-
Nea Yehowa Da No Bɛma Ada AdiƆwɛn-Aban—2010 | July 15
-
-
2 Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Yehowa da no bɛba sɛ ɔkorɔmfo, na emu na ɔsoro betwam kurududu, na nneɛma a adɔ ayɛ kɔɔ no bɛnan, na asase ne emu nnwuma bɛda adi.” (2 Pet. 3:10) Dɛn ne “ɔsoro” ne “asase” a wɔaka ho asɛm wɔ ha no? Dɛn ne “nneɛma” a ɛbɛnan no? Dɛn na na Petro kyerɛ bere a ɔkae sɛ “asase ne emu nnwuma bɛda adi” no? Saa nsɛmmisa yi ho mmuae a yebehu no bɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama nneɛma a ɛyɛ hu a ɛrebesisi nnansa yi ara no.
Ɔsoro ne Asase a Ebetwam No
3. Dɛn ne “ɔsoro” a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Petro 3:10 no, na ɔkwan bɛn na ɛbɛfa so atwam?
3 Sɛ wɔde asɛmfua “ɔsoro” di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Bible mu a, ɛtaa fa nniso a edi wɔn manfo so ho. (Yes. 14:13, 14; Adi. 21:1, 2) “Ɔsoro [a ebetwam]” no gyina hɔ ma nnipa nniso a edi wiase bɔne yi so no. “Kurududu,” anaa sɛnea Bible nkyerɛase bi ka no no, “gyegyeegye” a ɛde betwam no betumi akyerɛ sɛnea wɔbɛsɛe saa ɔsoro no ntɛm ara.
4. Dɛn ne “asase” no, na ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so asɛe no?
4 “Asase” no gyina hɔ ma adesamma a wɔwɔ wiase a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no. Ná wiase bi a ɛte saa wɔ hɔ wɔ Noa bere so, na Onyankopɔn hyɛ ma wɔde Nsuyiri sɛee no. Bible ka sɛ: “Ɛnam asɛm koro no ara so na wɔakora ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi so ama ogya de retwɛn atemmu ne amumɔyɛfo sɛe da.” (2 Pet. 3:7) Bere a Nsuyiri no sɛee abɔnefo nyinaa prɛko pɛ no, ɔsɛe a ɛreba no de, ɛbɛsɛe nneɛma nkakrankakra wɔ “ahohiahia kɛse no” mu. (Adi. 7:14) Wɔ saa ahohiahia no fã a edi kan mu no, Onyankopɔn bɛkanyan amammui atumfoɔ a wɔwɔ wiase yi mu ma wɔasɛe “Babilon kɛse” no, na Onyankopɔn nam saa a ɔbɛyɛ so akyerɛ sɛ okyi saa aguaman a ogyina hɔ ma nyamesom no. (Adi. 17:5, 16; 18:8) Afei, wɔ Harmagedon ko a ɛno na ɛyɛ ahohiahia kɛse no fã a etwa to koraa mu no, Yehowa ankasa bɛsɛe Satan wiase no fã a aka no.—Adi. 16:14, 16; 19:19-21.
“Nneɛma . . . no Bɛnan”
5. Sɛnkyerɛnne kwan so nneɛma no bi ne dɛn?
5 Dɛn ne “nneɛma” a ‘ɛbɛnan’ no? “Nneɛma” a Petro kaa ho asɛm no fa nneɛma atitiriw a ɛma wiase no mu nnipa da subammɔne ne nneyɛe bɔne adi, nea ɛma wɔfa akwammɔne so, ne nea ɛma wɔde botae a ɛmfata sisi wɔn ani so ho. “Nneɛma” no bi ne “wiase honhom” a “ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no.” (1 Kor. 2:12; monkenkan Efesofo 2:1-3.) Saa honhom anaa “mframa” no wɔ Satan wiase no mu baabiara. Ɛma nkurɔfo da Satan a ɔyɛ “mframa a ɛrebɔ no panyin” a ɔyɛ ahantan ne aniammɔho no adwene adi wɔ sɛnea wosusuw nneɛma ho, sɛnea wɔyɛ wɔn nhyehyɛe, sɛnea wɔkasa, ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade mu.
6. Ɔkwan bɛn na wiase honhom no fa so da ne ho adi?
6 Enti, sɛ́ nnipa a wiase honhom no anya wɔn so nkɛntɛnso no nim anaa wonnim no, wɔma Satan nya wɔn adwene ne wɔn koma so tumi ma enti wɔda ne nsusuwii ne ne suban adi. Ɛno nti, wɔyɛ nea wɔpɛ a wonnnwen nea Onyankopɔn pɛ ho. Wɔde ahantan ne pɛsɛmenkominya na ɛyɛ ade, wɔtew tumidi so atua, na wɔde wɔn koma nyinaa di “ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ” akyi.—Monkenkan 1 Yohane 2:15-17.a
7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛbɔ yɛn koma ho ban’?
7 Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛma Onyankopɔn nyansa kyerɛ yɛn kwan wɔ nnipa a yɛne wɔn bɛbɔ fekuw, nneɛma a yɛbɛkenkan, nneɛma a yɛde begyigye yɛn ani, ne Intanɛt Dwumadibea bi a ebia yɛbɛkɔ hɔ ho de ‘abɔ yɛn koma ho ban’! (Mmeb. 4:23) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhwɛ yiye: anhwɛ a obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu a egyina nnipa atetesɛm ne wiase mu nneɛma so a ennyina Kristo so bɛfa mo nnommum.” (Kol. 2:8) Ɛnde, bere a Yehowa da no rebɛn no, ɛsɛ sɛ yɛde saa afotu yi yɛ adwuma sen bere biara, efisɛ saa da no ano ‘hyew’ yɛ den araa ma ɛbɛnan Satan nhyehyɛe no mu “nneɛma” nyinaa, na ɛbɛma ada adi koraa sɛ ɛrentumi nnyina Onyankopɔn abufuhyew ano. Eyi ma yɛkae asɛm a ɛwɔ Malaki 4:1 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Hwɛ, ɛda no reba, na ɛrehyew te sɛ fononoo, na ahantanfo ne wɔn a wodi abɔnefosɛm nyinaa bɛyɛ sɛ sare. Na da a ɛreba no bɛhyew wɔn.”
“Asase ne Emu Nnwuma Bɛda Adi”
8. Ɔkwan bɛn so na asase ne emu nnwuma “bɛda adi”?
8 Bere a Petro kyerɛwee sɛ “asase ne emu nnwuma bɛda adi” no, dɛn na na ɔrekyerɛ? Wobetumi akyerɛ asɛm “bɛda adi” no ase nso sɛ “ɛho bɛda hɔ.” Nea na Petro kyerɛ ne sɛ Yehowa bɛma Satan wiase no ho ada hɔ wɔ ahohiahia kɛse no mu ma obiara ahu sɛ ɛsɔre tia Yehowa ne N’Ahenni ma enti ɛfata sɛ wɔsɛe no. Wɔhyɛɛ saa bere no ho nkɔm wɔ Yesaia 26:21 sɛ: “Yehowa fi ne tenabea reba, na ɔbɛma asase no sofo abu wɔn bɔne ho akontaa, bɔne a wɔayɛ atia no nyinaa. Na asase no bɛma ne mogyahwiegu ada adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.”
9. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛpo, na dɛn ntia? (b) Su ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yenya, na dɛn ntia?
9 Wɔ Yehowa da no mu no, wɔn a wɔama wiase no ne ne honhom bɔne no anya wɔn so nkɛntɛnso no beyi wɔn suban ankasa adi, na wobekunkum wɔn ho mpo. Nokwarem no, ebetumi aba paa sɛ anigyede ahorow a awudisɛm wom a nnipa pii ani gye ho nnɛ no resiesie nkurɔfo pii adwene ama bere a onipa biara “bɛma” ne nsa so “ahyɛ ne yɔnko nsa” no. (Sak. 14:13) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛpo ade biara—sini, nhoma, video so agodie, ne nea ɛkeka ho—a ebetumi ama yɛanya su a Onyankopɔn kyi te sɛ ahantan ne awudisɛm ho anigye a yebenya! (2 Sam. 22:28; Dw. 11:5) Mmom no, momma yɛnsow Onyankopɔn honhom kronkron no aba, efisɛ Yehowa da no ano hyew no rennan su ahorow a ɛte saa no.—Gal. 5:22, 23.
-
-
Nea Yehowa Da No Bɛma Ada AdiƆwɛn-Aban—2010 | July 15
-
-
Siesie Wo Ho ma Yehowa Da Kɛse No
12. Dɛn nti na Yehowa da no bɛma wiase no ho adwiriw wɔn kɛse?
12 Paulo ne Petro nyinaa hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa da no bɛba “sɛnea ɔkorɔmfo” ba—ɛbɛba mpofirim a obiara nhwɛ kwan. (Monkenkan 1 Tesalonikafo 5:1, 2.) Sɛnea ɛda no bɛba mpofirim no bɛyɛ nokware Kristofo mpo a wɔrehwɛ saa da no kwan no nwonwa. (Mat. 24:44) Nanso, wiase no de, wɔn ho bedwiriw wɔn kɛse. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ enya ba sɛ [wɔn a wɔatwe wɔn ho afi Yehowa ho no reka] sɛ: ‘Asomdwoe ne dwoodwoo!’ a, mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛnea awoko yaw ba ɔbea a ɔyem so; na wɔrentumi nguan ɔkwan biara so.”—1 Tes. 5:3.
-