” mu no de ho mmuae ma. Sɛ Kristoni bi ba honhom mu ɔhaw a emu yɛ duru ma no mu a, mpanyimfo ne mfɛfo gyidifo afoforo bɛboa no, na wɔnam saayɛ so aboa no ma wasoa ‘n’ade a emu yɛ duru no.’ Nanso, ɛsɛ sɛ onii no ankasa soa n’ankasa asɛyɛde a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no ho “adesoa.”a Mpanyimfo no nam nkuranhyɛ, Kyerɛwnsɛm mu afotu, ne mpaebɔ so de anigye ‘gyegye’ wɔn nuanom ‘ade a ɛyɛ wɔn duru’ no soa. Nanso mpanyimfo nnye yɛn ankasa honhom fam asɛyɛde ho ‘adesoa’ mfi yɛn nsam.—Romafo 15:1.
20. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wobu ani gu mpaebɔ so?
20 Mpaebɔ ho hia, na ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so. Nanso ɛyɛ den sɛ Kristofo a wɔyare wɔ honhom mu pii bɛbɔ mpae. Sɛ mpanyimfo bɔ gyidi mpae ma nea ɔyare wɔ honhom mu no a, dɛn ne adwene a ɛwɔ akyi? “[Yehowa] bɛma no so,” afi biribi te sɛ abasamtu mu, na ɔbɛhyɛ no den ma wanantew nokware ne trenee kwan so. Ebia na Kristoni a ɔyare wɔ honhom mu no wɔ su a ɛnteɛ de, nanso ebia na ɔnyɛɛ bɔne a anibere wom bi ankasa, efisɛ Yakobo ka sɛ: “Na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde befiri no.” Ɛtɔ da bi a mpanyimfo no afotu a efi Kyerɛwnsɛm mu ne mpaebɔ a efi koma mu kanyan nea wayɛ mmerɛw wɔ honhom mu no ma ɔka bɔne a anibere wom biara a ebia wayɛ, na ɛma ɔda ahonu honhom adi. Eyi nso bɛma wanya fafiri afi Onyankopɔn hɔ.—Yakobo 5:15, 16.
21. (a.) Dɛn nti na Kristofo binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛfrɛ mpanyimfo no? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
21 Mpanyimfo a wɔwɔ ahonim pa wɔ pii yɛ wɔ ɔhwɛ a ɛfata a wɔde bɛma mu, bere a afoforo pii a wɔreba Kristofo asafo no mu no de ɔhwɛ ho asɛnnennen to wɔn so no. Nokwarem no, saa nnipa mu akyɛde yi yɛ nhyehyɛe pa a Yehowa de ama na aboa yɛn ma yɛakura yɛn mudi mu wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. Nanso, Kristofo binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛhwehwɛ mmoa afi wɔn hɔ, na wosusuw sɛ saa anuanom yi nni adagyew koraa anaa nsɛnnennen abunkam wɔn so. Asɛm a edi hɔ no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛ saa mmarima yi ani gye ho sɛ wɔde mmoa bɛma, efisɛ wofi ɔpɛ mu som sɛ ahwɛfo nkumaa wɔ Kristofo asafo no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a A Linguistic Key to the Greek New Testament, a Fritz Rienecker kyerɛwee no kyerɛ phor-ti’on ase sɛ “ade a ɛsɛ sɛ obi soa,” na ɔde ka ho sɛ: “wɔde dii dwuma sɛ asraadi mu asɛm a wɔde gyina hɔ ma ɔbarima boaa anaa ɔsraani bɔtɔ a ne nneɛma wom.”
Wubebua Dɛn?
◻ Sɛ yehia mmoa a, mmoa a ɛbɔ ho abiɛsa bɛn na Yehowa de ma?
◻ Henanom ne nnɛ bere mu nnipa mu akyɛde no?
◻ Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfrɛ mpanyimfo no?
◻ Mmoa bɛn na yebetumi ahwɛ kwan afi Kristofo mpanyimfo hɔ?
[Mfonini wɔ kratafa 15]
So wunya mpaebɔ, Bible adesua, ne mmoa a efi Kristofo mpanyimfo hɔ no mu honhom mu mfaso horow no?