Agyata—Afrika Nkekaboa Mu Ahoɔdenfo
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ
NA OWIA apue wɔ Afrika Serengeti Asasetaw no so. Anɔpa a na wim adwo no, yefi yɛn Land Rover kar no mu hwɛɛ agyatabere kuw bi ne wɔn mma. Wɔn were nnodowee no da wɔn ho, na ɛhyerɛn fɛfɛɛfɛ ma ɛne sare atenten a awo no yɛ pɛ. Gyata mma no yɛ peterepetere na wɔte apɔw. Wohuruhuruw twa agyatabere akɛse a wɔdeda hɔ te sɛ nea agoru a wɔredi no mfa wɔn ho no ho hyia.
Mpofirim ara, kuw no tɛm dinn. Wɔn nyinaa dan wɔn ani hwɛ akyirikyiri. Yefi faako a yegyina a ɛhɔ wɔ soro kakra no hwɛ baabi a wɔn ani kyerɛ no, na yehu nea wɔde wɔn ani asi so no. Anɔpahema hann no tɔ gyatanini kɛse bi so. Yɛn ani tɔ n’anim bere a ɔhwɛ yɛn no. Yɛte nka sɛ yɛn ho popo, ɛnyɛ anɔpa awɔw no nti, na mmom hu a yehu sɛ ɔrehwɛ yɛn no nti. Ne ho yɛ hu, nanso ne ho yɛ fɛ. Ne ti kɛse no ho nhwi nnodowee ne tuntum a adi afra gu ne kɔn mu fukuu. N’aniwa akɛse no hyerɛn te sɛ gyaframa, na ayɛ haa. Nanso n’adwene dan kɔ n’abusua no so, na ɔde bɔkɔɔ dan n’ani kyerɛ wɔn, kɔ wɔn nkyɛn.
Sɛnea otutu taataa no yɛ fɛ kɛkɛ. Ɔfa yɛn kar no anim pɛɛ a wanhwɛ yɛn bio na ɔkɔ agyatabere no ne wɔn mma no nkyɛn. Wɔn nyinaa sɔre hyia no, na wɔde wɔn anim twitwiw n’apantan a wutumi hu sɛ ahoɔden wom no ho sɛnea nkekaboa taa yɛ no. Bere a gyatanini no hyɛn kuw no mu no, ɔdan ne ho hwe fam te sɛ nea akyinkyinakyinkyin no ama wabrɛ no, na ɔda ayeya. Ɔde n’anihaw no san kuw no nyinaa, na bere tiaa bi mu no, kuw no tɔ nko wɔ anɔpawia mu hyew no mu. Yefi nea yegyina hɔ hwɛ mmoa a wɔn asom adwo wɔn na biribiara nhaw wɔn a wɔdeda sare fɛfɛɛfɛ a awo a mframa ma edi ahim wɔ petee mu no so.
Abɔde a ne Ho Yɛ Nwonwa ne Anigye
Gyama gyata akyi no, aboa biara ho nyɛɛ nnipa nwonwa saa. Tete no, na Afrika adwinniyɛfo yɛ agyata a wɔrekyere mmoa ho mfonini gu abotan ho. Ná wɔde abo yeyɛ agyata mũ ahoni akɛse de sisi ahemfie ne asɔredan ahorow mu. Ɛnnɛ, nkurɔfo bɔ twi kɔhwɛ nkekaboa a wɔn ho yɛ anigye yi wɔ mmoa yɛmmea. Gyata agye din wɔ nhoma ne sini ahorow te sɛ Born Free, nokwasɛm bi a ɛfa gyata ba bi a wɔkyeree no yɛn no na akyiri yi wogyae no no mu. Na wɔabɔ gyata dimmɔne wɔ ayɛsɛm—a ne fã bi yɛ anansesɛm, na ɔfã bi yɛ nokware—mu sɛ otirimmɔdenfo a ɔwe nnipa nam. Edi sɛ gyata yɛ aboa a ne ho yɛ nwonwa ne anigye saa!
Agyata ho betumi ayɛ hu yiye nanso ɛtɔ mmere bi a, wɔyɛ bɔkɔɔ na wodi agoru te sɛ agyinamoa mma. Sɛ wɔn bo tɔ wɔn yam a, wɔka wɔn menewam bɔkɔɔ, nanso wobetumi abobom ma obi a ɔwɔ kilomita 8 ate wɔn nka. Ɛtɔ mmere bi a na ɛte sɛ nea wɔn ani ahaw na wɔayɛ tebɔɔ no, nanso wotumi gye bum tu mmirika a ɛyɛ nwonwa. Esiane gyata akokoduru nti, nnipa ka sɛ biribiara ntumi wɔn, na wɔtaa ka ɔkokodurufo ho asɛm sɛ obi a ne bo yɛ duru sɛ gyata.
Simbaa—Akekaboa a Ɔpɛ Fekubɔ
Agyata yɛ nkekaboa a wɔpɛ fekubɔ sen biara no mu biako. Wonyin yiye wɔ abusua kuw akɛse a wɔfrɛ wɔn agyatakuw, a emufo tumi yɛ kakraa bi anaa wotumi boro 30 mu. Agyatabere kuw a wɔbɛn yiye na wɔbom yɛ gyatakuw yi. Wɔtra ase, kyere mmoa, na wɔwo bom. Abusuabɔ a emu yɛ den a etumi tra hɔ wɔn nkwa nna nyinaa yi so na gyata abusua no ahoɔden gyina, na ɛno na ɛbɔ kuw no ho ban.
Gyatanini a wanyin biako anaa nea ɛboro saa a wokyinkyin huahua gyatakuw no asasesin ano wɔ gyatakuw biara mu. Efi saa mmoa ahoɔdenfo yi hwene tuntum no ano, kosi wɔn dua fukufuku no ano no tenten tumi boro mita 3, na wɔn mu duru tumi boro kilogram 225. Ɛwom sɛ anini no di abere no so de, nanso abere no na wɔtaa di abusua no anim. Agyatabere no na wɔtaa fi biribiara a wɔyɛ, te sɛ kɔ a wɔkɔtra baabi a onwini wɔ anaasɛ ahayɔ ase.
Agyatabere taa wo mma mfe abien biara. Bere a wɔbɛwo agyata mma no, na wontumi nyɛ wɔn ho hwee. Abusua no nyinaa na wɔbom tete mma no, na abere no nyinaa hwɛ mmofra a wɔwɔ agyatakuw no mu so ma wɔn nufu. Agyata mma nyin ntɛmntɛm; na ebedu asram abien ntam no, na wotu mmirika di agoru. Bere a wobubu fa wɔn ho so te sɛ agyinamoa mma no, wodi atentam, tow hyɛ wɔn a wɔne wɔn di agoru no so, na wohuruhuruw wɔ sare atentenatenten no mu. Biribiara a ɛkeka ne ho a ebetwa wɔn ani so no twetwe wɔn adwene, na wohuruw di afofantɔ akyi, wotu mmirika di nkoekoemmoa akyi, na wɔne nnua ne nhama di atentam. Nea wɔn ani gye ho paa ne wɔn maame dua a ɛkeka ne ho a ɔhyɛ da hinhim de gye wɔn agoru no.
Gyatakuw biara wɔ wɔn ankasa asasesin a wɔte mu a ne kɛse betumi ayɛ hɛkta pii. Agyata pɛ mmeae a ɛkorɔn a nsu pii wɔ ne afei onwini ase tra bere a owia ano ayɛ den owigyinae no. Wɔne asono, kɔntenten, susono, ne mmoa afoforo a wɔpɛ asasetaw so no na ɛtra hɔ. Gyata de n’asetra mu bere dodow no ara da, na bere kakraa bi na wɔde yɛ ha, san foro abere. Nokwasɛm ne sɛ agyata tumi de nnɔnhwerew 20 gye wɔn ahome, da, anaa wɔde tra ase. Sɛ wɔda hatee a, wobɛka sɛ wɔn ho nyɛ hu. Nanso, hwɛ na woannaadaa wo ho—gyata yɛ nkekaboa a wɔn ho yɛ hu sen biara no mu biako!
Ɔbɔmmɔfo
Sɛ edu anwummere a, sare a owia ama emu ayɛ hyew no mu fi ase dwo. Agyatabere abiɛsa a wɔwɔ kuw a na yɛrehwɛ wɔn mu no fi ase keka wɔn ho fi awiabere nna no mu. Ɔkɔm a ɛde wɔn no ma wofi ase kyinkyini, na bere a wɔma wɔn ani so hwɛ sare a ɛso awo no so no, wohuahua mframa no. Ɛyɛ atorɔm adidi bere, na aforote a wɔn ho nyɛ fɛ yi mu ɔpedudu pii we sare wɔ yɛn anafo. Nkekaboa abiɛsa no de wɔn ani kyerɛ saa beae yi. Afei wɔtetew wɔn ho mu yɛɛ bɔkɔɔ faa asase a ɛso ayɛ mmonkyimmɔnka no so. Ɛyɛ den sɛ obi behu nkekaboa a wɔn ho yɛ nnodowee yi wɔ sare no mu, ma enti wotumi bɛn atorɔm akuw a wɔn ani nna wɔn ho so yi bɛyɛ mita 30. Ɛno ansa na nkekaboa yi keka wɔn ho. Wɔde mmirika bum bɔ wura atorɔm a wɔn ani so atan wɔn yi mu. Atorɔm kuw yi bɔ hwete, na mmoa a wɔn ani abere yi guan pere wɔn ti. Wɔn tɔte pii a ɛpempem fam no tutu asase no so ma mfuturu kɔkɔɔ tu fa wim. Bere a mframa bɔ mfuturu no kɔ no, yehu sɛ agyatabere abiɛsa no nkutoo gyinagyina hɔ a wɔrehome hyeehyee. Wɔn nsa anka wɔn nam no. Ebia wobenya hokwan foforo ayɛ ha anadwo yi, ebi nso a ɛrenyɛ yiye. Ɛmfa ho sɛnea agyata ho yɛ hare fa no, sɛ wɔkɔ ahayɔ a, mpɛn ɔha mu nkyem 30 pɛ na wotumi kye nam. Ne saa nti, ade biako a ɛhaw agyata titiriw ne ɔkɔm.
Gyata a wanyin paa no wɔ ahoɔden a ɛyɛ nwonwa. Sɛ wobom kɔ ahayɔ a, wotumi kyere mmoa a wɔn mu duru boro kilogram 1,300 kum wɔn. Agyata tumi de mmirika a wobetumi de atwa kilomita 59 dɔnhwerew biara fi mmirikatu no ase, nanso wontumi ntoa so saa nkyɛ. Esiane eyi nti, wɔde anifere di mmoa atetɛ-atetɛ ansa na wɔanya nam. Agyatabere na wɔyɛ ahayɔ no mu ɔha mu nkyem 90, nanso sɛ wonya nam a, anini akɛse no na wɔtaa nya mu fã kɛse. Sɛ nam ho yɛ den ma wɔn a, ɛtɔ mmere bi a ɔkɔm tumi de agyata araa ma wɔpam wɔn ankasa mma fi nam a wɔakyere ho.
Wɔtaataa No
Tete no, na gyata a ne ho yɛ den no kyin fa Afrika asasepɔn no nyinaa so, Asia, Europa, India, ne Pelestina afã horow bi. Esiane sɛ ɔyɛ ɔbɔmmɔfo nti, ɔne nipa si akan wɔ ahayɔ mu. Esiane sɛ wɔyɛ asiane ma ayɛmmoa na wotumi pira nnipa nti, sɛ nnipa hu no pɛ a, na wɔato no tuo. Nnipa a adɔɔso nso ka ho bi titiriw na gyata ahwere trabea pii no. Wɔ Afrika akyi no, agyata kakraa bi na wɔwɔ kwae mu nnɛ. Mprempren, gye mmeae a wɔagye ho ne mmoa atrae nkutoo na agyata ne nnipa nni asɛm.
Anigyesɛm ne sɛ daakye, tebea no bɛsakra ama mmoa a wɔn ho yɛ nwonwa yi. Bible no ka daakye bi a gyata ne nnipa bɛtra asomdwoe mu ho asɛm. (Yesaia 11:6-9) Ɛrenkyɛ, yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no bɛma eyi abam. Saa bere no, Afrika akekaboa mu ɔhoɔdenfo yi ne abɔde afoforo bɛtra abom wɔ asomdwoe mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Simba yɛ Swahili kasa a ɛkyerɛ “gyata.”
[Kratafa 15 adaka]
Bere a Gyata BOBOM
WONIM agyata sɛ wotumi bobom ma edu akyirikyiri, kilomita bebree. Wɔaka gyata mmobom ho asɛm sɛ “ɛnne nnyigyei a emu yɛ den sen biara” no biako. Agyata taa bobom anadwo ne ahemadakye. Agyatabere ne agyatanini nyinaa bobom, na ɛtɔ mmere bi a, agyatakuw no nyinaa moma wɔn nne so bobom.
Nyansahufo a wosua agyata ho ade kyerɛ sɛ mmobom no di atirimpɔw pii ho dwuma. Agyatabere bobom de kyerɛ baabi a wɔn asasesin kɔpem, na wɔde kyerɛ sɛ wɔn ani abere, de bɔ agyatanini afoforo a ebia wɔbɛba wɔn asasesin mu kɔkɔ. Nea ɛfata no, Bible no kaa Asiria ne Babilon atumfoɔ a na wɔyɛ anuɔdenfo, ahantanfo, ne adifudepɛfo no ho asɛm sɛ “agyataforo” a wɔsɔre tiaa Onyankopɔn nkurɔfo menee wɔn.—Yesaia 5:29; Yeremia 50:17.
Sɛ kuw no mufo ntam tetew kɛse anaasɛ esum duru wɔn a, mmobom no ma wohu wɔn ho. Sɛ wɔkyere nam bi a, mmobom no kyerɛ kuw no mufo afoforo kwan kɔ faako a nam a wɔanya no wɔ no. Bible reka eyi ho asɛm no, ɛka sɛ: “So gyata bobom kwae mu a aboa bi nni n’anim anaa?”—Amos 3:4.
Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ sɛ agyata repɛ wuram mmoa akyere wɔn a, wɔmfa mmobom nhunahuna wɔn. Richard Estes ka wɔ ne nhoma The Behavior Guide to African Mammals mu sɛ biribiara “nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ agyata hyɛ da bobom de hunahuna mmoa a wɔpɛ wɔn akyere wɔn no na ama wɔaguan akohintaw (me suahu kyerɛ sɛ mmoa a wɔkyere wɔn no taa bu wɔn ani gu gyata mmobom so).”
Ɛnde dɛn nti na Bible ka Satan ho asɛm sɛ ‘gyata a ɔrebobom ahwehwɛ obi amene’? (1 Petro 5:8) Ɛwom sɛ wuram mmoa nsuro gyata mmobom de, nanso eyi nte saa wɔ nnipa ne wɔn ayɛmmoa fam. Gyata mmobom a eyi hu a egyigye anadwo dasum no ma obiara a ɔmmɔɔ ne ho adwaa bɔ hu. Wɔkaa no tete no ma ɛfatae sɛ: “Gyata abobom, hena na ɔrensuro?”—Amos 3:8.
Satan ho akokwaw wɔ sɛnea ɔde ehu di dwuma de hunahuna nkurɔfo ma wɔbrɛ wɔn ho ase ma no no mu. Anigyesɛm ne sɛ Onyankopɔn nkurɔfo wɔ ɔboafo kɛse bi. Ɛdenam Yehowa mmoa mu gyidi pintinn so no, wobetumi ako atia ‘gyata a ɔrebobom’ yi adi ne so nkonim. Wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔmfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan.’—1 Petro 5:9.