Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 1/15 kr. 15-20
  • Sɛnea Asubɔ Betumi Agye Yɛn Nkwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Asubɔ Betumi Agye Yɛn Nkwa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Asubɔ Gye Nkwa
  • Fata a Wɔfata ma Asubɔ
  • Asubɔ Bere a Obi Nnyinii Pii
  • Awofo Adwuma
  • Hwɛ a Wɔbɛhwɛ Atra Asubɔ No
  • Asubɔ Betumi Agye Yɛn Nkwa
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wobɔ Asu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Ehia Sɛ Kristofo Bɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Asubɔ ne Wo ne Onyankopɔn Ntam Abusuabɔ
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Fa Yɛ Wo Botae Sɛ Wobɛsom Onyankopɔn Daa
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 1/15 kr. 15-20

Sɛnea Asubɔ Betumi Agye Yɛn Nkwa

“Nsu mu asubɔ . . . gye yɛn nkwa.”​—1 PETRO 3:21, The Emphatic Diaglott.

1, 2. Dɛn na wɔhwehwɛ ansa na wɔabɔ obi asu wɔ nsu mu?

YEHOWA wɔ ahwehwɛde ahorow pɔtee bi ma wɔn a wɔhwehwɛ nkwagye no. Ɛsɛ sɛ wonya nokware nimdeɛ, wɔda gyidi adi, wonu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho, wonya adwensakra, wohyira wɔn ho so ma Onyankopɔn na wogye asubɔ sɛ gyidifo. (Yohane 3:16; 17:3; Asomafo no Nnwuma 3:19; 18:8) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ no gye tom wɔ baguam sɛ wɔagyina Yesu afɔrebɔ no so anu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho na wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa. Ɛsɛ sɛ wɔte ase nso sɛ ahosohyira ne asubɔ ma wohu wɔn sɛ Yehowa Adansefo.

2 Asubɔ nhyehyɛe mũ no nyinaa a gyidi a wɔbɛda no adi wɔ baguam yi ka ho no ho hia ma nkwagye. (Romafo 10:10) Wosii eyi so dua bere a ɔsomafo Petro kyerɛw eyi no: “Nsu mu asubɔ . . . gye yɛn nkwa.” (1 Petro 3:21, ED) Nanso ɛsɛ sɛ yɛte saa asɛm no ase pɛpɛɛpɛ dɛn? Dɛn na nsɛm afoforo a ɛka ho no kyerɛ?

Sɛnea Asubɔ Gye Nkwa

3. Ɔkwan bɛn so na wode w’ankasa nsɛm bɛka 1 Petro 2:18-21 ho asɛm tiaa?

3 Petro kyerɛe sɛ bere a wonyan Yesu sɛ honhom abɔde no, ɔkaa afobu nkrasɛm kyerɛɛ ahonhommɔne a wɔwɔ afiase, adaemone a wɔde daa nhama akyekyere wɔn asie ama Yehowa da kɛse no atemmu no. Wɔnam dan a wɔdan yɛɛ honam nipadua na wɔne mmea bɛdae no so yɛɛ asoɔden “bere a Onyankopɔn abodwokyɛre twɛnee, Noa nna a wɔreyɛ adaka no mu. Emu na akra kakraa a wosi baawɔtwe [Noa, ne yere, ne mmabarima, ne wɔn yerenom] nyaa nkwa nsu no mu.” Petro de kaa ho sɛ: “Ɛno na afei ne nsɛso gye mo nso nkwa; ɛne asubɔ a ɛnyɛ ɔhonam ho fi yi [a ɛho hia no ara kwa], na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu wusɔre nti yɛnam so yɛ Onyankopɔn de.”​—1 Petro 3:18-21; Genesis 6:1, 2; 2 Petro 2:4; 2 Korintofo 7:1.

4. Dɛn na na Petro reka ho asɛm bere a ɔkae sɛ “ne nsɛso” no?

4 Na dɛn na Petro kyerɛ bere a ɔkae sɛ “ne nsɛso” no? Ɔkyerɛ sɛ asubɔ a egyina gyidi so no ne kora a wɔkoraa Noa ne n’abusua a wogyee wɔn wɔ nsuyiri a ɛsɛee wɔn a na wonni adaka no mu no so no sɛ. Sɛnea na Noa hia gyidi na ɔde apam adaka no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɔ wɔn asu sɛ Yesu Kristo asuafo ne Yehowa adansefo nyinaa nya gyidi na wɔde agyina nhyɛso ahorow a saa wiase a enni gyidi yi ne ne nyame, Satan Ɔbonsam de ba wɔn so no ano.​—Hebrifo 11:6, 7; 1 Yohane 5:19.

5. Ɔkwan bɛn so na ‘nkwagye nam Yesu Kristo wusɔre so’?

5 Ɛnyɛ asubɔ ankasa na egye nkwa. Na ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ ‘yeyi ɔhonam ho fĩ gu’ de, nanso ɛno nkutoo nnye yɛn nkwa. Mmom no, nkwagye nam “Yesu Kristo wusɔre” so. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ no nya gyidi sɛ wobetumi anya saa nkwagye no esiane sɛ Onyankopɔn Ba no wuu afɔrebɔ wu na wonyanee no nti. Ɛsɛ sɛ wogye Yesu tom nso sɛ wɔn Awurade a ɔwɔ tumi sɛ obu ateasefo ne awufo ntɛn. Petro kae sɛ: “Ɔno na, ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Onyankopɔn nifa, na abɔfo ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.”​—1 Petro 3:22.

6. Sɛ obi a ɔhwehwɛ asubɔ benya ahonim pa a, na dɛn na wayɛ?

6 Petro de asubɔ bataa “ahonim pa adebisa” ho. Sɛ obi a ɔhwehwɛ asubɔ benya ahonim pa a, ɛsɛ sɛ onu ne ho wɔ ne bɔne ahorow ho, ɔdan ne ho fi n’akwammɔne ho, ohyira ne ho so koraa ma Yehowa Nyankopɔn wɔ mpaebɔ mu denam Yesu Kristo so. Sɛ obi a wɔabɔ no asu nam Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a odi so so kura saa ahonim pa no mu a, ɔkɔ so tra tebea a wɔagye no wom no mu a ɛnhwehwɛ sɛ Yehowa bu no fɔ.

Fata a Wɔfata ma Asubɔ

7. Ɛdefa asubɔ ho no, dɛn na Kristoman asɛmpatrɛwfo ayɛ?

7 Bere a Yesu de ahyɛde maa n’akyidifo sɛ wɔmmɔ asuafo asu no, wanka ankyerɛ wɔn sɛ wɔmfa nsu mpetepete wɔn a wɔnyɛ gyidifo mpempem pii so. Nanso dɛn na Kristoman asɛmpatrɛwfo ayɛ? Ɛdefa India ho no, Jesuitni Francis Xavier kyerɛwee wɔ 1545 mu sɛ: “Wɔ Travancore ahemman mu no . . . mabɔ mmarima, mmea ne mmofra bɛboro mpem du asu wɔ asram kakraa bi ntam. . . . Mekɔɔ nkuraa ase na mekɔyɛɛ wɔn Kristofo.” Ɛnyɛ ɔkwan a Yesu se wɔmfa so ‘nyɛ Kristofo’ no nen. Ɛsɛ sɛ nkurɔfo fata ma asubɔ.

8. Dɛn na nkyerɛwee a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Paulo de no ka wɔ wɔn a wɔde wɔn ho ma sɛ wɔmmɔ wɔn asu no ho?

8 Nnipa bi a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo a wɔtraa ase wɔ asomafo no bere no akyi mpo no gye dii sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn ho ma sɛ wɔmmɔ wɔn asu no du ahwehwɛde ahorow pɔtee bi ho. Ɛdefa wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ a wɔte saa no ho no, nhoma bi a enye Bible no mu de dii mfomso ka too ɔsomafo Paulo so sɛ ɔkae sɛ: “Momma wɔnhwehwɛ wɔn su ahorow ne wɔn asetra mu . . . Sɛ wɔnwaree a, momma wonsua sɛnea wɔremmɔ aguaman na mmom wɔmfa wɔn ho nhyɛ aware a mmara ma ho kwan mu. . . . Sɛ oguamammɔfo bi ba a, momma onnyae aguamammɔ, anyɛ saa a mompow no. . . . Ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛw nea odi bɔne ho fɔ no din, . . . nkonyaayifo, kaberekyerefo, nsoromma mu hwɛfo, obi a ɔde nkonyaayi mu nsɛm di dwuma, . . . obi a ɔyɛ nsɛbɛ, abosonkɔmhyɛfo, obi a ɔhwɛ afoforo nsam ka daakye nsɛm . . . momma wɔnsɔ eyinom nhwɛ bere bi . . . na sɛ wogyae saa nneyɛe no a, momma wonnye wɔn ntom; nanso sɛ wɔampene so a, mompow wɔn.”

9. Dɛn nti na asafo mu mpanyimfo ne obi a ɔpɛ sɛ wɔbɔ no asu susuw nsɛm ho?

9 Yehowa Adansefo nni nkyerɛwee a ennyina Kyerɛwnsɛm so a ɛte sɛ nea yɛafa aka asɛm wɔ atifi hɔ no akyi. Nanso mpanyimfo ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu no susuw nsɛm ho. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛma wɔanya awerɛhyem sɛ saa nnipa yi yɛ gyidifo a wodu ɔsoro ahwehwɛde ahorow no ho na wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa. (Asomafo no Nnwuma 4:4; 18:8; 2 Tesalonikafo 3:2) Nsemmisa a ɛwɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no mu ho a wosusuw no boa ma wohu sɛ ebia onipa no fata ma asubɔ anaa. Sɛ ɔnte nsɛntitiriw bi ase, anaasɛ ɛnyɛ nea wama n’asetra ne ɔsoro gyinapɛn ahorow hyia a, mpanyimfo no ani gye ho sɛ wɔde honhom mu mmoa bɛma no.

10. Sɛ yɛpɛ sɛ wɔbɔ yɛn asu a, su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?

10 Sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn ayamye wɔ boa a ɔreboa yɛn ma yɛasua n’atirimpɔw ahorow ho ade mu no a, yɛbɛyɛ te sɛ nnipa a Paulo kaa asɛm kyerɛɛ wɔn wɔ Antiokia wɔ Asia Kumaa no. Wɔ Yudafo no ɔtaa nyinaa akyi no, ‘bere a amanaman mufo no tee [hokwan a ɛbɛma Onyankopɔn agye wɔn atom] no, wɔn ani gyei, na wɔhyɛɛ [Yehowa] asɛm no anuonyam. Na dodow a wɔayi wɔn ama daa nkwa no gye dii.’ (Asomafo no Nnwuma 13:48) Wɔbɔɔ gyidifo a wɔte saa no asu.

Asubɔ Bere a Obi Nnyinii Pii

11. So ɛfata sɛ obi a onnyinii pii yɛ ahosohyira ma Onyankopɔn, na dɛn nti na wubua saa?

11 Ebinom a wonnyinii pii no ka “dodow a wɔayi wɔn ama daa nkwa” no ho. Yebetumi ahyɛ no nsow sɛ ɛwom sɛ na wɔde Samuel ne Osuboni Yohane ama Onyankopɔn ansa na wɔrewo wɔn de, nanso awofo rentumi nyɛ ahosohyira mma wɔn mma. (1 Samuel 1:11, 24-28; 2:11, 18, 19; Luka 1:15, 66) Nanso esiane Bible ntetee pa nti, wɔn a wonnyinii pii no mu pii nya nkɔso kodu asubɔ ho. Onuawa bi a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ɔbɔɔ asu bere a na onii mfe aduonu no kyerɛwee sɛ: “Ɛte sɛ nea na mahyira me ho so sɛ mɛsom me Bɔfo fi bere a mihui sɛ ɔte ase, nanso bere a minyaa n’ankasa ne n’atirimpɔw ahorow ho nokware nimdeɛ bi no, mepɛe sɛ wɔbɔ me asu de yɛ saa nokwasɛm no ho adanse a wohu. Nanso me Maame annye anni sɛ minim nea na mereyɛ no, enti ɔhyɛɛ nyansa sɛ mentwɛn nkosi sɛ obi foforo besiesie ne ho ama asubɔ.” Wohuu ɔbea bi a na ɔpɛ sɛ wɔbɔ no asu, na onuawa no de ka ho sɛ: “Na wonni ɔkyerɛkyerɛ titiriw bi ma wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ wɔ saa mmere no mu no, ɛwom sɛ Ɔsom Kwankyerɛfo a Asafo ti no apaw no . . . no fi ayamye mu kaa aniberesɛm a ade a na mereyɛ no yɛ ho asɛm kyerɛɛ me de. Mede anigye penee nhyehyɛe a wɔayɛ ato hɔ no nyinaa so, na da koro Kwasida anɔpa a wim atew wɔ May 1921 mu no wɔbɔɔ me ne [ɔbea no] asu.”

12. Onua Russell buu ahosohyira a abofra bi bɛyɛ no dɛn?

12 Wɔ 1914 mu no, C. T. Russell (a saa bere no na ɔyɛ Ɔwɛn-Aban Asafo no titrani no) nsa kaa krataa bi a ne yɔnko Kristoni bi bisaa no wom sɛ ebia ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ne babarima a wadi mfe 12 no ma ohyira ne ho so ma Onyankopɔn anaa. Russell buaa no sɛ: “Sɛ me ne wo a, anka merenhye no sɛ onhyira ne ho so, na mmom mɛtwe n’adwene asi so sɛ ɛne ɔkwan pa biako pɛ ma nnipa anyansafo a wɔabenya Onyankopɔn ne n’atirimpɔw a ɛyɛ ɔdom no ho nimdeɛ no . . . Sɛ obi anyɛ ahosohyira a ɔrennya daa nkwa . . . Ahosohyira rentumi mpira wo ba no na mmom ebetumi aboa no kɛse. . . . Hena na obetumi aka sɛ abofra a wadi mfe du rentumi nkyerɛ ahosodi a edi mũ ho anisɔ nwie wɔ nsusuwii ne asɛm ne nneyɛe mu? Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, mitumi hu sɛ mekɔɔ anim kakra ansa na mereyɛ m’ahosohyira nyinaa nea edi kan​—wɔ mfe dumien akyi.”

13. Dɛn na nsɛmma nhoma yi ka kyerɛɛ wɔn a wonnyinii pii no bɛyɛ mfe 94 a atwam ni no?

13 July 1, 1894 Zion’s Watch Tower no kae sɛ: “ƆWƐN-ABAN no de ne nkyia ma adɔfo a wɔyɛ mmofra ne wɔn a wonnyinii pii a wɔde wɔn koma ama Onyankopɔn na wɔbɔ mmɔden da biara sɛ wobedi Yesu akyi no nyinaa. Yenim mmofra nkumaa no mu binom a wɔdɔ Yesu a ɛnyɛ wɔn aniwu sɛ wɔbɛsɔre agyina ama Yesu wɔ mmofra afoforo a wɔnnɔ no mu anaasɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ n’ani no; na wɔwɔ akokoduru na wodi nokware ma Onyankopɔn bere a wɔn mfɛfo sukuufo a wɔka ahenni no ho asɛmpa kyerɛ wɔn no mpo serew wɔn na wobu wɔn ntetekwaa no. Na ɛyɛ yɛn anigye sɛ yehu sɛ mmofra nkumaa binom a wɔde akokoduru apow wiase no ne ne botae ne n’anigyede ahorow no ka anokwafo pii a [wɔahyira] wɔn nkwa [so] ama Awurade no ho. Yɛn office aboafo no mu binom ne wɔn a wɔatumi ayɛ akwampae adwuma no pii nso da so ara yɛ wɔn a wonnyinii pii.” Sɛ woda so ara yɛ abofra mpo a, dɛn nti na wonka w’ahosohyira ma Yehowa ho asɛm nkyerɛ w’awofo?

Awofo Adwuma

14. Mfaso horow bɛn na wɔn a wonnyinii pii a wohyira wɔn ho so ma Yehowa no nya?

14 Susuw mfaso horow a mmofra a wɔn nsa ka awofo akwankyerɛ a ɛma wɔbɔ asu no nya no ho. (Efesofo 6:4) Honhom mu nneɛma a wosusuw ho boa wɔn ma woguan fi wiase no mfiri ne nneɛma a etwitware wɔn ananmu no ho. (1 Yohane 2:15-17) Wontwa aba a ɛyɛ nwene a efi ‘nea wogu gu honam so’ mu ba no bi. (Galatifo 6:7, 8) Esiane sɛ wɔakyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔmfa onyamesompa ɔbrabɔ ntra ase nti, wɔda Onyankopɔn honhom aba no adi. (Galatifo 5:22, 23) Esiane sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn nti, wɔne no nya abusuabɔ a emu yɛ den. Na esiane sɛ wɔasua sɛnea ‘wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so’ nti, ɔsoro nyansa kyerɛ wɔn kwan na wɔnantew akwan a ɛyɛ fɛ ne asomdwoe de so.​—Mmebusɛm 3:5, 6, 13, 17.

15. Dɛn na Kristofo awofo betumi ayɛ de asiesie wɔn mma asetra?

15 Esiane sɛ ahosohyira ma Yehowa ho wɔ mfaso kɛse ma mmofra nti, ɛsɛ sɛ Kristofo awofo yɛ nea wobetumi nyinaa de siesie wɔn mma asetra. Te sɛ Timoteo no, wobetumi de Kyerɛwnsɛm no akyerɛkyerɛ mmofra mpɛn pii wɔ wɔn mmofraase na ama ‘wɔakɔ so wɔ nea wɔasua na wɔama wɔagye adi no mu.’ (2 Timoteo 3:14, 15) Awofo a wosuro Onyankopɔn betumi ama wɔn ankasa asetra a ɛyɛ nhwɛso pa no anya wɔn mma so nkɛntɛnso na wɔama mmofra a wɔte saa no akwankyerɛ a wɔn ankasa ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ, osuahu, ne atɛmpa betumi de ama. Sɛ wɔde ma wɔ ɔkwan a ɛfata so a, abofra no benya saa mmɔdenbɔ ahorow yi ho mfaso.​—Mmebusɛm 22:6.

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ wo mma hu wɔ wo nhwɛso ne nkyerɛkyerɛ mu?

16 Boa wo mma ma wonhu nsonsonoe a ɛda Yehowa ahyehyɛde no ne Satan de ntam no pefee denam nhwɛso ne ɔkyerɛkyerɛ so. Kyerɛ wɔn sɛ wɔrentumi nnyae nsɛm mu nsiesie wɔ wiase no mu ne sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo pow ne kokoam nneɛma, anigyede, botae ne fekubɔ bɔne ahorow a enye no. (1 Korintofo 15:33; 2 Korintofo 4:2) Ɛdenam wo su, wo nkyerɛkyerɛ, ne wo nhwɛso so no, ma wo mma nhu sɛnea wiase anigyede yɛ adehunu, sɛnea wiasefo yɛ nnaadaafo sɛ wɔde wɔn toto Yehowa Adansefo ho a. Kyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn nam ne honhom kronkron no so akyerɛ wo kwan, wamma woamfom ankɔfa akwan a ɛde awerɛhow ba so, na waboa wo wɔ amanehunu ne ɛyawdi bere mu no mu. Nni mfomso nsusuw da sɛ sɛ woma wo mma kwan ma wɔfa wiase no akwan a ɛne ahantan, anibere, adehunuyɛ ne agyimisɛm no so a, wɔbɛdan abɛyɛ gyidifo. Ansa na wiase betumi asum wo mma afiri no, bɔ wɔn ho ban fi ne nkɛntɛnso bɔne ahorow no ho na boa wɔn ma wonnya ɔdɔ mma Yehowa na wonnya ne mu anidaso.

Hwɛ a Wɔbɛhwɛ Atra Asubɔ No

17. (a) Dɛn nti na Kristofo binom a wɔabɔ wɔn asu san akyi wɔ honhom mu? (b) Ɛsɛ sɛ yebu yɛn ahosohyira no dɛn?

17 Sɛ ebia obi a ɔhwehwɛ asubɔ no yɛ obi a onnyinii pii anaasɛ wanyin no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔkɔ so di Yehowa nokware. Ɛnde dɛn nti na Kristofo binom a wɔabɔ wɔn asu no san wɔn akyi wɔ honhom mu? Ɛwom sɛ ebetumi ayɛ nea nneɛma ahorow pii na ɛwom de, nanso ɛte sɛ nea ade titiriw biako bi na ɛde ba​—tumi a wontumi nte nea ahosohyira kyerɛ ase. Ɛnyɛ yɛn ho so a yɛahyira ama adwuma bi ho asɛm. Ɛno betumi ama yɛayɛ nnipa a wonni adagyew nanso ɛrenyɛ yɛn honhom mu nnipa. Ɛho hia sɛ yɛkae sɛ yenhyiraa yɛn ho so mmaa adwuma bi na mmom Obi​—Yehowa Nyankopɔn. Eyi boa yɛn ma yekwati mfomso a yebedi a ɛne yɛn ahosohyira no a yebebu no sɛ ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no ebi ne ebi ansa na yɛayɛ adwuma no. Ɛsɛ sɛ obi bu ahosohyira a ɔreyɛ no sɛ ɔrehyɛn abusuabɔ bi a ɛho hia a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho ban na wokura mu bere nyinaa mu. Wɔ eyi mu no, yɛwɔ Yesu Kristo nhwɛso no. Bere a na ɔreda su a efi komam adi wɔ bere a ɔde ne ho rema Yehowa no na ɔkaa saa nkɔmhyɛ nsɛm yi: “Mereba . . . sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam.”​—Dwom 40:6-8; Hebrifo 10:5-10.

18. Ɔkwan bɛn so na na Onyankopɔn mmara wɔ Yesu “komam”?

18 Ɔkwan bɛn so na na Yehowa mmara wɔ Yesu “komam”? Ɔka kyerɛɛ Yudani ɔkyerɛwfo bi sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn no yɛ biako na ɔfoforo biara nni hɔ bio, ma enti osii Yehowa pumpuniyɛ so dua. Afei Yesu kyerɛe sɛ nea Onyankopɔn mmara kyerɛ titiriw ne sɛ yɛde yɛn koma, yɛn ntease ne yɛn ahoɔden nyinaa bɛdɔ Yehowa bere a yɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho no. (Marko 12:28-34) Ɛno ne ade titiriw nti a Yesu tumi kae sɛ ‘M’ani gye sɛ mɛyɛ Onyankopɔn apɛde’ no. Otumi de nokwaredi faa ɔkwan a na ɔnam so no so wɔ sɔhwɛ ne amanehunu ahorow nyinaa akyi a ɛnyɛ sɛ ohuu eyi sɛ adwuma pa nko nti, na mmom esiane abusuabɔ a emu yɛ den a na ɛwɔ ɔne Yehowa Nyankopɔn ntam no nti. Sɛ yegye Yehowa pumpuniyɛ tom saa ara na yɛde ɔdɔ a biribiara ntumi nsɛe no bata ne ho a, yɛbɛtra ase sɛnea yɛn ahosohyira ne asubɔ no kyerɛ.

19. Twaka bɛn na ɛda yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ne adwuma a yɛyɛ no ntam?

19 Nokwarem no, twaka bi wɔ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ne adwuma a yɛyɛ no ntam. Yɛnam Ahenni asɛnka adwuma a yɛyɛ no so na yɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no adi. Ɛdefa eyi ho no, Grant Suiter a wawu a na anka ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no kyerɛwee bere bi sɛ: “Bere a mitiee [ɔhwɛfo kwantufo bi] a ɔreka hokwan ahorow a ɛwɔ Yehowa a wɔsom no mu ne asɛyɛde a ɛyɛ sɛ yɛbɛyɛ saa no, mihuu nea na ɛsɛ sɛ meyɛ ne nea mepɛ sɛ meyɛ. Enti mihyiraa me ho so maa Yehowa na wɔ bɛyɛ saa bere no ara mu no, m’abusua mufo afoforo nso yɛɛ saa ara. Wɔ San Jose, California wɔ October 10, 1926 mu no, yɛn nyinaa boom bɔɔ asu de yɛɛ yɛn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. . . . Wɔ asubɔ no akyi no, . . . me papa ka kyerɛɛ ɔpanyin a na ɔrehwɛ asubɔ no so sɛ: ‘Mode nhoma kɔ afoforo nkyɛn, ɛnte saa? Yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa adwuma no nso afei.’ Enti yɛn abusua no fii asɛnka adwuma ase.” Ɛnnɛ, nnipa a wɔfata fi ase nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa wɔ ɔkwan a ntease wom so mpo ansa na wɔabɔ wɔn asu.

Asubɔ Betumi Agye Yɛn Nkwa

20, 21. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔahyɛ Yehowa nkoa agyirae? (b) Dɛn ne saa “agyirae” yi, na wɔ a obi wɔ bi no kyerɛ dɛn?

20 Yɛnam yɛn nnwuma so betumi akyerɛ sɛ “yɛyɛ [Yehowa] dea.” Ɛdɛn, yɛn nkwagye gyina nokwaredi a yɛde bɛyɛ adwuma sɛ ne nkoa a wɔahyira wɔn ho so no so! (Romafo 6:20-23; 14:7, 8) Wɔ tete mmere no mu no, na wɔtaa hyɛ nkoa agyirae wɔ wɔn moma so. Ɛdenam asɛnka adwuma a wɔyɛ no nnɛ so no, ‘ɔbarima a ɔhyɛ nwera’ no nsusuwso​—Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no nkaefo​—‘rehyɛ’ wɔn a wobenya nkwa wɔ nhyehyɛe yi awiei no ‘agyirae.’ Wɔn a wɔasra wɔn no nnamfo a wɔyɛ “nguan foforo” no reboa wɔn wɔ adwuma yi mu. (Hesekiel 9:1-7; Yohane 10:16) Na dɛn ne “agyirae” no? Ɛne adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa na yɛyɛ Yesu asuafo a wɔabɔ wɔn asu a yɛwɔ Kristo nipasu.

21 Ne titiriw no, mprempren na ɛho hia sɛ yenya “agyirae” no na yɛkora so, efisɛ yɛadu akyiri wɔ “awiei bere” no mu. (Daniel 12:4) Sɛ wobegye yɛn nkwa a, ɛsɛ sɛ ‘yegyina kodu’ yɛn mprempren asetra anaasɛ nhyehyɛe yi ‘awiei.’ (Mateo 24:13) Sɛ yɛkɔ so yɛ Yehowa Adansefo anokwafo nkutoo a na yɛn asubɔ begye yɛn nkwa.

Ntĩmu Nsemmisa

◻ Sɛ wobegye yɛn nkwa a, dɛn na wɔhwehwɛ afi yɛn hɔ?

◻ Dɛn nti na mpanyimfo ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu no susuw nsɛm ho?

◻ Dɛn na awofo betumi ayɛ de honhom mu akwankyerɛ a ɛma wɔbɔ asu ama wɔn mma?

◻ So yehyira yɛn ho so ma adwuma bi?

◻ Ɔkwan bɛn so na asubɔ betumi agye yɛn nkwa?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

So wunim sɛnea asubɔ ne Noa ne n’abusua a wɔkoraa wɔn so wɔ adaka no mu no di nsɛ no?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ahosohyira ne asubɔ ho ba mmofra mfaso. So wunim sɛnea ɛte saa no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena