Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Dɛn na Bible no ka fa kumfɔ, nsɛmmɔnedifo a wokum wɔn sɛ bɔne so akatua, no ho?
Ntease wom sɛ yɛn mu biara betumi anya nkate bi wɔ eyi ho, esiane yɛn asetram suahu anaa tebea nti. Nanso, sɛ Yehowa Adansefo no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ yɛn ade ma ɛne Nyankopɔn adwene wɔ kumfɔ ho hyia, bere a yennyina afa biara wɔ amammui gyinabea a pii apaw wɔ asɛm yi ho mu no.
Sɛ yɛbɛka no pefee a, wɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw mu no, ɔnna no adi sɛ kumfɔ yɛ mfomso.
Yehowa daa adwene a ɔwɔ wɔ asɛm no ho adi wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ, sɛnea yɛkenkan wɔ Genesis ti 9 no. Ná saa asɛm no fa Noa ne n’abusua a wɔbɛyɛɛ adesamma abusua mũ no nyinaa nananom no ho. Wofii adaka no mu puei akyi no, Nyankopɔn kae sɛ wobetumi awe mmoa—kyerɛ sɛ wobekum wɔn, ahwie wɔn mogya agu, na afei wɔawe. Afei wɔ Genesis 9:5, 6 no, Nyankopɔn kae sɛ: “Mo mogya de, mo kra nti mebisa; aboa biara nsam na mebisa, na onipa nsam, obiara a ɔyɛ ne nua po nsam, na mebisa onipa kra. Nea ohwie onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam behwie ne mogya agu, efisɛ Onyankopɔn suban so na ɔyɛɛ onipa.” Enti Yehowa hyɛe sɛ wonkum awudifo.
Bere a Onyankopɔn ne Israel dii sɛ ne man no, na wɔde owu twe wɔn a wɔyɛ bɔne foforo a anibere wom a ebuu Onyankopɔn mmara so no aso. Wɔ Numeri 15:30 no, yɛkenkan saa asɛm a emu dɔ yi: “Ɔkra a ɔde anuɔden boapa yɛ biribi, asase no so ni oo, ɔhɔho oo, wasopa Awurade [Yehowa, NW], na wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene.”
Na bere a wɔde Kristofo asafo no sii hɔ akyi no nso ɛ? Wiɛ, yenim sɛ Yehowa ama hokwan sɛ nnipa nniso horow ntra hɔ, na ɔfrɛɛ wɔn atumfoɔ a wɔkorɔn. Nokwarem no, bere a Bible no tu Kristofo fo sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ saa atumfoɔ no ase no akyi no, ɛka sɛ eyinom som sɛ “Onyankopɔn asomfo ma wo papa. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wonkura afoa no kwa; na wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wodi were de abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so.”—Romafo 13:1-4.
So eyi kyerɛ sɛ wɔama aban ahorow no hokwan sɛ wonkum nsɛmmɔnedifo a wɔyɛ bɔne a anibere wom no mpo? Yebetumi aka sɛ, yiw, esiane asɛm a ɛwɔ 1 Petro 4:15 nti. Ɔsomafo no tuu anuanom fo wɔ saa asɛm no ho sɛ: “Mommma mo mu bi nnhu amane sɛ owudifo anaa owifo anaa ɔdebɔneyɛfo anaa ɔsɛmpɛfo ebinom nsɛm mu.” Wohyɛɛ no nsow sɛ, “mommma mo mu bi nnhu amane sɛ owudifo”? Petro ankyerɛ sɛ aban ahorow nni hokwan sɛ wɔma owudifo hu amane wɔ ne bɔne ho. Mmom ɔkae sɛ owudifo betumi anya asotwe a ɛsɛ ma afata. So na owu asotwe bɛka eyi ho?
Ebetumi aba saa. Yehu eyi pefee wɔ Paulo asɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma ti 25 no mu. Ná Yudafo no abɔ Paulo sobo sɛ wabu wɔn Mmara so. Bere a ɔsraani panyin no de ne deduani, Paulo, rekɔma Roma amrado no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛnea wɔaka wɔ Asomafo no Nnwuma 23:29 no sɛ: “Mihui sɛ wɔn mmara ho asɛmmisa nti na wɔne no wɔ nkuro, na wɔamfa biribi a ɛsɛ owu anaa ɔkyere anto no so.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Mfe abien akyi no, Paulo kogyinaa Amrado Felike anim. Yɛkenkan wɔ Asomafo no Nnwuma 25:8 sɛ: “Paulo yii ano sɛ: Menyɛɛ Yudafo mmara anaa asɔrefi anaa Kaesare ho bɔne bi ɛ.” Na afei hyɛ nea ɔka fa asotwe, mpo owu ho asotwe ho no nsow. Yɛkenkan wɔ Asomafo no Nnwuma 25:10, 11 sɛ:
“Paulo kae sɛ: Kaesare asɛnni agua anim na migyina, na ɛha na ɛsɛ sɛ wobu me ntɛn’ na Yudafo de, menyɛɛ wɔn bɔne bi ɛ, sɛnea wo nso wunim yiye. Na sɛ midi fɔ anaasɛ mayɛ biribi a ɛsɛ owu a, menhwehwɛ sɛ owu no bɛpare me; na sɛ nneɛma a enti wɔtoto m’ano yi biara nnim a, obi ntumi mfa me nkyɛ wɔn. Mede asɛm no medan Kaesare!”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Bere a Paulo gyina atumfoɔ a wɔahyɛ da apaw wɔn anim no, ogye toom sɛ Kaesare wɔ hokwan sɛ ɔtwe abɔnefo aso, otumi kum wɔn mpo. Ogye toom sɛ sɛ odi fɔ a, ɔfata asotwe. Afei nso, wanka sɛ ɛyɛ awudifo nkutoo na Kaesare betumi de owu atwe wɔn aso.
Yegye tom sɛ na Romafo asɛnni nhyehyɛe no nyɛ pɛ; na saa ara na nnipa asɛnni nhyehyɛe te nnɛ. Wɔabu nnipa bi a wɔn ho nni asɛm a na wɔwɔ hɔ saa bere no ara fɔ atwe wɔn aso. Pilato mpo kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Manhu akunne biara wɔ no mu, enti mɛhwe no, na magyaa no.” Yiw, ɛwom sɛ atumfoɔ a wodi tumi no gye toom sɛ Yesu ho nni asɛm de, nanso wokum nipa a ná ne ho nni asɛm yi.—Luka 23:22-25.
Ntɛnkyea a ɛtete saa no amma Paulo anaa Petro anka sɛ kumfɔ nteɛ ankasa. Mmom no, Nyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho ne sɛ mpɛn dodow a Kaesare atumfoɔ a wɔkorɔn yi wɔ hɔ no de, ‘wokura afoa de abufuw ba wɔn a wɔyɛ bɔne no so.’ Nea ɛka ho ne sɛ wɔde afoa no bedi dwuma a ɛkyerɛ sɛ wobebu obi kumfɔ. Nanso asɛmmisa a ɛne sɛ wiase nniso biara wɔ ho kwan sɛ ɛde asotwe ma awudifo no ho de, nokware Kristofo yɛ ahwɛyiye sɛ wonnyina afa biara. Esiane sɛ wɔnte sɛ Kristoman asɔfo nti, wɔmfa wɔn ho nnye akyinnyegye biara a ɛfa asɛm yi ho no mu.