-
Dɛn Na Yɛyɛ a Ɛkyerɛ Sɛ Yennyina Ɔfã Biara Akyi?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
2. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yenni ɔfã biara?
Yesu amfa ne ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Saa ara na yɛn nso, yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Bere bi, Yesu yɛɛ anwonwade bi. Bere a nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no hui no, wɔyɛe sɛ wɔbɛkyere no asi no hene. Nanso, wamfa ne ti annye. (Yohane 6:15) Adɛn ntia? Akyiri yi ɔkaa sɛ, “m’Ahenni mfi wiase.” (Yohane 18:36) Yɛn a yɛyɛ Yesu akyidifo nso, nneɛma bɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yennyina ɔfã biara akyi? Baako ne sɛ, yɛnkɔ ɔko. (Kenkan Mika 4:3.) Afei nso, ɛwom sɛ yemmu ɔman no ahyɛnsode te sɛ frankaa animtiaa, nanso yɛmfa nidi soronko biara mma no. (1 Yohane 5:21) Bio nso, yɛntaa amanyɔkuw anaa frankaatufo biara akyi, na saa ara nso na yɛnkasa ntia wɔn. Yɛyɛ saa nneɛma yi nyinaa de kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no nko ara na yɛtaa akyi anaa yɛde yɛn ho ato so.
-
-
Dɛn Na Yɛyɛ a Ɛkyerɛ Sɛ Yennyina Ɔfã Biara Akyi?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
4. Nneɛma a yedwinnwen ho ne nneɛma a yɛyɛ no, ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ sɛ yennyina ɔfã biara akyi
Monkenkan 1 Yohane 5:21. Afei, hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Adɛn nti na Ayenge sii gyinae sɛ ɔrennɔm amanyɔkuw biara anaa ɔrenkyia frankaa?
Wohwɛ a, osii gyinae pa?
Tebea afoforo bɛn na yehyia a, ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Sɛ agokansi bi rekɔ so wɔ aman mmienu anaa nea ɛboro saa ntam a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yennyina ɔfã biara akyi?
Sɛ aban bi si gyinae, na sɛ ɛkɔ tia wo anaasɛ ɛboa wo mpo a, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wunnyina ɔfã biara akyi?
Wɔn a yɛne wɔn bɔ, ne amanneɛbɔ a yɛte wɔ TV, radio, anaa intanɛt so no betumi ama ayɛ den sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi. Ɔkwan bɛn so?
Tebea ahorow bɛn mu na ɛsɛ sɛ Kristoni hwɛ yiye na wanka biribi anaa wanyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ogyina ɔfã bi akyi?
-