Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Kristo Kasa Kyerɛ Asafo Horow no
    Ɔwɛn-Aban—2003 | May 15
    • 7, 8. Aniberesɛm bɛn na na ɛwɔ Efeso asafo no mu, na ɔkwan bɛn so na yebetumi adi tebea a ɛte saa ho dwuma?

      7 Nanso na Kristofo a wɔwɔ Efeso no wɔ ɔhaw bi a anibere wom. Yesu kae sɛ: “Nanso mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ woagyaw wo kan dɔ no.” Ná ɛsɛ sɛ asafo no mufo no kanyan kan dɔ a na wɔwɔ ma Yehowa no. (Marko 12:28-30; Efesofo 2:4; 5:1, 2) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhwɛ yiye sɛ yennyaw kan dɔ a na yɛwɔ ma Onyankopɔn no. (3 Yohane 3) Nanso sɛ nneɛma te sɛ honam fam nneɛma ho akɔnnɔ anaa anigyede akyidi redi akoten wɔ yɛn asetram nso ɛ? (1 Timoteo 4:8; 6:9, 10) Ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae denneennen hwehwɛ Onyankopɔn mmoa na yɛde Yehowa ho dɔ ne nea ɔne ne Ba no ayɛ ama yɛn nyinaa ho anisɔ si suban a ɛte saa ananmu.—1 Yohane 4:10, 16.

  • Kristo Kasa Kyerɛ Asafo Horow no
    Ɔwɛn-Aban—2003 | May 15
    • 11. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akanyan ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no?

      11 Ná Efesofo no agyaw wɔn kan dɔ no, nanso sɛ tebea bi a ɛte saa resɔre wɔ asafo bi mu nnɛ a, dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ́ ankorankoro no, momma yɛn nyinaa nkanyan ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no denam ɔdɔ mu a ofi yɛ nneɛma ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ no so. Yebetumi akyerɛ ɔdɔ mu a Onyankopɔn fi nam ne Dɔba no so de agyede no mae no ho anisɔ. (Yohane 3:16; Romafo 5:8) Sɛ yenya hokwan a, yebetumi de Onyankopɔn dɔ ho asɛm ahyɛ mmuae a yɛma ne nhyiam ahorow ase dwumadi a yenya mu. Yebetumi akyerɛ ɔdɔ a yɛn ankasa wɔ ma Yehowa denam ayeyi a yɛde bɛma ne din wɔ Kristofo som adwuma no mu so. (Dwom 145:10-13) Yiw, nsɛm a yɛka ne yɛn nneyɛe betumi ayɛ pii de akanyan asafo no kan dɔ anaa ahyɛ mu den.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena