Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde
Onipa a Ɔsen Biara no Fi Ahobrɛase Mu Som
NA Yesu nim sɛ, ɔne n’asomafo no asetra mmere a etwa to no bɛyɛ nea ɛsom bo. Na ɛrenkyɛ na wɔakyere no, na na wɔbɛsɔ ne gyidi ahwɛ wɔ ɔkwan a ɛsen biara so. Na Yesu nim nso sɛ, nhyira a ɛso bi nni da n’anim. Na ɛrenkyɛ na wɔama no so akɔ Onyankopɔn nsa nifa so, na wɔama no “edin a edi din nyinaa so, sɛ Yesu din mu na ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa nkotow.”—Filipifo 2:9, 10.
Nanso, owu a na ɛda Yesu anim no ho dadwen anaa akatua a wɔde ahyɛ no bɔ no ho akwanhwɛ amma n’adwene amfiri n’asomafo no ahiade ahorow no so. Yohane kyerɛwee akyiri yi wɔ N’asɛmpa no mu sɛ: “Ɔdɔɔ wɔn kosii ase.” (Yohane 13:1) Na wɔ Yesu asetra sɛ onipa a ɔyɛ pɛ no mmere a etwa to a na emu yɛ den yi mu no, ɔmaa n’asomafo no asuade bi a ɛsom bo.
Ahobrɛase Ho Asuade Bi
Na asomafo no ne Yesu rebedi Twam wɔ Yerusalem abansoro dan bi mu. Na Yesu adi kan ate sɛ wɔrekasakasa sɛ wɔn mu hena na wobebu no kɛse. (Mateo 18:1; Marko 9:33, 34) Na ɔne wɔn asusuw asɛm yi ho, na na wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛteɛ wɔn adwene. (Luka 9:46) Nanso, mprempren de, Yesu faa ɔkwan foforo so sii asuade ahorow no so dua. Wamfa n’ano nkutoo anka ahobrɛase ho asɛm ankyerɛ wɔn bio, mmom no ɔyɛɛ ho ɔyɛkyerɛ.
Yohane kyerɛw sɛ Yesu ‘sɔre fii adidii, na oyii n’atade guu hɔ. Na ɔfaa mpopaho de kyekyeree ne ho so. Na afei ohwiee nsu guu guasɛn no mu, na ofii ase hohoroo asuafo no anan ho, na ɔde mpopaho a ɔde kyekyeree ne ho so no popaa ho.’—Yohane 13:4, 5.
Wɔ tete Mediterranea Supɔw a ewim yɛ hyew so no, na nkurɔfo taa hyɛ mpaboa a wɔn nan ho da hɔ bere a wɔnam futukwan so no. Sɛ wodu onipa a ɔnyɛ otitiriw bi fie a, na ofiewura no kyia wɔn, na na ɔno na ɔma wɔn guasɛn ne nsu hohoro wɔn nan ho. Wɔ adefo afie mu de, nkoa na na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛhohoro wɔn anan ho.—Atemmufo 19:21; 1 Samuel 25:40-42.
Wɔ abansoro dan no mu no, na Yesu ne n’asomafo no nyɛ obi ahɔho. Na ofiewura biara nni hɔ a ɔbɛma wɔn guasɛn, na na akoa biara nni hɔ a ɔbɛhohoro wɔn nan ho. Bere a Yesu fii ase hohoroo asomafo no nan ho no, wɔn ani wui. Wɔ ha no, Nea ɔsen wɔn mu biara no na ɔyɛɛ adwuma a ɛba fam no!
Mfiase no, Petro amma Yesu anhohoro ne nan ho. Nanso Yesu see no sɛ: “Sɛ manhohoro wo ho a wunni m’afa.” Bere a Yesu hohoroo asomafo no nyinaa nan ho wiei no, ɔkae sɛ: “Moahu nea mayɛ mo yi? Mo de, mofrɛ me kyerɛkyerɛfo ne Awurade, na moka nokware; na meyɛ. Afei sɛ me, Awurade ne kyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ mo nso sɛ mohohoro mo ho mo ho anan ho. Na mama mo sɛnnahɔ sɛ, sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.”—Yohane 13:6-15.
Na ɛnyɛ sɛ Yesu rehyehyɛ amanne kwan so nan ho hohoro. Mmom no, na ɔreboa n’asomafo no ma wɔanya adwene foforo—nea ɛbɛma wɔabrɛ wɔn ho ase na wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nnwuma a ɛba fam de asom wɔn nuanom. Ɛda adi sɛ, wɔtee asɛm no ase. Susuw nea esii wɔ mfe bi akyi bere a twetiatwa ho asɛm sɔree no ho. Ɛwom sɛ “wogyee akyinnye pii” de, nanso wɔn a na wɔwɔ hɔ no yɛɛ komm fii obu mu tiee adwene a na afoforo wɔ no. Bio nso, ɛte sɛ nea osuani Yakobo na ɔtraa agua mu wɔ saa nhyiam no ase—ɛnyɛ asomafo no mu biako, sɛnea ebia yɛbɛhwɛ kwan no, esiane sɛ na wɔwɔ hɔ nti. Saa nsɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma no mu da no adi sɛ na asomafo no anya nkɔanim a ɛfata wɔ ahobrɛase a wɔda no adi mu.—Asomafo no Nnwuma 15:6-29.
Asuade Ma Yɛn
Yesu nam n’asomafo no nan ho a ɔhohoroe so ma yɛn ahobrɛase ho asuade a tumi wom. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ Kristofo susuw sɛ wɔkorɔn araa ma enti ɛsɛ sɛ afoforo som wɔn bere nyinaa, anaasɛ wɔbɛhwehwɛ sɛ wɔn nsa bɛka dibea bi a ɛkorɔn na nidi wom. Mmom no, ɛsɛ sɛ wosuasua Yesu a “wamma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii” no. (Mateo 20:28) Yiw, ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo nya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nnwuma a ɛba fam ama wɔn ho wɔn ho.
Ntease pa nti na Petro kyerɛwee sɛ: “Mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.” (1 Petro 5:5) Woyii Hela asɛmfua “mumfura” no fii asɛm a ɛkyerɛ “akoa nkataanim” a ɔde kata n’atade so no mu. So na Petro retwe adwene asi sɛnea Yesu de mpopaho no kataa ne ho, na ɔhohoroo n’asomafo no anan ho no so? Yɛrentumi nka sɛ na eyi te saa ankasa. Nanso ahobrɛase mu a Yesu fi somee no kaa Petro koma a ne werɛ remfi da, sɛnea ɛsɛ sɛ ɛka wɔn a wɔbɛyɛ Kristo akyidifo nyinaa koma no.—Kolosefo 3:12-14.