Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 4/1 kr. 25-30
  • Munnyina Pintinn Ntia Satan Nnɛɛdɛe Ahorow!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munnyina Pintinn Ntia Satan Nnɛɛdɛe Ahorow!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Honhom Mu Akode
  • Kristofo Su Ahorow Sɛ Mmoa
  • Si Wo Bo Sɛ Wubegyina Pintinn
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Ako Atia Adaemone?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Munnyina Ɔbonsam Nnɛɛdɛe Ahorow Ano Pintinn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • “Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • “Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 4/1 kr. 25-30

Munnyina Pintinn Ntia Satan Nnɛɛdɛe Ahorow!

“Monhyɛ Onyankopɔn akode a ɔde ma no nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi agyina pintinn atia ɔbonsam nnɛɛdɛe ahorow.”​—EFESOFO 6:11, The New English Bible.

1. Dɛn na Kristofo a wɔyɛ ade sɛnea hokwan ahorow a wɔwɔ te no nya?

YEHOWA Adansefo a wɔahyira wɔn ho so a wɔyɛ ade sɛnea hokwan a wɔwɔ no te nya honhom mu paradise mu anigye. Onyankopɔn diyifo Yesaia reka wɔn mprempren tebea no ho asɛm nkɔmhyɛ kwan so no, ɔkyerɛwee sɛ: “Atemmu bɛtra sare so, na trenee nso atra ɛkwa mu; na trenee no nyeeyɛe bɛyɛ asomdwoe; na trenee no aba ayɛ kommyɛ ne ahotoso akosi daa.”​—Yesaia 32:16, 17.

2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛwɛn bere nyinaa?

2 Sɛ yɛbɛkɔ so akura anigye tebea yi mu a, ɛsɛ sɛ yɛwɛn bere nyinaa, efisɛ Satan Ɔbonsam ani bere yɛn honhom mu tebea a ɛyɛ anigye na edi yiye no. Sɛ́ Gog a ofi Magog no, ɛrenkyɛ ɔde n’ahoɔden nyinaa bɛtow ahyɛ Yehowa nkurɔfo so. (Hesekiel 38:8-12) Nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔte hɔ kwa mprempren. Nokwarem no, esiane sɛ ne bere a aka yɛ tiaa nti, ne bo afuw Yehowa nkoa kɛse mprempren sen bere biara.​—Adiyisɛm 12:12, 17.

3. Dɛn nti na Satan bo afuw Yehowa asomfo?

3 Satan na odi adesamma adebɔneyɛfo wiase yi so. (Efesofo 2:1, 2; 1 Yohane 5:19) Eyinom nyinaa wɔ n’afã wɔ ɔsɛmpɔw kɛse a ɛfa amansan tumidi ho no mu. Wɔde mmuae a ɛboa Satan rema wɔ gye a ogyee kyim sɛ nnipa biara rentumi nkura wɔn mudi mu mma Yehowa Nyankopɔn no mu. (Mmebusɛm 27:11) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Kristofo kakraa bi reda no adi sɛ Ɔbonsam yɛ ɔhohoahoafo ne ɔtorofo kɛse no hyɛ no abufuw. Enti ɔde nnɛɛdɛe, anifere kwan biara a onim di dwuma sɛ ɔde bedi Yehowa asomfo anokwafo yi so nkonim. Enti, “yɛne . . ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom” na anya.​—Efesofo 6:12.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwumaden de di yɛn mmerɛwyɛ ahorow so?

4 Enti, eye sɛ wubebisa wo ho sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na metumi agyina pintinn atia Ɔtamfo a ne ho yɛ den yi?’ Sɛnea yɛahu no, ɔde honam a ahwɛ ase no mmerɛwyɛ ahorow no di dwuma de nya Kristofo. Sɛ́ ankorankoro no, ebia yenni mmerɛwyɛ a ɛne anihaw, nanso ebia yɛyɛ ahantan. Ebia yɛnnyɛ ahopɛfo wɔ honam fam anigyede ahorow ho, nanso ebia yɛyɛ mfaso a yebenya honam fam ho adifudepɛfo. Enti ɛho hia sɛ yɛyɛ adwumaden de di yɛn mmerɛwyɛ ahorow no so, siw ɔbonsam kwan sɛnea ɛbɛyɛ a obeguan afi yɛn nkyɛn.​—Yakobo 4:7.

Yɛn Honhom Mu Akode

5. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa?

5 Yɛn Tamfo no kɔ so de akwan koro no ara di dwuma mpɛn pii. Enti ɛdenam Onyankopɔn Asɛm no sua so no, yebetumi ada yɛn ho so wɔ akwan a Satan de adi dwuma fi Bible mmere no mu no ho na yebetumi asua sɛnea yebetumi agyina pintinn atia no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi.” Ɔkae nso sɛ: “Monhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ade nyinaa wie a, moagyina hɔ.” Hyɛ no nsow sɛ Paulo si “Onyankopɔn akode no nyinaa” a wɔbɛhyɛ so dua. Ɛbɛyɛ nea asiane wom sɛ ɔsoro akode a wɔde ama yi biako bi mpo bɛyɛ nea wunni bi, efisɛ Satan behu na obetumi asɔre atia wo wɔ saa beae a ɛyɛ mmerɛw no. Eyi betumi akyerɛ honhom mu ɔsɛe ama yɛn.​—Efesofo 6:11, 13.

6. Dɛn na ‘nokware a yɛde bɛkyekye yɛn asen’ no hwehwɛ wɔ yɛn ho?

6 Ɔsomafo no ka kyerɛ yɛn mfiase no sɛ: “Enti munnyina hɔ [pintinn], momfa nokware nkyekye mo asen.” (Efesofo 6:14) Tete mmere mu no na asraafo abomu no yɛ aboa nhoma abɔso a wɔde bɔ wɔn asen so. Ná wɔtaa de nnade nketewa bi bobɔ ho a ɛno nso yɛ ahobammɔ. Ɛno mu nso na na ɔkokofo no de ne nkrante anaa afoa hyɛ. Dɛn na nokware a Kristoni de bɛkyekye n’asen no kyerɛ? Sɛ́ yɛde Onyankopɔn Asɛm mu nokware no bɛkyekye yɛn asen no kyerɛ so a yebeso mu dennen na yɛatumi de Kyerɛwnsɛm no adi dwuma de abua nsemmisa ahorow. Sɛnea asraafo abɔso no yɛ nea ɛbɔ wɔn ho ban no, saa ara na nokware no bɛma yɛanya ahotoso a yɛde bekura yɛn nnesoa mu na ɛbɛbɔ yɛn ho ban. Ɛnde ɛyɛ ampa sɛ yɛn adwene a yɛde besi Onyankopɔn nokware ahorow no so bɛboa yɛn ma yɛagyina pintinn atia Satan.

7. Dɛn na “trenee nkatabo” a yɛbɛhyɛ no kyerɛ?

7 Nea edi hɔ no, ɔsomafo no ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnhyɛ trenee nkatabo.’ (Efesofo 6:14) Wɔ Bible mmere mu no na nkatabo yɛ dade a ɛyɛ den a wɔde bɔ koma no ho ban titiriw. Sɛ yɛbɛhyɛ trenee nkatabo yi a, ɛnde na nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ ‘yɛkora yɛn koma so.’ (Mmebusɛm 4:23) Ɛno mu nkutoo na yebetumi agyina pintinn atia Satan denam kanyan a ɛbɛkanyan yɛn ma yɛasom Yehowa na yɛabu bra a ɛho tew a ɛremma yɛnnyɛ nkɛntɛnso bɔne wɔ abrabɔ mu wɔ Yehowa nkurɔfo mu no so.​—1 Petro 1:14-16.

8. Dɛn na ɛka ‘asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso a yɛde bɛhyehyɛ yɛn anan’ no ho?

8 Afei Paulo ka sɛ ‘yɛmfa asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso nhyehyɛ yɛn anan.’ (Efesofo 6:15) Dɛn na ɔkyerɛ wɔ ha? Nea ɔkyerɛ ne sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ nnam kɛse wɔ Ahenni asɛm no a yɛka wɔ asomdwoe mu sɛnea Yesu kyerɛkyerɛɛ asɛmpakafo 70 no mu: “Ofi biara a mobɛkɔ mu no, munse kan sɛ: Asomdwoe mmra ofie ha yi!” (Luka 10:5) Yɛnnkɔ nkurɔfo nkyɛn nkogye akyinnye. Mmom no, yɛde awerɛkyekye anigye, asomdwoe ne anidaso na ɛkɔma wɔn. Satan bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ɔsɔretia ne basabasayɛ asɔre wɔ atiefo no bi mu a ɛbɛma ɛho ahia sɛ yɛne wɔn di wɔ ayamye mu. Enti, sɛ yebegyina pintinn atia Satan nnɛɛdɛe no a, ɛho hia sɛ yɛde anifere ne boasetɔ di dwuma na ‘yɛayɛ ade nyinaa ama nnipa nyinaa.’​—1 Korintofo 9:19-23.

9. Ná tete kyɛm ne bɛmma ahorow a ɛdɛw no te dɛn?

9 Ɔretoa so no, ɔsomafo no tu fo sɛ: “Momfa gyidi kyɛm kɛse a mode betumi adum ɔbɔnefo no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa.” (Efesofo 6:16, NW) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ “kyɛm kɛse” no kyerɛ nea ɛso ara yiye a ɛbɛkata nipadua no fã kɛse no ara. Ɛdefa “bɛmma a ɛredɛw” no ho no, na ɛtɔ mmere bi a Romafo de mmɛw yɛ agyan a ɛwɔ ntokuru nketenkete a wɔde bɛmma a ɛdɛw hyem. Ebia na agyan a etumi dɛw yi ho asɛm na Paulo reka.

10. Dɛn na Satan de di dwuma sɛ “bɛmma a ɛredɛw”?

10 Satan totow “bɛmma a ɛredɛw” ahorow ahorow bobɔ Kristofo. Nea ɛka ‘bɛmma ahorow’ yi ho ne fɛwdi, ahohorabɔ ne ntwiri a Onyankopɔn nkurɔfo atamfo de ba wɔn so no. ‘Bɛmma ahorow’ yi betumi ayɛ mmɔden a ebinom bɛbɔ sɛ wobebu Kristofo akofofo no aba mu esiane nneɛma kakraa bi a wɔkyerɛ sɛ efi wɔn som adwuma no mu ba anaa nkɔso a ɛmma wɔ honam fam mmerɛwyɛ ahorow a wobedi so mu nti. Nea ɛka ho nso ne ɔyaw, asereserew ne atorosɛm a wɔka to yɛn so. Ɛtɔ mmere bi a Satan pira Kristofo denam wɔn ani a ɔma egye wiase nyansa a ɛfa asumansɛm ho anaa nea ɛfa onipa mfiase ne ne nkrabea ho a ɔde di dwuma no so. Ɛsɛ sɛ wotwe wo ho fi “Satan nneɛma a emu dɔ” yi ho koraa. So woyɛ saa?​—Adiyisɛm 2:24.

11. Sɛnea yɛn honhom mu kyɛm no kɛse te ne sɛnea edi mũ gyina dɛn so?

11 Sɛ yɛbɛbɔ yɛn koma ho ban atia Satan “bɛmma a ɛredɛw” no a, yehia gyidi kyɛm kɛse a ɛyɛ den. Sɛnea ne kɛse te ne sɛnea biribi ntumi nhirow mu no fã kɛse gyina yɛn so. Sɛnea yɛtɔ bere de yɛ kokoam Bible adesua, de susuw Onyankopɔn Asɛm no ho na yɛne mfɛfo a wɔyɛ adansefo ma Yehowa bɔ no, saa ara na yebenya ahobammɔ a yehia. Ɛwom, ɛho hia sɛ yɛde nea yesua no di dwuma, efisɛ “gyidi a nnwuma nni mu awu.” (Yakobo 2:26) Enti, akwan a eye sen biara a yɛbɛfa so ama yɛn gyidi ayɛ kɛse na ayɛ den na yɛatumi agyina pintinn no mu biako ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden kɛse sɛ yɛbɛma afoforo anya gyidi.

12. Dɛn ne yɛn honhom mu dade kyɛw no, na ɛsom bo ma yɛn dɛn?

12 Paulo kɔ so ka sɛ: “Afei nso, munnye nkwagye dade kyɛw” no. (Efesofo 6:17, NW) Tete mmere mu no, na kyɛw ahorow no bi wɔ ho a wɔde nneɛma afoforo na ɛyɛ na na dade de nso wɔ hɔ ara. (1 Samuel 17:38) Nanso dɛn na wɔde ayɛ yɛn honhom mu dade kyɛw no? Paulo ka kyerɛɛ Tesalonika Kristofo no sɛ: “Momma yɛn ani nna ho, na yɛnhyɛ . . . nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.” (1 Tesalonikafo 5:8) Yiw, anidaso betumi abɔ yɛn ban wɔ Satan ne n’adwumayɛmafo kuturuku ne ɔhwe ahorow no mu. “Anidaso” a ɛyɛ den a egyina Bible so, “nni huammɔ.” (Romafo 5:5, NW) Gyidi a ɛte sɛɛ bɛbɔ yɛn ho ban wɔ honam fam nneɛma ho nnaadaa ho, efisɛ ɛbɛkanyan yɛn ma yɛahwehwɛ Onyankopɔn Ahenni no kan.​—Mateo 6:33; Luka 12:31.

13. Dɛn ne “honhom mu nkrante” no, na bo a ɛsom ne dɛn?

13 Nea etwa to no, yɛba yɛn akode biako a yɛde ko tia, a ɛyɛ “honhom mu nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm” no so. (Efesofo 6:17) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “nkrante” wɔ ha no yɛ nkrante tiatia a ɛte sɛ sekan a ɛkyerɛ sɛ wɔne obi a ɔbɛn pɛɛ na ɛde di ako. Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a edi mũ so no, yebetumi ako atia atoro nkyerɛkyerɛ, ada nyansa a enni mu, ne titiriw no, hyia a ɛne Kyerɛw Kronkron nhyia no adi. (2 Korintofo 10:4) Ɛnyɛ ahantan mu na yefi yɛ eyi na mmom ahobrɛase ne ɔdɔ ma Onyankopɔn, nokware ne yɛn mfɛfo nnipa mu. Nea ɛyɛ anigye no, ɛdenam nokware Kristofo nhoma ahorow mmoa so no, yebetumi ‘akura nkwa asɛm no mu.’​—Filipifo 2:16.

Kristofo Su Ahorow Sɛ Mmoa

14. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahantan? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛatumi agyina pintinn atia Satan?

14 Sɛ́ nea ɛka yɛn honhom mu akode no ho no, Kristofo su horow bɛboa yɛn nso ma yɛagyina pintinn atia Ɔbonsam. Esiane sɛ Satan de ahantan di dwuma nti, ahobrɛase su ne adwene a emu da hɔ honhom a yebenya bɛboa yɛn wɔ ko a yɛko tia no no mu. Ampa, ɛnsɛ sɛ Kristoni biara ‘dwen tra nea ɛsɛ sɛ odwen.’ Bere a yɛayɛ biribiara a wɔde ahyɛ yɛn nsa no, ɛsɛ sɛ yetumi ka sɛ: “Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn ho; yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” Bio nso, yehia Onyankopɔn dom a ɛnsɛ no na ama yɛagyina pintinn atia Satan, na sɛ yebenya eyi a ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, efisɛ “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.”​—Romafo 12:3; Luka 17:10; Yakobo 4:6.

15. Ahosodi som bo dɛn wɔ gyina a yebegyina pintinn no mu?

15 Ahosodi yɛ Kristofo su foforo a ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina pintinn atia Satan. Di a yɛrenni yɛn nkate ahorow te sɛ abufuw, ho a wɔde hyɛ adidi, ɔnom ne ɔbarima ne ɔbea nna a ɛtra so mu so no bɛma ɔbonsam anya yɛn ho kwan de ne ntua ne nnaadaa ahorow no aba yɛn so. Bere a na ‘yɛbɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu’ no, ná nokwarem no yɛrenantew “sɛnea wim tumi no panyin te, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma asoɔden mma mu no.” (Efesofo 2:1-3) Sɛ yɛma pɛsɛmenkominya adwene ne nkate horow a ɛho ntew di yɛn so a, na yɛwɔ asiane a ɛbɛma ɔbonsam anya yɛn ma yɛayɛ n’apɛde mu. (2 Timoteo 2:26) Sɛ yebegyina pintinn atia no a, ɛsɛ sɛ yetumi di yɛn nsusuwii ne nkate ahorow so a yɛn nsɛm a yɛka ne nneyɛe ka ho. Ɛsɛ sɛ yɛteɛ yɛn adwene so ma esusuw nneɛma a anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew ne nea ɛwɔ ɔdɔ ho.​—Filipifo 4:8.

16. Dɛn nti na ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nni mu betumi aboa yɛn ma yɛagyina pintinn?

16 Nea ɛbɛboa yɛn titiriw ma yɛagyina pintinn atia Satan ɔbonsam ne ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nni mu. Ne ho yɛ hare sɛ ɔde pɛsɛmenkominya su biara a ebia obehu wɔ yɛn mu no bedi dwuma. Dodow a ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nni mu ma yɛyɛ wɔn a wonni adagyew wɔ Yehowa som mu no, dodow no ara na yebetumi asiw Satan ntua ahorow no ano. Sɛ yɛde yɛn koma, yɛn kra, yɛn adwene ne yɛn ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa a, hokwan bɛn na ɔwɔ sɛ obetumi yɛn? Ɔdɔ ma yesusuw afoforo nso nkwagye ho, na eyi bɛboa yɛn ma yɛanya yɛn ankasa nkwagye mu ahotoso. (Marko 12:30, 31; 1 Timoteo 4:16) Bere dodow a yeyi ɔdɔ adi wɔ akwan horow pii so no, Satan anaa n’adwumayɛmafo a aniwa hu wɔn ne wɔn a aniwa nhu wɔn no mu biara rentumi mmrɛ sɔre a yɛsɔretia wɔn no ase.​—1 Korintofo 13:4-8.

17. Dɛn nti na mpaebɔ ho hia kɛse wɔ gyina a yebegyina pintinn no mu?

17 Sɛ yebetumi agyina pintinn atia Satan nnɛɛdɛe ahorow no a, ɛsɛ sɛ yɛde mpaebɔ di dwuma nso kɛse. Dɛn ntia? Efisɛ yɛrentumi nni nkonim wɔ yɛn ankasa ahoɔden mu. Yehia ɔsoro mmoa. Bere a waka honhom mu akode no ho asɛm akyi no, Paulo ka kyerɛɛ mfɛfo gyidifo no sɛ ‘wɔmfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu.’ Esiane ɛno nti na ɛsɛ sɛ ‘wɔwɛn, na wɔtoa so ara srɛ ma ahotefo nyinaa,’ a ɔsomafo no ka ho.​—Efesofo 6:18, 19.

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na ayeyi ne aseda betumi aboa yɛn? (b) Ɔsrɛ ne nkotosrɛ som bo dɛn?

18 Dɛn na ɛka ‘mpaebɔ nyinaa’ no ho? Mpaebɔ no mu biako yɛ nea yɛnam so de ayeyi ma. Esiane oniiko a Yehowa yɛ, ne su horow ne ne dibea wɔ amansan yi mu nti, ɔfata sɛ yeyi no ayɛ. (Dwom 33:1) Mpaebɔ no biako nso yɛ nea yɛnam so de aseda ma. Na hwɛ ntease ara a yɛwɔ sɛ yɛde aseda bɛma “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” Mafo no! (Yakobo 1:17) Sɛnea ɛfata no, wotu yɛn fo sɛ yɛmfa “aseda mma Yehowa wɔ n’adɔe ho, ne wɔ n’anwonwade wɔ nnipa mma mu ho.” (Dwom 107:31, NW) Anisɔ koma ne anisɔ adwene a yebenya bɛboa yɛn ma yɛagyina pintinn atia Satan ampa.

19 Ɔsrɛ yɛ mpaebɔ no mu biako. Yebetumi asrɛ nneɛma ahorow yi ma afata, nyansa (Yakobo 1:5) , honhom kronkron (Luka 11:13) , bɔne fafiri (1 Yohane 1:9; 2:1, 2) ne Onyankopɔn nhyira wɔ yɛn mmɔdenbɔ ahorow so (Dwom 90:17) . Nkotosrɛ nso wɔ hɔ. Ɛkyerɛ Yehowa Nyankopɔn a wɔbɔ no mpae denneennen wɔ ahohia anaa amanehunu kɛse mu. Enti bere a wɔde Paulo too afiase no ɔkae sɛ wɔnkotow nsrɛ mma no. (Efesofo 6:18-20) Akyinnye biara nni ho sɛ mpaebɔ ahorow yi bɛboa yɛn ma yɛagyina pintinn atia Satan.

Si Wo Bo Sɛ Wubegyina Pintinn

20, 21. Ɔkwan bɛn so na yebetumi afi mu afi wɔ nkonimdi mu koraa?

20 Ampa, sɛ kuw no, Yehowa nkurɔfo renya honhom mu paradise nhyira horow mu anigye nnɛ. Nanso sɛ́ ankorankoro no, sɛ yɛbɛkɔ so anya nhyira yi mu kyɛfa a, ɛnde yɛrentumi mfa nneɛma nni agoru. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn bere nyinaa na yegyina pintinn tia yɛn Tamfo, Satan Ɔbonsam.​—1 Petro 5:8, 9.

21 Sɛnea yɛahu no, Ɔbonsam wɔ akwan pii a ɔfa so, na n’adwene ne sɛ ɔbɛma yɛagyae yɛn mudi mu na wama yɛagyae Yehowa Nyankopɔn som. Nanso sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn honhom mu akode a efi Onyankopɔn hɔ no, na yɛkɔ so sow ne honhom aba te sɛ ɔdɔ ne ahosodi, na yɛannyae mpaebɔ a, Satan nsa renka yɛn. Enti, ɛdenam mmoa a efi ɔdɔ mu a efi yɛn Nyankopɔn, Yehowa nkyɛn so no, yebesiesie yɛn ho kɛse agyina pintinn atia Satan nnɛɛdɛe ahorow no.

So Wokae

◻ Nea enti a Satan bo afuw Yehowa asomfo no?

◻ Nea ɛka bom yɛ Kristoni honhom mu akode no?

◻ Nea ɛyɛ Satan “bɛmma a ɛredɛw” no bi, no ahobammɔ bɛn no yɛwɔ tia eyinom?

◻ Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛatumi agyina pintinn atia Ɔbonsam no?

◻ Nea enti a mpaebɔ ho hia kɛse wɔ gyina a yebegyina pintinn no mu no?

[Kratafa 29 mfoni]

Mpae a wɔbɔ bere nyinaa bɛboa ma abusua ako atia Satan ntua ahorow

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena