“Anwenne a Ɛyɛ Mmerɛw”—So Wɔka de Bu Mmea Animtiaa?
“DƐN NTI NA WƆDE MMEA BƆBEASU NA ƐKYERƐ SƐNEA WƆTE NA ƐNYƐ WƆN SUAHU, NEA WOTUMI YƐ, NE WƆN NYANSA?”—BETTY A.
“WƆTETE MMEA MA WOSUSUW SƐ WƆYƐ ABƆDE A WƆBA FAM.”—LYNN H.
SO BIBLE mu asɛm a ɛne “anwenne a ɛyɛ mmerɛw” no bu mmea animtiaa? Bible nkyekyem a yɛreka ho asɛm no ne 1 Petro 3:7, NW, a ɛka sɛ: “Okununom, mo ne wɔn ntra nimdeɛ mu saa ara, na munni wɔn ni sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw, sɛ ɔbea, efisɛ mo nso mo ne wɔn yɛ nkwa dom no difo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw.”
Bere a Petro kyerɛw nsɛm yi kɔmaa ne mfɛfo Kristofo no, hokwan kakraa bi na na mmea wɔ wɔ tete abosonsomfo aman no mu ne afei nso Yudafo awaefo mu. So na Petro ne tete Kristofo no rekamfo adwene a na wokura wɔ mmea ho saa bere no akyerɛ?
So Wɔyɛ Anwenne a Ɛba Fam?
Ná afeha a edi kan no mu akenkanfo bɛte Petro asɛm a ɛne “anwenne a ɛyɛ mmerɛw” no ase dɛn? Wɔde Hela asɛmfua ma anwenne (skeuʹos) dii dwuma mpɛn pii wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu, na ɛkyerɛ adekorade, nnade, anwinne ne nnwinnade ahorow. Bere a Petro frɛɛ mmea sɛ “anwenne a ɛyɛ mmerɛw” no, na ommu mmea animtiaa efisɛ na asɛm no kyerɛ sɛ okunu nso yɛ anwenne a ɛnyɛ den anaasɛ ɛyɛ mmerɛw. Bible mu nsɛm afoforo de kasakoa a ɛtete saa ara ka mmea ne mmarima nyinaa ho asɛm, te sɛ “asase so anwenne” (2 Korintofo 4:7, NW) ne “mmɔborohunu anwenne.” (Romafo 9:23, NW) Ɛwom, Petro da no adi sɛ mmea yɛ “mmerɛw” sen mmarima. Nanso Romafo 5:6 ka sɛ nnipa nyinaa yɛ “mmerɛw”—mmarima ne mmea. Enti, na tete Kristofo no remmu asɛm “anwenne a ɛyɛ mmerɛw” no sɛ ebu mmea animtiaa.
Mmom no, na wobebu Petro nsɛm no sɛ ɛma mmea gyinabea yɛ kɛse koraa. Ná wommu mmea wɔ Petro bere so. Sɛnea Onyankopɔn hu siei bere tenten no, okununom hyɛɛ wɔn yerenom so yɛɛ wɔn ayayade wɔ honam, nna ne nkate mu mpɛn pii. (Genesis 3:16) Enti, nea na afotu a Petro de maa okununom Kristofo kyerɛ ankasa ne sɛ: Ɛnsɛ sɛ mode tumi a wiasefo de ama mmarima no di dwuma ɔkwammɔne so.
Ma yensusuw asɛmfua “mmerɛw” no ho yiye. Ná ɛnyɛ nkate fam su horow ho asɛm na Petro reka wɔ nkyekyem yi mu, na mmom honam fam de. Mmarima yɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw; sɛ wɔde toto ho a, mmea yɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw sen wɔn. Ɔkwan bɛn so? Sɛnea mmarima nnompe ne wɔn honam te no taa ma wonya honam fam ahoɔden kɛse. Nanso, biribiara nkyerɛ sɛ na Petro de wɔn abrabɔ, honhom ne adwene mu ahoɔden retoto ho. Nokwarem no, sɛ wɔka sɛnea wofi nkate mu yɛ ade wɔ nsɛm a esisi ho a, wobetumi aka no yiye koraa sɛ mmea yɛ soronko wɔ mmarima ho, na ɛnkyerɛ ankasa sɛ mmea yɛ mmerɛw anaa wɔwɔ ahoɔden kɛse. Bible ka mmea a wɔyɛɛ nea Onyankopɔn pɛ no abrabɔ pa, boasetɔ, ne nhumu ho asɛm—ebinom ne Sara, Debora, Rut, ne Ester, sɛ yɛbɛbobɔ wɔn mu kakraa bi din a. Ɛnyɛ den mma mmarima ahobrɛasefo sɛ wobehu sɛ mmea betumi anya nyansa asen wɔn.
Nanso, ebinom gye di sɛ ka a wɔka sɛ mmea yɛ “mmerɛw” no kyerɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔba fam. Nanso susuw nhwɛso yi ho. Obi wɔ adekorade abien a mfaso wɔ so. Biako wɔ ahoɔden, na nea ɛka ho no nni ahoɔden pii. So obebu anwenne a ɛto so abien no sɛ ɛso nni mfaso pii wɔ ɔkwan bi so esiane sɛ enni ahoɔden kɛse nti? Nokwarem no, wɔtaa de ahwɛyiye ne nidi kɛse di nea enni ahoɔden pii no ho dwuma. Enti, so ɔbea ba fam esiane sɛ onni ahoɔden kɛse sɛ ɔbarima nti? Dabida! Petro amfa asɛm “anwenne a ɛyɛ mmerɛw” no ammu mmea animtiaa, na mmom ɔde kanyan obu.
“Saa Ara . . . Nimdeɛ Mu”
Petro tuu okununom fo sɛ ‘wɔnkɔ so ne wɔn yerenom ntra nimdeɛ mu saa ara.’ “Saa ara” no fa henanom ho? Ná Petro reka ɔdɔ mu a Kristo fi hwɛ n’akyidifo ho asɛm wɔ nkyekyem ahorow a edi eyi anim no mu, na ɔhyɛɛ okununom sɛ wɔnhwɛ wɔn yerenom “saa ara.” (1 Petro 2:21-25; 3:7) Ná Kristo dwen n’asuafo yiyedi ne wɔn ahiade ho sen n’ankasa apɛde bere nyinaa. Ná ɔkyerɛ wɔn honhom ne honam fam yiyedi ho anigye, na odwen wɔn sintɔ ahorow ho. Ɛsɛ sɛ okununom suasua Kristo nhwɛso a ɔdɔ wom no, na wɔyɛ wɔn ade wɔ wɔn yerenom ho “saa ara.”
Aware a ɛkɔ so yiye no nyɛ ade a ɛba kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere nyinaa hu sɛnea wɔbɛboa ma aware no ayɛ yiye. Enti, Petro de afotu ma okununom sɛ wɔnkɔ so ne wɔn yerenom ntra “nimdeɛ mu.” Ɛho hia sɛ okununom sua sɛnea Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo, yɛ wɔn ade wɔ mmea ho no. Ɛho hia sɛ wohu sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ wɔyɛ wɔn yerenom.
Bio nso, ɛho hia sɛ okununom hu wɔn yerenom yiye—wɔn nkate horow, wɔn ahoɔden, wɔn sintɔ ahorow, nea wɔpɛ ne nea wɔmpɛ. Ɛho hia sɛ wohu sɛnea wɔbɛkyerɛ obu wɔ wɔn yerenom nyansa, osuahu, ne nidi ho. Bible no ka sɛ: “Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no. Saa ara nso na ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho. Na obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye.”—Efesofo 5:25, 28, 29.
Munni Wɔn Ni
Bere a Petro kaa mmea ho asɛm sɛ “anwenne a ɛyɛ mmerɛw” no, ɔkae nso sɛ ɛsɛ sɛ okununom ‘di wɔn ni.’ Wɔ Hela mu no, edin asɛm ti·meʹ kura adwene a ɛkyerɛ sɛ wodi biribi ni, wobu no, mfaso wɔ so na ɛsom bo. Ɔkwan foforo so no, nidi a wɔde ma wɔn no nyɛ biribi a wɔde dom wɔn kɛkɛ na mmom nea ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔn a wogye tom. Paulo hyɛɛ Kristofo mmarima ne mmea nyinaa sɛ wɔnyɛ nea edi so yi: “Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye, munni kan nnidi mo ho ni.”—Romafo 12:10.
Ɛda adi sɛ Yehowa Nyankopɔn mmu mmea sɛ abɔde a wɔn ho yɛ fɛ kɛkɛ. Wɔ Isreal no, na wɔde Onyankopɔn mmara di mmarima ne mmea a wodi awaresɛe, mogyafra, mmoa a wɔne wɔn da, ne nsɛmmɔnedi afoforo ho fɔ no nyinaa ho dwuma pɛpɛɛpɛ. (Leviticus 18:6-17, 23, 29; 20:10-12) Ná mmea betumi anya Homeda, Ahotuafo ho mmara, afahyɛ horow, ne Mmara no nsiesiei afoforo pii mu mfaso. (Exodus 20:10; Numeri 6:2; Deuteronomium 12:18; 16:11, 14) Ná ɛsɛ sɛ wodi ɛna ne agya nyinaa ni yɛ osetie ma wɔn.—Leviticus 19:3; 20:9; Deuteronomium 5:16; 27:16; Mmebusɛm 1:8.
Mmebusɛm ti 31 no nkyekyem 10 kosi 31 di “ɔyepa” ni esiane ne nokwaredi, nsiyɛ, ne nyansa a ɔde di n’asɛyɛde pii no ho dwuma nti. Wɔkyerɛɛ obu kɛse maa no sɛ onya abusua adwuma ne sika ne nneɛma afoforo ho dwumadi mu kyɛfa. Hwɛ sɛnea eyi yɛ soronko wɔ mmarima bi a wobu mmea sɛ adwinni bi kɛkɛ no ho! Akyiri yi, wɔ tete Kristofo asafo no mu, wɔde honhom kronkron hyɛɛ mmea den sɛ Kristo adansefo. (Asomafo no Nnwuma 1:14, 15; 2:3, 4; fa toto Yoel 2:28, 29 ho.) Enti, mmea bi bebu mmarima, mmea, ne abɔfo mpo atɛn wɔ soro. (1 Korintofo 6:2, 3) Ɛwom, na ɛnsɛ sɛ mmea kyerɛkyerɛ wɔ asafo nhyiam horow ase; nanso na Kristofo mmea betumi abɔ mpae anaa wɔahyɛ nkɔm wɔ tebea horow bi mu. Wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mmabaa, mmofra ne wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no.—Mateo 24:14; 1 Korintofo 11:3-6; Tito 2:3-5; fa toto Dwom 68:11 ho.
Yehu biribi foforo a ɛkyerɛ nea na ɛwɔ Petro adwenem bere a ɔkae sɛ wonni wɔn ni no wɔ 2 Petro 1:17. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ Yehowa hyɛɛ Yesu anuonyam bere a ɔdaa no adi wɔ afoforo anim sɛ n’ani sɔ no, na ɔkaa eyi no: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.” Saa ara na ɛsɛ sɛ okunu de ne nneyɛe kyerɛ wɔ baguam ne kokoam nyinaa sɛ odi ne yere ni.
Nkwa Difo
Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, mmarima taa bu mmea sɛ wɔmfata nidi anaa obu kɛse—sɛ afenaa anaa adwinnade bi kɛkɛ a mmarima de dwudwo wɔn akɔnnɔ ano. Ɛda adi sɛ Kristofo adwene a ɛne sɛ wonni mmea ni no pagyaw wɔn ma wonya obu kɛse. Barnes’ Notes on the New Testament ka sɛ Petro afotu no “kura mmea ho nokwasɛm bi a ɛho hia yiye. Wɔabu ɔbea sɛ ɔba fam sen ɔbarima wɔ ɔkwan biara so wɔ nyamesom biara mu gye Kristosom mu nko. Kristosom kyerɛkyerɛ sɛ . . . ɔfata sɛ onya anidaso ne bɔhyɛ ahorow a nyamesom de ma no nyinaa bi. . . . Saa nokwasɛm biako pɛ yi remma wommu ɔbea animtiaa bio wɔ baabiara, na ɛde adesamma asetra mu nnebɔne mu fã bɛba awiei ntɛm ara.”
Esiane sɛ mmarima ne mmea nyinaa yɛ Kristo dea nti, ɛyɛ asɛm a anibere wom sɛ okununom bu wɔn yerenom sɛ Kristo agyapade. Bere a Petro kaa mmea ho asɛm sɛ “anwenne a ɛyɛ mmerɛw” wiei pɛ, ne nsɛm no toaa so sɛ: “Efisɛ mo nso mo ne wɔn yɛ nkwa dom no difo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw.” (1 Petro 3:7b) Petro kyerɛe sɛ ayayade a okunu bɛyɛ ne yere no bɛsɛe ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ na asiw ne mpaebɔ kwan.
Wɔmfa asɛm “anwenne a ɛyɛ mmerɛw” no mmu mmea animtiaa wɔ ɔkwan biara so. Ɛwom sɛ Yehowa paw okununom sɛ abusua no ti de, nanso ɔmpene so sɛ mmarima nyɛ mmea ayayade. Mmom no, ɔhyɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔbarima a ɔwɔ ɔbea no ho nimdeɛ no hwɛ no na odi no ni.
Bible no hyɛ mmarima awarefo ne ahokwafo nyinaa sɛ wonni mmea ni, na ɛnsɛ sɛ wobu wɔn sɛ nnipa a wɔba fam. Mmarima ne mmea a wɔyere wɔn ho som Onyankopɔn na wodi wɔn ho wɔn ho ni no benya nhyira pii afi Onyankopɔn hɔ.—Fa toto 1 Korintofo 7:16 ho.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]
Miss G. E. K. / Mfoniniyɛfo: Alice D. Kellogg 1862-1900
Joanne W. Bowie na ɔmaa ho kwan