Ehia Sɛ Wopa Kyɛw Ankasa?
GEORGE BERNARD SHAW kyerɛwee sɛ: ‘Mempaa kyɛw da.’ Ebia afoforo bɛka sɛ: ‘Nea mayɛ no mayɛ.’
Ebia yɛn ankasa mpɛ sɛ yebegye mfomso bi atom esiane sɛ yesuro sɛ yɛn anim begu ase nti. Ebia yesusuw sɛ onipa foforo no na wadi mfomso. Anaa ebia yɛbɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛpa kyɛw, nanso yɛnyɛ kosi bere a yesusuw sɛ asɛm no atwam koraa no.
Ɛnde, so kyɛwpa ho hia? So ebetumi ayɛ biribi ankasa?
Ɔdɔ Ka Yɛn Ma Yɛpa Kyɛw
Onuadɔ yɛ Yesu Kristo nokware akyidifo agyiraehyɛde. Ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Kyerɛwnsɛm no hyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘womfi koma mu nnodɔ wɔn ho wɔn ho dennen.’ (1 Petro 1:22) Ɔdɔ a emu yɛ den no bɛka yɛn ma yɛapa kyɛw. Dɛn ntia? Efisɛ ɛda adi sɛ nnipa sintɔ ma yedi yaw a sɛ yɛannwudwo ano a, ɛbɛkata ɔdɔ so.
Sɛ nhwɛso no, esiane akasakasa a yɛne obi anya nti, ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛne no nkasa wɔ Kristofo asafo no mu. Sɛ yɛn na yɛafom a, yɛbɛyɛ dɛn atumi ne no asan anya abusuabɔ a ɔdɔ wom? Mpɛn pii no, ɛdenam kyɛw a yɛbɛpa na afei yɛabɔ mmɔden asiesie asɛm no wɔ ɔdɔ mu. Yɛde yɛn mfɛfo gyidifo ɔdɔ ho ka, na sɛ yɛka sɛ ɛyɛ yɛn yaw sɛ yedii mfomso no a, yetua saa ka no bi.—Romafo 13:8.
Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Mari Carmen ne Paqui yɛ Kristofo mmea baanu a wɔfaa nnamfo akyɛ. Nanso, esiane nseku bɔne bi a Mari Carmen gye dii nti, ɔne Paqui twaa adamfofa mu. Ɔkwatii Paqui koraa a wanka hwee. Bɛyɛ afe akyi no, Mari Carmen hui sɛ na nseku no nyɛ nokware. Dɛn na ɔyɛe? Ɔdɔ kaa no ma ɔkɔɔ Paqui nkyɛn, na ofi ahobrɛase mu kyerɛɛ ahonu kɛse sɛ ɔyɛɛ ade bɔne saa. Nusu kɛse guu wɔn baanu nyinaa, na efi saa bere no, wɔn adamfofa no mu ayɛ den.
Ɛwom sɛ ebia yɛbɛte nka sɛ yɛnyɛɛ bɔne biara de, nanso kyɛwpa betumi asiesie akasakasa bi. Manuel ka sɛ: “Mfe pii a atwam ni no, me ne me yere traa yɛn honhom fam onuawa bi fie bere a na wɔagye no ato ayaresabea no. Wɔ ne yare no mu no, yɛyɛɛ nea yebetumi biara de boaa ɔne ne mma. Nanso bere a ɔsan baa fie no, onwiinwii kyerɛɛ n’adamfo bi sɛ yɛanni fie hɔ sikasɛm ho dwuma yiye.
“Yɛkɔsraa no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ebia esiane sɛ yesusua na yenni suahu nti, yɛanhwɛ nneɛma so yiye sɛnea anka ɔno bɛyɛ no. Obuae ntɛm ara kae sɛ, ɔno na ɔde yɛn ka, na ɔda yɛn ase paa wɔ nea yɛayɛ ama no no ho. Esiesiee asɛm no. Saa osuahu no kyerɛɛ me hia a ahobrɛase mu a yebefi asrɛ fafiri ho hia bere a akasakasa bi aba no.”
Yehowa hyiraa saa awarefo yi esiane sɛ wɔdaa ɔdɔ adi na ‘wodii asomdwoe ne nea ɛbɛma nkɔso akyi’ nti. (Romafo 14:19) Nea ɛka ɔdɔ ho nso ne afoforo nkate ho a yebesusuw. Petro tu yɛn fo sɛ ‘yenhuhu mma yɛn ho.’ (1 Petro 3:8) Sɛ yehuhu ma yɛn ho a, akyinnye biara nni ho sɛ yebehu sɛnea yɛama asɛm anaa nneyɛe bi a nyansa nnim ahaw obi yiye, na ɛbɛka yɛn ma yɛapa no kyɛw.
“Mumfra Ahobrɛase”
Kristofo mpanyimfo anokwafo mpo betumi ne wɔn ho aham bere ne bere mu. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 15:37-39 ho.) Eyi ne mmere ahorow a kyɛwpa ho bɛba mfaso kɛse. Nanso dɛn na ɛbɛboa ɔpanyin bi anaa Kristoni foforo biara a ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛpa kyɛw?
Ahobrɛase ne ade titiriw. Ɔsomafo Petro tuu fo sɛ: “Mo nyinaa mumfura ahobrɛase.” (1 Petro 5:5) Ɛwom sɛ ɛyɛ nokware sɛ wɔ akasakasa pii mu no, ɛyɛ a na afaanu no nyinaa di fɔ de, nanso Kristoni a ɔbrɛ ne ho ase susuw n’ankasa sintɔ ahorow ho, na onya ɔpɛ sɛ obegye atom.—Mmebusɛm 6:1-5.
Ɛsɛ sɛ nea wɔrepa no kyɛw no fi ahobrɛase mu gye tom. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a, yɛmfa no sɛ mmarima baanu bi a ehia sɛ wodi nkitaho gyinagyina mmepɔw abien atifi. Ɔkwan a ɛda wɔn ntam no mma wontumi nni nkɔmmɔ. Nanso, sɛ wɔn mu biako sian ba ase na sɛ ɔfoforo no di ne nhwɛso no akyi a, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ wobedi nkɔmmɔ. Saa ara na sɛ ehia sɛ Kristofo baanu siesie wɔn ntam akasakasa bi a, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara hyia ɔfoforo no wɔ bon no mu sɛnea yɛbɛka no no, na wɔpa kyɛw wɔ ɔkwan a ɛfata so.—1 Petro 5:6.
Kyɛwpa Kyerɛ Pii Wɔ Aware Mu
Ɛda adi sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ baanu a wɔware ma wonya hokwan a wɔde pa kyɛw. Na sɛ okunu ne ɔyere no nyinaa huhu ma wɔn ho, na ɛba sɛ wɔka asɛm bi anaa wɔyɛ ade a ɛda adi sɛ wɔansusuw ɔfoforo ho a, ɛbɛka wɔn ma wɔapa kyɛw. Mmebusɛm 12:18 da no adi sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.” Yentumi mpopa ‘kasa a ɛwowɔ,’ nanso yebetumi de kyɛwpa a efi komam asa. Nokwarem no, eyi gye ahwɛyiye ne mmɔden a yɛbɛbɔ bere nyinaa.
Bere a Susana reka n’aware ho asɛm no, ɔka sɛ: “Me ne Jack* aware mfe 24, nanso yɛda so ara resua nneɛma foforo wɔ yɛn ho yɛn ho. Awerɛhosɛm ne sɛ, bere bi a atwam no, yɛn mu tetewee, na yɛn mu biara kɔtraa baabi adapɛn kakraa bi. Nanso, yetiee Kyerɛwnsɛm mu afotu a efi mpanyimfo hɔ no, na yɛsan boom. Seesei yɛahu sɛ esiane sɛ yɛwɔ su a egu ahorow kɛse nti, ɛyɛ dɛn ara a, ntawntawdi bɛba. Sɛ ɛba saa a, yɛpa kyɛw ntɛm ara, na yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛte nea ɔfoforo no reka ase. Ɛyɛ me anigye sɛ mereka sɛ yɛn aware no atu mpɔn yiye.” Jack de ka ho sɛ: “Yɛasua sɛnea yebehu mmere a ɛda adi sɛ yɛn bo befuw no nso. Wɔ mmere a ɛtete saa mu no, yenya tema a emu yɛ den ma yɛn ho yɛn ho.”—Mmebusɛm 16:23.
So ɛsɛ sɛ wopa kyɛw bere a wote nka sɛ wunnii mfomso no? Sɛ ɛfa nkate a emu yɛ den ho a, ɛyɛ den sɛ wubehu baabi a mfomso no fi. Nanso ade a ɛho hia ne asomdwoe a ɛbɛba aware no mu. Susuw Abigail, Israelni bea a ne kunu anyɛ Dawid yiye no ho. Ɛwom sɛ wontumi mfa ne kunu nkwaseade no ho asodi nto no so de, nanso ɔpaa kyɛw. Ɔpaa kyɛw sɛ: “Fa ɔsõ yi firi w’afenaa ɛ!” Dawid tiee no denam di a ɔne no dii no yiye, na ofi ahobrɛase mu kae sɛ sɛ ɛnyɛ ɔno a, anka ɔbɛka mogya a edi bem agu, no so.—1 Samuel 25:24-28, 32-35.
Saa ara na Kristoni bea bi a wɔfrɛ no June, a ɔde mfe 45 aware no te nka sɛ ade a ɛma aware sɔ ne sɛ obi bedi kan anya ɔpɛ sɛ ɔbɛpa kyɛw. Ɔka sɛ: “Meka no me tirim sɛ yɛn aware no ho hia me sen m’ankasa me nkate. Enti sɛ mepa kyɛw a, mete nka sɛ mereboa ma aware no asɔ.” Ɔbarima bi a ne mfe akɔ anim a wɔfrɛ no Jim ka sɛ: “Mepa me yere kyɛw wɔ nneɛma nketenkete mpo ho. Efi bere a wɔyɛɛ no oprehyɛn bi a emu yɛ den no, ɛnkyɛ na wahaw. Enti daa mede me nsa to ne kɔn mu ka sɛ, ‘Ɔdɔ, Manhyɛ da. Ná ɛnyɛ me pɛ sɛ mɛhyɛ wo abufuw.’ Te sɛ afifide a wogugu so nsu no, ne ho bae no ntɛm ara.”
Sɛ yepira obi a yɛdɔ no sen biara a, kyɛw a yɛbɛpa no ntɛm no di dwuma yiye. Milagros fi koma mu gye tom ka sɛ: “Minni me ho mu ahotoso, na sɛ me kunu ka asɛm bi a ɛyɛ yaw kyerɛ me a, ɛhyɛ me abufuw. Nanso sɛ ɔpa kyɛw a, me ho bae me ntɛm ara.” Ɛfata sɛ Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwokyɛm, ɔkra adɔkɔdɔkɔde ne nnompe akwahosan.”—Mmebusɛm 16:24.
Sua Kyɛwpa
Sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛbɛpa kyɛw bere a ɛho hia a, akyinnye biara nni ho sɛ yebehu sɛ nkurɔfo bɛkyerɛ ho anisɔ. Na ebia wɔn ankasa mpo bɛpa kyɛw. Sɛ yehu sɛ yɛafom obi a, dɛn nti na yɛmfa nyɛ yɛn su sɛ yɛbɛpa kyɛw sen sɛ yɛbɛkɔ so atwe nsɛm mu de akyerɛ sɛ yenni fɔ? Ebia wiase no bɛte nka sɛ kyɛwpa kyerɛ mmerɛwyɛ, nanso ɛkyerɛ Kristofo ahokokwaw ankasa. Nokwarem no, yɛrempɛ sɛ yɛbɛyɛ sɛ wɔn a wohu sɛ wɔadi mfomso bi nanso wobu wɔn ani gu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ so no. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ a yetumi ka sɛ yɛanhyɛ da bere a emfi komam? Sɛ yɛannu baabi ntɛm na yɛpa kyɛw pii a, yɛbɔ mmɔden sɛ yebedu hɔ ntɛm afei?
Enti afei, so ehia sɛ yɛpa kyɛw ankasa? Yiw, ehia sɛ yɛyɛ saa. Ɛyɛ yɛne afoforo asɛyɛde sɛ yɛbɛyɛ saa. Kyɛwpa betumi aboa ma wɔayi yaw a sintɔ de ba afi hɔ, na ebetumi asiesie abusuabɔ mu haw biara. Kyɛw biara a yɛpa no yɛ ahobrɛase ho asuade, na ɛtete yɛn ma yesusuw afoforo nkate ho kɛse. Nea ebefi mu aba ne sɛ, mfɛfo gyidifo, aware mu ahokafo, ne afoforo bebu yɛn sɛ wɔn a wɔfata sɛ wɔdɔ wɔn na wonya wɔn mu ahotoso. Yebenya asomdwoe, na Yehowa Nyankopɔn behyira yɛn.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛnyɛ wɔn din ankasa.
[Kratafa 23 mfonini ahorow]
Kyɛwpa a efi komam ma Kristofo dodɔ wɔn ho