Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Kristo Di N’asafo No Anim
    Ɔwɛn-Aban—2002 | March 15
    • 5, 6. (a) Wɔ anisoadehu a ɔsomafo Yohane nyae mu no, dɛn na “sika akaneadua ason” ne “nsoromma ason” no gyina hɔ ma? (b) Dɛn na Yesu nifa a “nsoromma ason” no wɔ no kyerɛ?

      5 Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm no kyerɛ sɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no hyɛ Yesu Kristo akwankyerɛ ase tẽẽ. Bere a ɔsomafo Yohane nyaa “Awurade da” no ho anisoadehu no, ohuu “sika akaneadua ason, na akaneadua no mfinimfini no, . . . obi a ɔte sɛ onipa ba” a “okura nsoromma ason ne nifa mu.” Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ anisoadehu no mu akyerɛ Yohane no, ɔkae sɛ: “Nsoromma ason a wuhui me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no: nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason a wuhui no yɛ asafo ason.”—Adiyisɛm 1:1, 10-20.

      6 “Sika akaneadua ason” no yɛ nokware Kristofo asafo a na ɛwɔ hɔ wɔ “Awurade da” a efii ase wɔ 1914 mu no nyinaa ho mfonini. Nanso, “nsoromma ason” no yɛ dɛn? Nea edi kan no, egyina hɔ ma ahwɛfo a wɔde honhom asra wɔn a na wɔhwɛ afeha a edi kan asafo ahorow no so.a Na ahwɛfo no wɔ Yesu nifa—n’akwankyerɛ ne ne hwɛ ase. Yiw, Kristo Yesu dii nnipa horow a wɔbom yɛ akoa kuw no anim. Nanso mprempren, ahwɛfo a wɔasra wɔn no dodow sua. Ɔkwan bɛn so na Kristo akanni no du Yehowa Adansefo asafo bɛboro 93,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no so?

      7. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu nam Sodikuw no so di asafo ahorow no anim wɔ wiase nyinaa? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ honhom kronkron na ɛpaw Kristofo ahwɛfo nyinaa?

      7 Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, mprempren mmarima a wɔfata a wɔasra wɔn, kuw ketewaa bi a wofi ahwɛfo a wɔasra wɔn mu no na wɔsom sɛ Sodikuw, a wogyina hɔ ma nnipa horow a wɔbom yɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no. Yɛn Kannifo no de saa Sodikuw yi di dwuma de paw mmarima a wɔfata—sɛ́ ebia wɔde honhom asra wɔn anaasɛ ɛnte saa—sɛ mpanyimfo wɔ asafo ahorow no mu. Honhom kronkron a Yehowa de ama Yesu sɛ ɔmfa nyɛ adwuma no di dwuma titiriw saa kwan yi so. (Asomafo no Nnwuma 2:32, 33) Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ ahwɛfo yi du ahwehwɛde a wɔakyerɛ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a wɔnam honhom kronkron so na ɛkyerɛwee no ho. (1 Timoteo 3:1-7; Tito 1:5-9; 2 Petro 1:20, 21) Wɔnam honhom kronkron no akwankyerɛ ase na wɔkamfo afoforo kyerɛ na wɔpaw wɔn bere a wɔabɔ mpae awie no. Bio nso, wɔn a wɔpaw wɔn no da no adi sɛ wɔsow honhom no aba. (Galatifo 5:22, 23) Ɛnde na Paulo afotu no fa mpanyimfo nyinaa, sɛ́ ebia wɔasra wɔn anaa wɔnsraa wɔn, no ho: “Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo . . . no yiye.” (Asomafo no Nnwuma 20:28) Mmarima a wɔapaw wɔn yi gye akwankyerɛ fi Sodikuw no nkyɛn na wofi wɔn pɛ mu hwɛ asafo no so. Saa kwan yi so no, Kristo ne yɛn wɔ hɔ nnɛ, na odi asafo no anim.

  • Kristo Di N’asafo No Anim
    Ɔwɛn-Aban—2002 | March 15
    • a “Nsoromma” a ɛwɔ ha no nkyerɛ abɔfo ankasa. Ɛremma sɛ Yesu bɛma onipa akyerɛw asɛm bi ama honhom abɔde a yentumi nhu wɔn. Ɛnde “nsoromma” no begyina hɔ ama ahwɛfo, anaa mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu a wobu wɔn sɛ Yesu asomafo no. Wɔn dodow a esi ason no kyerɛ biribi a ɛyɛ pɛ wɔ Onyankopɔn gyinapɛn mu.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena