Bible Nhoma a Ɛto So 62—1 Yohane
Nea Ɔkyerɛwee: Ɔsomafo Yohane
Beae a Ɔkyerɛw No: Efeso, anaa mpɔtam hɔ
Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 98 Y.B.
NA Yohane yɛ ɔsomafo a Yesu Kristo dɔ no, na na ɔdɔ trenee denneennen. Eyi boaa no ma ohuu Yesu adwene. Enti ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ ɔdɔ ho nsɛm pii wɔ ne nkrataa no mu. Nanso eyi nkyerɛ sɛ na ɔyɛ mmerɛw, efisɛ Yesu kaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “Ɔprannaa Mma [Boanerges]” no mu biako. (Mar. 3:17) Nokwarem no, ɔkyerɛw ne krataa no de gyinaa nokware ne trenee akyi, efisɛ na ɔwae a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm no afi ase. Yohane nkrataa abiɛsa no bae wɔ bere a ɛfata mu, efisɛ ɛhyɛɛ tete Kristofo no den ma wɔko tiaa “ɔbɔnefo no” nkɛntɛnso.—2 Tes. 2:3, 4; 1 Yoh. 2:13, 14; 5:18, 19.
2 Emu nsɛm no ma yehu sɛ bere a wɔkyerɛw Mateo ne Marko Nsɛmpa no ne Petro ne Paulo asɛmpatrɛw nkrataa no, ɛkyɛe koraa ansa na Yohane rekyerɛw nkrataa yi. Ná bere asesa. Wanka Yudasom a asafo no mfiase pɛɛ no na ɛpɛ sɛ egu no asu no ho asɛm biara; na wamfa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu asɛm biako mpo anka tẽẽ. Mmom no, Yohane kaa “dɔn a edi akyiri” ne “wɔn a wotia Kristo” a na wɔwɔ hɔ no ho asɛm. (1 Yoh. 2:18) Ɔfrɛ n’akenkanfo sɛ “me mma nkumaa,” na ɔfrɛ ne ho sɛ “ɔpanyin.” (1 Yoh. 2:1, 12, 13, 18, 28; 3:7, 18; 4:4; 5:21; 2 Yoh. 1; 3 Yoh. 1) Eyinom nyinaa kyerɛ sɛ Yohane ankyerɛw ne nkrataa abiɛsa no ntɛm. Bio nso 1 Yohane 1:3, 4 ma ɛda adi sɛ Yohane kyerɛw Asɛmpa no bere koro no ara mu. Nnipa pii gye tom sɛ ɔsomafo Yohane kyerɛw ne nkrataa abiɛsa no wiei bɛyɛ afe 98 Y.B. mu, wɔ Efeso mpɔtam hɔ, bere a na aka kakraa ma wawu no.
3 Nea ɛma yehu sɛ ɔsomafo Yohane na ɔkyerɛw Yohane Nhoma a Edi Kan no ne sɛ ɛne Asɛmpa a ɛto so anan no di nsɛ, na akyinnye biara nni ho sɛ ɔno na ɔkyerɛw Asɛmpa no. Sɛ nhwɛso no, Yohane ka wɔ ne krataa no mfiase pɛɛ sɛ ɔno ankasa de n’ani huu “nkwa asɛm . . . , daa nkwa a na ɛwɔ Agya no nkyɛn a woyii no adi kyerɛɛ yɛn no.” Saa asɛm yi ne Yohane Asɛmpa no nnianim asɛm no sɛ. Muratori nhoma no ne tete akyerɛwfo te sɛ Irenaeus, Polycarp, ne Papias, a wɔtraa ase wɔ Yesu wu akyi bɛyɛ mfe ɔha no, gye toom sɛ nhoma yi yɛ nokware.a Eusebius (ɔtraa ase fi bɛyɛ afe 260-342 Y.B.) kae sɛ na adwenem nããyɛ biara nni Yohane Nhoma a Edi Kan no ho.b Nanso ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ tete Bible nkyerɛase bi de nsɛm bi aka ti 5 no ho wɔ nkyekyɛm 7 no awiei ne nkyekyɛm 8 no mfiase sɛ: “Ɔsoro: Agya no, Asɛm no ne Honhom kronkron no, na baasa yi yɛ biako; na baasa na edi adanse asase so.” (Akuapem Twi Bible dedaw) Nanso saa asɛm yi mpue wɔ tete Hela nsaano nkyerɛwee no biara mu; ɛda adi sɛ wɔde kaa ho de hyɛɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no mu den. Bible nkyerɛase pii a ɛwɔ hɔ nnɛ, a Katolekfo ne Protestanfo de ka ho, mfa nsɛm yi nka ho.—1 Yoh. 1:1, 2.c
4 Yohane kyerɛw krataa no kɔbɔɔ ne nuanom “adɔfo” anaa ne “mma nkumaa” ho ban fii nkyerɛkyerɛ bɔne a “wɔn a wotia Kristo” de bae no ho. Eyinom fi wɔn mu na ɛkɔe na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe wɔn afi nokware no ho. (2:7, 18) Ɛbɛyɛ sɛ Hela nyansapɛfo te sɛ wɔn a wɔka sɛ Onyankopɔn ama wɔn honhom mu nimdeɛ soronko bi no nyaa awaefo yi so nkɛntɛnso.d Yohane ko tiaa ɔwae denneennen, na ɔkaa nneɛma abiɛsa yi ho asɛm: bɔne, ɔdɔ, ne wɔn a wɔsɔre tia Kristo. Asɛm a Yohane ka fa bɔne ho ne nea ɔde gyina bɔne ho afɔre a Yesu bɔe akyi no ma yehu sɛ na wɔn a wɔsɔre tia Kristo no bu wɔn ho sɛ wɔyɛ treneefo a bɔne nni wɔn ho ma enti wonhia Yesu agyede afɔre no. Na wogye wɔn ho di sɛ wɔwɔ “nimdeɛ,” na ɛma wɔyɛɛ pɛsɛmenkominyafo a wonni dɔ. Enti Yohane paa wɔn ho ntama, na osii so dua sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nya ɔdɔ. Bio nso ɛbɛyɛ sɛ Yohane ko tiaa wɔn atoro nkyerɛkyerɛ no, na ɔkyerɛe sɛ Yesu ne Kristo, na na ɔwɔ soro ansa na wɔrewo no sɛ onipa, na ɔbaa honam mu sɛ Onyankopɔn Ba, na ɔde nkwagye brɛɛ gyidifo. (1:7-10; 2:1, 2; 4:16-21; 2:22; 1:1, 2; 4:2, 3, 14, 15) Yohane frɛɛ atoro akyerɛkyerɛfo yi pen sɛ “wɔn a wotia Kristo,” na ɔma yehu nsonsonoe a ɛda Onyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma ntam.—2:18, 22; 4:3.
5 Ɛda adi sɛ ɔkyerɛw krataa no maa Kristofo nyinaa, efisɛ wanhyɛ da ammɔ asafo pɔtee bi din. Ɛbɛyɛ sɛ eyi nso nti na wamfa nkyia biara amfi ase na wamfa bi anwie no. Na nnipa bi mpo ka sɛ nhoma yi yɛ ɔsɛmpɔw bi a wɔakyerɛkyerɛ mu na ɛnyɛ krataa a wɔkyerɛw kɔmaa obi pɔtee bi. Asɛmfua “mo” a epue wɔ krataa no nyinaa mu no kyerɛ sɛ ɔkyerɛw kɔmaa nnipa dodow bi na ɛnyɛ onipa biako pɛ bi.
NEA ENTI A MFASO WƆ SO
11 Sɛnea na “wɔn a wotia Kristo bebree” wɔ hɔ wɔ tete Kristofo no bere so no, saa ara na nnɛ nso wɔwɔ hɔ ma enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ nokware Kristofo kɔkɔ. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo kura ‘asɛm a wɔate fi mfiase no mu na wɔdodɔ wɔn ho,’ na wɔne Onyankopɔn yɛ biako tra nokware nkyerɛkyerɛ mu, na wɔyɛ adetrenee kasa ahotoso mu. (2:18; 3:11; 2:27-29) Nea ɛho hia kɛse ne sɛ wɔbɛhwɛ wɔn ho yiye wɔ “honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho” no ho. Na nnipa pii a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo ama saa honam mu nneɛma a abu so wɔ wiase yi amene wɔn. Nanso ɛsɛ sɛ nokware Kristofo twe wɔn ho fi wiase ne emu akɔnnɔ ho, na wɔkae sɛ “nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” Saa bere yi a wiase akɔnnɔ, mpaapaemu, ne ɔtan abu so yi, ɛho hia sɛ yesua Kyerɛw Kronkron no na ama yɛahu Onyankopɔn apɛde na yɛayɛ apɛde no!—2:15-17.
12 Ɛyɛ papa sɛ Yohane Nhoma a Edi Kan no ma yehu nsonsonoe a ɛda hann a efi Agya no ne esum a efi ɔbɔnefo no hɔ a ɛsɛe nokware no ntam, ne nsonsonoe a ɛda Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ a ɛma nkwa ne awaefo nnaadaasɛm ntam. Na yehu ɔdɔ a ɛwɔ asafo a wɔne Agya ne Ɔba no yɛ biako mu ne ɔtan a wɔn a wɔyɛ wɔn ade sɛ Kain yi no adi no. Eyinom na ‘wofi yɛn mu kɔe na ada adi pefee sɛ ɛnyɛ obiara na ɔka yɛn ho.’ (2:19; 1:5-7; 2:8-11, 22-25; 3:23, 24, 11, 12) Bere a yɛahu eyi no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yebedi wiase no so nkonim.’ Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛsɛ sɛ yenya gyidi a emu yɛ den na ‘yɛdɔ Onyankopɔn’; eyi kyerɛ sɛ yebedi n’ahyɛde so.—5:3, 4.
13 “Onyankopɔn dɔ,” “Onyankopɔn dɔ”—hwɛ sɛnea Yohane si asɛm yi so dua wɔ krataa no afã nyinaa! Ti 2 no ma yehu nsonsonoe kɛse a ɛda wɔn a wɔdɔ wiase ne wɔn a wɔdɔ Agya no ntam. Afei krataa no ma yehu nso sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (4:8, 16) Eyi yɛ ɔdɔ a tumi wom ankasa! Ɔkwan titiriw a Agya no yii ɔdɔ yi adi ne sɛ ɔsomaa “ne Ba no sɛ wiase Agyenkwa.” (4:14) Ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn koma ma yɛkyerɛ anisɔ na yɛda ɔdɔ adi a yensuro; eyi ne ɔsomafo no nsɛm yi hyia sɛ: “Yɛn de, yɛwɔ ɔdɔ, efisɛ ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.” (4:19) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ no yɛ Agya no ne Ɔba no dɔ no bi, ɔdɔ a tumi wom a ɛma yetumi de yɛn ho bɔ afɔre. Sɛnea Yesu de ne kra too hɔ maa yɛn no, yɛn nso “ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛde yɛn kra to hɔ ma yɛn nuanom,” na yefi mmɔborohunu mu dɔ yɛn nuanom, ɛnyɛ tɛkrɛma dɔ, na mmom “nneyɛe ne nokware mu.” (3:16-18) Yohane krataa no da no adi pefee sɛ ɔdɔ a ɛte saa ne Onyankopɔn ho nimdeɛ ka wɔn a wɔne Onyankopɔn nantew no bom ma wɔne Agya ne Ɔba no nya abusuabɔ a emu yɛ den. (2:5, 6) Yohane ka kyerɛɛ Ahenni adedifo a wɔwɔ abusuabɔ a ɔdɔ wom yi sɛ: “Yɛne ɔnokwafo no ayɛ biako denam ne Ba Yesu Kristo so. Eyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.”—5:20.
[Ase hɔ nsɛm]
a The International Standard Bible Encyclopedia, Po 2, 1982, a G. W. Bromiley hyehyɛɛ emu nsɛm, kratafa 1095-6.
b The Ecclesiastical History, III, XXIV, 17.
c Insight on the Scriptures, Po 2, kratafa 1019.
d New Bible Dictionary, 1986 de, a J. D. Douglas hyehyɛɛ emu nsɛm, kratafa 426, 604.