-
Kristo Akanni Wɔ Nnamyɛ Mu NnɛƆwɛn-Aban—1987 | November 1
-
-
Ahwɛfo A Wɔhyɛ Kristo Nsa Nifa Mu
8, 9. (a) Anisoadehu bɛn na ɔsomafo Yohane nyae? (b) Dɛn na na akaneadua ason ne nsoromma ason no yɛ ho mfonini?
8 Ɔsomafo Yohane a na ɔyɛ Kristofo asafo a edi kan no sodikuw no muni no nyaa anisoadehu a ‘ohuu sika akaneadua ason, na akaneadua no mfinimfini no, ohuu obi a ɔte sɛ onipa ba . . . Na okura nsoromma ason ne nsa nifa mu.’ Yesu Kristo kyerɛkyerɛ mu kyerɛɛ Yohane sɛ: “Nsoromma ason a wuhui me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no, yɛ asafo ason.”—Adiyisɛm 1: 12-20.
9 Bere a “Then Is Finished the Mystery of God” nhoma no reka eyi ho asɛm no, ɛka sɛ: “So saa ‘abɔfo’ no yɛ nea wontumi mfa aniwa nhu wɔn? Dabi. Ɔsomafo Yohane nsa kaa Adiyisɛm no nyinaa fii Yesu Kristo nkyɛn denam abɔfo so, na ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ ɔbɛsan akyerɛw krataa akɔma abɔfo wɔ soro a ɛyɛ trabea a aniwa ntumi nhu hɔ no. Wonhia nkrasɛm a wɔkyerɛw kɔmaa asafo ason a na ɛwɔ Asia no. Nea abodin a ɛne ‘ɔbɔfo’ no kyerɛ titiriw ne ‘ɔsomafo; nkrasɛm kurafo.’ . . . Esiane sɛ wohui sɛ saa sɛnkyerɛnne kwan so nsoromma ason yi wɔ Yesu nsa nifa mu nti, ɔno na ɔhwɛ wɔn so na ɔkyerɛ wɔn kwan a ne ‘nsa nifa’ a ɛyɛ tumi a ɔde di dwuma wɔ ɔkwan pa so no tumi kyerɛ wɔn kwan na ɛbɔ wɔn ho ban. . . . Esiane sɛ ‘akaneadua ason’ a ɛwɔ ‘Awurade da’ no ho anisoadehu mu yɛ nokware Kristofo asafo ahorow a ɛwɔ mprempren ‘Awurade da’ ankasa fi 1914 Y.B. mu no mu nyinaa ho mfonini nti, saa ara nso na ‘nsoromma ason’ no yɛ ahwɛfo a wɔte sɛ abɔfo a wɔde honhom awo wɔn na wɔasra wɔn a wɔwɔ saa asafo ahorow no mu nnɛ no ho mfonini.”b—Kratafa 102-4.
10. “Nea ɔwɔ” a adɔɔso bɛn na wɔde ahyɛ akoa no nsa sɛ ɔnhwɛ so?
10 Saa ahwɛfo a wɔasra wɔn a wɔwɔ Kristo nsa nifa mu no nyinaa yɛ kuw a wɔne “akoa” a Wapaw no sɛ ‘onni nea ɔwɔ nyinaa so’ no mufo. Esiane sɛ wɔde asɛyɛde ahorow a emu atrɛw ahyɛ akoa no Wura ankasa nsa fi 1914 nti, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea nneɛma pii ka “nea ɔwɔ nyinaa” a wɔde ama akoa no ho sen bere a atwam no. Ade biako ne sɛ, sɛ “abɔfo ma Kristo” no, mprempren nkaefo no yɛ ahemmɔfo ma Ɔhene bi a ɔredi tumi wɔ Ahenni bi a wɔde asi hɔ no so. (2 Korintofo 5:20) Wɔde honhom mu nneɛma a ɛyɛ Owura no de wɔ asase so no nyinaa ahyɛ wɔn nsa. Ɛsɛ sɛ wɔsom de ma ɛho nkɔm nyinaa a wɔhyɛe a bere a wɔde Ahenni no sii hɔ no nya mmamu. Nea ɛka eyi ho ne sɛ “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi . . . adanse.” (Mateo 24:14) Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ ‘amanaman nyinaa asuafo’ sen bere biara na wɔnam saayɛ so aboaboa “nnipakuw kɛse” a wonnim wɔn dodow ano. (Mateo 28:19, 20; Adiyisɛm 7:9) Yiw, saa “amanaman nyinaa ade a eye” yi yɛ ‘nea Kristo wɔ’ wɔ asase so a adɔɔso no fã.—Hagai 2:7.
11. Dɛn na “nea ɔwɔ” a adɔɔso yi ma ɛho hia? (b) Hena na ɔrekyerɛ adwuma no kwan, ne wɔ ɔkwan bɛn so?
11 Eyi nyinaa kyerɛ sɛ kuw a ɛne “akoa” no yɛ adwuma pii, adwuma kɛse a emu trɛw kodu “wiase nyinaa.” Ɛhwehwɛ nso sɛ wobenya adwumayɛbea ti a ɛso ne baa dwumadibea ahorow a wɔde bɛhwɛ adwuma no so na wɔatintim na wɔakyekyɛ nhoma ahorow a wɔde kɔ asɛnka na wɔde yɛ kokoam adesua. Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, wɔyɛ adwuma yi wɔ Yesu Kristo a sɛnkyerɛnne kwan so no “ɔwɔ akaneadua no mfinimfini” anaasɛ asafo ahorow no mu no akanni a etu mpɔn ase. Ɔkyerɛ wɔn kwan denam ahwɛfo a wɔasra wɔn a. sɛnkyerɛnne kwan so no okura wɔn wɔ ne “nifa” mu no so. (Adiyisɛm 1:13, 16) Sɛnea na ɛte wɔ tete Kristofo mmere no mu no, ahwɛfo a wɔasra wɔn yi kuw bi na wɔyɛ Kristo asafo a ɛwɔ asase so no Sodikuw a aniwa hu no. Ne “nifa” a ɛne tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan pa so no kyerɛ mmarima anokwafo yi kwan bere a wɔhwɛ Ahenni adwuma no so no.
-
-
Kristo Akanni Wɔ Nnamyɛ Mu NnɛƆwɛn-Aban—1987 | November 1
-
-
b July 1, 1972 Ɔwɛn.-Aban no kɔ so kyerɛkyerɛ asɛm no mu bere a ɛka eyi no: “Akyinnye biara nni sɛ ɛnyɛ ɔpanyin, presbyter, anaasɛ ɔhwɛfo biako pɛ na Awurade Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no frɛɛ no “ɔbɔfo” a wɔde ɔsoro nsoromma yɛɛ ne ho mfonini, na mmom “mpanyimfo kuw” no nyinaa. Na ɛsɛ sɛ “mpanyimfo kuw” (presbytery) a ɛwɔ Efeso hɔ no di dwuma sɛ nsoromma a ɛhyerɛn wɔ wim, na ɛyɛ honhom mu kanea wɔ asafo a honhom kronkron de wɔn ayɛ ɛso ahwɛfo no mu.”
-