Nea Enti Ne Sɛnea Wobɔ Mpae—So Ɛfa Ho?
“O KAMI-SAMA,a mesrɛ wo boa me na minni sɔhwɛ no mu nkonim. Esiane sɛ minsiesiee me ho yiye mmaa sɔhwɛ yi nti, mede me ho reto wo nkutoo so.” Wɔka mpaebɔ a wɔakyerɛw a ɛte sɛɛ wɔ anyamesom ahorow a ɛwɔ Japan no nyinaa mu bere a sɔhwɛ horow a emu yɛ den rebɛn no. Asuafo no nenanom a wosusuw wɔn ho no de bɛyɛ sɛ sidi 137.50,bɔ afɔre ma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ mpae da biara da afe mũ ama wɔn nenanom a wowɔ sukuu mu no ma wɔabɔ mmɔden.
Asuafo a wɔkɔ asɔredan ahorow a ɛte sɛɛ mu bebree wɔ afe no mu saa bere no nni Onynkopɔn mu gyidi bi. Wɔn mu biako kae sɛ: “Dabi, mentaa nnye Onyankopon nni, nanso mebɔ mpae ma ɔsoro mmoa bere a mewɔ ɔhaw mu.”
Wɔn su da Japanfo bɛ yi adi: “Fa wo ho to Onyankopɔn so bere a wowɔ ɔhaw mu.”
Nanso dɛn na ɛba bere a ɔhaw no atwam no? Werɛ taa fi Onyankopɔn de kosi sɛ ɔhaw foforo bɛsɔre.
Nnipa Bɔ Dɛn Ho Mpae?
Nnipa taa bɔ mpae esiane sɛ wɔhwehwɛ biribi nti. Atɔe fam nsɛmma nhoma bi kyerɛw asɛm bi faa mmofra mpaebɔ ho, na emu titiriw na ɛyɛ adebisa: “Ɔdɔfo Nyankopɔn: Mepɛ sɛ wɔde sika kakra ka nea me nsa ka no ho. So wobɛpɛ sɛ w’abɔfo no mu biako ka kyerɛ m’agya? Meda wo ase.” “Mesrɛ, so wubetumi de sika bi abrɛ yɛn abusua no?” “Mesrɛ wo boa me wɔ sukuu.”
Amanne bi a ɛda hɔ wɔ Japan ne sɛ wokɔsra asɔredan ahorow wɔ afe foforo no mfiase na woabɔ Ebisu, adedodow Nyankopɔn no mpae. Japanfo pii yɛɛ saa wɔ afe a etwaam no mu, wɔn a wɔboro ɔpepem abiɛsa kɔsraa Kyoto ne Tokyo asɔredan ahorow no bi bɔɔ sika ho mpae wɔ asram a ɛreba no mu.
Nnipa a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho ban fi asiane anaasɛ amanehunu ahorow ho no kɔsra Japanfo asɔredan ahorow a wɔasi ama Kannon, Mmɔborohunu Nyamewa no ne Shintofo asɔredan ahorow.
Filpino Katolekfo bɔ “Santo Nino,” anaasɛ “Abofra Kronkron” no mpae ma siade. ɔbarima bi tɔɔ ahenkyɛw a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no, wɔde aboɔden abo asisi mu a ne bo yɛ den maa Santo Nino honi no dedaa no ase wɔ sika fam mmoa a ogye di sɛ ohoni no boaa no maa ne nsa kae nti.
Mpae no bi da anisɔ adi, nanso titiriw yɛ adebisa—wobisa biribiara.
So Wɔbɛma Mpae No Ho Mmuae?
Wɔ ankoro biara a ɔte nka sɛ wɔama ne mpaebɔ ma yiyedi anaa sika ho mmuae no fam no, pii wɔ hɔ a wɔn nsa si fam. Tokyo asuafo pii bɔ mpae ma mmoa wɔ wɔn sɔhwɛ bere mu na wɔn atumi akɔ ntoaso sukuu, nanso wɔn mu ɔha mu nkyem 22 pɛ na wɔbɔ mmɔden ma wogye wɔn kɔ saa sukuu ahorow no mu. Ebinom di huammɔ. Dɛn nti na wɔantie wɔn mpaebɔ?
Abusua bi a wɔyɛ nnipa baanum kɔsraa Shintofo asɔredan bi na wɔahyira wɔn kar so abɔ ho ban afi asiane mu. Bere a wofi asɔrefi hɔ rekɔ no, wɔn kar kɔpem ɛtwene bi ma nnipa baanum no nyinaa wuwui. Dɛn na ankɔ yiye? Susuw eyi ho:
Hena Mpae No Yɛrebɔ No?
Japan asuafo taa bɔ Michizane Sugawara, a wofi teteete asom no sɛ “Adesua Nyame” no mpae. Owura Sugawara yɛ Japan nhomanimfo ne ɔkyerɛwfo a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so akron no mu. Owui no aboro mfirihyia apem. So ɛyɛ nea nyansa wom sɛ obi begye adi sɛ obetumi aboa obi ma onii ko no adi ne sɔhwɛ mu nkonim?
Nokware a ɛwɔ mu no sɛ, wɔ Japan a sɔhwɛ mu akansi mu yɛ den wɔ hɔ no, wɔn a wɔbɔ owura Sugawara mpae no mu pii wɔ hɔ a wonnya wɔn mpaebɔ no ho mmuae. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa. Nyansa ne Bible no yɛ adwene wɔ saa asɛm yi ho. Ɛka wɔ owufo no ho sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman [ɔdamoa mu] a worekɔ hɔ no.” (Ɔsɛnk. 9:5) Owura Sugawara a mprempren yi ɔwɔ asaman no rentumi mmoa osuani biara sɛ́ wasua ade yiye anaasɛ ɔnyɛɛ saa na ɔde adi nkonim wɔ ne sɔhwɛ no mu.
Mpae a wɔbɛbɔ ama ahoni, te sɛ Budhafo Kannon no anaasɛ ahoni afoforo nso ɛ? Nea yetumi hu ne sɛ nea ayɛ ma wɔ wiase no mu ne nnipa a wɔbɔ ahoni ahorow a ɛte sɛɛ mpae ma yiyedi ne anigye, nanso ensi wɔn yiye na wonnya anigye nso. Dɛn ntia?
Sɛ mpae a wɔbɔ ma awufo ntumi mmoa obi a, mpae a wɔbɔ ma ahoni a nkwa biara nnim betumi ayɛ yiye? Mmuae no ne dabi. Afei nso Bible no ne nyansa yɛ adwene, bere a ɛka eyi fa ahoni ho: Wɔyɛ “nnipa nsa ano adwuma. Wɔwɔ ano, na wɔnkasa, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm, wɔwɔ hwene, na wɔnte hua. Wɔwɔ nsa na wɔmfa nka ade, wɔwɔ anan, wɔmfa nnantew, na wɔmfa wɔn menewa nkasa. Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn so no.”—Dw. 115:4-8.
“Mpaebɔ Tiefo”
So sɛnea yɛde asɛm no aba awiei wɔ ɔkwan a ɛnyɛ dɛ yi so yi kyerɛ sɛ mfaso nni mpaebɔ so? Ɛnte saa. Wɔma mpae a wɔbɔ wɔ nokwarem no ho pii mmuae da biara da, sɛnea asɛm a edi hɔ yi bɛkyerɛ no. Nanso nea ehia ne sɛ wobɛbɔ mpae ama onii a ɔfata. Nanso hena ne sa onii ko no?
So ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ onii no bɛyɛ obi a ɔwɔ tumi kɛse na ɔyɛ onyansafo sen nneɛma a nkwa nnim te sɛ ahoni, anaasɛ obi a wawu? So ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔkyerɛ anigye ankasa wɔ adesamma mu na ɔwɔ ɔdɔ ne ɔpɛ sɛ ɔbɛboa wɔn? Esiane sɛ ɔdesani biara nni tumi a yehia saa no nti, ɛsɛ sɛ onii ko no bɔ onipa a ɔkorɔn kyɛn adesamma no mpae, onipa bɛn na ɔwɔ hɔ a ɔkorɔn kyɛn adesamma na ɔbɛyɛ obi a ɔwɔ ahoɔden kɛse yiye kyɛn nneɛma nyinaa Bɔfo no?
Yiw, sɛnea ɛne Bible no hyia no, nyansa ka kyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɔ yɛn mfɛfo abɔde te sɛ yɛn ankasa ne nneɛma horow a onipa abɔ a nkwa nnim te sɛ ahoni no mpae, na mmom ɛsɛ sɛ yɛbɔ amansan Bɔfo teasefo no mpae.
Anyame ne ahonhom ahorow a wɔsom wɔn nnɛ no mu nea ɔwɔ he na saa nkyerɛkyerɛmu no fata no? Hyɛ sɛnea wɔada saa Onyankopɔn yi adi wɔ Bible no mu pefee no nsow: “Na sɛ Yehowa a ɔbɔɔ soro na ɔnwenee asase na ɔyɛe se ni,—ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ . . . mene Yehowa, na obi nni hɔ bio.”—Yes. 45:18, Twi Bible Dedaw.
Nanso so ɔbɔadeɛ pumpuni yi wɔ n’abɔde a wɔyɛ adesamma no mpae no mu anigye wɔ nokwarem anaa? Anaasɛ onipa amanehunu no mfa no ho te sɛ anyamesom ahorow mu anyame a wonni mmɔborohunu no? Hyɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ anigye a wɔde ma yi nsow : “Mpaebɔ tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa ba.”—Dw. 65:2.
Enti Bible no kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ne mpaebɔ Tiefo kɛse no. Ɔto nsa frɛ sɛ nnipa nokwaredifo a wofi tebea horow nyinaa mu mmɔ no mpae. Ebia wobɛka sɛ, ‘Ɛno ye, nanso so kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ saa na ɔte?’ Yiw, saa pɛpɛɛpɛ!
Bɛyɛ sɛ mfirihyia 3,500 a atwam no,dededaw ansa na wɔrewo Kofusio anaasɛ Budha no, nea wɔakyerɛw ato hɔ wɔ abakɔsɛm mu no ka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa Nyankopɔn ‘tee’ n’asɔrefo a wɔyɛ nkoa wɔ Misraim no ‘apinisi.’ Ɔmaa wɔn mpaebɔ no ho mmuae denam soma a ɔsomaa Mose kogyee wɔn so.—Ex. 3:6-10.
Ɛno akyi mfirihyia ahannum no, n’akoa nokwafo Ɔhene Dawid betumi aka wɔ nokwarem sɛ: “Ayeyi nka Yehowa, efisɛ watie me nkotɔsrɛ.” (Dw. 28:6) Ɛno akyi mfirihyia apem no, Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, kyerɛe sɛ n’Agya no nsakrae ɛ, denam bɔ a ɔhyɛe yi so: “Nokware, nokware, mise mo sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.” Yoh. 16:23) Eyi da so ara yɛ nokware!
‘Bisa Wɔ Me Din Mu’
Nanso dɛn nti na Bible no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛfa Yesu din so ba Onyankopɔn nkyɛn? Dɛn nti na yɛrentumi mmɔ Yehowa Nyankopɔn mpae tee?
Nokware no ne sɛ Yehowa Nyankopɔn ama nnipa pii a wonnim sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ no mpae fa Yesu Kristo din so no mpaebɔ ahorow a ɛyɛ nokware no ho mmuae. Wɔ nokwarem no nnipa a wɔte sɛɛ abɔ “Onyankopɔn” mpae saa ara, a wonnim n’ankasa din a ɛde Yehowa no mpo. Wɔabɔ mpae abisa Onyankopɔn ho nimdeɛ, a wɔpɛ sɛ wɔsom no, na wɔama wɔn mpaebɔ no ho mmuae wɔ akwan horow pii so.—Aso. 17:26, 27.
Nanso esiane sɛ saa nnipa nokwaredifo yi akɔ so anyin wɔ nokware Nyankopɔn no ho nimdeɛ mu nti, wɔasakra wɔn mpaebɔ ahorow no ma ɛne saa nimdeɛ no ahyia. Sɛnea wɔasua sɛnea wɔde Onyankopɔn din, Yehowa no bedi dwuma no, saa ara nso na wɔasua sɛnea wɔbɛfa ne mpaebɔ kã, Yesu Kristo, so adi dwuma. Eyi da wɔn ahobrɛase, su a Yehowa Nyankopɔn pene so no adi.
Ahobrɛase? Yiw, efisɛ egye ahobrɛase ansa na yɛapene so sɛ yɛyɛ abɔnefo, yenni mũ. Yennye nnni sɛ yɛbɛpɛ sɛ yɛne yɛn man no sodifo behyia bere a yɛhyɛ ntade a atetew na ayɛ fi, so yɛbɛyɛ saa? Saa ara nso na obi a ɔyɛ ɔhobrɛasefo no hu sɛ hokwan biara nni hɔ sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn mpae wɔ tebea a ɛkyerɛ sɛ ne ho ntew na ɔnyɛ pɛ mu. Enti nnipa ahobrɛasefo da ase sɛ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ a ne ho tew no nso pɛ sɛ obegyina wɔn ananmu wɔ n’Agya no anim. Wɔda ase sɛ wotumi fa Yesu Kristo din so bɔ Yehowa mpae.
Nea Yehowa Nyankopɔn susuw ho wɔ mpaebɔ mu no nyɛ beae a yɛwɔ anaasɛ sɛnea yɛyɛ yɛn nipadua, anaasɛ sɛnea yɛasiesie yɛn ho afa. Ɛho nhia sɛ yetua sika sɛnea ɛbɛyɛ na obi a ɔyɛ “kronkron” kyɛn yɛn abɔ mpae ama yɛn, efisɛ nnipa nyinaa nyɛ pɛ na wɔn ho ntew wɔ N’ani so. (Rom. 3:23) Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Yehowa se: “Nea mɛhwɛ no ni: nea ɔyɛ mmɔbɔ na ne honhom abubu, na ne ho popo m’asɛm ano no.”—Yes. 66:2.
So eyi kyerɛ sɛ sɛ yɛpɛ sɛ yenya sika pii anaasɛ yiyedi wɔ yɛn sɔhwɛ horow mu a nea ehia a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛdan yɛn mpaebɔ kɔ Yehowa Nyankopɔn so, na yɛbɔ saa nneɛma yi ho mpae wɔ Yesu Kristo din mu? Dabi. Sɛnea ɛte no polisini remmoa wo na woabu mmara so, ɛnte saa? Saa ara nso na sɛnea ɛte no, Onyankopɔn remmoa wo gye sɛ nea wopɛ no ne n’apɛde hyia. Sɛ anyɛ saa a, Onyankopɔn ne ne ho bɛbɔ abira de akosi daa.
“Sɛnea Ɔpɛ“
Bible no ka wɔ pefee mu sɛ: “Yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.” (1 Yoh. 5:14) Eyi fi sɛ Yehowa yɛ atɛntrenee Nyankopɔn. N’adebɔ mmara horow, te sɛ gravity anaasɛ tumi a etwe ade, yi ɛno adi, wotumi de to obiara ho. Sɛ woansua ade amma wo sɔhwɛ no a, so ɛbɛyɛ papa sɛ Onyankopɔn de ne ho bɛhyɛ mu na wama wo adi mu nkonim abɔ mmɔden akyɛn afoforo a wosuaa ade no? Wɔ nokwarem no. ɛrenyɛ papa mma asuafo afoforo no, ɛnte saa?
Nneɛma horow a ehia a Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yɛbɛbɔ ho mpae no wɔ Nhwɛso Mpaebɔ a Yesu Kristo de mae no mu. Hyɛ nneɛma horow a ehia titiriw no nsow: “Yɛn Agya a wowɔ soro, ma wo din ho ntew. Ma wo ahenni mmra. Ma wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro nso. Ma yɛn nnɛ da yi yɛn aduan; no fa yɛn aka ahorow kyɛ yɛn, sɛnea yɛn nso yɛde akyɛ wɔn a wɔde yɛn aka no. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na mmom yi yɛn fi ɔbɔnefo no nsa.”—Mat. 6:9,13, NW.
Yehowa Nyankopɔn hwɛ kwan sɛ nnipa a wɔbɔ no mpae no besusuw n’apɛde ne n’atirimpɔw ahorow ho akyɛn wɔn ankasa botae horow ne nea wɔhwehwɛ. Ntease wɔ eyi mu, efisɛ Onyankopɔn nim nea eye sen biara ma yɛn. Mfomso bi nni honam fam nneɛma a yɛbɛbɔ ho mpae no ho, ‘yɛn nnɛ da yi aduan,’ nanso wɔanka biribi amfa adedodow ho mpae a yɛbɛbɔ ho. Adefo ntaa nsusuw Onyankopon ho. Hyɛ no nsow sɛ Onyankopɔn ani gye mpaebɔ a wɔfa so susuw ne ho ne n’atirimpɔw ahorow ho kan, na yɛn de ayɛ nea ɛto so abien no ho. Wɔntaa nhu mpae horow a ɛte sɛɛ nnɛ.
So adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔretie mpaebɔ a ɛte sɛɛ na wɔrema ho mmuae nnɛ. Wɔ nokwarem no, so mpaebɔ ho wɔ mfaso?
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛnea Japanfo frɛ Onyankopɔn