Ɔsoro Nhyira ma “Mmadwemma”
“Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛ wim hyerɛn, na wɔn a wɔdan nnipa bebree kɔɔ trenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem.”—DANIEL 12:3.
1. Bere a ɔbɔfo no aka ahohia bere a ɛfa wɔn a wɔma ɔko ba ho no ho asɛm akyi no, dɛn na afei ɔde n’adwene si so?
ƆBƆFO no nkɔmhyɛ a ɔde maa Daniel no de yɛn fi afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu tɔnn abedu Harmagedon. Akyerɛ sɛ Mikael de asomdwoe bɛba asase so wɔ ɔkwan biako pɛ a ebetumi ayɛ yiye so: denam sɛe a ɔbɛsɛe nnipa a wɔma ɔko ba no so. Afei, wɔ abakɔsɛm mu nhwehwɛmu a wodii kan yɛe wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa sɛɛ so akyi no, ɔbɔfo no ka nhyira pa a Onyankopɔn nkurɔfo nya wɔ “nna a edi akyiri no mu” no bi ho asɛm siei.—Daniel 10:14.
Owusɔre Ahorow Bere
2. Ɔkwan bɛn so na awufo binom ‘nyan’ wɔ “nna a edi akyiri no” mu?
2 Ɔbɔfo no ka kyerɛ Daniel sɛ: “Na wɔn a wɔdeda fam dɔte mu no bebree benyan, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohorade ne daa ahiyɛ mu.” (Daniel 12:2) Ɛda adi sɛ “nna a edi akyiri no” yɛ owusɔre ahorow bere, nyan a ‘wobenyan wɔn a wɔdeda fam dɔte mu’ no. Owusɔre biako a ɛte saa no fii ase wɔ bere a Yesu bɛyɛɛ ɔhene wɔ 1914 mu akyi bere tiaa bi. (Mateo 24:3) Bere a ɔsomafo Paulo rehwɛ saa bere no kwan no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛn a yɛtete ase na yɛreka akosi Awurade ba mu no rentwa wɔn a wɔadeda no ho . . . Na Kristo mu awufo bɛsɔre kan.” (1 Tesalonikafo 4:15, 16; Adiyisɛm 6:9-11) Ɛnde ɛda adi sɛ wɔ 1914 akyi pɛɛ no, Yesu nyan “Onyankopɔn Israel” mufo a na wɔawu dedaw wɔ nokwaredi mu kɔɔ honhom mu asetra mu wɔ soro. (Galatifo 6:16) Wɔ wɔn fam no, na owusɔre no bɛyɛ nea ɛde wɔn kɔ “daa nkwa” mu.
3, 4. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkoa anokwafo kuw bi ‘wui’ wɔ 1918 mu?
3 Nanso akyinnye biara nni ho sɛ owusɔre foforo ka asɛm a ɔbɔfo no kae no ho. Wɔ bɛyɛ mfe 40 ansa na 1914 reba no, na Kristofo kuw ketewaa bi de kɔkɔbɔ rema sɛ saa afe no bɛyɛ Amanaman no Bere awiei sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no. (Luka 21:24) Saa Kristofo yi de Sion Ɔwɛn Aban Nhomawa Asafo no hyɛɛ mmara ase wɔ 1884 mu na wotintim nea efii wɔn Bible mu nhwehwɛmu no mu bae wɔ nsɛmma nhoma bi a wɔfrɛ no Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence no mu.
4 Wɔ 1914 mu no, wosii nokware a wɔn nkrasɛm no yɛ no so dua wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so bere a wiase nyinaa ko a edi kan no pae gui na “awoko yaw” a Yesu kaa ho asɛm siei no fii ase no. (Mateo 24:7, 8) Nanso wɔn nyamesom mu atamfo de ɔko no ho hu dii dwuma de taa wɔn kosii sɛ awiei koraa no wogyaee wɔn asɛnka adwuma no koraa wɔ 1918 mu, na wɔde Ɔwɛn Aban Asafo no asomfo atitiriw koguu afiase wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Eyi maa nkurɔfo bi dii ahurusi kɛse. Ɛmaa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no nso nyaa mmamu: “Na sɛ wowie wɔn adansedi a, aboa a ofi ebun no mu no betu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wakum wɔn.”—Adiyisɛm 11:7.
5, 6. Ɔkwan bɛn so na osuahu ahorow a kuw yi nyae wɔ 1919 mu maa nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ “wɔn a wɔdeda fam dɔte mu no bebree benyan” no nyaa mmamu?
5 Nanso sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛ no, wɔrenkɔ so nyɛ ‘awufo.’ “Na ne nnansa ne fã akyi no, nkwa honhom fii Nyankopɔn mu bɛhyɛn wɔn mu, na wogyinagyinaa wɔn anan so, na ehu kɛse kaa wɔn a wohuu wɔn no. . . . Na wɔforo faa omununkum no mu, na wɔn atamfo no huu wɔn.” (Adiyisɛm 11:11, 12; Hesekiel 37:1-14) Ɛda adi sɛ na wɔn owusɔre no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de, efisɛ owusɔre ankasa a wɔde kɔ honhom mu asetra mu wɔ soro bɛyɛ nea anka wɔn atamfo no rentumi mfa wɔn aniwa nhu. Mmom no, wonyan wɔn fii tebea a wɔnyɛ hwee wom te sɛ owu mu de wɔn baa ahoɔden tebea a ɛne adwuma ‘a wɔde nnamyɛ yɛ mu de maa wɔn a wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛsɛe wɔn no huu ne nyinaa. Wɔ 1919 mu no, woyii Ɔwɛn Aban Asafo no ananmusifo no fii afiase na wɔsan yɛɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe bio na wiase no huu Ahenni adansedi ɔsatu a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu no mfiase.—Mateo 24:14.
6 Wɔ sɛnkyerɛnne kwan yi so no, ‘wɔn a wɔdeda fam dɔte no mu bebree nyanee.’ Afei fi 1919 reba no, Bible Asuafo kuw ketewaa a wɔanyan wɔn no fii ase hwehwɛɛ Yesu nuanom nkaefo no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboaboa wɔn ano na ama wɔatumi asɔ wɔn dodow a ɛyɛ 144,000 no ano. (Mateo 24:13; Adiyisɛm 7:1-3) Bere a ankorankoro tiee wɔn no, wohyiraa wɔn ho so maa Onyankopɔn denam Kristo so na wɔbɛyɛɛ Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu a ɛwɔ asase so no mufo. Esiane sɛ wonyaa honhom kronkron akyɛde no nti, wobuu wɔn trenee denam gyidi a wɔwɔ wɔ Yesu ogye afɔre no mu no so na wogyee wɔn toom sɛ Onyankopɔn honhom mu mma.—Romafo 8:16; Galatifo 2:17; 3:8.
7. Wɔ eyinom mu pii fam no, ɔkwan bɛn so na eyi bɛkyerɛ nyan a wobenyan wɔn ‘akɔ daa nkwa mu’?
7 Wɔn a wodi nokware kodu awiei wɔ wɔn asase so asetra mu no wɔ anidaso a enhinhim sɛ wɔbɛkɔ akɔka Yesu Kristo ho wɔ soro. (1 Korintofo 15:50-53) Enti, wɔn honhom mu owusɔre no yɛ nea ɛde wɔn kɔɔ daa nkwa mu. Bere a wɔda so ara te ase wɔ asase so no, wonya asomdwoe wɔ wɔn ankasa mu ɛwom mpo sɛ wɔte wiase a akodi wom mu de. (Romafo 14:19) Nanso nea ɛho hia kɛse no, wɔne Yehowa Nyankopɔn ankasa wɔ asomdwoe, “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so.”—Filipifo 4:7.
Nyan A Wobenyan “Akɔ Ahohorade Mu”
8, 9. Ɔkwan bɛn so na nyan a wonyan nkurɔfo wɔ honhom mu yi betumi ayɛ nea ɛde wɔn bɛkɔ “ahohorade ne daa ahiyɛ mu?”
8 Ɛnde, dɛn nti na ebinom ‘nyan . . . kɔ ahohorade ne daa ahiyɛ mu’? Nokwasɛm no ne sɛ ɛnyɛ wɔn a wogye nsa a wɔto frɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ saa Ahenni kuw no mufo no so nyinaa na wɔkɔ so di nokware. Ebinom ma wɔn gyidi yɛ mmerɛw na wontumi nnyina. (Hebrifo 2:1) Wɔn mu kakraa bi mpo dan awaefo a na ɛsɛ sɛ woyi wɔn fi Kristofo asafo no mu. (Mateo 13:41, 42) Yesu kaa saafo no ho asɛm sɛ “akoa bɔne” a Owura no twe n’aso “denneennen” na ɔma ɔne nyaatwomfo nya kyɛfa no. “Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.”—Mateo 24:48-51, NW; Efesofo 4:18; 5:6-8.
9 Hwɛ awerɛhosɛm a ɛyɛ sɛ wobegye hokwan a ɛso sen biara a wɔde ama nnipa a wɔnyɛ pɛ no na afei wɔapow! Ɔsomafo Paulo kae wɔ wɔn a wɔyɛ wɔn ade wɔ saa kwan yi so no ho sɛ: “Na entumi mma sɛ wɔn a wɔanya hann pɛn, na wɔaka ɔsoro akyɛde no ahwɛ, na wɔanya honhom kronkron no bi, na wɔaka Onyankopɔn asɛm a eye ne wiase’a ɛrebɛba no ahoɔden ahwɛ, na wɔafi ho ahwe ase no, wɔbɛdan wɔn foforo akɔ adwensakra mu, wɔn a wɔsen Onyankopɔn ba no bio ma wɔn ho ma wɔbɔ no ahohora kyerɛ.” (Hebrifo 6:4-6) Wɔ saa kwan yi so no, nyan a wonyan no dan yɛ nea ‘ɛkɔ ahohorade ne daa ahiyɛ mu.’ Wonni daa nkwa ho anidaso biara bio.
‘Wɔhyerɛn Sɛ Akanea’
10. Henanom ne “mmadwemma” no, na ɔkwan bɛn so na ‘wɔhyerɛn sɛ akanea’?
10 Nanso nkɔmhyɛ no ka wɔ wɔn a wɔkɔ so di nokware no ho sɛ: “Na, mmadwemma no bɛhyerɛn sɛ wim hyerɛn, na wɔn a wɔdan nnipa bebree kɔɔ trenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa apem.” (Daniel 12:3) Ɛda adi pefee sɛ “mmadwemma no” ne Kristofo asafo no mufo a wɔasra wɔn no nkaefo anokwafo a ‘ne pɛ ho nokware nimdeɛ ahyɛ wɔn ma nyansa nyinaa ne honhom mu ohu mu.’ Esiane sɛ Yehowa hyɛ wɔn den nti, ‘wɔatɔ wɔn bo ase koraa de anigye anya abodwokyɛre, ada Agya a wama woafata sɛ wonya ahotefo a wɔwɔ hann no mu no agyapade no bi.’ (Kolosefo 1:9, 11, 12) Efi 1919 reba no, ɛwom sɛ ‘esum akata asase so, na sum kabii akata aman so’ de, nanso ‘wɔhyerɛn sɛ akanea’ wɔ nnipa mu. (Yesaia 60:2; Filipifo 2:15; Mateo 5:14-16) ‘Wɔhyerɛn sɛ owia wɔn agya ahenni mu.’—Mateo 13:43.
11. Ɔkwan bɛn so na “mmadwemma no” akyerɛ sɛ wɔyɛ wɔn a ‘wɔdan nnipa bebree kɔ trenee mu’?
11 Ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ ‘wɔn a wɔdan nnipa bebree kɔ trenee mu’? (Daniel 12:3) Esiane sɛ wɔde nokwaredi adi adanse nti, wɔaboaboa honhom mu Israel nkaefo a wotwa to no ano na wɔabu wɔn trenee ama nkwa wɔ soro. Bio nso, nnipakuw kɛse a wɔne “nguan foforo” no ada wɔn ho adi na wɔsen yuu kɔ hann a efi Yehowa hɔ no ‘ho sɛnea ‘Daniel man’ da no adi no. (Yohane 10:16; Sakaria 8:23) Saa “nguan foforo” yi fi wɔn pɛ mu de wɔn ho abɔ wɔn a wɔasra wɔn no ho wɔ wɔn adwuma a ɛne “asɛmpa” a wɔka no mu. (Mateo 24:14; Yesaia 61:5, 6) Wɔn nso, wɔda gyidi adi wɔ Yesu Kristo mogya a wɔahwie agu no mu ma enti wobu wɔn bem sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne Onyankopɔn benya ayɔnkofa (Adiyisɛm 7:9-15; fa toto Yakobo 2:23 ho.) Sɛ wɔkɔ so di nokware kodu awiei a, wɔn din bɛkɔ so ayɛ nea ‘wɔakyerɛw wɔ nhoma no mu.’ Enti wobetumi ahwɛ kwan sɛ wobenya nkwa wɔ ahohiahia bere a ɛyɛ hu sen biara a ato amanaman no pɛn no mu.—Daniel 12:1; Mateo 24:13, 21, 22.
‘Wɔbɛhyerɛn Daa’
12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na “mmadwemma no” tumi ‘hyerɛn daa’? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔbɛda wɔn ho adi sɛ ‘Wɔn a wadan nnipa bebree kɔ trenee mu’ wɔ ɔkwan foforo bi so?
12 Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛ wim hyerɛn, . . . sɛ nsoromma daa daapem.” (Daniel 12:3) Ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a wɔasra wɔn no bɛhyerɛn daa, efisɛ awiei koraa no wɔn mu biara bewu? Ɛkyerɛ sɛ wɔbɛkɔ so ‘ahyerɛn’ wɔ wɔn wu mpo akyi. Yesu reka wɔn dibea a wɔwɔ wɔ soro ho asɛm no, ɔka kyerɛ yɛn wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ: “Onyankopɔn ne oguammaa no ahengua no na ebesi mu, na ne nkoa bɛsom no, na wobehu n’anim, na ne din wɔ wɔn moma so. Na anadwo nni hɔ, na ɔkanea anaa owia hann nhia wɔn, efisɛ [Yehowa] Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so; na wobedi ahene daa daa.”—Adiyisɛm 22:3-5.
13 Yiw, saafo a wɔanyan wɔn yi bedi ahene te sɛ nsoromma wɔ soro “daa daapem.” Hyerɛn a wɔhyerɛn wɔ honhom mu no de nhyira kɛse bɛbrɛ adesamma. (Adiyisɛm 14:13) Bere a Adiyisɛm nhoma no reka wɔn ho asɛm sɛ “Yerusalem foforo” no, ɛbɔ amanneɛ sɛ: “Na enhia sɛ owia anaa ɔsram bɛpae kurow no mu, efisɛ Onyankopɔn anuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne oguammaa no. Na amanaman no bɛnantew ne hann no mu; na asase so ahene de wɔn anuonyam bɛba mu.” (Adiyisɛm 21:2, 9, 23, 24) Wɔn a wɔanyan wɔn no bɛboa ma wɔde ogye afɔre no mu mfaso horow no adi adwuma de ‘asa amanaman no yare.’ (Adiyisɛm 22:2) Bere a mfirihyia Apem Nniso no bɛba awiei no, na Yesu ne ne mfɛfo ahene ne asɔfo 144,000 no ama adesamma a wodi nokware no asan aba pɛyɛ mu na na wɔde ‘bebree aba trenee mu’ ampa. Wɔ sɔhwɛ a etwa to no akyi no, adesamma a wɔasan agye wɔn atom no bɛhyehyɛ adesamma abusua a wɔyɛ pɛ a wɔbɛtra paradise asase so daa. (Adiyisɛm 20:7-10; Dwom 37:29) Wɔ saa kwan yi so no, nneɛma a aniwa hu a ebefi ɔsoro anuonyam a ‘Daniel man’ benya no mu aba no nso bɛtra hɔ “daa daapem.”
Owusɔre Foforo
14. Nkɔmhyɛ a ese “wɔn a wɔdeda fam dɔte mu no bebree benyan” no fa henanom nso ho?
14 Enti asɛm ‘a ɔbɔfo no kae no de yɛn fi bere a Mikael ‘sɔre gyinae’ ne “ahohia bere” a ɛso bi mmae da no akyi de yɛn kɔ nneɛma nhyehyɛe foforo no mu pɛɛ. Bio nso, ɛnyɛ wɔn a wobenya nkwa wɔ “ahohia bere” no mu nkutoo na wobenya nhyira a ɛnam saafo a wɔhyerɛn “sɛ nsoromma” yi so bɛba no. Bere a na Yesu da so ara yɛ onipa wɔ asase so no, ɔkae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.” (Yohane 5:28, 29) Nsɛm yi kyerɛ owusɔre ankasa a nnipa a wɔawuwu benya na akyinnye biara nni ho sɛ owusɔre yi nso yɛ ɔbɔfo no asɛm a ɔkae yi mmamu kɛse: “Wɔn a wɔdeda fam dɔte mu no bebree benyan.”—Daniel 12:2.
15. Wɔ wɔn a wobenyan wɔn wɔ saa bere no fam no, ɔkwan bɛn so na ebetumi ada adi sɛ ɛbɛyɛ nyan a wobenyan wɔn akɔ “daa nkwa mu”?
15 Daniel ankasa bɛka wɔn a wobenyan wɔn yi ho. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Enti kɔ kodu awiei, na woakɔhome [kɔda wɔ owu mu] na woasɔre akonya wo kyɛfa, nna a edi akyiri no mu.” (Daniel 12:13) Wɔbɛtete wɔn a wɔte sɛ Daniel a wobenyan wɔn saa bere no a wobegye Yesu ne ne nuanom a wɔwɔ soro no som adwuma no atom no ma wɔabɛyɛ pɛ sɛ nnipa. Sɛ wodi nkonim wɔ sɔhwɛ a etwa no mu a, wɔbɛkyerɛw wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu daa. (Adiyisɛm 20:5) Wɔ wɔn fam nso no, wobenyan wɔn akɔ “daa nkwa” mu.
16. Henanom na nyan a wobenyan wɔn wɔ nneɛma nhyehyɛe foforo no mu no bɛyɛ nea ɛde wɔn bɛkɔ “ daa ahiyɛ mu”?
16 Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wobegye atom. Akyinnye biara nni ho sɛ ebinom bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsan de nneyɛe ahorow a ama asomdwoe abɔ nnipa bere tenten no aba bio. Kɔkɔbɔ a ɛfata wɔ Bible no mu ma saafo no: “Na ahufo ne wɔn a wonnye nni no akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufrɛ dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.” (Adiyisɛm 21:8) Saa “owuprenu” yi yɛ atemmu a efi Onyankopɔn hɔ tẽẽ a wɔrennya owusɔre. Ɛyɛ daa ɔsɛe a wɔrenkae wɔn bio. Wɔn a wobenyan wɔn a wɔrenkyerɛ anisɔ no nso bewu owuprenu; enti nyan a wobenyan wɔn no yɛ nea ɛde wɔn ‘bɛkɔ ahohorade ne daa ahiyɛ mu.’—Daniel 12:2.
“[Nokware] Nimdeɛ Bɛdɔɔso”
17. Yɛyɛ dɛn hu sɛ nkɔmhyɛ a ɛfa benkum fam hene ne nifa fam hene no ho no yɛ nea wɔkyerɛw na ayɛ mfaso ama yɛn nnɛ titiriw?
17 Afei ɔbɔfo no de afotusɛm ma Daniel sɛ: “Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nhoma no ano kodu awiei bere no; nnipa bebree bɛtweetwee mu na [nokware] nimdeɛ adɔɔso.” (Daniel 12:4) Yɛn ani gye saa nsɛm yi ho. Ɛwom sɛ ɔbɔfo no nkɔmhyɛ a ɛfa ahene baanu no ho no fii ase nyaa mmamu wɔ bɛyɛ mfe 2,300 a atwam no mu de, nanso emu ntease abue titiriw wɔ “nna a edi akyiri no mu,” ne titiriw, efi 1919 reba no. Wɔ saa nna yi mu no, ‘pii tweetwee’ Bible no mu na nokware nimdeɛ adɔɔso ampa. Mprempren ne bere a Yehowa ama mmadwemma anya nimdeɛ.
18. (a) Nkɔmhyɛ no afã titiriw bɛn na ɛrenya mmamu anaasɛ ɛreba abenya mmamu mprempren? (b) Su a ɛkari pɛ bɛn na eyi ma yenya?
18 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nkɔmhyɛ no afã horow pii nyaa mmamu wɔ mfehaha pii a atwam no mu no hyɛ yɛn gyidi den wɔ nkɔmhyɛ no afã horow a enyaa mmamu no mu. (Yosua 23:14) Wiase a ɛwɔ hɔ nnɛ no de ne ho ahyɛ twe-ma-mentwe a ɛrekɔ so wɔ benkum fam hene ne nifa hene no ntam no mu te sɛ nea ɔbɔfo no ka siei no. Bio nso, nkɔmhyɛ no de kɔkɔbɔ ma wɔ mmere a ɛyɛ hu kɛse mpo ho. Enti wɔboa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkari pɛ na yɛakwati hinhim a nsɛm a ɛsɛe adwene a ahene baanu no nyinaa ka no bɛma yɛahinhim no. Eyi ne bere a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no mu den. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ “Mikael . . . ɔbapɔmma kɛse” no ‘asɔre agyina’ ama Onyankopɔn nkurɔfo. Ade biako pɛ a ɛbɛma yɛanya nkwagye ampa no ne brɛ a yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ahyɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Kristo ase no ase.—Asomafo no Nnwuma 4:12.
19. Ɔbɔfo no asɛm a ɔka kyerɛɛ Daniel no kyerɛ dɛn ma yɛn mu biara?
19 Ɛnde, kɔ so bɛn “mmadwemma” a ‘wɔrehyerɛn sɛ wim hyerɛn’ no. Kɔ so yɛ adwuma ma Onyankopɔn Ahenni. (1 Korintofo 15:58; Romafo 15:5, 6) Ma ɔdɔ a wowɔ ma nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no nyɛ kɛse, na ma asomdwoe a ɛwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu mprempren mpo no nsom bo kɛse mma wo. (Dwom 119:165; Efesofo 4:1-3; Filipifo 2:1-5) Ɛnde, sɛ Mikael ‘sɔre gyina’ sɛ ɔrebɛsɛe Onyankopɔn atamfo a, ɛmmra sɛ wo ne Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa a ‘wɔakyerɛw wɔn din nhoma no mu no’ benya mo ti adidi mu.
So Wubetumi Abua?
◻ Ɔkwan bɛn so na wɔanyan “wɔn a wɔdeda fam dɔte mu no bebree” dedaw?
◻ Ɔkwan bɛn so na ‘nkurɔfo a wonyan wɔn yi’ tumi yɛ nea ɛde wɔn kɔ “ahohorade” mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na “mmadwemma” no hyerɛn sɛ akanea na wɔde bebree ba trenee mu?
◻ Nyan a wobenyan ‘wɔn a wɔdeda fam dɔte mu’ no benya daakye mmamu bɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Daniel 12:4 nya mmamu?
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Ɛdefi 1919 no, mmadwemma no rema nokware a ɛma nkwa no ahyerɛn
[Mfonini Fibea]
NASA photo