Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 12/1 kr. 14-19
  • Adiyisɛm Nhoma No Akenkanfo, Momma Mo Ani Nnye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adiyisɛm Nhoma No Akenkanfo, Momma Mo Ani Nnye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asafo Ahorow a Kristo Kyerɛ Wɔn Kwan
  • Anigye Mu a Yebefi Abrɛ Yɛn Ho Ase Ahyɛ Yehowa Tumidi Ase
  • ‘Anigye Ne Obiara a Otie Saa Nsɛm Yi’
  • Adiyisɛm ne Wo
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Adiyisɛm Nhoma No—Emu Nsɛm No Kyerɛ Sɛn?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Tie Nea Honhom No Ka Kyerɛ Asafo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Ɛba Ntɛm
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 12/1 kr. 14-19

Adiyisɛm Nhoma No Akenkanfo, Momma Mo Ani Nnye

“Anigye ne nea ɔkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm ne wɔn a wotie na wodi nneɛma a wɔakyerɛw wom no so.”—ADIYISƐM 1:3, NW.

1. Tebea bɛn na na ɔsomafo Yohane wom bere a ɔkyerɛw Adiyisɛm no, na atirimpɔw bɛn nti na wɔkyerɛw saa anisoadehu yi too hɔ?

“ME, Yohane . . . mewɔ supɔw a wɔfrɛ no Patmo no so, Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti.” (Adiyisɛm 1:9) Tebea a ɛte saa mu na ɔsomafo Yohane kyerɛw Adiyisɛm nhoma no. Wɔkyerɛ sɛ wɔde no kɔɔ Patmo wɔ Roma Ɔhempɔn Domitian (81-96 Y.B.) a ɔde ɔhempɔn som bae, na ɔbɛyɛɛ obi a ɔtaa Kristofo no bere so. Bere a na Yohane wɔ Patmo na onyaa anisoadehu ahorow a ɔkyerɛw too hɔ no. Na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔreka de ayi tete Kristofo no hu, na mmom na ɔde rehyɛ wɔn den, akyekye wɔn werɛ, na ahyɛ wɔn nkuran esiane sɔhwɛ ahorow a na wɔwom ne nea na ɛda wɔn anim no nti.—Asomafo no Nnwuma 28:22; Adiyisɛm 1:4; 2:3, 9, 10, 13.

2. Dɛn nti na tebea a na Yohane ne ne mfɛfo Kristofo wom no ho hia Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ?

2 Tebea a wɔkyerɛw saa Bible nhoma yi wom no ho hia Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no yiye. Ná Yohane wɔ ɔtaa mu esiane Yehowa ne Ne Ba, Kristo Yesu ho adanse nti. Na ɔne ne mfɛfo Kristofo wɔ ɔtaa mu efisɛ bere a na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ɔmamma pa no, na wontumi mfa wɔn ho nhyɛ ɔhempɔn som mu. (Luka 4:8) Nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no hu sɛ wɔwɔ tebea a ɛte saa ara mu wɔ aman bi mu, baabi a Ɔman no wɔ tumi sɛ ɛkyerɛ “nea ɛfata sɛ nyamesomfo yɛ no.” Enti, hwɛ sɛnea Adiyisɛm nhoma no nnianim nsɛm no yɛ awerɛkyekye fa: “Anigye ne nea ɔkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm ne wɔn a wotie na wodi nneɛma a wɔakyerɛw wom no so; efisɛ bere a wɔahyɛ no abɛn.” (Adiyisɛm 1:3, NW) Yiw, Adiyisɛm akenkanfo a wɔyɛ osetie ne asoɔmmerɛw no betumi anya nokware anigye ne nhyira pii.

3. Hena ne Adiyisɛm a wɔde maa Yohane no Fibea?

3 Hena ankasa ne Adiyisɛm no Fibea, na ɔkwan bɛn so na ɔnam de ma? Nkyekyem a edi kan no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfo so somae de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane.” (Adiyisɛm 1:1) Sɛ yebetwa no tiaa a, Adiyisɛm no Fibea ne Yehowa Nyankopɔn, ɔno na ɔde maa Yesu, na Yesu nam ɔbɔfo bi so de maa Yohane. Sɛ yɛhwehwɛ mu kɔ akyiri kakra a, yebehu sɛ Yesu nso nam honhom kronkron so de nsɛm no kɔmaa asafo ahorow no, na ɛmaa Yohane nyaa anisoadehu ahorow no.—Adiyisɛm 2:7, 11, 17, 29; 3:6, 13, 22; 4:2; 17:3; 21:10; fa toto Asomafo no Nnwuma 2:33 ho.

4. Ɔkwan bɛn na Yehowa da so de di dwuma nnɛ de kyerɛ ne nkurɔfo kwan wɔ asase so?

4 Yehowa da so de ne Ba, “asafo no ti” no di dwuma, ma ɔkyerɛkyerɛ n’asomfo a wɔwɔ asase so no. (Efesofo 5:23; Yesaia 54:13; Yohane 6:45) Yehowa nam ne honhom no so nso kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo. (Yohane 15:26; 1 Korintofo 2:10) Sɛnea Yesu de “n’akoa Yohane” dii dwuma ma ɔde honhom fam aduan a ɛwowaw nnipa maa afeha a edi kan no asafo ahorow no, saa ara na ɛnnɛ ɔde “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wɔyɛ ne “nuanom” a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no di dwuma ma wɔma ne nkoa ne wɔn ahokafo honhom fam “aduan wɔ ɛbere a ɛsɛ mu.” (Mateo 24:45-47; 25:40) Anigye ne wɔn a wogye ‘akyɛde pa’ a yenya a ɛne honhom fam aduan no Fibea ne ɔkwan a Ɔde redi dwuma no tom.—Yakobo 1:17.

Asafo Ahorow a Kristo Kyerɛ Wɔn Kwan

5. (a) Dɛn ho na wɔde Kristofo asafo ahorow no ne wɔn ahwɛfo no toto? (b) Ɛmfa ho nnipa sintɔ no, dɛn na ɛbɛma yɛn ani agye?

5 Wɔde Kristofo asafo ahorow no toto akaneadua ho wɔ Adiyisɛm ti ahorow a edi kan no mu. Wɔde wɔn ahwɛfo no toto abɔfo (asomafo) ne nsoromma ho. (Adiyisɛm 1:20)a Bere a Kristo reka n’ankasa ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔnkyerɛw sɛ: “Sɛɛ na nea okura nsoromma ason ne nifa mu, nea ɔnam sika akaneadua ason no mfinimfini no se.” (Adiyisɛm 2:1) Nsɛm ason a wɔde kɔmaa Asia asafo ahorow ason no da no adi sɛ wɔ afeha a edi kan Y.B. no, na asafo ahorow no ne wɔn mpanyimfo wɔ nneɛma a wɔbɔ ho mmɔden ne nea wɔtɔ sin wom. Ɛte saa ara nnɛ. Enti, sɛ yɛn werɛ amfi da sɛ Kristo, yɛn Ti, no wɔ yɛn mfinimfini a, yebenya anigye pii. Onim nea ɛrekɔ so ankasa. Sɛnkyerɛnne kwan so no, okura ahwɛfo no wɔ ‘ne nsa nifa mu’ a ɛkyerɛ sɛ, wɔhyɛ n’ase, na wobebu ɔkwan a wɔfa so hwɛ asafo no so ho akontaa akyerɛ no.—Asomafo no Nnwuma 20:28; Hebrifo 13:17.

6. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ ahwɛfo nkutoo na wobebu akontaa akyerɛ Kristo?

6 Nanso, sɛ yesusuw sɛ ahwɛfo nkutoo na wobebu wɔn nnwuma ho akontaa akyerɛ Kristo a, na yɛredaadaa yɛn ho. Wɔ Kristo nsɛm no biako mu no, ɔkae sɛ: “Asafo no nyinaa ahu sɛ, mene nea ɔhwehwɛ asaabo ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.” (Adiyisɛm 2:23) Bere koro no ara mu no, eyi yɛ kɔkɔbɔ ne nkuranhyɛ—kɔkɔbɔ a ɛkyerɛ sɛ Kristo nim yɛn adwenem tɔnn, na ɛhyɛ nkuran nso efisɛ ɛma yenya awerɛhyem sɛ Kristo nim yɛn mmɔdenbɔ, na sɛ yɛyɛ nea yebetumi a, obehyira yɛn.—Marko 14:6-9; Luka 21:3, 4.

7. Ɔkwan bɛn so na na Kristofo a wɔwɔ Filadelfia no ‘adi Yesu boasetɔ asɛm so’?

7 Animka biara nni Kristo nsɛm a ɔde kɔmaa asafo a ɛwɔ Lidiafo kurow Filadelfia mu no mu, nanso bɔhyɛ bi wom a ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn kɛse. “Esiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm so nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ dɔn [anaa bere] a ɛbɛba wiase nyinaa so, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase so ahwɛ, no mu.” (Adiyisɛm 3:10) Hela asɛm a egyina hɔ ma “woadi me boasetɔ asɛm so” no betumi akyerɛ “woadi boasetɔ ho asɛm a mekae no so” nso. Nkyekyem 8 no kyerɛ sɛ, na ɛnyɛ Kristo ahyɛde nkutoo so na Kristofo a wɔwɔ Filadelfia no adi, na mmom na wɔadi n’afotu a ese wɔn ankasa nso mfa boasetɔ nnyina mu no so.—Mateo 10:22; Luka 21:19.

8. (a) Ɛbɔ bɛn na Yesu hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Filadelfia no? (b) Henanom na ‘sɔhwɛ bere’ no ka wɔn nnɛ?

8 Yesu de kaa ho sɛ ɔbɛkora wɔn so wɔ ‘sɔhwɛ bere’ mu. Nea na ɛno kyerɛ ma Kristofo a na wɔwɔ hɔ saa bere no pɔtee de, yennim. Ɛwom sɛ bere a Domitian wui wɔ 96 Y.B. akyi no, ɔtaa no gyaee kakra de, nanso ɔtaa foforo fii ase wɔ Trajan (98-117 Y.B.) nniso ase, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛde sɔhwɛ foforo bae. Nanso, ‘sɔhwɛ bere’ kɛse ba wɔ “Awurade da” no mu wɔ “awiei bere” a yɛwɔ mu mprempren yi mu. (Adiyisɛm 1:10; Daniel 12:4) Wiase Ko I no mu ne akyi pɛɛ no, Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no faa sɔhwɛ bere bi mu. Nanso, ‘sɔhwɛ bere’ no da so wɔ hɔ. Ɛka “wiase nyinaa,” na nnipa ɔpepem pii a wɔbom yɛ nnipakuw kɛse a wɔhwɛ kwan sɛ wobefi ahohia kɛse no mu aka no ka ho. (Adiyisɛm 3:10; 7:9, 14) Sɛ ‘yɛyɛ nea Yesu ka faa boasetɔ ho’ a ɛne: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no” no a, yebenya anigye.—Mateo 24:13.

Anigye Mu a Yebefi Abrɛ Yɛn Ho Ase Ahyɛ Yehowa Tumidi Ase

9, 10. (a) Akwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Yehowa ahengua ho anisoadehu no ka yɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm a yɛbɛkenkan no bɛma yɛanya anigye?

9 Ɛsɛ sɛ Yehowa ahengua ne ɔsoro abangua ho anisoadehu a ɛwɔ Adiyisɛm ti 4 ne 5 no ma yɛn ho dwiriw yɛn. Ɛsɛ sɛ ayeyi nsɛm a ɔsoro abɔde a wɔwɔ tumi no fi komam ka bere a wofi anigye mu brɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa trenee tumidi ase no hyɛ yɛn nkuran. (Adiyisɛm 4:8-11) Ɛsɛ sɛ yɛma wɔte yɛn nne wɔ wɔn a wɔka eyi no mu sɛ: “Abɔde a ɛwɔ ɔsoro ne asase so ne asase ase ne ɛpo so ne nea ɛwɔ mu nyinaa, metee sɛ wose: Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi nka nea ɔte ahengua no so ne oguammaa no daa daa.”—Adiyisɛm 5:13.

10 Wɔ ɔkwan a ɛfata so no, nea eyi kyerɛ ne sɛ yebefi ahobrɛase mu de anigye adi Yehowa apɛde so wɔ ade nyinaa mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa no so nna agya Onyankopɔn ase.” (Kolosefo 3:17) Sɛ yefi adwene ne koma nyinaa mu gye Yehowa tumidi tom, na yɛyɛ n’apɛde wɔ yɛn asetram biribiara mu a, Adiyisɛm akenkan bɛma yɛn ani agye ankasa.

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔbɛwosow Satan asase so nhyehyɛe asɛe no? (b) Sɛnea Adiyisɛm ti 7 kyerɛ no, henanom na ‘wobetumi agyina’ saa bere no?

11 Anigye mu a yebefi abrɛ yɛn ho ase ahyɛ Yehowa tumidi ase no na ɛbɛma ankorankoro ne nnipa nyinaa anya anigye. Ɛrenkyɛ, sɛnkyerɛnne kwan so asasewosow kɛse bi bɛwosow Satan wiase nhyehyɛe no nnyinaso ankasa, na asɛe no. Nnipa a wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ Kristo soro Ahenni nniso, a egyina hɔ ma Onyankopɔn tumidi a ɛfata ase no, rennya guankɔbea. Nkɔmhyɛ no ka sɛ: “Asase so ahene ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu abotan mu. Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhintaw mfi nea ɔte ahengua no so no ne oguammaa no abufuw ho, efisɛ n’abufuw da kɛse no adu, na ɛhena na obetumi agyina ano?”—Adiyisɛm 6:12, 15-17.

12 Ɛdefa saa asɛmmisa no ho no, ɔsomafo Yohane ka wɔn a wɔbom yɛ nnipakuw kɛse a wofi ahohia kɛse no mu no ho asɛm sɛ ‘wogyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim’ wɔ eti a edi hɔ no mu. (Adiyisɛm 7:9, 14, 15) Onyankopɔn ahengua anim a wogyina no kyerɛ sɛ wogye saa ahengua no tom, na wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa tumidi ase koraa. Enti wɔagye wɔn atom.

13. (a) Dɛn na wɔn a wɔte asase so dodow no ara som, na wɔn moma so ne wɔn nsa ho agyirae no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? (b) Dɛn nti na boasetɔ ho behia?

13 Ɔkwan foforo so no, ti 13 ka asase sofo a aka ho asɛm sɛ wɔsom Satan amammui nhyehyɛe a wɔde aboa ayɛ ho mfonini no. Wogye aboa no agyirae wɔ wɔn “moma” so anaa wɔn “nsa” ho, a ɛkyerɛ sɛ wofi adwene ne honam nyinaa mu gyina saa nhyehyɛe no afã. (Adiyisɛm 13:1-8, 16, 17) Afei, ti 14 de ka ho sɛ: “Sɛ obi kotow aboa no ne ne honi no, na ogye agyirae de si ne moma anaa ne nsa so a, ɔno ara na ɔbɛnom Onyankopɔn abufuw nsa a wɔahwie no gyenenn agu n’abufuw kuruwa mu no bi, . . . Ɛha na ahotefo boasetɔ wɔ, wɔn a wokura Onyankopɔn ahyɛde ne Yesu gyidi mu no.” (Adiyisɛm 14:9, 10, 12) Bere rekɔ so no, asɛmmisa no bɛkɔ so ayɛ sɛ: Hena afã na wugyina? Yehowa ne ne tumidi no, anaa amammui nhyehyɛe bɔne a wɔde aboa ayɛ ho mfonini no? Anigye ne wɔn a wɔkwati aboa no agyiraehyɛde no na wɔde nokwaredi brɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa tumidi ase no.

14, 15. Asɛm bɛn na wɔde twa Harmagedon ho asɛm a wɔka wɔ Adiyisɛm nhoma mu no mu, na dɛn na ɛkyerɛ ma yɛn?

14 Ahemfo a wɔwɔ “Wiase nyinaa” rekodi ako, wɔne Yehowa rekɔpere tumidi. Ɔko no bɛba so wɔ Harmagedon, “ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no.” (Adiyisɛm 16:14, 16) Asɛm a wɔde twa asɛm mu bi a ɛyɛ nwonwa pue wɔ baabi a wɔaka wiase ahemfo a wɔaboaboa wɔn ano ne Yehowa rekodi ako no ho asɛm no mfinimfini pɛɛ. Yesu ankasa ba anisoadehu no mu, na ɔka sɛ: “Hwɛ, mereba sɛ owifo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu n’aniwu.” (Adiyisɛm 16:15) Yebetumi de eyi atoto Lewifo a na wɔwɛn asɔrefie hɔ a sɛ na wohu sɛ wɔada bere a wɔrewɛn no a, woyi wɔn ntade bɔ wɔn adagyaw gu wɔn anim ase wɔ baguam no ho.

15 Asɛm no mu da hɔ pefee: Sɛ yɛpɛ sɛ yenya yɛn ti didi mu wɔ Harmagedon a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ honhom fam, na yɛkɔ so fura yɛn sɛnkyerɛnne kwan so ntama a ɛma yɛda adi sɛ Yehowa Nyankopɔn Adansefo anokwafo no. Sɛ yɛantɔ nko wɔ honhom fam, na yɛkɔ so ma yɛn ani da hɔ, de nsiyɛ trɛw Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho “daa asɛmpa” no mu a, yebenya anigye.—Adiyisɛm 14:6.

‘Anigye Ne Obiara a Otie Saa Nsɛm Yi’

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Adiyisɛm ti ahorow a edi akyiri no ma yɛn ani gye titiriw?

16 Anigye nkutoo na Adiyisɛm nhoma no akenkanfo betumi anya bere a wɔkenkan ti ahorow a edi akyiri a ɛka yɛn anidaso a anuonyam wom—ɔsoro foforo ne asase foforo, a ɛno ne, ɔsoro Ahenni nniso a trenee wom a edi adesamma abusua foforo a wɔn ho tew, a wɔn nyinaa yi ‘Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ’ ayɛ no—ho asɛm no. (Adiyisɛm 21:22) Bere a anisoadehu ahorow a ɛyɛ anigye no reba awiei no, ɔbɔfo a wɔsomaa no no ka kyerɛɛ Yohane sɛ: “Nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokware, na [Yehowa, NW], adiyifo ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfo sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa ade a etwa sɛ ɛba ntɛm. Na hwɛ, mereba ntɛm. Nhyira ne nea okura nhoma yi mu adiyisɛm mu.”—Adiyisɛm 22:6, 7.

17. (a) Awerɛhyem bɛn na wɔde ma wɔ Adiyisɛm 22:6? (b) Dɛn ho na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛkwati?

17 Adiyisɛm akenkanfo a wɔwɔ anigye bɛkae nsɛm bi a ɛte sɛ eyi a ɛwɔ “nhoma” no mfiase no. (Adiyisɛm 1:1, 3) Saa nsɛm yi ma yɛn nyinaa nya awerɛhyem sɛ ‘nneɛma’ a wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Bible mu nhoma a etwa to yi mu no ‘bɛba mu ntɛm.’ Yɛadu akyiri yiye wɔ awiei bere no mu, bere a ɛsɛ sɛ nneɛma a ɛho hia a Adiyisɛm nhoma no kaa ho nsɛm siei no bam ntɛmntɛm. Enti, ɛnsɛ sɛ Satan nhyehyɛe yi mu ahotɔ bi ma yɛda. Ɔkenkanfo a n’ani da hɔ bɛkae kɔkɔbɔ ahorow a wɔde ama wɔ nsɛm a wɔde kɔmaa asafo ahorow ason a ɛwɔ Asia mu no, na wakwati ade dodowpɛ, abosonsom, ɔbrasɛe, boturobodwo, ne mpaapaemu ho mfiri no.

18, 19. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yesu ba, na anidaso a Yohane kaa ho asɛm bɛn na yɛn nso yɛwɔ? (b) Atirimpɔw bɛn nti na Yehowa ‘ba’?

18 Yesu ka no mpɛn pii wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ: “Mereba ntɛm.” (Adiyisɛm 2:16; 3:11; 22:7, 20a) Ɛsɛ sɛ ɔba bebu Babilon Kɛse, Satan amammui nhyehyɛe no, ne nnipa nyinaa a wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ Yehowa tumidi, a Mesia Ahenni no na egyina hɔ ma mprempren, ase no atɛn. Yɛne ɔsomafo Yohane bom ka sɛ: “Amen, Awurade Yesu, bra!”—Adiyisɛm 22:20b.

19 Yehowa ankasa ka sɛ: “Hwɛ, mereba ntɛm, na mikura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛnea n’adwuma te.” (Adiyisɛm 22:12) Bere a yɛretwɛn akatua a anuonyam wom a ɛne nkwa a enni awiei no sɛ “ɔsoro foforo” anaa “asase foforo” mufo no, ɛmmra sɛ yɛde nsiyɛ bɛboa ato nsa afrɛ nnipa komapafo nyinaa sɛ: ‘Mommra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.’ (Adiyisɛm 22:17) Ɛmmra sɛ wɔn nso bɛyɛ Adiyisɛm nhoma a efi honhom mu a ɛhyɛ nkuran no akenkanfo a wɔwɔ anigye!

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!, nkratafa 28-9, 136 (ase hɔ asɛm).

Nsɛm a Wɔde Tĩ Mu

◻ Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so de Adiyisɛm no mae, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde anigye kenkan nsɛm a wɔde kɔmaa asafo ahorow ason a na ɛwɔ Asia no?

◻ Ɔkwan bɛn so na wobetumi akora yɛn so wɔ ‘sɔhwɛ bere’ no mu?

◻ Sɛ yedi Adiyisɛm nhoma no mu nsɛm so a, anigye bɛn na yebenya?

[Kratafa 15 mfonini]

Anigye ne wɔn a wohu nsɛmpa no Fibea no

[Kratafa 18 mfonini]

Anigye ne nea ɔwɛn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena