“Wiase Awiei”—Biribi A Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Kwan
“SIKASƐM ne abrabɔ mu ɔhaw ahorow, akodi, awudi ho mmɔden ahorow a wɔbɔ, nnipa a wɔkyere wɔn sie de hwehwɛ biribi, akodeyɛ ho akansi, ɔkɔm ne aguanfo ho asiane—adesamma yare yiye ampa. . . . Nanso wiase bi awiei nyɛ wiase no awiei ɔkwan biara so.” Saa na Paris atesɛm krataa Le Monde no kae wɔ asɛmti (wɔ Twi mu) “Adiyisɛm Afei?” no ase.
Sɛ́ onim anaa onnim no, nea ɔkyerɛw saa asɛm no daa Bible no adwene wɔ nneɛma ho adi. ‘Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ wiase bi (a ɛkyerɛ “nneɛma nhyehyɛe” bi) betumi aba awiei a wɔnsɛe wiase no (a ɛkyerɛ asase no ne ɛsotefo nyinaa) . Bio nso, sɛnea yebehu no, tebea horow koro no ara a Fransefo atesɛm krataa no kaa ho asɛm sɛ edi adanse sɛ “adesamma yare yiye ampa” no yɛ nea wɔka too hɔ wɔ Bible mu sɛ sɛnkyerɛnne bi fã a ɛkyerɛ sɛ afei de yɛte mprempren “nneɛma nhyehyee” bɔne no “awiei” mu, ne sɛ yɛabɛn “bere” foforo a ɛbɛyɛ soronko koraa—“nneɛma nhyehyɛe” foforo bi.
NEA ENTI A ƐSƐ SƐ “WIASE” DEDAW NO KƆ
Asɛm “wiase awiei” a ɛma ehu ka nnipa no yɛ nkyerɛase a ɛmfata ankasa a Kristoman asɛnkafo no de adi adwuma de ahunahuna nkurɔfo ma wɔaboa wɔn asɔre nhyehyɛe horow no. Mfitiase Hela asɛmfua no kyerɛ “nneɛma nhyehyɛe no awiei.” Enti, ebia obi bebisa sɛ: Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mprempren nhyehyɛe yi fi hɔ?
Nea enti titiriw ne sɛ ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw. Dɛn ntia? Efi bere a ɛbae, wɔ Noa bere so nsuyiri no akyi bere tiaa bi no, mprempren nneɛma nhyehyɛe yi akɔ so asɛe bere nyinaa. (Genesis 10:8-12; 11:1-9) Ɛnyɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔyɛe. Nea ɛne no bɔ abira no, “nneɛma nhyehyɛe yi sodifo” ahaw Onyankopɔn nokware asomfo bere nyinaa na mpo wɔtaa wɔn. (1 Korintofo 2:6, NW) Na ɛnyɛ nwonwa, efisɛ ɔsomafo Paulo frɛ Satan “nneɛma nhyehyɛe yi nyame.” (2 Korintofo 4:4, NW) Esiane sɛ ɛyɛ “nneɛma nhyehyɛe yi sodifo” na “wɔbɔɔ anuonyam Awurade,’ Kristo Yesu “no asɛnduam” nti, ɛfata sɛ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ fi hɔ.—1 Korintofo 2:8, NW.
Mprempren wiase nhyehyɛe no ada ne ho adi denam kɔ a ama bɔne, nsɛmmɔnedi ne atuatew akɔ anim atia Onyankopɔn ne ne pɛ no so. Ahyɛ nsisi, nhyɛso ne basabasayɛ ho nkuran—wɔ ankorankoro ne amanaman ntam. Bible no frɛ no “mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne.” (Galatifo 1:4, NW) Wɔrentumi nsakra no. Enti, ɛsɛ sɛ ɛkɔ!
EHU A NYANSAHU MA WƆBƆ NNI NNYINASO
Nanso ɛno renkyerɛ okyinsoroma Asase no awiei. Sɛnea yenim no, ehu aka nyansahufo wɔ “wiase asiane ahorow a ehunahuna asase no” ho. Nanso, ehu ahorow a ɛte sɛɛ yɛ nea wɔde ani na abu ara kwa wɔ nneɛma a ebetumi asisi ho, nanso ensusuw ade a ɛho hia titiriw no ho: Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ma asase.
Pierre-Paul Grassé, a ɔyɛ Fremch Academy of Science muni no se:
“Ɛnyɛ onipa adwene na ɛyɛɛ amansan ho nhyehyɛe na ɛnyɛ adwene tumi horow bi na ɛde sii hɔ. Dabi, ɛyɛ nokwasɛm a abenfo te sɛ Planck ne Einstein tee ase yiye. Wɔ a nhyehyɛe wɔ hɔ no kyerɛ wɔ a nyansa a etumi hyehyɛ nneɛma wɔ hɔ. Nyansa a ɛte sɛɛ ntumi nyɛ obiara de sɛ Onyankopɔn.”
Yiw, nyansahufo pii ahu sɛ ntease wom kɛse sɛ wobegye wɔ a Ɔbɔadeɛ nyansafo bi wɔ hɔ no atom sen sɛ wɔde asɛmfua “sesɛkwa” bɛkyerɛkyerɛ amansan no mu.
Esiane sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ nti, afei asemmisa no ne sɛ: N’atirimpɔw wɔ asase ho ne dɛn? N’Asɛm, Bible no ma mmuae sɛ: “Na sɛ [Yehowa] a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no se ni,—ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so,—: Mene [Yehowa].” (Yesaia 45:18) Yehowa Nyankopɔn, ammɔ asase no a adwene no ne sɛ awiei koraa no ɔbɛsɛe no. (Dwom 104:5) Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ mmarima ne mmea abusua a wɔteɛ a wɔahyira wɔn ho so ama n’apɛdeyɛ ‘bɛtra’ asase so. Ɛno kyerɛkyerɛ nea enti a Yesu kyerɛɛ Kristofo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ; “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no mu.—Mateo 6:9, 10.
TRENEE “ASASE FOFORO”—ƆKWAN BƐN SO
Bere a wɔakyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn, nea “Ɔnwenee asase” na “Ɔde sii hɔ” no wɔ atirimpɔw pa ma okyinsoromma a yɛte so yi no, na aka sɛ yɛbɛte nea Bible kyerɛ no ase bere a ɛka “asase foforo a trenee te mu” ho asɛm no.—2 Petro 3:13.
Ɛda adi sɛ “asase foforo” a wahyɛ ho bɔ no rentumi nkyerɛ okyinsoroma foforo. Yebetumi ahu nea ɛkyerɛ wɔ nyansa mu afi asɛm a ɛwɔ Petro nhoma a ɛto so abien no mu no mu. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ nea ɛsɛ sɛ ɛba ansa na wɔde trenee “asase foforo” no asi hɔ no, Petro ka Noa bere so nsuyiri no ho asɛm. Ɔka “asase [Hela, ge] a efii nsu mu na ɛfaa nsu mu betim hɔ, Onyankopɔn asɛm so, na ɛno ara so na ɛnam na nsu yirii wiase [Hela, ko’smos] a ɛwɔ bere no so no ma ɛsɛee” ho asɛm.—2 Petro 3:5, 6.
“Wiase” bɛn na Nsuyiri no sɛee no no? Nea edi kan, wɔ krataa koro no ara mu no, Petro kyerɛw sɛ: “Na sɛ [Onyankopɔn] ankora tete wiase [ko’smos] so, na mmom Noa a ɔyɛ treneekafo a ɔto so awotwe no nko na ogyee no, na ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase [ko’smos] so no.” (2 Petro 2:5) Enti “amumɔyɛfo wiase” bi baa awiei denam Nsuyiri no so. Nanso asase no ne nnipa kakraa bi a wɔwɔ so ansɛe.a Ɛyɛ adesamma amumɔyɛfo abusua bɔne no na wɔsɛee no, ɛnyɛ Asase okyinsoromma no.
Saa ara na wɔ sɛnkyerɛnne kwan so “asase” a egyina hɔ ma adesamma abusua a asɛe a akɔ so fi Nsuyiri no so no ho na Petro kɔ so ka sɛ: “Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ ho yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.” (2 Petro 3:7) Yiw, sɛnea Asase okyinsoromma no ansɛe wɔ “amumɔyɛfo wiase” a edii Nsuyiri no anim awiei mu no, saa ara na ɛrensɛe wɔ “nnipa amumɔyɛfo” ne wɔn nniso ahorow “ogya” anaa ‘ɔsɛe’ no mu. Nniso horow yi, ne adesamma abusua bɔne a wodi wɔn so no na ɛka bom yɛ “ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi.”—Fa toto Adiyisɛm 21:8 ho.
Petro de ka ho sɛ: “Na, sɛnea ne [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” Nyansam no, ná ɔde saa nsɛm yi reka trenee nniso foforo (Onyankopɔn ahenni wɔ Kristo ase) ne adesamma abusua a wɔayɛ no foforo no ho asɛm.—2 Petro 3:13.
ƆKWAN A WOBƐFA SO ANYA NKWA
Bere a nnipa a wosua daakye ho nsɛm pii de awerɛhow suro asase ne adesamma abusua no daakye no, Kristofo a wogye Bible no di ankasa na wodi akyi no wɔ anidaso kɛse. Wɔ ɔhaw ahorow a aba asase so fi 1914 no mu no, wohu “sɛnkyerɛnne” a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnhwɛ kwan no. Yesu de kaa ho sɛ: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn. . . . sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn. Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu.”—Luka 21:10, 11, 25, 26, 28, 31, 36; Mateo 24:3, 7-13.
Nea ɛne no bɔ abira no, sɛ́ wobɛyɛ “ɔsɛe ho adiyifo” no, Yehowa Adansefo rebɔ asɛm a eye sen biara no ho dawuru, a ɛne sɛ bere reyɛ asõ ma Onyankopɔn ahenni adi asase nyinaa so. Wɔrema Yesu nkɔmhyɛ no abam: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei [telos] no bɛba.” (Mateo 24:14) Saa “awiei” no bɛkyerɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi sɛe, nsisi, nhyɛso, basabasayɛ, akodi, aduankɔm, ne nyarewa awiei—yiw, amanehunu ne owu ankasa awiei!—Adiyisɛm 21:1-5.
Nokwarem, “wiase awiei” nyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yesuro. Mmom no, ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan, efisɛ ɛde trenee nneɛma nhyehyɛe foforo bɛba wɔ saa asase fɛfɛ yi a Onyankopɔn de “atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da” no so.—Dwom 104:5.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya wiase nyinaa nsuyiri no ho adanse no, hwɛ ti 3 wɔ nhoma Is the Bible Really the Word of God? a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York no tintimii no mu.
[Kratafa 4 mfoni]
Ɛbere reyɛ asõ ma Onyankopɔn ahenni adi asase nyinaa so