-
Anuonyam Kurow NoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
9. Yohane ka nneɛma a wɔde kyekyee kurow no ho asɛm dɛn?
9 Yohane toa ne nkyerɛkyerɛmu no so sɛ: “Na nea wɔde too ne fasu no ne ahwehwɛbo, na kurow no yɛ sika kronkron, te sɛ ahwehwɛ kronkron. Na wɔde aboɔden abo nyinaa ahyehyɛ kurow no fasu no nnyinaso. Nnyinaso a edi kan yɛ ahwehwɛbo, nea ɛto so abien yɛ hoabo, nea ɛto so abiɛsa yɛ omununkumbo, nea ɛto so anan yɛ ahabammomonobo, nea ɛto so anum yɛ ɛtɔnbo, nea ɛto so asia yɛ bogyanambo, nea ɛto ason yɛ sikabereɛbo, nea ɛto so awotwe yɛ apopobibiribo, nea ɛto so akron yɛ akraatebo, nea ɛto so du yɛ dɛnkyɛmmo, nea ɛto so dubiako yɛ owusiwbo, nea ɛto so dumien yɛ beredumbo. Na apon dumien no yɛ nhene pa dumien; apon no mu biara wɔde ahene pa biako na ɛyɛe. Na kurow no abɔnten yɛ sika kronkron a ɛte sɛ ahwehwɛ a emu tew.”—Adiyisɛm 21:18-21.
-
-
Anuonyam Kurow NoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
12. Dɛn na wɔde nokwasɛm a ɛyɛ sɛ (a) wɔde aboɔden abo 12 na ɛhyehyɛɛ kurow no nhyɛase no kyerɛ? (b) kurow no apon a ɛyɛ nhene pa no kyerɛ?
12 Kurow no nhyɛase no mpo yɛ fɛ, wɔde aboɔden abo na ahyehyɛ. Eyi kae yɛn tete Yudafo sɔfo panyin, a nnapɔnna bi so no ɔhyɛɛ nguguso a wɔde aboɔden abo ahorow 12 a ɛte sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ ha yi asisi mu. (Exodus 28:15-21) Nokwarem no eyi nyɛ nea ɛne nsɛm ahyia ara kwa! Mmom no, esi asɔfodwuma a Yerusalem Foforo, a Yesu, Ɔsɔfo Panyin kɛse no ne ne “kanea,” yɛ no so dua. (Adiyisɛm 20:6; 21:23; Hebrifo 8:1) Afei nso, Yerusalem Foforo no so na wɔnam de Yesu sɔfo panyin adwuma no so mfaso horow no ma adesamma. (Adiyisɛm 22:1, 2) Kurow no apon 12 a ebiara yɛ ahene pa a ɛyɛ fɛ yiye no kae yɛn Yesu bɛ a obui de ahenni no totoo ahene pa a ne bo yɛ den ho no. Wɔn a wɔfa saa apon no mu hyɛn mu no nyinaa bɛyɛ wɔn a wɔakyerɛ honhom mu nneɛma bo a ɛsom ho nokware anisɔ.—Mateo 13:45, 46; fa toto Hiob 28:12, 17, 18 ho.
-