Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mmɔden a Yɛbɛbɔ Ayɛ Nkonimdifo
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • 3. (a) Nkuranhyɛ bɛn na Yesu de maa Kristofo a wɔwɔ Smirna no? (b) Ɛwom sɛ na Kristofo a wɔwɔ Smirna no yɛ ahiafo de, nanso dɛn nti na Yesu se wɔyɛ “ɔdefo”?

      3 “Minim w’ahohia ne wo hia no—nanso woyɛ ɔdefo—ne wɔn a wose wɔyɛ Yudafo, na wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.” (Adiyisɛm 2:9) Na Yesu nni ne nuanom a wɔwɔ Smirna no ho asɛm bi ka, sɛ nkamfo a emu yɛ hyew ara nko. Wɔn gyidi nti na wɔahu amane pii. Honam fam no wɔyɛ ahiafo, na ɛbɛyɛ sɛ efi wɔn nokwaredi nti. (Hebrifo 10:34) Nanso, na nea wodwen ho titiriw ne honhom fam nneɛma, na na wɔahyehyɛ ademude ɔsoro, sɛnea Yesu tuu fo no. (Mateo 6:19, 20) Enti, Oguanhwɛfo Panyin no bu wɔn sɛ ‘adefo.’—Fa toto Yakobo 2:5 ho.

      4. Henanom hɔ na Kristofo a na wɔwɔ Smirma no nyaa ɔsɔretia pii fii, na Yesu buu saa asɔretiafo no dɛn?

      4 Titiriw no, Yesu hu sɛ Kristofo a na wɔwɔ Smirna no agyina honam fam Yudafo nsam ɔsɔretia pii ano. Tete no, ɔsom yi pii sii wɔn bo sɔre tiaa Kristosom trɛw. (Asomafo no Nnwuma 13:44, 45; 14:19) Afei, Yerusalem asehwe akyi mfe du du kakraa bi no, saa Yudafo a wɔwɔ Smirna no reyi Satan honhom koro no ara adi. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu bu wɔn sɛ “Satan hyiadan”!a

  • Mmɔden a Yɛbɛbɔ Ayɛ Nkonimdifo
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • a Bɛyɛ Yohane wu akyi mfe 60 no, wɔhyew Polycarp a na wadi mfe 86 no ma owui wɔ Smirna, esiane sɛ na ɔrempa ne gyidi wɔ Yesu mu nti. Nhoma The Martyrdom of Polycarp, a wogye di sɛ wɔkyerɛwee bere a asɛm yi sii no, ka sɛ bere a wɔreboaboa nnyina ano ma wɔahyew no no, “Yudafo de mmɔdenbɔ kɛse boae wɔ ne yɛ mu sɛnea wɔtaa yɛ no”—ɛwom sɛ wokum no “homeda kɛse bi” de.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena