Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɛsen Ɔtamfo Tirimɔdenfo
    Nyan!—1994 | July 8
    • Asetra a Ɛyaw Nnim?

      Bere a yɛwɔ ɛyaw a ɛte saa mu no, ɛbɛyɛ te sɛ sɛ́ yɛbɛka sɛ asetra a ɛyaw nnim betumi aba no yɛ nsɛm ho a yɛansusuw ankɔ akyiri. Enti, ebia nea Bible ka no bɛyɛ te sɛ biribi a entumi mma mu, nea ɛka sɛ: “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:4.

      Nanso, asetra a ɛyaw nnim nyɛ nea entumi mma. Wo de susuw ho kakra. Dɛn na kyerɛwsɛm no kyerɛ ankasa? Nnipa bi wɔ hɔ nnɛ a wɔnte ɛyaw. Wɔde woo wɔn. So ɛsɛ sɛ yɛn ani bere wɔn? Nipadua akwaa ho ɔdenimfo Allan Basbaum kae sɛ: “Ɛyɛ ade bɔne sɛ wonte ɛyaw koraa.”

      Sɛ wonte ɛyaw a, ebia worenhu sɛ wo honam baabi ahyɛ nsu kosi sɛ ɛbɛyɛ kuru kɛse. Sɛnea nsɛm ho amanneɛbɔ bi kyerɛ no, na abeawa ketewaa bi a ɔnte ɛyaw awofo “taa te honam a ɛrehyew pampan na wɔbɛkɔ akɔhwɛ no, na ɔfam bukyia ho.” Enti, ɛnyɛ ɔtamfo tirimɔdenfo nko na ɛyaw yɛ. Ebetumi ayɛ nhyira nso.

      Ɛnde, Bible bɔhyɛ a ɛka sɛ: “Na . . . ɛyaw nni hɔ bio” no nso ɛ? So eyi yɛ bɔhyɛ a yɛbɛpɛ sɛ enya mmamu ankasa?

      Asetra a Osu Nnim?

      Hyɛ no nsow sɛ saa nkyekyem yi ka nso sɛ: “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa.” (Adiyisɛm 21:4) Eyi yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu, efisɛ nusu ho hia. Ɛbɔ yɛn ho ban, sɛnea ɛyaw a yetumi te no yɛ no ara pɛ.

      Nusu fɔw yɛn aniwa kesua na ɛmma yɛn aniwa kesua ne yɛn ani akyi hono ntwiw ho. Eyi yɛn aniwa so fĩ nso. Afei nso, aduru bi a wɔfrɛ no lysozyme wom a ɛbɔ yɛn aniwa no ho ban fi nyarewa ho. Enti nusu a yetumi tew no yɛ yɛn nipadua a wɔyɛɛ no anwonwa kwan so no ho ade titiriw, te sɛ ɛyaw a yetumi te no.—Dwom 139:14.

      Nanso, nusu ne awerɛhow, ɛyaw ne ahoyeraw na ɛnam. Ɔhene Dawid a ɔtraa ase Bible mmere mu bɔɔ abubuw sɛ: “Anadwo biara me mpa fɔw, mede me nusu mefɔw me nnae.” (Dwom 6:6) Yesu mpo “sui” bere a n’adamfo wui no. (Yohane 11:35) Ná ɛnyɛ Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw sɛ nnipa betew nusu awerɛhow mu saa. Ɛyɛ onipa a odi kan, Adam, bɔne na ɛde tebea a ɛtɔ sin, owu tebea a adesamma abusua wom no aba. (Romafo 5:12) Enti, nusu a owu tebea a yɛwom de ba no na ebefi hɔ.

      Esiane sɛ Bible no ka nusu bi a ebefi hɔ ho asɛm nti, ɔkwan bɛn so na bɔhyɛ a ɛne sɛ ɛyaw befi hɔ no benya mmamu? Anyɛ yiye koraa no, so nnipa rente ɛyaw bi a ɛde awerɛhow ne osu ba bere bi?

  • Ɛyaw Kõ A Ebefi Hɔ
    Nyan!—1994 | July 8
    • Ɛyaw Kõ A Ebefi Hɔ

      ƐYAW a wobeyi afi hɔ de ama Bible bɔhyɛ anya mmamu no bɛyɛ ɛyaw a efi onipa a odi kan no sintɔ mu ba no. Nea ɛka saa ɛyaw yi ho ne nea yebetumi aka ho asɛm sɛ ɛyaw a ennyae.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena