Okunu ne Ɔpanyin—Asɛyɛde Ahorow no a Wɔma Ɛkari Pɛ
‘Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ ɔyere biako kunu.’—1 TIMOTEO 3:2.
1, 2. Dɛn nti na asɛm a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ asɔfo ware no nnyina Kyerɛwnsɛm so?
WƆ AFEHA a edi kan no mu no, na ɛho hia nokware Kristofo sɛ wɔbɛma wɔn asɛyɛde ahorow akari pɛ. Bere a ɔsomafo Paulo kae sɛ Kristoni a odi sigya “yɛ no yiye” no, so na ɔkyerɛ sɛ onipa a ɔte saa no na ɔbɛfata paa sɛ ɔsom sɛ ɔhwɛfo wɔ Kristofo asafo no mu? So na ɔrekyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi di sigya na ama watumi ayɛ ɔpanyin? (1 Korintofo 7:38) Katolekfo hwehwɛ sɛ wɔn asɔfo di sigya. Nanso asɔfo sigyadi no gyina Kyerɛwnsɛm so? Apuei fam Ortodɔks Asɔre ahorow no ma wɔn asɔfo nkumaa ware, nanso wɔmma wɔn asɔfo mpanyin kwan saa. So ɛno ne Bible no hyia?
2 Ná Kristo asomafo 12 no, Kristofo asafo no nhyɛase no mufo no, yɛ awarefo. (Mateo 8:14, 15; Efesofo 2:20) Paulo kyerɛwee sɛ: “Yenni ho kwan sɛ yɛde onuawa kyini sɛ ɔyere, sɛ asomafo a aka no ne Awurade ne nuanom ne Kefa [Petro]?” (1 Korintofo 9:5, NW) New Catholic Encyclopedia gye tom sɛ “sigyadi ho mmara no yɛ asɔre mmara,” na na “wɔnhyɛ Apam Foforo no mu asomfo sɛ wonni sigya.” Yehowa Adansefo di Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso akyi mmom sen asɔre mmara.—1 Timoteo 4:1-3.
Mpanyinni ne Aware Hyia
3. Kyerɛwnsɛm mu nokwasɛm ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristofo ahwɛfo betumi ayɛ mmarima a wɔaware?
3 Sɛ́ anka Paulo bɛhwehwɛ sɛ ɛsɛ sɛ mmarima a wɔpaw wɔn sɛ ahwɛfo no yɛ ahokwafo no, ɔkyerɛw Tito sɛ: “Eyi nti na mede wo migyaw Kreta, na woasiesie nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kurow biara kurow so mpanyimfo [Hela, pre·sbyʹte·ros] sɛnea mehyɛɛ wo no: Nea ne ho nni asɛm bi, ɔyere biako kunu a ɔwɔ mma gyidifo a wɔnte ahohwi anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho. Na nea ɛsɛ ɔhwɛfo [Hela, e·piʹsko·pos, a emu na wonyaa asɛm “ɔsɔfo panyin” fii] ne sɛ: wonni ne ho asɛm bi ka, sɛ Onyankopɔn fiehwɛfo.”—Tito 1:5-7.
4. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ aware nyɛ ahwehwɛde mma Kristofo ahwɛfo? (b) Hokwan bɛn na onua sigyani a ɔyɛ ɔpanyin wɔ?
4 Saa ara nso na aware nyɛ Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛma obi tumi yɛ ɔpanyin. Yesu anware. (Efesofo 1:22) Ná Paulo a ɔyɛ ɔhwɛfo a ɔda nsow wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu no yɛ ɔhokwafo saa bere no. (1 Korintofo 7:7-9) Ɛnnɛ, Kristofo asigyafo pii som sɛ mpanyimfo. Ebia wɔn sigyadi no ma wonya bere pii de yɛ wɔn nnwuma sɛ ahwɛfo.
‘Ɔwarefo Adwene Yɛ Nta’
5. Kyerɛwnsɛm mu nokwasɛm bɛn na ɛsɛ sɛ anuanom mmarima a wɔyɛ awarefo gye tom?
5 Sɛ Kristoni barima bi ware a, ɛsɛ sɛ ohu sɛ ɔrefa asɛyɛde afoforo a ebegye ne bere ne n’adwene, ato ne ho so. Bible ka sɛ: “Ɔhokwafo da dwen Awurade de ho, sɛnea ɔbɛsɔ Awurade ani, na ɔwarefo da dwen wiase de ho, sɛnea ɔbɛsɔ ɔyere ani; na ɛma n’adwene yɛ nta.” (1 Korintofo 7:32-34) Ɔkwan bɛn so na n’adwene yɛ nta?
6, 7. (a) Ɔkwan biako bɛn so na ɔbarima warefo ‘adwene yɛ nta’? (b) Afotu bɛn na Paulo de ma Kristofo awarefo? (d) Ɔkwan bɛn so na eyi betumi aka gyinae a ɔbarima bi besi sɛ obegye dwumadi bi atom?
6 Ade biako ne sɛ, ɔbarima warefo gyaw tumi a ɔwɔ wɔ n’ankasa ne nipadua so mu no to hɔ. Paulo maa eyi mu daa hɔ pefee sɛ: “Ɔyere nni n’ankasa ne nipadua so tumi, na mmom okunu; saa ara nso na okunu nni n’ankasa ne nipadua so tumi, na mmom ɔyere.” (1 Korintofo 7:4) Ebia ebinom a wɔresusuw aware ho bɛte nka sɛ eyi ho renhia ahe biara efisɛ nna ho asɛm renyɛ ade titiriw biara wɔ wɔn aware mu. Nanso, esiane sɛ Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ sɛ Kristofo tra ase ahotew mu ansa na wɔaware nti, wonnim wɔn hokafo a wobenya no daakye no nkate fam ahiade ankasa.
7 Paulo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ awarefo a wɔde ‘wɔn adwene si honhom fam nneɛma so’ mpo no susuw wɔn yɔnko no nna fam ahiade ho. Otuu Kristofo a wɔwɔ Korinto no fo sɛ: “Okunu mma ɔyere nea ɛsɛ, na ɔyere nso mma okunu saa ara. Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtra hɔ kakra, na moanya mpaebɔ ho adagyew ansa na moasan abehyiam bio, na mo ani a ɛnna hɔ nti, Satan ansɔ mo anhwɛ.” (Romafo 8:5; 1 Korintofo 7:3, 5) Nea ɛyɛ awerɛhow no, ebinom asɛe aware bere a wɔanni saa afotu yi akyi no. Esiane eyi nti, ɛsɛ sɛ Kristoni warefo susuw nsɛm ho yiye ansa na wagye dwumadi bi a ɛbɛma ɔne ne yere ntam atetew bere tenten atom. Ɔnna so nni hokwan sɛ ɔkɔ baabiara te sɛ bere a na ɔyɛ sigyani no.
8, 9. (a) Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ Kristofo awarefo “da dwen wiase de ho” no? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo awarefo da dwen ho sɛ wɔbɛyɛ?
8 Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ Kristofo mmarima a wɔaware, a mpanyimfo ka ho, da “dwen wiase [koʹsmos] de ho”? (1 Korintofo 7:33) Ɛda adi pefee sɛ na Paulo renka wiase yi mu nneɛma bɔne a ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa kwati no ho asɛm. (2 Petro 1:4; 2:18-20; 1 Yohane 2:15-17) Onyankopɔn Asɛm ma yɛn ahyɛde sɛ ‘yɛmpa mmusubɔ ne wiase [ko·smi·kosʹ] akɔnnɔ, na yɛmfa adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa ntra wiase bere yi mu.’—Tito 2:12.
9 Enti, sɛ wɔka sɛ Kristoni warefo “da dwen wiase de ho” a, ɛkyerɛ sɛ ɔbarima anaa ɔbea no dwen wiase nneɛma a ɛka aware asetra a ɛfata ho no ho. Nea ɛka eyinom ho ne ɔdan, aduan, ahomegye—ne nneɛma foforo a enni ano a yentumi mmobɔ din, sɛ mmofra wom a. Na awarefo a wonni mma mpo fam no, sɛ aware no bedi yiye a, ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere no nyinaa da dwen “sɛnea ɔbɛsɔ” n’aware mu hokafo “ani.” Eyi ho hia Kristofo mpanyimfo titiriw bere a wɔma wɔn asɛyɛde ahorow kari pɛ no.
Okununom Pa a Wɔyɛ Mpanyimfo Pa
10. Sɛ Kristoni bi bɛfata sɛ ɔpanyin a, dɛn na ɛsɛ sɛ ne nuanom ne wɔn a wɔwɔ akyi no tumi hu?
10 Ɛwom sɛ aware nyɛ ahwehwɛde a ɛma obi fata sɛ ɔpanyin de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ sɛ Kristoni barima bi yɛ ɔwarefo a, ansa na wɔbɛkamfo no akyerɛ sɛ ɔpanyin no, ɛsɛ sɛ ɔde adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ okumpa a ɔwɔ dɔ ma, bere a odi ti a ɔyɛ no ho dwuma yiye no. (Efesofo 5:23-25, 28-31) Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi pɛ hwɛfodwuma a, wapɛ adwuma pa. Nso nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ wonnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyere biako kunu.” (1 Timoteo 3:1, 2) Ɛsɛ sɛ ɛda adi sɛ ɔpanyin bi reyɛ nea obetumi nyinaa de ayɛ okumpa, sɛ́ ne yere yɛ ɔyɔnko Kristoni anaasɛ ɔnyɛ bi. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ asafo no akyi mpo tumi hu sɛ ɔhwɛ ne yere di n’asɛyɛde afoforo ho dwuma yiye. Paulo de kaa ho sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔtete ho no bɔ no din pa, na wanhwe ahohora ne ɔbonsam afiri mu.”—1 Timoteo 3:7.
11. Dɛn na asɛm “ɔyere biako kunu” no kyerɛ, enti ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ?
11 Nokwarem no, asɛm “ɔyere biako kunu” no kyerɛ sɛ ontumi nware mmoro ɔyere biako, na ɛkyerɛ aware mu nokwaredi nso. (Hebrifo 13:4) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo titiriw hwɛ yiye bere a wɔreboa anuanom mmea wɔ asafo no mu no. Ɛnsɛ sɛ wɔn nkutoo kɔsra onuawa bi a ohia afotu ne awerɛkyekye. Ɛbɛyɛ papa sɛ ɔpanyin foforo, asafo mu ɔsomfo, anaa wɔn yerenom mpo ka wɔn ho bere a ɛyɛ nsrahwɛ a wɔde hyɛ nkuran kɛkɛ no.—1 Timoteo 5:1, 2.
12. Su horow bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo yerenom bɔ mmɔden da no adi?
12 Sɛnea ɛte no, bere a ɔsomafo Paulo rebobɔ ahwehwɛde ahorow a ɛwɔ hɔ ma mpanyimfo ne asafo mu asomfo no, otuu wɔn a wɔbɛfata hokwan ahorow a ɛte saa no yerenom nso fo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mmea no nso anim nyɛ duru saa ara, wɔnnyɛ ntwirifo, wɔn ani so nna hɔ, wonni ade nyinaa mu nokware.” (1 Timoteo 3:11) Okunu Kristoni betumi ayɛ pii de aboa ne yere ma watumi ada su horow a wɔaka ho asɛm no adi.
Kyerɛwnsɛm mu Asɛyɛde Ahorow a Obi Wɔ Wɔ Ne Yere Ho
13, 14. Sɛ ɔpanyin bi yere nyɛ yɔnko Dansefo mpo a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔne no tra na ɔyɛ okumpa?
13 Nokwarem no, afotu yi a ɔde maa mpanyimfo ne asafo mu asomfo yerenom no kyerɛ sɛ na saa ɔyerenom no ankasa nso yɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so. Mpɛn pii no, eyi te saa, efisɛ wɔhwehwɛ sɛ Kristofo ware “Awurade mu nko.” (1 Korintofo 7:39) Na onua a na waware obi a onnye nni dedaw bere a ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa no, anaasɛ ne yere hwe ase a emfi no, no nso ɛ?
14 Eyi ankasa rensiw no kwan sɛ ɔbɛyɛ ɔpanyin. Saa ara nso na ɛrenyɛ papa sɛ ɔne ne yere bɛtetew mu esiane sɛ ɔne no nni gyidi biako kɛkɛ nti. Paulo tuu fo sɛ: “Wobata ɔyere ho anaa? Nhwehwɛ ɔsan!” (1 Korintofo 7:27) Ɔkae bio sɛ: “Sɛ onua bi wɔ ɔyere a onnye nni, na ɔbea no pene sɛ ɔne no tra a, onnnyaa no. Na nea onnye nni no tew mu kɔ a, ma ɔnkɔ, na wɔnhyɛ onua ko anaa onuawa ko no so sɛ akoa saa nsɛm yi mu. Na asomdwoe mu na Onyankopɔn afrɛ yɛn. Na, ɔbea, so wunim sɛ ebia wo na wubegye wo kunu nkwa? Anaasɛ, ɔbarima, wunim sɛ ebia wo na wubegye wo yere nkwa?” (1 Korintofo 7:12, 15, 16) Sɛ ne yere nyɛ Ɔdansefo mpo a, ɛsɛ sɛ ɔpanyin yɛ okumpa.
15. Afotu bɛn na ɔsomafo Petro de ma Kristofo a wɔyɛ okununom, na sɛ ɔpanyin bi bɛyɛ okunu a obu n’ani gu nneɛma so a, asiane ahorow bɛn na ebetumi afi mu aba?
15 Sɛ́ Kristoni panyin bi yere yɛ ɔyɔnko gyidini anaasɛ ɔnyɛ bi no, ɛsɛ sɛ ohu sɛ ne yere hia ne hwɛ a ɔdɔ wom. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Okununom, mo ne wɔn [mo yerenom] ntra nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa dom no difo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw.” (1 Petro 3:7) Okunu a ɔhyɛ da sɛ onni ne yere ahiade ho dwuma no de n’ankasa ne Yehowa ntam abusuabɔ to asiane mu; ebetumi asiw Yehowa anim a ɔkɔ no kwan te sɛ ‘omununkum, na mpaebɔ amfa mu annu.’ (Kwadwom 3:44) Eyi betumi ama ɔremfata sɛ ɔsom sɛ Kristoni ɔhwɛfo.
16. Asɛntitiriw bɛn na Paulo da no adi, na ɛsɛ sɛ mpanyimfo te nka dɛn wɔ eyi ho?
16 Sɛnea yɛahu no, Paulo asɛm no mu nnyinasosɛm titiriw ne sɛ sɛ ɔbarima bi ware a, ogyaw ahofadi a na ɔwɔ sɛ sigyani a na ɛma otumi ‘tra Awurade fam yiye, na biribi nnye no asabawmu’ no bi to hɔ. (1 Korintofo 7:35) Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na mpanyimfo awarefo binom kari pɛ wɔ Paulo nsɛm a efi honhom mu no ho. Bere a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nea wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ mpanyimfo pa yɛ no, wobetumi abu wɔn ani agu asɛyɛde ahorow a wɔwɔ sɛ okununom no so. Ɛbɛyɛ ebinom den sɛ wɔbɛpow asafo mu hokwan bi, sɛ ɛda adi pefee sɛ gye a obegye no bɛyɛ asiane ama wɔn yerenom wɔ honhom fam mpo a. Wɔn ani gye aware mu mfaso horow no ho, nanso so wɔpɛ sɛ wodi ɛho asɛyɛde ahorow no ho dwuma?
17. Dɛn na ato mpanyimfo bi yerenom, na ɔkwan bɛn so na anka wobetumi akwati eyi?
17 Akyinnye biara nni ho sɛ ɔpanyin a ɔyɛ nsi fata nkamfo. Nanso, sɛ Kristoni bi yɛ n’asafo mu nnwuma na obu n’ani gu ne Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow a ɔwɔ wɔ ne yere ho no so a, na ɔkari pɛ? Bere a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa asafo no mufo no, ɔpanyin a ɔkari pɛ bɛma ne yere honhom fam yiyedi nso ho ahia no. Mpanyimfo binom yerenom abɛyɛ mmerɛw wɔ honhom mu, ma ebinom mpo ‘agu asu’ wɔ honhom fam. (1 Timoteo 1:19) Bere a ɛyɛ ɔyere ankasa asɛyɛde sɛ ɔyɛ ne nkwagye ho adwuma no, wɔ nsɛm bi mu no, sɛ ɔpanyin no ‘yɛnee’ ne yere ‘hwɛɛ no yiye’ “sɛnea Kristo nso yɛ asafo no” a, anka wobetumi akwati honhom fam haw no. (Efesofo 5:28, 29) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo ‘hwɛ wɔn ho ne nguankuw no nyinaa.’ (Asomafo no Nnwuma 20:28) Sɛ wɔyɛ awarefo a, wɔn yerenom ka ho.
‘Ɔhonam mu Ahohia’
18. “Ahohia” a Kristofo awarefo hyia no bi ne dɛn, na ɔkwan bɛn so na eyi betumi aka ɔpanyin bi dwumadi ahorow?
18 Ɔsomafo no kyerɛwee nso sɛ: “Sɛ ɔbaabun ware a, ɔnyɛɛ bɔne ɛ; na saafo no ho behia wɔn ɔhonam mu, na me de, anka mepɛ sɛ miyi ahohia no fi mo so.” (1 Korintofo 7:28) Paulo pɛe sɛ oyi wɔn a wobetumi adi ne sigyadi ho nhwɛso no akyi fi dadwen a ɛbata aware ho wɔ ɔkwan biara so no mu. Awarefo a wonni mma fam mpo no, nea ebetumi aka saa ahohia yi ho ne akwahosan ho haw anaa sika fam nsɛnnennen ne Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow a obi wɔ wɔ ne hokafo awofo a wɔn mfe akɔ anim ho. (1 Timoteo 5:4, 8) Ɛsɛ sɛ ɔpanyin fa ɔkwampa so di saa asɛyɛde ahorow yi ho dwuma, na ɛtɔ mmere bi a eyi betwitware ne dwumadi ahorow mu sɛ́ Kristoni ɔhwɛfo. Nea ɛyɛ anigye no, mpanyimfo dodow no ara reyɛ adwuma pa di wɔn abusua ne asafo mu asɛyɛde ahorow nyinaa ho dwuma.
19. Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ: “Wɔn a wɔwɔ yerenom [nyɛ] sɛnea wonni” bi no?
19 Paulo de kaa ho sɛ: “Wɔatwa bere no tiaa, na nea aka no, wɔn a wɔwɔ yerenom ayɛ sɛnea wonni bi.” (1 Korintofo 7:29) Nokwarem no, esiane nea na wadi kan akyerɛw wɔ saa ti yi mu akɔma Korintofo no nti, ɛda adi pefee sɛ na ɔnkyerɛ sɛ Kristofo awarefo mmu wɔn ani ngu wɔn yerenom so wɔ ɔkwan bi so. (1 Korintofo 7:2, 3, 33) Ɔdaa nea na ɔkyerɛ no adi, bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔn a wodi wi yi ase [nyɛ] sɛnea wonni; na wi yi ase su retwam.” (1 Korintofo 7:31) ‘Wiase no retwam’ ntɛm nnɛ sen Paulo anaa ɔsomafo Yohane bere so. (1 Yohane 2:15-17) Enti, Kristofo awarefo a wohu sɛ ɛho hia sɛ wɔde nneɛma bi bɔ afɔre wɔ Kristo akyidi mu no ntumi mma aware mu anigye ne mfaso horow nkutoo nnye wɔn adwene.—1 Korintofo 7:5.
Ɔyerenom a Wɔde Wɔn Ho Bɔ Afɔre
20, 21. (a) Afɔre ahorow bɛn na Kristofo yerenom pii wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛbɔ? (b) Dɛn na ɔyere betumi ahwehwɛ afi ne kunu hɔ ma afata, ɛmfa ho mpo sɛ ɔyɛ ɔpanyin no?
20 Sɛnea mpanyimfo de nneɛma bɔ afɔre na ama afoforo anya mfaso no, saa ara na mpanyimfo yerenom pii abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn aware mu asɛyɛde ahorow ne Ahenni nneɛma a ɛho hia akari pɛ. Kristofo mmea mpempem pii de anigye boa wɔn kununom ma wotumi yɛ wɔn nnwuma sɛ ahwɛfo. Yehowa dɔ wɔn wɔ eyi a wɔyɛ no ho, na ohyira su pa a woyi no adi no so. (Filemon 25) Nanso, Paulo afotu a ɛkari pɛ no kyerɛ sɛ ahwɛfo yerenom betumi ahwehwɛ bere ne ɔhwɛ a ɛfata afi wɔn kununom hɔ ma afata. Ɛyɛ mpanyimfo a wɔyɛ awarefo Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde sɛ wobenya bere a ɛfata ama wɔn yerenom, na ama wɔakari pɛ wɔ wɔn asɛyɛde ahorow mu sɛ okunu ne ɔhwɛfo.
21 Na sɛ Kristoni panyin a ɔyɛ okunu no san yɛ agya nso ɛ? Eyi ma n’asɛyɛde ahorow dɔɔso, na ɛma obenya ɔhwɛ adwuma foforo ka ho, sɛnea yebehu wɔ asɛm a edi hɔ no mu no.
Ntimu
◻ Kyerɛwnsɛm mu nokwasɛm ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristoni ɔhwɛfo betumi ayɛ ɔwarefo?
◻ Sɛ ɔpanyin bi a ɔyɛ sigyani ware a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔma ɛtra n’adwenem?
◻ Akwan bɛn so na Kristoni ɔwarefo “da dwen wiase de ho”?
◻ Ɔkwan bɛn so na ahwɛfo pii yerenom da ahofama honhom adi?
[Kratafa 17 mfonini]
Ɛsɛ sɛ ɔpanyin fi ɔdɔ mu nya bere ma ne yere, ɛmfa ho mpo sɛ teokrase dwumadi ahorow gu ne so