Ogye Wɔ Yesu Kristo Ahoyi Mu
“Momma mo ani nnye,na sɛ woyi n’anuonyam no adi a, mode ahosan ama mo ani agye nso.”—1 PETRO 4:13.
1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ama n’asomfo adi yiye?
YEHOWA de akyɛde pii ama n’Adansefo ma wɔadi yiye. Sɛ́ yɛn Kyerɛkyerɛfo a Ɔsen Biara no, wabue yɛn adwenem ma yɛanya n’apɛde ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ a ɛyɛ pɛ. Ɔnam ne honhom kronkron no so ama yɛanya tumi a ɛbɛma yɛde akokoduru ahyerɛn. Ɔsomafo Paulo a honhom kaa no no ka kyerɛ yɛn wɔ 1 Korintofo 1:6, 7 sɛ: ‘Kristo adanse no atim mo mu, ma ɔdom akyɛde biara ammɔ mo, bere a mode ahopere retwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyi no.’
2. Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn na ‘yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyi no’ de ma?
2 ‘Yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyi’—ɛno kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ bere a woyi Yesu adi sɛ Ɔhene nuonyamfo, a ɔreyɛ biribi de atua n’akyidifo anokwafo ka, na wadi amumɔyɛfo were. Sɛnea 1 Petro 4:13 kyerɛ no, ɛbɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ Kristofo mudi mu kurafo a wɔde honhom asra wɔn, ne wɔn ahokafo anokwafo “nnipakuw kɛse” no “ani gye, na wɔn ani gye mmoroso,” efisɛ ɛkyerɛ Satan nneɛma nhyehyɛe no awiei.
3. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yegyina pintinn, sɛnea yɛn nuanom a wɔwɔ Tesalonika yɛe no?
3 Bere a saa bere no rebɛn no, Satan a wafa abufuw no de nhyɛso pii ba yɛn so. Te sɛ gyata a ɔrebobom no, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyere yɛn awe. Ɛsɛ sɛ yegyina pintinn! (1 Petro 5:8-10) Bere a yɛn nuanom a na wɔwɔ tete Tesalonika baa nokware no mu foforo no, wohyiaa amanehunu a ɛte sɛ nea Yehowa Adansefo pii rehyia nnɛ no. Enti nsɛm a ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛ biribi ma yɛn yiye. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wohiahia mo ho no ka, na wama mo a wohiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo, ogyaframa mu, na wadi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were.” (2 Tesalonikafo 1:6-8) Yiw, ahotɔ bɛba!
4. Dɛn nti na atemmu a ɛbɛba asɔfo so wɔ Yesu ahoyi mu no fata wɔn?
4 Paulo bere so no, Yudafo nyamesom akannifo no na wɔma wohyiaa amanehunu no mu pii. Saa ara na nnɛ nso, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn ananmusifo, ne titiriw Kristoman asɔfo, na wɔsɔre tia Yehowa Adansefo a wɔpɛ asomdwoe no mpɛn pii. Eyinom yɛ wɔn ho sɛ wonim Onyankopɔn, nanso wɔpow Bible no mu [Yehowa] koro” no, na wɔde Baasakoro ahintasɛm bi si n’ananmu. (Marko 12:29) Wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no, na wɔde wɔn ho ato nnipa nniso so sɛ ɛno na ɛde ahotɔ bɛba, na wɔpow Kristo trenee Ahenni a ɛreba no ho asɛmpa no. Ɛsɛ sɛ nyamesomfo asɔretiafo yi nyinaa sɛe wɔ bere a “wobeyi Awurade Yesu adi afi soro” no mu!
Yesu Kristo ‘Ba a Ɔreba’ No
5. Ɔkwan bɛn so na wɔka Yesu ahoyi no ho asɛm fann wɔ Mateo 24:29, 30?
5 Yesu kaa saa ahoyi no ho asɛm fann wɔ Mateo 24:29, 30. Ɔreka ne ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne afã horow ho asɛm no, ɔkae se: “Ntɛm ara na owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn, na nsoromma befi soro ahwehwe ase, na ɔsoro ahoɔden awosow.” Saa bere no, “onipa Ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro.” Asase so amanaman no “besu, na wobehu onipa Ba [Onyankopɔn Mesia Hene] no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so ahoɔden ne anuonyam kɛse mu.” Wɔ Hela mu no, saa ‘ba a ɔreba,’ er-kho’me-non, no kyerɛ sɛ Yesu reyi ne ho adi sɛ Yehowa Bembufo.
6, 7. Ɔkwan bɛn so na “aniwa nyinaa behu no,” na henanom na wɔka eyi ho?
6 Ɔsomafo Yohane nso ka ‘ba a ɔreba’ yi ho asɛm wɔ Adiyisɛm 1:7 sɛ: “Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba.” Oo, saa atamfo no remfa wɔn aniwa ankasa nhu Yesu, efisɛ “amununkum” kyerɛ sɛ ɔrebebu atɛn a aniwa nhu no. Sɛ nnipa de wɔn aniwa ankasa hu ne soro anuonyam a, anka wɔn ani befura, te sɛ nea Saulo ani furae bere a ɔnam kwan so rekɔ Damasko na Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ hann kɛse bi a ɛhyerɛn mu no.—Asomafo no Nnwuma 9:3-8; 22:6-11.
7 Adiyisɛm kyerɛwtohɔ no ka sɛ “aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw.” Eyi kyerɛ sɛ asase so asɔretiafo behu wɔ ɔsɛe a Yesu de ba wɔn so no mu sɛ ɔde tumi ne anuonyam kɛse aba sɛ Yehowa Brafo. Dɛn nti na wɔka atamfo yi ho asɛm sɛ “wɔn a wɔwɔɔ no”? Efisɛ tan a wɔtan Yehowa nkoa nnɛ no te sɛ nea Yesu ataafo no tan no ara pɛ. Nokwarem no, ‘ne nti, wɔbɛbɔ abubuw.’
8. Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu ne Paulo nyinaa de ma wɔ mpofirim ɔsɛe ho?
8 Ɔkwan bɛn so na saa Yehowa aweredi da no bɛba? Yesu ka amanehunu a aba, a ayɛ ne ba a waba fi 1914 ho sɛnkyerɛnne no ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Luka ti 21 no mu. Afei Yesu bɔ kɔkɔ wɔ nkyekyem 34 ne 35 sɛ: “Na monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so.” Yiw, Yehowa aweredi da no ba mpofirim, prɛko pɛ! Ɔsomafo Paulo si eyi so dua wɔ 1 Tesalonikafo 5:2, 3 sɛ: “[Yehowa] da no beba sɛ owifo ba anadwo. Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.” Mprempren mpo amanaman no reka asomdwoe ne ahotɔ ho asɛm, na wɔka sɛ wɔbɛhyɛ Amanaman Nkabom no den ma ɛde asraafo tumi abɔ mmeae a ɔhaw wɔ hɔ ho ban.
9. Henanom na ‘hann hyerɛn’ ma wɔn na dɛn ntia?
9 Ɔsomafo no toa so ka kyerɛ yɛn wɔ nkyekyem 4 ne 5 sɛ: “Na mo de, anuanom, munni esum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifo. Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyee mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea.” Yedi ahurusi sɛ yɛyɛ hann mma—hann kurafo ma afoforo a wɔpɛ sɛ wonya nokware asomdwoe ne ahotɔ wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Yɛkenkan wɔ Dwom 97:10, 11 sɛ: “Mo a modɔ [Yehowa], munkyi bɔne. Ɔhwɛ n’ahotefo kra so, obeyi wɔn afi abɔnefo nsam. Wɔde hann agu ama ɔtreneeni, ne anigye ama koma mu teefo.”
Sɛnea Nsɛm Besisi Nnidiso Nnidiso
10. Kɔkɔbɔ a wɔadi kan de ama wɔ Onyankopɔn akontaabu da no ho bɛn na ɛsɛ sɛ yetie? (Adiyisɛm 16:15)
10 Sɛ ahohiahia kɛse no ba a, nsɛm besisi nnidiso nnidiso dɛn? Ma yɛnnan nkɔ Adiyisɛm ti 16. Hyɛ nea wɔaka wɔ nkyekyem 13 kosi 16 no nsow sɛ ahonhom fĩ boaboa asase no nyinaa so amanaman ano de wɔn kɔ Harmagedon, Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse mu ko no. Bio nso, wosi akontaabu da a ɛba te sɛ owifo no so dua, na wɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛn ani nna hɔ—sɛ yɛnkɔ so nhyɛ honhom fam ntade a ɛhyɛ yɛn agyirae ma nkwagye no. Bere aso sɛ wobu asase so nnipa, amanaman no ne—obi foforo nso ntɛn. Ɔne hena?
11. Ɔbea a wɔka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 17:5 no ada ne ho adi dɛn?
11 Ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so ɔbea bi a wabɔ mmɔden ankasa sɛ ɔbɛyɛ ne ho “otitiriw.” Wɔka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 17:5 sɛ “ahintasɛm. Babilon kɛse no, asase so nguaman ne akyide nã.” Nanso ɔnyɛ ahintasɛm bio mma Yehowa Adansefo. Wada ne ho adi pefee sɛ ɔne wiase nyinaa atoro som ahemman, a Kristoman mu nsɔre no yɛ ne fã titiriw. Nea ɛyɛ akyide wɔ Yehowa ani so ne ne ho a ɔde hyehyɛ amammuisɛm mu, ne ‘ahotefo mogya a wama abow no’ denam nokware Kristofo a ɔtaa wɔn, ne “wɔn a woakum wɔn asase so no nyinaa” a nnipa ɔpepem ɔha ne akyi a woakunkum wɔn wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu akodi ahorow nkutoo mu mogya ka ho no so.—Adiyisɛm 17: 2, 6; 18:24.
12. Dɛn nti na wɔabu Kristoman mu nsɔre no fɔ?
12 Nea ennye koraa no, Kristoman mu nsɔre no de ahohorabɔ aba Onyankopɔn a wɔde nyaatwom ka sɛ wɔyɛ n’ananmusifo no din so. Wɔakyerɛkyerɛ Babilon ne Helafo nyansapɛ ahorow sen Onyankopɔn Asɛm kronn no, na wɔaboa ma aman mũ nyinaa abrabɔ asɛe denam asetra a ɛma biribiara ho kwan a ebu Bible nnyinasosɛm ahorow so a wɔapene so no so. Nsɛm a ɛwɔ Yakobo 5:1, 5 bu emu aguadifo anitefo no fɔ sɛ: “Na afei, mo adefo ɛ, mo amanehunu a ɛreba mo so nti munsu na mommɔ mo afonom! Mode asetra fɛfɛ atra asase so, na moabɔ ahohwi, na moayɛn mo koma [sɛ] okum da.”
Babilon Kɛse no Hwe Ase!
13. Dɛn na efi ahohiahia kɛse no ase, na ade a egye ntɛmpɛ bɛn na wosi so dua wɔ Adiyisɛm 18: 4, 5?
13 Atemmu a Yehowa de bɛba Babilon Kɛse no so no na ebefi ahohiahia kɛse no ase. Adiyisɛm 17:15-18 ka Onyankopɔn “tirim asɛm”—sɛ ɔbɛma “mmɛn du,” Amanaman Nkabom a aman pii wom “aboa no,” mu tumi horow a wɔyɛ den no asɛe Babilon Kɛse—no ho asɛm fann. “Na mmɛn du a wuhui no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtan aguaman no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no. Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne tirim asɛm mmra mu.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛnne bi a efi soro de kɔkɔbɔ bi a egye ntɛmpɛ ma wɔ Adiyisɛm ti 18, nkyekyem 4 ne 5 sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi. Efisɛ ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.” Wɔda so ara de ɔfrɛ no ma sɛ: Wo ne atoro som ntwa abusuabɔ biara mu ansa na aka akyi dodo!
14. Henanom na wobegyam Babilon Kɛse no wɔ ne sɛe ho, na dɛn ntia?
14 Wiase no bebu Babilon Kɛse no sɛe dɛn? Amammuifo a wɔn bra asɛe—“asase so ahene”—gyina akyirikyiri di ne ho awerɛhow, efisɛ wɔne no anya ne honhom mu aguamammɔ no mu anigye mfehaha pii. Wɔn a wosu no na wogyam no nso ne aguadifo adifudepɛfo, ‘aguadifo a wotutu akwan a wama wɔanya wɔn ho.’ Eyinom nso twe wɔn ho kogyina akyiri ka sɛ: “Due, due, kurow kɛse a ofura nwera pa ne ntama afasebiri ne nkranhoma, na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho. Efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi.” Asɔfo ntade ne wiase no mu asɔre adan akɛseakɛse a wɔde hoahoa wɔn ho no nyinaa bɛsɛe pasaa! (Adiyisɛm 18: 9-17) Nanso so obiara na obegyam BabiIon Kɛse no?
15, 16. Ade a ɛde anigye ba bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo benya?
15 Adiyisɛm 18:20, 21 bua sɛ: “Ɔsoro ne mo, ahotefo ne asomafo ne adiyifo, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.” Te sɛ owiyammo kɛse bi a wɔtow kyene po mu no, “sɛnea wɔbɛtow kurow kɛse Babilon akyene hwii ne no, na wɔrenhu bio koraa.”
16 Ade a ɛde anigye bɛba bɛn ara ni! Adiyisɛm 19:1-8 di eyi ho adanse. Wɔteɛm mpɛn anan fi soro sɛ, “Haleluia!” Haleluia abiɛsa a edi kan no yi Yehowa ayɛ efisɛ ɔde trenee atemmu aba aguaman a ɔwɔ dimmɔne, Babilon Kɛse, no so. Wiase atoro som ahemman no nni hɔ bio! Ɛnne bi fi Onyankopɔn ahengua no so ka sɛ: “Munnyi yɛn Nyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa ne mo a musuro no nyinaa, akɛse ne nketewa.” Hwɛ hokwan ara a yebenya de ato saa dwom no bi!
Oguammaa no Aware
17. Sɛ wɔde Adiyisɛm 11:17 toto 19:6 ho a, akwan abien bɛn so na Yehowa fi ase di Hene?
17 Haleluia a ɛto so anan no da asɛmti foforo adi: “Haleluia! efisɛ [Yehowa] Nyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, adi hene.” Nanso so wɔanka asɛm a ɛte saa ara wɔ Adiyisɛm 11:17? Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: ‘Yɛda wo, Yehowa Nyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no ase, sɛ woafa wo tumi kɛse, na woafi ase di hene.’ Yiw. Nanso, Adiyisɛm 11:17 hɔ asɛm no kyerɛ Mesia Ahenni no a Yehowa de sii hɔ wɔ 1914 mu sɛ ‘ɛmfa dade poma nyɛn amanaman nyinaa no.’ (Adiyisɛm 12:5) Adiyisɛm 19:6 hɔ asɛm no fa Babilon Kɛse no sɛe ho. Bere a wɔayi nyamesom a ɛte sɛ aguaman no afi hɔ no, na wɔabu Onyankopɔn a Yehowa yɛ no bem. Wɔbɛsom no daadaa sɛ Amansan Tumfoɔ ne Ɔhene!
18. Babilon Kɛse sɔe no bue kwan ma amannɛebɔ a ɛyɛ anigye bɛn?
18 Enti ebia wɔde amanneɛ a ɛyɛ anigye yi bɛma sɛ: “Momma yɛn ani nnye na ahurusidi mmoro so, na yɛnhyɛ [Yah] anuonyam, efisɛ oguammaa no aware adu so, na ne yere asiesie ne ho. Yiw, wɔama no nwera pa a ɛhoa fitaa a ɛho tew sɛ omfura, na nwera pa no gyina hɔ ma ahotefo trenee.” (Adiyisɛm 19:7, 8 NW) Wɔnka bere pɔtee a wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no benya wɔn ɔsoro owusɔre no. Nanso wɔma yɛn awerɛhyem wɔ asɛm yi mu sɛ Oguammaa no, Kristo Yesu, aware no mu kyɛfa a wobenya no bɛyɛ anigye bere, na ɛbɛyɛ saa kɛse, efisɛ na wɔde wɔn aniwa ahu aguaman a ɔwɔ dimmɔne, Babilon Kɛse, no animguase no.
Wɔsɛe Satan Wiase
19. Asɛm foforo a esi bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 19:11-21?
19 Wɔsan hu ɔpɔnkɔ fitaa a wodii kan kaa ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 6:2 no bio. Yɛkenkan wɔ Adiyisɛm 19:11 (NW) sɛ: “Wɔfrɛ nea ɔte [ɔpɔnkɔ fitaa no] so no Ɔnokwafo ne Nokware, na obu atɛn na otu sa trenee mu.” Enti, “Ahene mu hene ne awuranom mu Awurade” no te ɔpɔnkɔ so kɔbobɔ amanaman no na watiatia “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, abufuw a ɛyɛ den no nsa-kyi-amoa no” so. Boa a “asase so ahene ne wɔn dɔm” boaboa wɔn ho ano kɔko Harmagedon ko no yɛ ɔkwa. Ɔpɔnkɔ fitaa no Sotefo wie ne nkonimdi no. Wɔsɛe Satan asase so ahyehyɛde ho biribiara pasaa.—Adiyisɛm 19:12-21.
20. Dɛn na ɛbɛto Ɔbonsam ankasa?
20 Na Ɔbonsam ankasa nso ɛ? Wɔka Kristo Yesu ho asɛm wɔ Adiyisɛm 20:1-6 sɛ “ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi.” Ɔkyere ɔtweaseɛ no, Ɔwɔ dedaw, a ɔne Satan Ɔbonsam no kyekyere no, na ɔtow no kyene ebun no mu, ɔto mu na ɔsɔ ano. Bere a wɔayi Satan afi hɔ na wantumi annaadaa amanaman no bio no, Oguammaa no ne n’ayeforo no anuonyam Mfirihyia Apem Ahenni no fi ase. Ná awerɛhow nusu nni hɔ bio! Ná Adam wu no nni hɔ bio! Na awerɛhow, osu ne ɛyaw nni hɔ bio! “Kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:4.
21. Bere a yɛde ahopere twɛn Awurade Yesu Kristo ahoyi no, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ dɛn?
21 Bere a yɛde ahopere twɛn yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyi no, momma yɛmfa nnam nka Onyankopɔn Ahenni no bɔhyɛ ahorow a ɔdɔ wom no ho asɛm nkyerɛ afoforo. Ogye abɛn! Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ yɛn anim daa, sɛ Otumfoɔ Awurade Yehowa mma a wɔwɔ nimdeɛ!
Ntimu
◻ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo ahoyi no abɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa aweredi da no bɛba?
◻ Ɛsɛ sɛ ‘wɔn a wɔdɔ Yehowa’ bu mprempren wiase tebea no dɛn?
◻ Sɛ ahohiahia kɛse no ba a, nsɛm besisi nnidiso nnidiso dɛn?
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Yesu ‘nam munumkum mu ba’ bebu atɛn a animwa nhu no
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Ɛrenkye wɔbɛsɛe atoro som, Satan nhyehyɛe bɔne no, ne Satan ankasa