Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 6/15 kr. 32
  • Biribi a Eye Sen Ahoɔfɛ Ntoaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Biribi a Eye Sen Ahoɔfɛ Ntoaso
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 6/15 kr. 32

Biribi a Eye Sen Ahoɔfɛ Ntoaso

BERE a Petro kaa ‘honam ani ahyehyɛde’ a mmea de di dwuma sɛ ahoɔfɛ ntoaso ho asɛm wiei no, otuu fo sɛ: “Mmom no, ɛsɛ sɛ moma mo ahoɔfɛ yɛ komam nipa ankasa, honhom a edwo na ɛyɛ komm a ɛnsɛe, na ɛno ne ade a ne bo yɛ den koraa Onyankopɔn anim.”—1 Petro 3:3, 4, Today’s English Version.

Nea ɛyɛ anigye no, bere a ɔsomafo no kyerɛw honam ani ahyehyɛde a ɛte saa ho asɛm no, ɔde Hela asɛmfua koʹsmos, a ɛno nso na wonyaa Engiresi asɛmfua “cosmetic,” a ɛkyerɛ “honam ani a wɔma ɛyɛ fɛ titiriw” fii mu no, na edii dwuma. So na Petro rebara Kristofo mmea sɛ wonntwiw wɔn anim na wɔmmfa ahoɔfɛ ntoaso foforo a ɛte saa nnni dwuma? Biribiara nni Onyankopɔn Asɛm mu a ɛkyerɛ saa. Mmom no, ɛma ankorankoro kwan ma wosi asɛm yi ho gyinae, enti yebetumi ahwɛ kwan sɛ ahosiesie begu ahorow.

Nanso, sɛ obi hyehyɛ ne ho ma ɛtra so, anaasɛ ɔhyehyɛ ne ho ma ekodu baabi a ɛhaw afoforo pii adwene a, dɛn na ɛbɛkyerɛ? So ɛnyɛ nea ebetumi apira afoforo, akyerɛ sɛ ɔyɛ ahomaso, ama obu a afoforo wɔ ma no so atew, akyerɛ sɛ ɔkyerɛ ne ho, anaasɛ ɔyɛ ɔhopɛfo? Nokwarem no, ɛbɛma ɔbea bi ayɛ nea wommu no, na ebia ɛbɛma wayɛ te sɛ nea ne bra asɛe.—Fa toto Hesekiel 23:36-42 ho.

Sɛ ɔbea a ‘ɔkyerɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn’ nim eyi, na ɔpaw sɛ obetwiw n’anim akeka n’ano a, ɔbɛbɔ mmɔden ama n’anim ayɛ nea ɛda adwenemtew, odwo, ayamye, ne ahobrɛase adi. Su a ɛte saa bɛma n’ahoɔfɛ ne n’anuonyam ayɛ kɛse. Nokwarem no, ɛmfa ho sɛ ɔbea bi bɛhyehyɛ ne ho anaasɛ ɔrenyɛ saa no, ɛsɛ sɛ ɔda no adi sɛ ɔwɔ nidi ne komam ahoɔfɛ. Eyi bɛkyerɛ nimdeɛ a ɔwɔ, sɛnea Petro nsɛm a wɔafa aka asɛm wɔ atifi hɔ kyerɛ no, sɛ biribi a ɛsen ahoɔfɛ ntoaso wɔ hɔ.—1 Timoteo 2:9, 10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena