Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 5/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Bɔne ne Amanehunu Kɔ So?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Bɔne ne Amanehunu Kɔ So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Hena Paa na Odi Wiase Yi So?
    Hena Paa na Odi Wiase Yi So?
  • Adɛn ne Amanehunu Bebrebe Yi?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 5/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Hena paa na odi wiase yi so?

Ɔko, nsɛmmɔnedi, awudisɛm, ne atoyerɛnkyɛm

Sɛ Onyankopɔn na odi wiase so a, anka amanehunu bebu so saa?

Nnipa pii gye di sɛ nokware Nyankopɔn no na odi wiase yi so. Nanso, sɛ saa na ɛte a, wohwɛ a anka amanehunu bɛhyɛ asase so ma saa? (Deuteronomium 32:4, 5) Bible ma yehu sɛ ɔbɔnefo bi na ɔredi wiase so.​—Kenkan 1 Yohane 5:19.

Ɛbaa no sɛn na ɔbɔnefo bi nyaa nnipa so tumi? Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ankyɛ na ɔbɔfo bi tew Onyankopɔn so atua. Saa ɔbɔfo no hyɛɛ nnipa baanu a wodi kan no kutupa sɛ wɔn nso wɔntew Onyankopɔn so atua. (Genesis 3:1-6) Nnipa baanu a wodi kan no tiee nea saa ɔbɔfo tuatewfo, Satan, ka kyerɛɛ wɔn no. Nea wɔyɛe no nti, wɔbɛhyɛɛ Satan tumi ase. Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nkutoo ne obi a ɔfata sɛ odi nnipa so, nanso ɔnhyɛ nnipa sɛ wontie no. Mmom nea ɔpɛ ne sɛ, nnipa a wɔdɔ no befi wɔn pɛ mu atie no. (Deuteronomium 6:6; 30:16, 19) Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔadaadaa nnipa dodow no ara ma wɔakodi nnipa baanu a wodi kan no asoɔden akyi.—Kenkan Adiyisɛm 12:9.

Hena na obeyi nnipa haw afi hɔ?

So Onyankopɔn bɛma Satan nniso bɔne no atena hɔ? Dabi! Nneɛma a Satan asɛe no nyinaa, Onyankopɔn nam Yesu so besiesie.​—Kenkan 1 Yohane 3:8.

Onyankopɔn bɛma Yesu tumi ma wasɛe Satan. (Romafo 16:20) Ɛno akyi no, Onyankopɔn bedi nnipa nyinaa so. Ɔbɛhwɛ ama adesamma anya asetena a anigye ne asomdwoe wom; ɛno ne asetena a anka ɔpɛ sɛ nnipa nya.​—Kenkan Adiyisɛm 21:3-5.

Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti 3. Yehowa Adansefo na wotintimii

Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena