Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 11/1 kr. 4-8
  • Abɔfo ho Nokwasɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abɔfo ho Nokwasɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Satan Adwuma a Wommu no Aniberesɛm
  • Henanom na Wɔbɔ Wɔn Mpae?
  • Abɔfo Nni Ɔsom Biara?
  • “Atoro Agya”
  • Wɔkɔ Abɔfo Nkyɛn Anaasɛ Adaemone?
  • “Hann Bɔfo”
  • ‘Ɔbɔfo Bi a Watu Nam Ɔsoro Mfinimfini’
  • Abɔfo Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 11/1 kr. 4-8

Abɔfo ho Nokwasɛm

Ade biako a ɛtaa ma yehu obi yiye ne onii no abusua ho ade a yesua. Ɛte saa ara wɔ hu a yebehu Yehowa Nyankopɔn no mu. Ɛkyerɛ pii sen ne din kɛkɛ a yebehu. Ɛsɛ sɛ yehu ‘n’abusua’ a ɛwɔ soro no nso ho ade. (Fa toto Efesofo 3:14, 15 ho.) Bible frɛ abɔfo sɛ Onyankopɔn “mma.” (Hiob 1:6) Sɛ yesusuw dwuma titiriw a wodi no ho wɔ Bible mu a, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebehu wɔn ho ade pii na yɛte afã a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no ase.

ADEYƐ foforo bi renya nkɔanim. Ɛnyɛ ka ara kɛkɛ na nnipa bebree reka sɛ wɔwɔ abɔfo mu gyidi; nnipa dodow bi a wɔredɔɔso kyerɛ sɛ wɔanya wɔn so tumi ɔkwan bi so. Bere a wobisabisaa Amerikafo 500 sɛ, “W’ankasa woate nka sɛ woahyia ɔbɔfo bi pɛn w’asetram?” no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn mu baasa biara mu biako buae sɛ ɛte saa. Nea ɛyɛ nwonwa nso ne mmofra bebree a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ abɔfo mu gyidi no—sɛnea ɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States mu no, na wɔyɛ ɔha biara mu 76 pɛpɛɛpɛ! Ɛda adi pefee sɛ nnipa ani gye abɔfo ho. Nanso ɔkwan bɛn so na adwene a nkurɔfo wɔ wɔ abɔfo ho mprempren no ne Bible nokware no hyia?

Satan Adwuma a Wommu no Aniberesɛm

Sɛ yɛreka abɔfo ho asɛm a, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu abɔfo bɔne, ɔsoro abɔde a Bible ka sɛ wɔasɔre atia Onyankopɔn no so. Wɔn mu otitiriw ne Satan. Nhoma bi a agye din a wɔato din sɛ Ask Your Angels susuw sɛ Satan yɛ “Onyankopɔn fã bi” kɛkɛ a ɔnam sɔhwɛ a ɔde ba bere nyinaa so boa nnipa ma wɔhyɛ wɔn “apɔw mu den honhom fam.” Nhoma akyerɛwfo no ka sɛ, ɛmfa ho “adwenhorow a ɔdɔ wom” a Satan wɔ no, wɔadi mfomso abu no sɛ ɔbɔnefo wɔ mfehaha pii a abɛsen kɔ no mu. Wɔde kaa ho sɛ Satan ne Yesu “mmoa wɔn ho wɔn ho de, nanso anyɛ yiye koraa no wokura botae koro, wɔyɛ onipa biako no fã bi.” Nsɛm a wɔkeka yi yɛ ahodwiriw, nanso dɛn na Bible no ka?

Bible da no adi pefee sɛ Satan nyɛ “Onyankopɔn fã bi” na mmom Onyankopɔn tamfo. (Luka 10:18, 19; Romafo 16:20) Obu Yehowa tumidi animtiaa, na nnipa ho adwene a ɔwɔ no nyɛ nea “ɔdɔ” wom da. Ɔfa Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so no ho abufuw atirimɔden so. Ɔtoto wɔn ano Onyankopɔn anim awia ne anadwo!a (Adiyisɛm 12:10, 12, 15-17) Satan botae ne sɛ ɔbɛsɛe wɔn abrabɔ a nea ɛbɛba biara mfa ho. Ɔbarima ɔtreneeni Hiob a ɔtaa no atirimɔden so no daa adwemmɔne a ɔwɔ wɔ nnipa amanehunu ho no adi.—Hiob 1:13-19; 2:7, 8.

Ɛnyɛ nea Satan ne Yesu wɔ “botae koro” koraa, wɔtan wɔn ho wɔn ho ankasa. Akyinnye biara nni ho sɛ Satan na ɔmaa Herode hyɛɛ mmara ma wokunkum mmofra bebree—de bɔɔ mmɔden sɛ obekum abofra kumaa Yesu! (Mateo 2:16-18) Na Satan ntua a wannyae no kɔɔ so kosii Yesu wu mu. (Luka 4:1-13; Yohane 13:27) Enti, sɛ anka Yesu ne Satan bɛyɛ “onipa biako fã bi” no, wɔyɛ atamfo koraa. Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ wontumi nkwati wɔn nitan no da. (Genesis 3:15) Sɛnea ɛfata no, ɛyɛ Yesu a wɔanyan no no na ɔbɛsɛe Satan wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu.—Adiyisɛm 1:18; 20:1, 10.

Henanom na Wɔbɔ Wɔn Mpae?

Nnipa bi a wɔtaa abɔfo ho akuw akyi hyɛ nsɛm ho a wodwen ne akwan foforo ho nyansa, na ama wɔatumi ne abɔfo adi nkitaho. Nhoma bi ka sɛ: “Wobetie komam a obi fi bisa ɔsoro abusua no muni biara hɔ ade no. Bisa na wobebua.” Mikael, Gabriel, Uriel, ne Raphael ka abɔfo a nhoma no kamfo kyerɛ sɛ wommisa wɔn hɔ ade no ho.b

Nanso, Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae, ɛnyɛ abɔfo. (Mateo 6:9, 10) Saa ara na Paulo kyerɛwee sɛ: “Ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom.” (Filipifo 4:6) Enti, wɔ Kristofo mpaebɔ mu no, wɔnkɔ obi foforo anim gye Yehowa, na wɔyɛ saa wɔ Yesu Kristo din mu.c—Yohane 14:6, 13, 14.

Abɔfo Nni Ɔsom Biara?

Sɛnea Eileen Elias Freeman, a ɔyɛ AngelWatch Dwumadi no guamtrani kyerɛ no, “abɔfo korɔn sen ɔsom biara, nyansapɛ biara, ne gyidi biara. Nokwarem no, sɛnea yenim no, abɔfo nni ɔsom biara.”

Nanso, Bible da no adi pefee sɛ abɔfo anokwafo wɔ ɔsom; wɔsom nokware Nyankopɔn, Yehowa, a ɔne anyame foforo nkyɛ ne som koraa no. (Deuteronomium 5:6, 7; Adiyisɛm 7:11) Enti, ɔbɔfo bi a ɔte saa no kaa n’ankasa ho asɛm kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ ɔyɛ wɔn a wodi Onyankopɔn ahyɛde ahorow so ‘awurakwaa.’ (Adiyisɛm 19:10) Baabiara nni Bible mu a yɛkenkan sɛ abɔfo anokwafo reboa ɔsom foforo bi. Wɔde ɔsom a edi mũ ma Yehowa.—Exodus 20:4, 5.

“Atoro Agya”

Hyia a nkurɔfo kyerɛ sɛ wɔne abɔfo ahyia no mu bebree fa nkitaho a wɔne awufo di ho. Ɔbea bi a wɔfrɛ no Elise a osusuwii sɛ wanya sɛnkyerɛnne bi no ka sɛ, “Metee nka sɛ me wɔfa atumi aba me nkyɛn abɛka akyerɛ me sɛ ɔwɔ anigye mu ankasa.” Saa ara na Terri kae n’adamfo bi a ɔdɔ no a owui. Ɔka sɛ: “Ayiyɛ no akyi dapɛn biako no, ɔbaa me nkyɛn wɔ nea misusuwii sɛ ɛyɛ ɔdae no mu. Ɔka kyerɛɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ midi ne wu no ho awerɛhow, efisɛ ɔwɔ anigye ne asomdwoe.”

Nanso Bible ka sɛ awufo ‘nnim biribiara.’ (Ɔsɛnkafo 9:5) Ɛka nso sɛ sɛ onipa wu a, “da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” (Dwom 146:4) Nanso, Satan, yɛ “atoro agya.” (Yohane 8:44) Ɔno na odii kan dii atoro sɛ onipa kra nwu wɔ owu mu. (Fa toto Hesekiel 18:4 ho.) Nnipa bebree gye eyi di nnɛ, na ɛne Satan atirimpɔw hyia, efisɛ ɛmma ho nhia sɛ wogye owusɔre—Kristosom nkyerɛkyerɛ no di. (Yohane 5:28, 29) Enti, awufo nkyɛn ade a wobisa anaa nea ɛte sɛ nea wonya nsɛm bi fi wɔn nkyɛn no yɛ abɔfo ho akuw no ho ade foforo a ɛnsɔ Onyankopɔn ani.

Wɔkɔ Abɔfo Nkyɛn Anaasɛ Adaemone?

Abɔfo ho akuw a ɛwɔ hɔ mprempren no mu dodow no ara de wɔn ho hyehyɛ ahonhonsɛmdi mu. Susuw Marcia suahu no ho hwɛ. Ɔka sɛ: “Efi September kosi December 1986 no, mifii ase nyaa nsɛm fii ‘ahonhom nkyɛn.’ Mihuu m’ani so sosoo ‘kan asetra’ ho adae a ɛyɛ nwonwa. Mihuu me nnamfo a wɔawuwu, na minyaa honhom mu nsɛm pii a emu na mihuu nneɛma a ɛfa nnipa a mihyia wɔn nkyɛe no ho. Mitumi kyerɛw kasa a minsuaa da nso, na minyaa nsɛm fii awufo nkyɛn. Ebinom a manhyia wɔn da bere a na wɔte ase no de nsɛm fa me so ma mede kɔma afoforo.”

Abosonkɔm a wɔnam so ne abɔfo di “nkitaho” yɛ ade a abu so. Nhoma bi hyɛ n’akenkanfo nkuran pefee sɛ wɔmfa ntafoayi mmoba, tarot cards, I Ching nnwetɛbona, nsamhwɛ, ne nsoromma mu hwɛ so nyɛ saa. Nhoma no akyerɛwfo no kyerɛwee sɛ: “Ma wo mu nipa no nkyerɛ wo kwan nkɔ ɔdehufo a ɔfata nkyɛn, na nya gyidi sɛ ɔbɔfo bi behyia wo wɔ hɔ.”

Nanso, sɛnea Bible kyerɛ no, biribiara a ‘ebehyia wo wɔ hɔ’ no nyɛ Onyankopɔn abɔfo no biako ankasa. Dɛn ntia? Abosonkɔm tia Onyankopɔn pefee, na nokware asomfo—wɔn a wɔwɔ soro ne asase so—ne no nni hwee yɛ. Wɔ Israel no na abosonkɔm yɛ bɔne a ɛfata owu! Mmara no kae sɛ: “[Yehowa] akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa.”—Deuteronomium 13:1-5; 18:10-12.

“Hann Bɔfo”

Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Ɔbonsam betumi ama abosonkɔm ayɛ te sɛ nea mfaso wɔ so, nea efi abɔfo hɔ mpo. Bible ka sɛ Satan “ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo.” (2 Korintofo 11:14) Obetumi ahyɛ nkɔm bi na afei wama abam de adaadaa wɔn a wohu no ma wɔasusuw sɛ sɛnkyerɛnne no fi Onyankopɔn hɔ. (Fa toto Mateo 7:21-23; 2 Tesalonikafo 2:9-12 ho.) Nanso ne nyinaa yɛ Satan nnwuma—ɛmfa ho sɛ ebetumi ayɛ te sɛ nea ɛyɛ adepa anaa adebɔne no—edi atirimpɔw abien mu biako ho dwuma: sɛ ɛbɛma nnipa asɔre atia Yehowa anaasɛ ebefura wɔn adwene ani na ‘Kristo anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.’ (2 Korintofo 4:3, 4) Nnaadaa kwan a edi akyiri yi ne nea ɛtaa tu mpɔn sen biara.

Susuw Bible mu asɛm bi a ɛfa afenaa bi a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no ho. Ne nkɔmhyɛ ahorow maa ne wuranom nyaa mfaso pii. Odii asuafo no akyi nna pii, na ɔkae sɛ: “Nnipa yi ne Nyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no nkoa a wɔkyerɛ mo nkwagye kwan.” Na ne nsɛm no yɛ nokware. Nanso, kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ, na ɛnyɛ ɔbɔfo bi na ɔwɔ ne mu, na mmom “akɔm honhom.” Awiei koraa no, Paulo ‘dan ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Fi adi fi ne mu! Na dɔn no ara mu ofii adi.’—Asomafo no Nnwuma 16:16-18.

Dɛn nti na Paulo tuu saa honhom yi? Anyɛ yiye koraa no, ɛmaa afenaa a adaemone wɔ ne mu no wuranom nyaa ade bebree. Bere a na ahonhom tumi wɔ afenaa no so no, na obetumi akyerɛ akuafo bere a ɛsɛ sɛ wogu aba, akyerɛ mmabaa bere a ɛsɛ sɛ wɔware, ne wɔn a na wotu fagude no faako a ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ sika kɔkɔɔ. Saa honhom yi maa abeawa no kaa nokwasɛm bi mpo, ɔkamfoo asuafo no wɔ baguam!

Nanso, na ɛyɛ “akɔm honhom.” Sɛnea ɛte no, na onni hokwan sɛ ɔka Yehowa ne ne nkwagye nsiesiei no ho asɛm. Ebia ne nkamfo nsɛm a ɔkae no botae ne sɛ ɛbɛma wɔn a wɔretie no agye afenaa no nkɔmhyɛ ahorow no adi, na eyii wɔn adwene fii Kristo nokware akyidifo no so. Ntease pa bi nti na Paulo bɔɔ Korintofo kɔkɔ sɛ: “Muntumi nnidi [Yehowa] pon so ne ahonhommɔne pon so.” (1 Korintofo 10:21) Ɛnyɛ nwonwa sɛ afeha a edi kan Kristofo no sɛee wɔn abosonkɔm ho nhoma nyinaa no.—Asomafo no Nnwuma 19:19.

‘Ɔbɔfo Bi a Watu Nam Ɔsoro Mfinimfini’

Sɛnea yɛahu no, Bible da abɔfo ho akuw mu dodow no ara adi sɛ ɛne Onyankopɔn Tamfo, Satan Ɔbonsam, wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Eyi kyerɛ sɛ abɔfo kronkron mfa wɔn ho nhyehyɛ nnipa nsɛm mu? Ɛnte saa koraa, wɔreyɛ ahoɔdenne asase so mprempren. Dɛn na wɔreyɛ? Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛabua asɛm yi no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm no mu. Wɔka abɔfo ho nsɛm mpɛn pii wɔ saa nhoma yi mu sen Bible mu nhoma foforo biara.

Yɛkenkan ɔsomafo Yohane nkɔmhyɛ anisoadehu a onyae ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm 14:6, 7 sɛ: “Mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa, na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow nea ɔyɛɛ soro ne asase ne ɛpo ne asuti no.”

Saa kyerɛwsɛm yi ka adwuma titiriw a abɔfo reyɛ no nnɛ no ho asɛm. Wɔredi asɛyɛde bi a ɛho hia kɛse ho dwuma—a ɛne Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a wɔka no. Saa adwuma yi ho na Yesu hyɛɛ n’akyidifo bɔ sɛ: “Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 28:18-20) Ɔkwan bɛn so na Yesu ne n’akyidifo wɔ hɔ? Ɔkwan biako ne sɛ ɔma abɔfo boa wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi awie saa adwuma titiriw yi.

Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako na ɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no afe biara. Bere a wɔreyɛ adwuma yi no, wohu adanse a ɛkyerɛ sɛ abɔfo rekyerɛ wɔn kwan. Wɔ wɔn afie afie som adwuma no mu no, ɛtaa ba sɛ wohyia nnipa bi a na wɔrebɔ mpae sɛ obi mmɛboa wɔn ma wɔnte Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ase. Abɔfo akwankyerɛ ne Adansefo no pɛ mu a wofi yɛ ade no ma nnipa ɔpehaha pii benya Yehowa ho nimdeɛ afe biara!

Woretie ɔbɔfo a watu nam ɔsoro mfinimfini no? Sɛ Yehowa Adansefo bɛsra wo a, dɛn nti na wo ne wɔn mmɔ ɔbɔfo no nsɛm yi ho nkɔmmɔ nkɔ akyiri?

[Ase hɔ nsɛm]

a Nsɛmfua “Satan” ne “Ɔbonsam” kyerɛ “ɔsɔretiafo” ne “otwirifo.”

b Bere a Mikael ne Gabriel din wɔ Bible mu no, Raphael ne Uriel din wɔ Apocrypha nhoma a ɛnyɛ Bible no fã no mu.

c Hyɛ no nsow sɛ wɔbɔ mpae fa Yesu so, na wɔmmɔ no mpae. Wɔbɔ mpae wɔ Yesu din mu efisɛ ne mogya a ohwie gui no na ebuee Onyankopɔn nkyɛn kɔ kwan.—Efesofo 2:13-19; 3:12.

[Kratafa 8 adaka]

Henanom Ne Abɔfo?

NEA ɛne nea nnipa bebree gye di bɔ abira no, abɔfo nyɛ nnipa a wɔawuwu akra. Bible ka no pefee sɛ awufo ‘nnim biribiara.’ (Ɔsɛnkafo 9:5) Ɛnde, ɛhe na abɔfo fi? Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ wɔn mmiako mmiako ansa na ɔrehyɛ asase ase. (Hiob 38:4-7) Onyankopɔn soro abusua no mufo dodow betumi ayɛ ɔpepehaha pii, ebia ɔpepepem pii anaa nea ɛsen saa! Abɔfo bi kɔkaa Satan ho wɔ n’atuatew no mu.—Daniel 7:10; Adiyisɛm 5:11; 12:7-9.

• Esiane sɛ Yehowa yɛ nhyehyɛe pa Nyankopɔn nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wahyehyɛ n’abɔfo abusua no yiye.—1 Korintofo 14:33.

• Ɔbɔfo a ɔkorɔn sen biara wɔ ahoɔden ne tumi mu ne ɔbɔfo panyin, Yesu Kristo, a wɔsan frɛ no Mikael no. (1 Tesalonikafo 4:16; Yuda 9) Wɔn a wɔhyɛ ne tumidi ase ne serafim, kerubim, ne abɔfo.

• Serafim som wɔ Onyankopɔn ahengua anim. Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn kronkronyɛ a wɔpaem ka ne ne nkurɔfo ho a wɔtew ka wɔn adwuma ho.—Yesaia 6:1-3, 6, 7.

• Wohu Kerubim nso wɔ Yehowa anim. Sɛ́ Onyankopɔn ahengua asoafo anaa akyidifo no, wɔma Yehowa yɛ kɛse.—Dwom 80:1; 99:1; Hesekiel 10:1, 2.

• Abɔfo (a ɛkyerɛ “asomafo”) no yɛ Yehowa adwumayɛmafo. Wodi ɔsoro apɛde ho dwuma, sɛ́ ɛfa Onyankopɔn nkurɔfo nkwagye ho anaasɛ abɔnefo sɛe ho.—Genesis 19:1-26.

[Kratafa 7 mfonini ahorow]

Woretie ɔbɔfo a watu nam ɔsoro mfinimfini no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena