Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 7/15 kr. 23-26
  • Kristofo Mmofra​—Munnyina Pintinn Wɔ Gyidi No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo Mmofra​—Munnyina Pintinn Wɔ Gyidi No Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Gyidi a Emu Yɛ Den ho Hia
  • ‘Siesie Wo ho sɛ Wubeyi Wo Ho Ano’
  • ‘Yi Wo Ho Ano wɔ Obiara Anim’
  • Mmoa Wɔ Hɔ
  • Nokwaredi De Nhyira Horow Ba
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Fɛwdi Ano?
    Nyan!—1999
  • Siesie Wo Ho Honhom Mu Ma Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 7/15 kr. 23-26

Kristofo Mmofra​—Munnyina Pintinn Wɔ Gyidi No Mu

“ƐSƐ sɛ obiara ba.” Saa na wɔde amanneɛbɔ no mae. Na ɛsɛ sɛ Japan sukuu bi mu sukuufo nyinaa ba nhyiam kɛse bi wɔ wɔn nhyiambea hɔ. Kristoni sukuuni abofra bi ntumi nnye adwenhorow bi a wɔda no adi wɔ sukuu no dwom mu ntom. Onyaa adwene sɛ: “Minim sɛ wɔbɛbɔ sukuu no dwom no. Nanso merenhyia nsɛnnennen biara. Mɛtra akyi sɛnea meyɛ daa no.”

Nanso, bere a Yehowa Ɔdansefo abofra no hyɛn nhyiambea hɔ no, ohui sɛ sukuu no akyerɛkyerɛfo nyinaa tete nkongua a ɛtwa to wɔ akyi hɔ no so. Enti, na ɛsɛ sɛ ɔtra wɔn anim. Bere a sukuufo afoforo no sɔre gyinaa hɔ maa sukuu dwom no, ɔkɔɔ so traa ase wɔ obu kwan so. Nanso eyi maa akyerɛkyerɛfo no bo fuwii. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma no so agyina hɔ. So wubetumi ayɛ wo ho mfonini sɛ wowɔ tebea a ɛte sɛɛ mu? Dɛn na anka wobɛyɛ?

Nea Enti a Gyidi a Emu Yɛ Den ho Hia

Sɛ nkurɔfo begyae Kristofo haw na wɔama wɔn kwan ma wɔatra ase ma ɛne wɔn ahonim a wɔde Bible atete no ahyia a, anka eye. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo gyina tebea horow a ɛhaw adwene ano mpɛn pii. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa, efisɛ Onyankopɔn ankasa Ba, Yesu Kristo kae sɛ: “Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Yohane 15:20) Yehowa nkoa hyia gyidi ho sɔhwɛ afoforo wɔ ɔtaa a ɛba tẽẽ no akyi.

Kristofo mmofra taa hia gyidi a emu yɛ den na ama wɔagyina sɔhwɛ ahorow a wohyia wɔ sukuu no ano. Ebia ɛbɛba sɛ ɛsɛ sɛ wɔne wɔn mfɛfo sukuufo a wɔka kasafi anaa wɔn suban gu Onyankopɔn ho fi bɔ. Ebia Kristofo mmofra behyia ɔmampɛ a wɔresi so dua kɛse, ne nhyɛso a ɛbɛma wɔde wɔn ho ahyɛ akuw horow, amansɛm a wosua wɔ sukuu, anaa dwumadi afoforo a ebetumi apira wɔn wɔ honhom mu no mu. Ebia akyerɛkyerɛfo anaasɛ mfɛfo sukuu bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ Kristofo mmofra ma wɔagyae nsɛm mu asiesie. Enti, ɛsɛ sɛ mmofra a wosuro Nyankopɔn de wɔn ho to Yehowa honhom so na wɔanya gyidi a wohia na ama wɔatumi de wɔn anidaso ho anoyi a emu da hɔ pefee ama.​—Mateo 10:19, 20; Galatifo 5:22, 23.

‘Siesie Wo ho sɛ Wubeyi Wo Ho Ano’

Ɔsomafo Petro afotu no fata ma Kristofo mmofra ne mpanyimfo nyinaa. Ose: “[Mu]nsiesie mo ho mmere nyinaa sɛ mubeyi mo ho ano obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase no anim, nanso momfa odwo ne osuro kɛse nyɛ saa.” (1 Petro 3:15, New World Translation) Dɛn na egye na woasiesie wo ho ama anoyi a ɛte sɛɛ? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wote nea Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ no ase. Sɛ wubegyina pintinn wɔ sukuu wɔ nsɛm te sɛ ɔmampɛ, amammui, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, anaa abrabɔ pa ho a, ɛsɛ sɛ wudi kan te nea enti a Kristofo apaw gyinabea a ɛte saa no ase, na wufi komam gye di.

Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ mfɛfo Kristofo sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo! Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33, NW) So wugye eyi tom? Sɛnea Paulo kyerɛe no, ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛdaadaa wo wɔ fekubɔ ho asɛm no mu. Ebia ɛte sɛ nea obi wɔ adamfofa su na ne ho yɛ anigye. Nanso, sɛ Yehowa som adwuma ho nhia no te sɛ wo, anaa onnye Bible mu bɔhyɛ ahorow nni a, ɔyɛ ɔyɔnko bɔne. Dɛn ntia? Efisɛ n’asetra gyina nnyinasosɛm soronko so, na ebia nneɛma a ɛho hia Kristoni yiye no mfa no ho ahe biara.

Eyi nyɛ nwonwa, efisɛ Yesu kaa n’akyidifo ho asɛm sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:16) Ɛrentumi mma sɛ obi bɛyɛ nokware Kristoni, na bere koro no ara mu no, wayɛ wiase a Satan ne ne nyame no fã. (2 Korintofo 4:4) So wuhu sɛnea wiase no ho a Kristoni twe ne ho fi saa no bɔ ne ho ban fi porɔwee ne ntɔkwaw a ɛhaw nnipa pii nnɛ no ho? Sɛ saa a, ɛnde wubetumi ate nea enti a ɛsɛ sɛ wokɔ so twe wo ho no ase yiye, sɛ eyi kyerɛ sɛ worentumi mfa wo ho nhyɛ sukuu dwumadi ahorow bi mu mpo a.a

Hia a ehia sɛ yebegyina pintinn wɔ gyidi mu na yɛde Ahenni nneɛma adi kwan wɔ yɛn asetra mu no daa adi wɔ Kristoni abeawa bi ho asɛm mu. (Mateo 6:33) Bere a wɔde ne sukuu wie ho dwumadi no sua ho amanneɛbɔ mae no, ohui sɛ wɔbɛyɛ no da no ara a wayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛkɔ Yehowa Adansefo ɔmansin nhyiam bi no. Ɔkyerɛw krataa bi a ɛda obu adi a ɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɔremma dwumadi no sua no mu, na ɔde maa ne kyerɛkyerɛfo ansa na adekyerɛ refi ase. Wɔpɔnee no, ɔkyerɛkyerɛfo no frɛɛ no gyinaa nkyɛn, na obisaa no sɛ ɔnsan nkyerɛkyerɛ nea enti a ɔremma dwumadi no sua no mu. Abeawa no se: “Na ɔpɛ sɛ ohu sɛ nsonsonoe nni nsɛm a mekae no mu anaa. So na eyi yɛ sɛnea mete nka, anaa me maame nsɛm kɛkɛ na ɛwɔ krataa no mu? Bere a ohuu m’ankasa gyidi wɔ asɛm no mu no, wansɔre antia me.”

‘Yi Wo Ho Ano wɔ Obiara Anim’

Kristofo mmofra taa hu sɛ, sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn gyinabea no mu pefee kyerɛ akyerɛkyerɛfo ne sukuufo ansa na asɛm bi si a, ɛkame ayɛ sɛ nhyɛso no ano nyɛ den pii bere a ɛsɛ sɛ wogyina ɔhaw ahorow ano no. Japanni Kristoni abofra bi ka sɛ bere a na wadi mfe 11 no, ne sukuu no hwehwɛe sɛ sukuufo no nyinaa ba Buronya apontow bi ase. Sukuufo a wodi n’anim wɔ sukuu no hyɛɛ no sɛ ɔmfa ne ho nhyem, nanso wankɔ, na ne kyerɛkyerɛfo tee ne gyinabea no ase. Dɛn ntia? Efisɛ bere a aka kakra na sukuu afe no afi ase no, na Ɔdansefo no ne n’awofo ahyia ɔkyerɛkyerɛfo no akyerɛkyerɛ wɔn Kristofo gyinabea afã horow no mu.

Bere a wɔreyɛ asɛnka adwuma no, Kristofo mmofra bi suro sɛ wobehyia wɔn mfɛfo sukuufo anaa wɔn akyerɛkyerɛfo. So wote nka saa? Sɛ saa a, dɛn nti na wunni kan mma wo mfɛfo sukuufo nhu sɛ woka asɛm wɔ afie afie, ne nea enti a woyɛ saa. Yehowa Ɔdansefo bi a wadi mfe 14 bɔɔ amanneɛ sɛ: “Obiara a ɔwɔ me sukuu mu no nim me gyinabea sɛ Kristoni. Nokwarem no, wonim yiye araa ma enti sɛ mihyia me yɔnko sukuuni bere a mereyɛ ɔsom adwuma no a, m’ani nwu. Me mfɛfo sukuufo taa tie asɛm no, na mpɛn pii wogye Bible nhoma.” Obi a wadi mfe 12 bɔ amanneɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ obehyia ne mfɛfo sukuufo bere a ɔreyɛ ɔsom adwuma no. Sɛ anka eyi ho adwennwene beyi ne hu mmom no, daa osuasua nea sɛ ohyia wɔn a ɔbɛka. Enti, wasiesie ne ho sɛ ɔbɛka nneɛma pa a ne gyidi gyina so no ho asɛm.

Sukuu pii mu no, wɔkyerɛ sɛ sukuu akyi dwumadi ahorow yɛ nea obi pɛ a na ɔyɛ. Nanso nokwarem no, akyerɛkyerɛfo ne sukuufo de nhyɛso kɛse ba ankorankoro so sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ dwumadi ahorow a ɛte sɛɛ no mu. Kristoni bi a wadi mfe 20 nyaa ɔkwan pa bi a ɔbɛfa so agyina nhyɛso yi ano. Ose: “Mesomee sɛ akwampaefo boafo wɔ bere a mede kɔɔ ntoaso sukuu no mu nyinaa. Na obiara nim sɛ minni adagyew koraa wɔ me som mu dwumadi ahorow mu na mede me ho ahyɛ nneɛma afoforo mu.” Ɔdansefo yi nuabea kumaa nso faa saa kwan yi ara so. Kristofo mmofra binom toa akwampaefo aboafo a wɔyɛ wɔ bere a wɔkɔ sukuu no mu no so bɛyɛ daa akwampae adwuma sɛ bere nyinaa Ahenni adawurubɔfo bere a wɔawie sukuu no.

Mmu w’ani ngu nneɛma pa a efi w’abrabɔ pa ne akokoduru a wode di adanse mu ba no so. Sɛ anka wobɛyɛ komm mmom no, dɛn nti na wonkyerɛ sɛ wugyina pintinn wɔ gyidi no mu denam obu ne akokoduru a wode bɛkasa no so? Saa na Israelni abeawa bi a na wɔafa no nnommum a ɔkɔtraa Siriafo sahene Naaman fie no yɛe. (2 Ahene 5:2-4) Esiane nea saa abeawa no dii kan yɛɛ nti, woyii Yehowa din ayɛ. Gyidi a ɛte sɛɛ a wobɛda no adi no betumi de nidi nso abrɛ Onyankopɔn, na ebia aboa afoforo ma wɔabɛyɛ wɔn a wɔkamfo ne din.

Nokwasɛm no ne sɛ yɛrentumi nnyaa yɛn gyidi mu na yɛakɔ so ara ayɛ Kristofo. Yesu se: “Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’Agya a ɔwɔ soro no anim; na obiara a ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no m’Agya a ɔwɔ soro no anim.” (Mateo 10:32, 33) Gyidi no mu a wubegyina pintinn sɛ Yesu akyidini no yɛ asɛyɛde a anibere wom, ɛnte saa?

Mmoa Wɔ Hɔ

Nea ɛbɛyɛ na woagyina pintinn sɛ Yehowa Adansefo mu biako no, wuhia gyidi a ɛyɛ den. Ɛno hwehwɛ sɛ wode nsiyɛ sua Bible no, wokɔ Kristofo nhyiam horow, na woyɛ asɛnka adwuma no bi. Sɛ woda so ara te nka sɛ biribi atɔ sin a, dɛn na wubetumi ayɛ? Osuani Yakobo se: “Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na wɔde bɛma no.” (Yakobo 1:5) Ka wo haw no ho asɛm kyerɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu; obetumi ahyɛ wo den ma woagyina wo gyidi ho sɔhwɛ ahorow ano.

Dɛn bio na Kristoni abofra betumi ayɛ? Mmebusɛm ka kyerɛ yɛn sɛ: “Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.” (Mmebusɛm 23:22) Ɔsomafo Paulo foa afotu yi nsɛmmoa, efisɛ ɔkae sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani.” (Kolosefo 3:20) Kristofo awofo betumi aboa wo ma woagyina pintinn wɔ gyidi mu. Tie wɔn nyansahyɛ ahorow. Ɛdenam wɔn mmoa so no, hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no ne nhoma a egyina Bible so no mu, hwehwɛ nsusuwii, afotu, ne osuahu ahorow. Wo ne w’awofo nyinaa ani begye eyi ho, na ɛbɛboa wo ma woadi ehu so.​—2 Timoteo 1:7.

Fa nsiesiei a Yehowa Nyankopɔn ayɛ denam Kristofo asafo no so nyinaa di dwuma kosi ase. Siesie wo ho yiye ma nhyiam horow. Wo ne mpanyimfo a wɔapaw wɔn ne afoforo a wɔahyia nsɛm ahorow te sɛ nea wuhyia mprempren no mmɔ nkɔmmɔ. Salomo se: “Na onyansafo ntie, na n’adenim nnɔɔso, na onimdefo mfa nnya atɛmpa.” (Mmebusɛm 1:5) Enti sua ade fi mpanyimfo yi hɔ. Wubetumi asua ade nso afi Kristofo mmofra a wotumi gyina ɔhaw ahorow te sɛ wo de no ano no hɔ.

Nokwaredi De Nhyira Horow Ba

Sɛ wugyina pintinn wɔ gyidi no mu a, na wode Paulo afotu a ese “muntintim, munnhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa” no redi dwuma. (1 Korintofo 15:58) Yehowa nim ɔhaw ahorow a wuhyia no na ɔte ase. Wahyɛ pii a wɔahyia nsɛnnennen a ɛte saa ara no den, na ɔbɛhyɛ wo den. Sɛ wode wo ho to Onyankopɔn so a, ɔbɛboa wo, efisɛ odwontofo no kae sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.”​—Dwom 55:22.

Petro kyerɛwee sɛ: “Munnya ahonim pa, na nea wotwiri mo wɔ mu no, wɔn a wogu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.” (1 Petro 3:16) Sɛ wopow sɛ wubegyaa Onyankopɔn trenee mmara ne nnyinasosɛm ahorow mu asiesie a, wubenya ahonim pa, ade a ɛyɛ nhyira ankasa a efi Yehowa hɔ. Bio nso, wobɛyɛ nhwɛso pa ama Kristofo mmofra a ebia wɔn gyidi yɛ mmerɛw no. (1 Timoteo 4:15, 16) Ebia wo suban bɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔabɔ mmɔden sɛ wobegyina gyidi no mu pintinn na ama wɔatumi agyina sɔhwɛ ahorow ano.

Ebia wobɛboa wɔn a mfiase no wɔsɔre tiaa wo Kristofo gyinabea no mpo. Kae nsɛm a ɛma anidaso yi: “Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.” (Ɔsɛnkafo 11:6) Hena na onim nneɛma a ebefi wo nokwaredi nneyɛe a wonam so gu aba pa no mu aba?

Nhyira a ɛsen biara a wubenya no mu biako ne gyinabea pa a wubenya wɔ Yehowa anim. Awiei koraa no, gyidi mu a wubegyina pintinn no bɛma woanya daa nkwa. (Yohane 17:3; fa toto Yakobo 1:12 ho.) Nsɛm a wubegyaa mu asiesie a ɛbɛma woanya sɔhwɛ mu bere tiaa mu ahotɔ biara nni hɔ a ɛfata sɛ ɛma saa akyɛde no fi wo nsa.

Na abofra a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no nso ɛ? Wiɛ, ogyinaa n’amanehunu no ano. Bere a sukuufo nhyiam no baa awiei no, ɔde anifere bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne gyinabea no mu akyerɛ akyerɛkyerɛfo no. Ɛwom sɛ wɔantie ne nsɛm no de, nanso onyaa akomatɔyam a ɛne sɛ wama Yehowa koma ani agye. (Mmebusɛm 27:11) Ɔkɔɔ so de ne gyidi ho anoyi mae kosii sɛ owiee sukuu. Afei ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo. Ɛmmra sɛ ade a ɛyɛ anigye saa ara befi wo boasetɔ a nokwaredi wom no mu aba. Sɛ wugyina gyidi no mu pintinn a, ɛbɛba saa.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ eyi ne Bible mu nnyinasosɛm afoforo ho nsɛm a, hwɛ Questions Young People Ask​—Answers That Work nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no mu.

[Adaka wɔ kratafa 25]

MMOA A ƐWƆ HƆ

◻ Tie w’awofo a wosuro Onyankopɔn no nyansa.

◻ Fa honhom mu nsiesiei ahorow a ɛwɔ Kristofo asafo no mu no di dwuma.

◻ Wo ne mpanyimfo a wɔapaw wɔn ne afoforo a ebia wɔahyia ɔhaw ahorow te sɛ wo de no mmɔ nkɔmmɔ.

◻ Wo ne Kristofo mmofra afoforo a wotumi gyina akwanside ahorow a ɛte sɛɛ ano no mmɔ nkɔmmɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena