Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 5/15 kr. 10-15
  • Ɔdɔ Ne Obu A Wobɛda Sɛ Okunu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdɔ Ne Obu A Wobɛda Sɛ Okunu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristo​—Obi a Ɔma Ɔhome ho Nhwɛso
  • Sɛnea Wɔbɛyɛ Okununom ne Agyanom a Wɔma Ɔhome
  • Tra a Wɔne Wɔn Tra Nimdeɛ Mu
  • Ɔbea Anwenne no a Wodi no Nĩ
  • Nneɛma Abien a Ɛma Aware Gyina Daa
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Monntetew Nea Onyankopɔn Aka Abom No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Akwankyerɛ Pa A Wɔde Ma Awarefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Okununom Monkyerɛ Ɔdɔ A Ɛma Obi De Ne Ho Bɔ Afɔre
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 5/15 kr. 10-15

Ɔdɔ Ne Obu A Wobɛda Sɛ Okunu

“Mo mu biara nnɔ ne yere saa ara sɛ ne ho.”​—EFESOFO 5:33, NEW WORLD TRANSLATION

1, 2. (a) Awaregu yɛ asɛnnennen wɔ wiase nnɛ kodu he? (b) Nea ɛne no bɔ abira no, tebea foforo bɛn na ɛwɔ hɔ?

Wɔ 1980 mfe no mfinimfini mu hɔ no, Psychology Today bɔɔ amanneɛ sɛ: “Awarefo bɛboro ɔpepem [wɔ U.S.A.] na wɔde wɔn aware mu anigye ho akwanhwɛ ba awiei afe biara mprempren; bere tenten a aware tra hɔ wɔ United States no nkyekyem yɛ mfe 9.4. . . . Nokwarem no, ɛte sɛ nea obiara nni hɔ a ɔwɔ aware mu anigye.” (June 1985) Sɛ wosusuw mpanyin ne mmofra nyinaa ho a, anye yiye koraa no, nnipa 3,000,000 na awaregu ka wɔn afe biara wɔ ɔman biako pɛ mu. Nanso awaregu yɛ asɛnnennen a ɛwɔ wiase nyinaa a ɛno ma ɛda adi sɛ ɔdɔ ne obu nni aware ɔpepem pii mu.

2 Ɔkwan foforo so no, “kuw foforo [bi] a ɛte sɛ nea wobu ani gu wɔn so: awarefo a ɔkwan bi so no wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbom atra ase, a wɔmmma biribiara kwan mma ɛntetew wɔn mu gye owu” no wɔ hɔ. (Psychology Today) Enti, awarefo ɔpepem pii nso wɔ hɔ a wɔreyɛ adwuma dennen de ama wɔn aware no atra hɔ.

3. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

3 W’aware te dɛn? So okunu ne ɔyere ntam ɔdɔ ne obu nkate a emu yɛ hyew wɔ mo ntam? So ɔdɔ a ɛte saa wɔ awofo ne mma ntam wɔ w’abusua no mu? Anaasɛ ɛtɔ da bi a woda no adi sɛ wo bo afuw na wunni afoforo mu ahotoso? Esiane sɛ yɛn mu biara nyɛ pɛ nti, tebea horow a emu yɛ den betumi asɔre wɔ ofie biara mu, wɔ faako a wɔn nyinaa rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ Kristofo mpo, efisɛ “wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.”​—Romafo 3:23.

4. Ɔkwan bɛn so na Paulo ne Petro kyerɛ onii a odi dwuma titiriw wɔ abusua a anigye wom mu no?

4 Esiane nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nsɛnnennen betumi asɔre wɔ ofie biara mu nti, hena na ɛyɛ n’asɛyɛde titiriw sɛ ɔbɛma asomdwoe ne biakoyɛ atra abusua no mu? Asomafo Paulo ne Petro ma mmuae wɔ wɔn afotu a ɛyɛ tee a ɛwɔ wɔn nhoma ahorow mu no mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn.” Ɔkyerɛe nso sɛ: “Mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho Kristo suro mu. Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade, efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no.” (1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:21-23) Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, Petro kyerɛwee sɛ: “Saa ara [Kristo nhwɛso akyidi mu] na mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom.”​—1 Petro 2:21-3:1.

Kristo​—Obi a Ɔma Ɔhome ho Nhwɛso

5, 6. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo yɛ nhwɛso wɔ tiyɛ mu?

5 Nea ɛne afotu a yɛadi kan aka ho asɛm no hyia no, okunu no ne abusua no ti wɔ Kyerɛwnsɛm mu. Nanso ntease bɛn mu na ɔyɛ ti? Ɛsɛ sɛ wodi tiyɛ no ho dwuma dɛn? Ebia ɛbɛyɛ mmerɛw ama okununom bi sɛ wɔbɛhwehwɛ obu na wɔaka sɛ wɔne ‘abusua no ti, na saa na Bible no ka.’ Nanso ɔkwan bɛn so na ɛno ne Kristo nhwɛso no hyia? So Kristo de ahantan hwehwɛɛ obu fii n’akyidifo no hɔ? So yebetumi ahu bere bi a ɔde ahantan kae sɛ: “Hena ne Onyankopɔn Ba wɔ ha? Ɛsɛ sɛ mubu me!” Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu nyaa obu. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam ne nhwɛso pa wɔ abrabɔ, kasa, ne afoforo a ɔne wɔn dii no ayamhyehye mu no so.​—Marko 6:30-34.

6 Enti nea ɛma wotumi di tiyɛ ho dwuma yiye sɛ okunu ne agya ne sɛ wobedi Yesu Kristo nhwɛso no akyi. Ɛwom sɛ Yesu anware da de, nanso sɛnea ɔne n’asuafo no dii nsɛm no yɛ nhwɛso ma okununom. Ɛda adi sɛ ɛno yɛ ade a ɛnna fam ma okunu biara efisɛ Kristo yɛ nhwɛsofo a ɔyɛ pɛ. (Hebrifo 4:15; 12:1-3) Nanso, dodow a okunu bɛn Kristo nhwɛso no ho no, dodow no ara na ɔdɔ ne obu a wɔkyerɛ ma no no mu dɔ. Enti, momma yɛnhwɛ onipa ko a na Yesu yɛ no mu yiye.​—Efesofo 5:25-29; 1 Petro 2:21, 22.

7. Dɛn na Yesu de maa n’akyidifo, na na efi he?

7 Bere bi, Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw bi sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nneɛma nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” Afei, dɛn na na Yesu se ɔde bɛma n’atiefo no? Honhom mu ɔhome! Nanso ɛhe na na ɔhome no befi aba? Ɛnkyɛe na na waka sɛ: “Na obiara nnim agya no, gye ɔba no ne nea ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.” Na eyi kyerɛ sɛ Yesu bɛma wɔanya honhom mu ɔhome denam n’Agya no a obeyi no adi akyerɛ ne nokware akyidifo no so. Nanso na nea Yesu kae no kyerɛ nso sɛ ɔhome fi bɔ a wɔne no bɛbɔ no mu bɛba esiane sɛ ‘odwo na ɔbrɛ ne ho ase koma mu’ nti.​—Mateo 11:25-30.

Sɛnea Wɔbɛyɛ Okununom ne Agyanom a Wɔma Ɔhome

8. Akwan bɛn so na ɛsɛ sɛ okunu ne agya ma ɔhome?

8 Yesu nsɛm no boa yɛn ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni okunu ma n’abusua no nya ɔhome honhom mu ne wɔn ankasa nneyɛe mu nyinaa. Ɛdenam ne odwo nhwɛso ne kyerɛkyerɛ so no, ɛsɛ sɛ ɔboa n’abusua no ma wobehu ɔsoro Agya no yiye. Ɛsɛ sɛ n’abrabɔ da Onyankopɔn Ba no adwene ne ne nneyɛe adi. (Yohane 15:8-10; 1 Korintofo 2:16) Abusua no mufo nyinaa nya ɔhome sɛ wɔne ɔbarima a ɔte saa no bɛbɔ efisɛ ɔyɛ okunu, agya, ne adamfo a ɔwɔ ɔdɔ. Ɛsɛ sɛ wotumi bɛn no na ɛnyɛ nea onni adagyew koraa sɛ wɔne no bɛkasa. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ohu sɛnea wotie asɛm, ɛnyɛ sɛ ɔte nko.​—Yakobo 1:19.

9. Asɛnnennen bɛn na ɛtɔ mmere bi a ɛka mpanyimfo wɔ asafo no mu?

9 Eyi ma yɛkae asɛnnennen bi a ɛtɔ mmere bi a ɛka asafo mu mpanyimfo ne wɔn mmusua. Mpɛn pii no asafo no honhom fam ahiade ama ɔpanyin nni adagyew. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ nhwɛso pa wɔ Kristofo nhyiam horow, ɔsom adwuma no, ne nguanhwɛ adwuma no mu. (Hebrifo 13:7, 17) Nanso, nea afi mu aba ne sɛ mpanyimfo binom de wɔn ho nyinaa ama asafo no. Wɔ ɛno yɛ mu no, wɔabu wɔn ani agu wɔn mmusua so, na ɛtɔ mmere bi a nea efi mu ba no yɛ yaw. Wɔ asɛm biako mu no, ɔpanyin biako annya adagyew koraa sɛ ɔne ne babarima besua ade. Ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ obi foforo nyɛ saa!

10. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi akari pɛ wɔ wɔn tiyɛ a wodi ho dwuma wɔ asafo ne abusua no mu no mu?

10 Dɛn na saa osuahu yi si so dua? Hia a ɛho hia sɛ ɔbarima bɛkari pɛ wɔ asafo dwumadi ahorow ne ne yere ne n’abusua no de mu. Sɛ nhwɛso no, mpɛn pii no nsɛnnennen ne nsusuwho mma mpanyimfo nnya adagyew wɔ nhyiam horow akyi. Sɛ ebetumi ayɛ yiye na eye a, so ɛrenyɛ nea ɛma ɔhome sɛ ɔpanyin a ɔte saa no bɛyɛ nhyehyɛe ama obi de ne yere ne ne mma akɔ fie mmom sen sɛ wɔbɛtwɛn Ahenni Asa so hɔ nnɔnhwerew pii? Nea ɛne Bible mu ahwehwɛde hyia no, wobetumi aka sɛ ‘nguanhwɛ fi ase wɔ fie.’ Sɛ ɔpanyin bu n’ani gu n’abusua so a, obetumi ama paw a wɔapaw no no ho aba asɛm. Enti, mpanyimfo, munnya ayamhyehye na munsusuw mo abusua no nkate ne honhom mu ahiade ne ahiade afoforo ho.​—1 Timoteo 3:4, 5; Tito 1:5, 6.

11, 12. Ɔkwan bɛn so na Kristoni okunu betumi anya n’abusua no mmoa, na nsɛm bɛn na okunu biara betumi abisa ne ho?

11 Kristoni okunu a ɔma ɔhome rennyɛ kankabi anaa katee nso na onsisi gyinae ahorow bere a ɔne n’abusua no nsusuw ho. Ebia na ɛsɛ sɛ wosi gyinae wɔ adwuma nsakrae anaa faako a wɔbɛtra anaasɛ mpo wɔ asɛm ketewaa te sɛ abusua no ahomegye ho. Esiane sɛ ɛbɛka abusua no mufo nyinaa nti, so ɛrenyɛ nea nyansa ne ayamye wom sɛ ɔne wɔn nyinaa besusuw ho? Wɔn adwenkyerɛ ahorow betumi aboa ma wasi gyinae a nyansa wom a ɛda ayamhyehye adi kɛse. Afei ɛbɛyɛ mmerɛw ama abusua no mufo nyinaa sɛ wɔbɛboa no.​—Fa toto Mmebusɛm 15:22 ho.

12 Ɛda adi wɔ nea yɛasusuw ho no mu sɛ Kristoni okunu ne agya nyɛ obi a ɔde nteɛso ma wɔ fie hɔ ara kwa. Ɛsɛ sɛ ɔma ɔhome nso. Okununom ne agyanom, so mote sɛ Kristo? So moma mo abusua no ɔhome?​—Efesofo 6:4; Kolosefo 3:21.

Tra a Wɔne Wɔn Tra Nimdeɛ Mu

13. Afotu bɛn na Petro de ma okununom?

13 Sɛnea yɛahu dedaw no, Petro ne Paulo nyinaa de afotu pa ma awarefo. Esiane sɛ na Petro yɛ ɔbarima warefo nti, na ɔwɔ hokwan abien wɔ n’afotu no mu​—osuahu ne honhom kronkron akwankyerɛ (Mateo 8:14) Ɔde afotu a ɛyɛ tee maa okununom, se: “Okununom, mo ne wɔn ntra nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den.” J. W. C. Wand nkyerɛase a ɔde n’ankasa nsɛm yɛe no kenkan sɛ: “Saa kwan no ara so na ɛsɛ sɛ okununom de Kristofo nnyinasosɛm ne nyansa di dwuma wɔ wɔne wɔn yerenom abusuabɔ mu.”​—1 Petro 3:7.

14. Nsemmisa bɛn na ɛsɔre afei?

14 Afei, dɛn na ɔyere a wɔne no tra “nimdeɛ mu” anaasɛ ‘Kristofo nnyinasosɛm ne nyansa a wɔde di dwuma’ no kyerɛ? Ɔkwan bɛn so na okunu betumi adi ne yere ni? Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Kristoni okunu te Petro afotu yi ase dɛn?

15. Dɛn nti na aware binom gu? (b) Dɛn ne aware mu asɛnnennen ankasa no?

15 Aware pii wɔ hɔ a egyina honam fam nneɛma ahorow ne nea ɛkanyan nna ho akɔnnɔ so. Nanso, aware a ɛtra hɔ daa rentumi nnyina ahoɔfɛ a wohu nkutoo so, efisɛ eyinom ntra hɔ nkyɛ. Awiei koraa no wɔn a wɔaware mfe pii no fuw dwen na wotwintwam. Nanso kae sɛ aware yɛ adwene abien, nipasu abien, ntetee ne honhom fam gyinapɛn abien, ne tɛkrɛma abien a wɔaka abom. Eyi de asɛnnennen ankasa ba! Nanso, eyi a wobɛte ase no ho hia ma aware a anigye wom.​—Mmebusɛm 17:1; 21:19.

16. Dɛn na ɛwɔ ‘tra a wɔne no tra nimdeɛ mu’ no mu?

16 Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, sɛ́ Kristoni okunu ne ne yere bɛtra “nimdeɛ mu saa ara” no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔte n’ahiade ahorow ase. Eyi nyɛ ne honam fam ahiade kɛkɛ, na mmom ne titiriw no ne nkate, adwene, ne honhom mu ahiade nso. Sɛ ‘ɔne no tra nimdeɛ mu’ a, ɔbɛte n’afã a Onyankopɔn de ama no no ase. Ɛbɛkyerɛ nso sɛ ɔkyerɛ obu ma ne mmea nidi no. Eyi ne adwene a na Abɔfosomfo binom a na wɔwɔ hɔ wɔ Petro bere so a na wobu “mmea animtiaa sɛ abɔde a wɔba fam, wɔyɛ honam na wɔn ho ntew” no wɔ no bɔ abira koraa. (The Anchor Bible) Nnɛyi Spania nkyerɛase bi kyerɛ Petro asɛm no ase sɛ: “Ɛdefa okununom ho no: monyɛ anifere wɔ nkwa a mowɔ mu kyɛfa no mu, na munhu ɔbea no mmɔbɔ, efisɛ ɔyɛ mmerɛw kɛse.” (Nueva Biblia Española) Eyi ka asɛm bi a eye a ɛtɔ da a okununom werɛ fi.

17. (a) Nea ɛka nokwasɛm afoforo ho no, dɛn na ɛwɔ ‘ɔbea anwenne’ no a ‘ɛyɛ mmerɛw kɛse’ no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na okunu betumi akyerɛ obu ama ne yere nidi?

17 Dɛn nti na ɔyere “yɛ mmerɛw kɛse” no? Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, esiane n’awo tumi akyɛde no nti. N’awo asetra no ne ne nsa a obu ɔsram biara a nea ɛka ho ne nna pii a ebia ɔbɛte nka sɛ ɔtɔ sin anaasɛ ɔwɔ ɔhyɛ ase no na ɛnam. Sɛ okunu no ansusuw eyi ho na ɔhwehwɛ nneɛma pii a nna ka ho fi ne yere no hɔ ɔsram no da biara a, na wankyerɛ obu amma ne nidi. Ɛno mu no na ɔkyerɛ sɛ ɔne no te pɛsɛmenkominya mu a wofi bu ani gu nneɛma so mu mmom sen sɛ anka ɔne no bɛtra nimdeɛ mu.​—Leviticus 18:19; 1 Korintofo 7:5.

Ɔbea Anwenne no a Wodi no Nĩ

18. (a) Su horow a enye bɛn mu na awarefo binom tɔ? (b) Ɛsɛ sɛ Kristoni okunu yɛ n’ade dɛn?

18 Ɔkwan foforo a okunu betumi afa so ada ɔdɔ ne obu adi akyerɛ ne yere ne sɛ ɔbɛkyerɛ ɔne ne su ahorow ho anisɔ. Ebia okunu bi de bɛyɛ ne su sɛ ɔbɛyeyaw ne yere anaasɛ ɔde no bɛyɛ n’aserede. Ebia na okunu a ɔte saa no susuw sɛ eyi boa ma wɔka ne ho asɛmpa. Nanso, nokwarem no, nea efi mu ba no yɛ abirabɔ, efisɛ sɛ ɔtaa ma ɛyɛ te sɛ nea ne yere no agyimi a, asemmisa a ɛba ara ne sɛ: Dɛn nti na ɔwaree ɔbea kwasea saa? Ampa, ɛte sɛ nea ɔbarima a ɔte nka sɛ onni ahobammɔ nkutoo na ɔbɛyɛ ade a ɛte saa. Okunu a ɔwɔ ɔdɔ bu ne yere.​—Mmebusɛm 12:18; 1 Korintofo 13:4-8.

19. Dɛn nti na ɛrenyɛ papa sɛ okunu begu ne yere anim ase?

19 Wɔ aman bi mu no, ɛyɛ mmarima amammerɛ mpo sɛ wobegu wɔn yerenom anim ase sɛ nea ɛkyerɛ ahobrɛase ade bi. Sɛ nhwɛso no, Japanni okunu betumi aka Gusai a ɛkyerɛ ‘ɔyere gyimifo anaa ɔkwasea’ bere a ɔde ne yere kyerɛ no. Adwene a ɛwɔ eyi akyi ne sɛ ɛsɛ sɛ onipa foforo no ka ɔbea no ho asɛmpa bi ma tebea no kari pɛ. Sɛ Kristoni okunu de ne yere kyerɛ wɔ ɔkwan a ɛte saa so a, so na ‘ɔredi’ ne yere no ‘ni’ sɛnea Petro tuu fo no? Sɛ yɛhwɛ asɛm no ɔkwan foforo so a, so ɔreka nokware akyerɛ ne yɔnko no ankasa? So ogye di ampa sɛ ne yere no yɛ ɔkwasea?​—Efesofo 4:15, 25; 5:28, 29.

20. (a) Tebea a abirabɔ wom bɛn na ebetumi asɔre wɔ okunu ne ɔyere ntam? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi akwati?

20 Ɛtɔ mmere bi a okunu renna ɔdɔ ne obu adi denam ma a ɔma ne werɛ fi sɛ ne yere no yɛ ne Kristoni nuabea nso, ɛnyɛ Ahenni Asa so nko na mmom wɔ fie ne bere biara no so. Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ wubeyi ayamye ne ɔpɔw adi wɔ asa no so nanso worenna ɔpɔw adi na woayeyaw wɔ fie! Ɔsomafo Paulo afotu yi fata dɛn ara! Ɔkyerɛwee sɛ: “Momma yenni nea ɛma asomdwoe ne nea ɛbɛma yɛn nkɔso akyi.” “Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma nea eye, na n’ase atim.” (Romafo 14:19; 15:2) Yɔnko biara nni hɔ a ɔbɛn so sen okunu anaa ɔyere.

21. Dɛn na okununom betumi ayɛ de ahyɛ wɔn yerenom nkuran?

21 Enti, Kristoni okunu a ɔwɔ ɔdɔ nam nsɛm ne nneyɛe so bɛkyerɛ ne yere ho anisɔ. Anwensɛm kyerɛwfo bi a wammɔ ne din kaa no sɛɛ se:

Wɔ aware mu nsɛnnennen a wudwen ho no mu

Wɔ ɔbrɛ ne adwuma nyinaa akyi

Sɛ wo yere a wodɔ no no som bo ma wo a​—

Ka saa kyerɛ no! . . .

Woyɛ ne de ne ne nkutoo de;

Wunim yiye sɛ ne biribiara yɛ wo de;

Ntwɛn nkosi sɛ wubekurukyerɛw agu ɔbo so​—

Ka saa kyerɛ no!”

Ɛda adi yiye sɛ tete ɔhene Lemuel nã boa saa nkate yi. Fã bi no ɔkaa ɔyepa ho asɛm wɔ saa nsɛm yi mu: “Ne mmabanin nyinaa bɛka abom afrɛ no anigye; ne kunu nso, ɔto n’ayeyi sɛ: ‘Mmea pii kyerɛ sɛnea wotumi; nanso wosen wɔn nyinaa.’” (Mmebusɛm 31:1, 28, 29, The New English Bible) Okununom, so mokamfo mo yerenom daa, anaasɛ nantew a na edi aware anim no mu nkutoo na na ɛte saa?

22, 23. Aware a edi yiye no gyina dɛn so?

22 Wɔ kakraa a yɛasusuw ho yi mu no, ɛda adi sɛ sɛ okunu bɛda ɔdɔ ne obu adi akyerɛ wɔ n’aware mu a, ɛnnɔɔso sɛ ɔde n’akatua bɛba fie ara kwa. Aware a edi yiye gyina abusuabɔ a ɔdɔ, nokwaredi, ne ayamhyehye wom so. (1 Petro 3:8, 9) Bere a mfe no twam no, ɛsɛ sɛ saa abusuabɔ yi mu dɔ bere a okunu ne ɔyere sua sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn mu biara su pa ne ahoɔden ahorow ho anisɔ na wosua sɛ wobebu ani agu wɔn mmerɛwyɛ ahorow so na wɔde afiri wɔn ho wɔn ho no.​—Efesofo 4:32; Kolosefo 3:12-14.

23 Sɛ okunu no di kan da ɔdɔ ne obu adi a, abusua mũ no nyinaa benya nhyira. Nanso afã bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni ɔyere no di ho dwuma na ama wɔanya abusua a anigye wom? Asɛm a edi hɔ no bɛka ɛno ne nsemmisa afoforo a ɛfa ho ho asɛm.

So Wokae?

◻ Hena na aware mu anigye gyina ne so titiriw, na dɛn ntia?

◻ Ɔkwan bɛn so na okununom betumi asuasua Kristo nhwɛso a ɛma ɔhome no?

◻ Kari a wɔbɛkari pɛ bɛn na ɛho hia wɔ asafo ne abusua asɛyɛde mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na okunu betumi ‘ne ne yere atra nimdeɛ mu’?

◻ Sɛ ‘wobedi ɔbea ni sɛ ade a ne ho nyɛ den’ no kyerɛ dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Ɔpanyin a ɔkari pɛ nim sɛ nguanhwɛ fi ase wɔ fie

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena