Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 10/8 kr. 12-15
  • Obu a Wɔde Bɛma Mmea wɔ Da Biara Asetra Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Obu a Wɔde Bɛma Mmea wɔ Da Biara Asetra Mu
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wobu Mmea
  • Obu a Wobeyi no Adi wɔ Fie
  • Obu a Wobeyi no Adi wo Adwumam
  • Ɔdɔ Ne Obu A Wobɛda Sɛ Okunu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Ɔdɔ Ne Obu Adi A Wobɛda Sɛ Ɔyere
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Akwankyerɛ Pa A Wɔde Ma Awarefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Dɛn na Mmea Benya Daakye?
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 10/8 kr. 12-15

Obu a Wɔde Bɛma Mmea wɔ Da Biara Asetra Mu

SƐ WOBENYA obu ama mmea asen sɛnea ɛte mprempren yi a, bere bɛn na ɛhe na ɛsɛ sɛ wofi yɛ nsakrae no? Bere bɛn ne ɛhe na wɔtaa yɛ nyiyim na wonya adwene a ɛnteɛ no? Wɔ fie ne sukuu mu, mfe a wɔrenya nipasu no mu. Yenya yɛn su horow no mu fã kɛse no ara wɔ yɛn awofo nkɛntɛnso ase. Enti, henanom na wobetumi anya su horow a mmerante beyi no adi daakye wɔ mmea ho no so nkɛntɛnso? Ɛda adi pefee sɛ ɛyɛ agya ne ɛna no. Enti ɔhaw no ano aduro biako ne ntetee pa a ebetumi awura afie mu na anya awofonom so nkɛntɛnso.

Sɛnea Wobu Mmea

Jenny, ɔkyerɛwfo a waware, ne mmabea baanan mu panyin, kyerɛkyerɛ nea ɛkyerɛ sɛ wonya saa adwene a ɛnteɛ no wɔ fie no mu, na ɔka sɛ: “Sɛ mmabaa no, yenim sɛ wɔ United States no, mmea dɔɔso sen mmarima. Enti sɛ wopɛ sɛ wɔware wo a, ɛsɛ sɛ woyɛ w’ade wɔ ɔkwan a ɛbɛma mmarima ani agye wo ho so.

“Afei nso, wɔama mmea anya adwene sɛ wɔyɛ abɔde a wɔba fam. Ɛtɔ da bi a, w’awofo mpo ma wote nka sɛ mmarimaa no som bo sen wo. Na sɛ wo ne ɔbarima bi kɔtra a, ɔda asɛnkoro no ara adi sɛ ɔbarima som bo sen wo.

“Na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde nidi a ɛfata yɛn no gyina sɛnea yɛn nipadua te so, nneɛma a yɛn nipadua wɔ anaa enni so? So saa kwan yi so na wosusuw mmarima ho?”

Betty a na anka ɔyɛ adetɔnbea bi so panyin, a waware mfe 32 ni no kaa asɛm foforo se: “Dɛn nti na wogyina mmea bɔbea su so na wosusuw wɔn ho, na ɛnyɛ wɔn suahu, nea wotumi yɛ, ne wɔn nyansa? Nea meka ara ne sɛ mmarima ntie m’adwenkyerɛ. Nnyina me bɔbeasu so mmu me animtiaa!”

“Mmarima taa bu mmea te sɛ nea yɛn nyinaa nnim nyansa​—sɛ yɛagyim dodo sɛ yebesi gyinae pa bi. So wunim nea meka? Wɔnyɛ yɛn sɛnea wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ wɔn no. Ɛno bɛsakra wɔn nsusuwii ntɛm!” Nea obisa ara ne sɛ mmarima mfa Mmara Pa no nni dwuma, ‘Ade biara a mopɛ sɛ afoforo nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.’​—Mateo 7:12.

Mmea yi ma nsɛnhia bi sɔre. Ɛnsɛ sɛ wɔde bo a ɔbea som no gyina sɛnea ne nipadua te ne ahoɔfɛ a ɛyɛ aniani anaa adwene a nnipa wɔ wɔn ho no so. Spaniafo bɛ bi ka ho asɛm sɛɛ se: “Ɔbea ɔhoɔfɛfo yɛ aniwa fɛ; na ɔbea pa yɛ akoma fɛ. Sɛ nea odi kan no yɛ aboɔden bo a, nea odi akyiri no yɛ ademude.”

Bible no ka asɛm yi ara wɔ ɔkwan foforo so sɛ: “Mma w’ahoɔfɛ nnyina mmɛsawɔw, anaa agudehyɛ anaa ntade a ɛyɛ fɛ so na mmom komam nipasu​—honhom a edwo na ɛyɛ komm ade fɛfɛ a ɛmporɔw mu, ade a ne bo yɛ den Onyankopɔn anim.” Na sɛnea ɛnsɛ sɛ yegyina nhoma bi nnuraho so de hu bo a ɛsom no, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yegyina nnipa bɔbeasu so de hu bo a wɔsom.​—1 Petro 3:3, 4, Philips.

Obu a Wobeyi no Adi wɔ Fie

Mmea bebree, ne titiriw ɔyerenom ne ɛnanom a wɔyɛ nnwuma anwinwii a ɛteɛ ne sɛ okununom nhu ofie nnwuma sɛ nnwuma foforo, na wɔntaa nyɛ wɔn fam de. Susan Faludi a yɛafa n’asɛm aka dedaw no se: “Saa ara nso na mmea ne wɔn kununom nyɛ pɛ wɔ wɔn ankasa afie mu, beae a wɔda so ara yɛ ofie nnwuma no mu ɔha biara mu nkyem 70 no.” Dɛn ne nsisi yi ano aduru?

Ɛwom sɛ ebia ɛrenyɛ aman bi mu okununom pii dɛ de, nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ ofie nnwuma ho nhyehyɛe a ɛfata, ne titiriw sɛ ɛsɛ sɛ ɔyere no nso kɔ adwuma a. Ɛwom, wobetumi asusuw nnwuma a ɔbarima no na ɔtaa yɛ no ho bere a wɔrekyɛ nnwuma biara no​—kar mu ne ho asiesie, adiwo hɔ ne mfikyiri hɔ dɔw, nsu, ne anyinam nkanea ho adwuma ne nea ɛkeka ho​—nanso, ne nyinaa akyi no ɛntaa nnu bere a ɔbea no de yɛ ofie nnwuma no. Wɔ aman bi mu no, okununom hwɛ kwan mpo sɛ ɔyerenom bɛhohoro kar no ho ma ɛho atew, te sɛ nea kar no yɛ ofie no fã!

Ɔkwan bi so no, nyansahyɛ a wɔde ma sɛ obiara nyɛ ofie nnwuma no bi no ne ɔsomafo Petro afotu a ɔde ma okununom sɛ wɔne wɔn yerenom “ntra nimdeɛ mu” no hyia. (1 Petro 3:7) Nea eyi kyerɛ no bi ne sɛ ɛnsɛ sɛ okunu yɛ obi a hwee mfa ne ho, na onni tema ma afoforo a ɔne obi te ɔdan anaa ofi mu. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ obu wɔ nyansa ne osuahu a ne yere yi no adi no ho. Ɛsɛ sɛ ɔte n’ahiade ahorow sɛ ɔbea, ɔyere, ne ɛna no ase. Eyi kyerɛ pii sen yɛ a ɔbɛyɛ obi a ɔbɔ akɔnhama a ɔde akatua ba fie; ɔyerenom pii a wɔyɛ nnwuma nso yɛ saa ara. Ɛsɛ sɛ ɔte ne honam, nkate, adwenem, nna, ne nea ɛsen ne nyinaa no, ne honhom mu ahiade ahorow ase.

Wɔ okunu a ɔkyerɛ sɛ odi Kristo nhwɛso akyi fam no, ɔwɔ asɛyɛde kɛse​—Kristo nhwɛso no akyi a obedi. Ɔtoo nsa frɛɛ wɔn a ‘wɔayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa wɔn nnosoa’ nyinaa sɛ: “Mɛma moahome. . . . Midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.” (Mateo 11:28, 29) Ade a ɛsɛ sɛ Kristofo kununom ne agyanom bɔ ho mmɔden bɛn ara ni! Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara bisa ne ho sɛ: So mema me yere nya ɔhome anaa mehyɛ no so? So meyɛ ɔyamyefo a wotumi bɛn no, anaa meyɛ otirimɔdenfo, kankabi? So miyi ‘onuadɔ’ adi wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase, na afei medan obi a ne ho yɛ ahometew wɔ fie? Ɛnsɛ sɛ yenya okununom a wɔwɔ nipasu ahorow abien wɔ Kristofo asafo no mu.​—1 Petro 3:8, 9.

Enti, okunu bi ho asɛm a ɔyere Kristoni bi a wɔhwee no kyerɛkyerɛɛ mu no rentumi nyɛ nea ɛteɛ wɔ ɔkwan biara so: “Kristoni abusua ti osisifo a ɔyɛ no ho wesee wɔ Ahenni Asa so na ɔtɔ akyɛde ahorow ma afoforo nanso obu ne yere animtiaa.” Obu a ɛfata a wɔwɔ ma ɔyere no remma wɔnhyɛ no so ngu n’anim ase. Ampa, eyi fa wɔn baanu nyinaa ho; ɛsɛ sɛ ɔyere no nso yi obu a ɛfata adi ma ne kunu.​—Efesofo 5:33; 1 Petro 3:1, 2.

Bere a Ɔbenfo Susan Forward resi atifi hɔ asɛm yi so dua no, ɔkyerɛw sɛ: “Abusuabɔ pa gyina obu a woyi no adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no so.” Ɛno ma ɛyɛ ahokafo baanu no nyinaa asɛde sɛ wɔbɛhwɛ ma wɔadi yiye. Ɔtoa so sɛ: “Ɛkyerɛ dwen a wobedwen wɔn ho wɔn ho ho na wɔahu obiara nkate ne ahiade horow, na wɔakyerɛ nneɛma a ɛma ɔfoforo no da nsow koraa ho anisɔ. . . . Ahokafo a wɔdɔ wɔn ho nya akwan pa a wɔfa so siesie wɔn ntam nsɛm; a wommu wɔn ntam ɔhaw biara sɛ ɔko a ɛsɛ sɛ wodi mu nkonim anaa nkogu.”​—Men Who Hate Women & the Women Who Love Them.

Bible no de afotu pa ma okununom wɔ Efesofo 5:28 sɛ: “Saa ara nso na ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho.” Dɛn nti na saa asɛm no yɛ nokware? Efisɛ aware te sɛ sika a nnipa baanu de akɔto sikakorabea wɔ wɔn din mu a obiara kyɛfa yɛ ɔha mu nkyekyem 50. Sɛ okunu no sɛe saa sika no bi a, ɔma wɔn baanu nyinaa sikasɛm sɛe. Saa ara nso na sɛ okunu pira ne yere wɔ ɔkwan bi so a, ɛnde opira ne ho bere tiaa bi anaa bere tenten bi. Dɛn ntia? Efisɛ n’aware no yɛ adwuma a wɔabom reyɛ anya mu mfaso. Sɛ wosɛe saa adwuma no a, woahaw mo baanu nyinaa.

Obu ho asɛm a ɛho hia biako wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔkae​—ɛnsɛ sɛ wobisa. Bere a ɛsɛ sɛ awarefo no mu biara bu ɔfoforo no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ade de nya nso. Kristo ammɔ mmɔden sɛ ɔde ne tumi anaa ne dibea a ɛkorɔn no bɛhyɛ afoforo so na wanya obu da.a Saa ara nso na wɔ aware mu no, okunu ne ɔyere nya obu ma wɔn ho wɔn ho denam ɔfoforo no ho a wodwen wɔ wɔn nneyɛe mu no so, na ɛnyɛ Bible no mu nsɛm a ɔde betwiw ne hokafo no anim de ahwehwɛ.

Obu a Wobeyi no Adi wo Adwumam

So ehia sɛ mmarima bu mmea sɛ wɔpɛ sɛ wobu wɔn mmarimayɛ animtiaa? Elizabeth Fox-Genovese kyerɛwee wɔ ne nhoma Feminism Without Illusions mu sɛ: “Nokwarem no, nnɛ mmea pii pɛ nea mmarima pii pɛ: sɛ wobenya asetra pa, sɛ wɔn ankasa benya asetra a mfaso wom, na wɔanya nkɔso wɔ wiase no mu a wɔnhaw adwene pii. So ɛsɛ sɛ wobu saa apɛde ne botae yi sɛ wɔde hunahuna mmarima? Ɔkae nso sɛ: “Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yegye tom sɛ wɔ nsakrae ahorow a aba yɛn wiase yi mu anaa ebia ɛbɛba no nyinaa akyi no, nneɛma ho ntease a egu ahorow da so wɔ hɔ, nanso yebetumi anya mu anigye?”

Ehia sɛ Kristofo mmarima a wɔyɛ nnwuma mu mpanyimfo anaa ahwɛfo no titiriw kyerɛ obu ma wɔn mfɛfo adwumayɛfo a wɔyɛ mmea, na wɔkae sɛ Bible no kyerɛ sɛ ɔbarima koro pɛ na ɔyɛ ɔbea ɔwarefo “ti,” ɔne ne kunu. Ebia afoforo benya dibea horow a ɛma wɔhwɛ afoforo so, na ɛno nti wobu wɔn; nanso wɔ Bible no fam no, ne kunu nkutoo na ɔyɛ ne “ti” na ɛnyɛ ɔbarima foforo biara.​—Efesofo 5:22-24.

Ɛsɛ sɛ adwuma mu nkɔmmɔbɔ ma nkɔso bere nyinaa. Sɛ mmarima di nkɔmmɔ a ekura ntease abien anaa nguamansɛm wom a, na wɔnkyerɛ obu mma mmea anaasɛ wɔresɛe wɔn ankasa din. Paul kyerɛw Kristofo sɛ: “Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo, ɛne aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.”​—Efesofo 5:3, 4.

Ɔbea dwumadi a wɔsakra no a wonsusuw ne nkate horow ho no nso yɛ ɔkwan biako a wɔfa so kyerɛ sɛ wommu no. Jean, ɔyarehwɛfo bi kae sɛ: “Sɛ wobetumi ahu yɛn ansa na wɔasakra yɛn nnwuma a, ankasa ɛbɛyɛ fɛ yiye. Nokwarem no, ɛde mfaso bɛba. Mmea hia mmoborɔhunu ne sɛ wɔbɛma wɔate nka sɛ wɔsom bo na wobu wɔn.

Obu mu ade foforo nso wɔ adwuma ne nea mmea bi frɛ no “ahwehwɛ nsɛmso.” Eyi yɛ “adwuma mu adwenkyea a ɛmma wɔmma mmea mpanyimfo dibea wɔ nnwuma a ɛnyɛ aban de mu no.” (The New York Times, January 3, 1992) Enti, nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States daa no adi sɛ mmea kura adwumam dibea akɛse kakraa bi pɛ, efi ɔha biara mu nkyem 14 wɔ Hawaii ne ɔha biara mu nkyem 18 wɔ Utah kosi ɔha biara mu nkyem 39 wɔ Louisiana. Sɛ wobu mmea a, anka wɔremfa dibea a wɔde ma obi wɔ adwumam no nnyina bɔbeasu so, na mmom nea obi tumi yɛ ne ne suahu so. Nhwehwɛmu ho kwankyerɛfo Sharon Harlan se: “Ɛreyɛ yiye, nanso . . . akwanside pii da so ara wɔ hɔ ma mmea.”

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ May 15, 1989 Ɔwɛn-Aban no nkratafa 10-20, “Ɔdɔ ne Obu Adi a Wobɛda sɛ Okunu” ne “. . . sɛ Ɔyere.”

[Kratafa 14 adaka]

OBU Dɛn na Mmea Betumi Ayɛ?

● W’ankasa BU WO HO

● Ma wonhu nea wobɛma kwan ma wɔaka na wɔayɛ wɔ w’anim no pefee

● Twa nneyɛe ne kasa pa ho hye

● Mmɔ mmɔden sɛ wo ne mmarima besi akane wɔ kasafĩ ne asereseresɛm a ɛmfata mu; ɛno mma wommu wo kɛse sɛ ɔbea a odi ne ho ni, na wommu wɔn nso kɛse sɛ mmarima a wodi wɔn ho ni

● Nsiesie wo ho wɔ ɔkwan a ɛtwetwe akɔnnɔ so, ɛmfa ho sɛ ahosiesie bɛn na aba so; sɛnea wusiesie wo ho no kyerɛ sɛnea w’ankasa wubu wo ho fa

● Nya obu denam w’abrabɔ pa so; fa obu a wohwɛ kwan fi mmarima hɔ no ma wɔn

● Kwati mmarima akyidi

OBU Dɛn na Mmarima Betumi Ayɛ?

● Wo ne mmea nyinaa nni no obu ne nidi mu; na nte nka sɛ ɔbea bi a osi pi regye wo dibea

● Wo ne ɔbea a ɔnyɛ wo yere mmmɔ papee, na mfa nsɛm a ɛkyerɛ sɛ w’ani gye ne ho mfrɛ no

● Kwati nsɛnkwaa a ɛmfra ne ɔhwɛ a ɛkyerɛ sɛ w’ani gye ne ho

● Nkamfo no ntra so na nsoso ne mu wɔ ɔkwan a ɛmfata so

● Mmu ɔbea anaa n’adwuma abomfiaa

● Wo ne no nsusuw nsɛm ho, tie no, wo ne no nni nkitaho wɔ ɔkwan pa so

● Kyerɛ ɔbea adwuma ho anisɔ

● Boa no wɔ ofie nnwuma mu. Na sɛ wosusuw sɛ ɛbrɛ wo ase a, ɔno nso ɛ?

● Sɛ wo ne w’awofo na ɛte a, nya tema ma wo yere wɔ nhyɛso a ohyia no ho. Mprempren ɔne w’asɛyɛde a edi kan na ohia wo mmoa (Mateo 19:5)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena