Adwene A Emu Da Hɔ Hia Ma Wɔsɔ Onyankopon Ani
Hia a ɛho hia sɛ yenya adwene a emu da hɔ na ama yɛasɔ Onyankopɔn ani no yɛ nea wɔakyerɛ wɔ nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Efesofo 5:10, 17 no mu. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Na monsɔ nea ɛsɔ Awurade ani yiye no nhwɛ. Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene na mmom monyɛ nnipa a wohu ade a [Yehowa] pɛ yiye.”
Nanso so ɛnyɛ nokware sɛ nnipa pii atotow wɔn adwene mu bere a yɛka nyamesom ho asɛm no? Ebinom mpo pow adwene a ɛne sɛ Onipa a Ɔkorɔn bi wɔ hɔ no na wɔmpɛ sɛ wotie adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ hɔ a gyidifo de ma no. Wɔ wɔn fam no, nyamesom yɛ biribi a wɔnnka ho asɛm.
Nnipa a wɔyɛ nyamesomfo mu binom atow wɔn adwene mu mpo. Wɔkyerɛ anigye wɔ “wɔn” asɔre nkutoo ho na wɔmpɛ sɛ wobetie afoforo adwen horow a wɔwɔ no. Na ebia ɛwom mpo sɛ ɛnyɛ wɔn na wɔpaw wɔn asɔre na mmom wonya fii wɔn awofo hɔ de, nanso wɔda so ara te nka sɛ ɛbɛyɛ sɛ wɔn asɔre no ye. Nanso ɛnyɛ agyapade biara na eye ankasa. Obi bo a ɛfuw ntɛmntɛm, pɛsɛmenkominya su anaasɛ nnaadaa honhom nso betumi ayɛ ade a wonya fi awofo hɔ nanso ɛda adi pefee sɛ enye.
Nea ɛma asɔre bi yɛ nea ɛteɛ ne di a edi Onyankopɔn Asɛm akyi no. Sɛ́ ebia yɛn asɔre ne nnyinasode yi hyia anaasɛ enhyia no yɛ nea yebetumi ahu denam adwene a emu da hɔ a yɛde bedi dwuma de atoto Bible no nkutoo ho so. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ yegyina faako a wɔwoo yɛn so de hu asɛm a ɛho hia te sɛ yɛn som a yɛde ma Onyankopɔn no. Yenim sɛ abofra a awofo a wɔyɛ Katolekfo awo no no nni nokwasɛm yi so tumi nsen sɛnea abofra a awofo a wɔyɛ nkramofo awo no wɔ so tumi no.
Kwati Adwemmɔne a Wonya Wɔ Afoforo Nyamesom Ho
Sɛ wɔde asɛm a ɛfa nyamesom ho kɔ nkurɔfo nkyɛn a, ebia wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ akwan horow pii no mu biako so. Ebinom bɛka sɛ: “Nokware ankasankasa yɛ nea yɛrentumi nhu”; “asɔre ahorow nyinaa hwehwɛ sika nkutoo”; “nyansahu akyerɛ sɛ nyamesom nyɛ nokware”; “nyamesom yɛ poma ara kwa ma nnipa a wonni ahoɔden.” Saa adwen horow yi ne afoforo a ɛte saa ma nkurɔfo tow wɔn adwene mu na wɔnyɛ nhwehwɛmu biara koraa. Ɛyɛ afoforo ho adwemmɔne a wɔanya.
Ɛdɛn, wɔahu sɛ nnipa binom gyina faako a ɔsɛnkafo bi fi so ara kwa de kyerɛ sɛ asɛm no nyɛ nokware. Fa asɛm bi a esii wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no sɛ nhwɛso. Yohane 1:45, 46 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Filipo huu Natanael, na osee no sɛ: Nea Mose, wɔ mmara no mu, ne adiyifo no kyerɛw ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ofi Nasaret. Na Natanael see no sɛ: So biribi pa bi betumi afi Nasaret da? Filipo see no sɛ: Bra bɛhwɛ!” Ná Filipo retu Natanael fo ankasa sɛ onnya adwene a emu da hɔ.
Nsɛm ahorow a ɛtete saa ara sisi nnɛ. Sɛ Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo ka asɛmpa no wɔ aman afoforo so a, ebia wɔrentie wɔn ɛwom mpo sɛ wɔn asɛm no yɛ nea egyina Bible no so, esiane ɔman a wofi mu ara kwa nti. Esiane sɛ wodi Natanael a ɔtraa ase tete no nhwɛso akyi nti, ebia nnipa binom bebisa sɛ: “So biribi pa bi betumi afi Amerika da?
Ebia afoforo bɛpow asɛm no esiane sɛ obi a ɔba fam na ɔde asɛm no ma wɔ ɔkwan a ɛba fam so nti. Nanso so nyansa wɔ eyi mu? Yɛkenkan wɔ Kristofo asafo a edi kan no ho sɛ: “Na wohuu [Yudafo Sanhedrin] Petro ne Yohane nnam, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wohuu wɔn sɛ wɔne Yesu na ɛtrae.”—Asomafo no Nnwuma 4:13.
Yiw, “nnipa a wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa no” betumi ayɛ nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa, sɛ wɔde asɛm a efi Onyankopɔn anom tete wɔn a. Enti mma nyamesua ho sukuu a wɔankɔ anaasɛ mpapahwekwa a wɔyɛ no mma wontow w’adwene mu; ma emu nna hɔ na hwehwɛ asɛm a wɔde ba no mu.
Nea Ɛbɛyɛ a Wubehu Nyamesom mu Nokware
Adwene a emu da hɔ yɛ nea ɛbɛpɛ sɛ ɛyɛ nea 1 Yohane 4:1 kamfo kyerɛ no. Ɛka sɛ: “Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa? Efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.” Nanso esiane asɔre mpempem pii a ɛwɔ hɔ mprempren no nti, so ɛbɛyɛ yiye sɛ wubehu nea ɛyɛ nokware no? Yiw, ɛnyɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye nko na mmom ɛkame ayɛ sɛ ɛnyɛ den koraa te sɛ nea wususuw no. Sɛ nhwɛso no:
Asɔre ahorow bi kyerɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ biara wɔbɛhyew yɛn asase yi ankasa. Ebia wɔde 2 Petro 3:7 mu nsɛm begyina akyi: “Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.”
Nanso so kyerɛwsɛm yi ka ampa sɛ wɔbɛhyew asase no ankasa? Nokwarem no, ɛka “nnipa amumɔyɛfo sɛe” nkutoo ho asɛm. Wɔ nkyekyem ahorow a edi kan a ɛyɛ 5 ne 6 mu no, ɛde eyi toto nsuyiri a ɛbaa wɔ Noa bere so no ho, bere a “nsu yirii wiase a ɛwɔ bere no so no ma ɛsɛee” no.
Afei dɛn na ɛsɛee wɔ nsuyiri no mu ankasa? Genesis 7:23 bua sɛɛ: “Na ɔpopaa biribiara a nkwa wom a ɛwɔ asase ani, efi nnipa so kosi ntɔteboa so, . . . na ɔpopaa wɔn fii asase so.” Enti sɛ ‘wɔpopaa nnipa amumɔyɛfo fii asase no so’ a, ɛnde ɛsɛ sɛ asase no ankasa kɔ so tim hɔ.
Eyi ne ɔsɛnkafo 1:4 a ɛka kyerɛ yɛn sɛ “awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba, na asase de, etim hɔ daa” no hyia. Dwom 104:5 si so dua kɛse mpo: “Wode asase atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da.”
Bere a wode saa kyerɛw nsɛm ahorow yi atoto ho awiei no, adwene a emu da hɔ bɛma woasi gyinae sɛ asɔre biara a ɛbɛkyerɛkyerɛ sɛ wɔbɛsɛe asase yi ankasa no rekyerɛkyerɛ atoro. Ɛnde so ebetumi ayɛ nokware asɔre a egyina Yehowa Nyankopɔn, nokware Nyankopɔn no ananmu? Na sɛ ɛkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ afoforo a ɛnyɛ nokware saa ara nso ɛ?a Ɛdenam nyiyim a yɛbɛyɛ so no yebetumi ahu atoro nyamesom ahorow ntɛm ara.
“Mo Adwenem Ntew”
Adwene a emu da a yebenya ka ɔsomafo Petro afotu a ɛkyerɛ sɛ “mo adwenem ntew” no ho, efisɛ adwene a emu da hɔ nkutoo na ebetumi asi gyinae ahorow a eye na abu atɛmpa. Na wɔn a wɔte Beroia no mu binom wɔ adwene a emu da hɔ a ɛte saa efisɛ yɛkenkan fa wɔn ho sɛ “woyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.”—1 Petro 4:7; Asomafo no Nnwuma 17:11.
Adwene a emu da hɔ a ennya afoforo ho adwemmɔne bɛma yɛatumi akɔ so ‘ahwehwɛ kyerɛwsɛm no mu daa’ na afei yɛde nea yesua no adi dwuma. Eyi ne Bible mu afotu a ese “monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko” no hyia. Na Beroiafo no nyɛ atiefo ara kwa efisɛ Asomafo no Nnwuma 17:12 ka kyerɛ yɛn sɛ “wɔn mu bebree gye dii.”—Yakobo 1:22; hwɛ Mateo 7:21 nso.
Yiw, mfaso bɛba adwene a emu da hɔ a yebenya no so wɔ akwan horow pii so. Dwuma a yɛde bedi ma aboa yɛn ma yɛahu nokware asɔre no bɛma yɛn mprempren asetra ayɛ anigye, ɛbɛma yɛanya nkɔso wɔ honhom mu na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi asetra mu ɔhaw ahorow ho dwuma. Nanso nea ɛhia kɛse no, ɛbɛboa yɛn nso ma yɛasɔ Onyankopon ani na ɛde yɛn asi ɔkwan a ɛbɛma yɛanya daa nkwa wɔ ne nneɛma nhyehyɛe foforo mu no so.—Hwɛ Marko 10:29, 30.
Nnipa mpem ɔhaha pii a wɔwɔ wiase nyinaa ani agye sɛ na wɔn adwene mu da hɔ yiye ma enti ama woatumi ahwehwɛ Bible asɛm no mu. Esiane adwene a emu da hɔ a wɔwɔ wɔ nyamesom ho nti, woahu sɛ daa nkwa wɔ paradise asase so hokwan a ɛyɛ nwonwa abue ama wɔn. So w’ani begye anidaso a ɛte sɛɛ a ɛwɔ hɔ ma wo daakye no ho?
So w’adwene mu da hɔ yiye ma enti wobɛyɛ nhwehwɛmu? Ɛde mfaso a ɛtra hɔ daa bɛbrɛ wo, sɛ wote saa a.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ nhwɛso afoforo a, hwɛ atiri 8 ne 9 a ɛwɔ nhoma Wubetumi Atena ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So mu a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York tintimii wɔ 1982 mu no mu.
[Kratafa 27 mfoni]
So wopow asɛm bi esiane adwen horow a woadi kan anya nti?
Anaasɛ woyɛ nhwehwɛmu?
[Kratafa 28 mfoni]
Adwene a emu da hɔ betumi de wo asi ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu wɔ paradise so