Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 11 kr. 62-66
  • Mmoa a Yenya Fi Onyankopɔn Abɔfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmoa a Yenya Fi Onyankopɔn Abɔfo Hɔ
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Abɔfo Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 11 kr. 62-66

Ti 11

Mmoa a Yenya Fi Onyankopɔn Abɔfo Hɔ

NNIPA binom ka sɛ nea wohu nkutoo na wogye di. Nanso nyansa nnim. Nneɛma pii wɔ hɔ ankasa a yentumi mfaa yɛn aniwa nhuu pɛn. So wubetumi abɔ biako din?—

Na mframa a yɛhome no nso ɛ? So yetumi te nka?— Ma wo nsa so na huw mframa gu ho. So wunyaa atenka bi?— Wotee nka, nanso wuntumi nhu mframa, ɛnte saa?—

Yɛadi kan aka ahonhom a yentumi nhu wɔn ho asɛm dedaw. Yehui sɛ ebinom ye nanso afoforo nye. Bobɔ ahonhom a woye a yentumi nhu wɔn no bi din.— Yiw, Yehowa Nyankopɔn, Yesu, ne abɔfo a woye wɔ hɔ. So abɔfo a wonye nso wɔ hɔ?— Bible no ka sɛ ebi wɔ hɔ. Ka nea woasua afa wɔn ho kyerɛ me.—

Ade biako a yenim ne sɛ abɔfo a woye ne wɔn a wonye nyinaa ho yɛ den sen yɛn. Ná Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nim abɔfo ho nsɛm pii. Ɛte saa efisɛ na wayɛ ɔbɔfo pɛn ansa na wɔrewo no sɛ akokoaa wɔ asase so. Ná ɔne abɔfo afoforo atra soro. Ná onim wɔn mu ɔpepem pii. So abɔfo yi nyinaa wɔ din?—

Wiɛ, yesuae sɛ Onyankopɔn totoo nsoromma ahorow no din. Enti yebetumi agye adi sɛ abɔfo no nyinaa nso wɔ din. Na yenim sɛ wotumi kasa kyerɛ wɔn ho wɔn ho efisɛ Bible no ka ‘abɔfo kasa’ ho asɛm. (1 Korintofo 13:1) Wususuw sɛ dɛn na abɔfo ka ho asɛm? So wɔka yɛn a yɛwɔ asase so ho asɛm?—

Yenim sɛ Satan abɔfo, adaemone no rebɔ mmɔden sɛ wobenya yɛn ma yɛayɛ Yehowa so asoɔden. Enti ɛbɛyɛ sɛ wɔka sɛnea wɔbɛyɛ eyi ho asɛm. Wɔpɛ sɛ yɛyɛ sɛ wɔn na amma Yehowa ampɛ yɛn nso asɛm. Na Onyankopɔn abɔfo anokwafo no nso ɛ? So wugye di sɛ wɔn nso wɔka yɛn ho asɛm?— Yiw, wɔyɛ saa. Wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn. Ma menka sɛnea Onyankopɔn abɔfo binom boaa nkurɔfo a wɔdɔ Yehowa na wɔsom no no ho asɛm nkyerɛ wo.

Sɛ nhwɛso no, na ɔbarima bi a ne din de Daniel te Babilon. Na nnipa a wɔwɔ hɔ dodow no ara nnɔ Yehowa. Wɔyɛɛ mmara mpo a na wɔde bɛtwe obiara a ɔbɔ Yehowa Nyankopɔn mpae aso. Nanso Daniel annyae Yehowa mpae a na ɔbɔ no. So wunim nea wɔyɛɛ Daniel?—

Yiw, nnipa abɔnefo ma wɔde Daniel too gyata amoa mu. Daniel ne agyata a ɔkɔm de wɔn no nkutoo na na ɛwɔ hɔ. So wunim nea esii saa bere no?— Daniel kae sɛ, ‘Onyankopɔn somaa ne bɔfo ma obemuamuaa agyata no ano.’ Agyata no anyɛ no hwee! Abɔfo betumi ayɛ anwonwade ama wɔn a wɔsom Yehowa no.—Daniel 6:18-22.

Afei bere bi nso na Petro da afiase. Wobɛkae sɛ na Petro yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu Kristo, adamfo. Bere a Petro ka kyerɛɛ nkurɔfo binom sɛ Yesu ne Onyankopɔn Ba no, wɔn ani annye ho. Enti wɔde Petro too afiase. Ná asraafo rewɛn Petro sɛnea ɛbɛyɛ a onguan. So na obi wɔ hɔ a obetumi aboa no?—

Na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu Petro nsa ma ɔda awɛmfo baanu ntam. Nanso Bible ka sɛ: ‘Na hwɛ, Yehowa bɔfo begyinaa ne nkyɛn, na ɔdan no mu hɔ haranee. Na ɔbɔfo no de ne nsa kaa no nyanee no sɛ, Sɔre ntɛm!’

Saa bere no Petro nkɔnsɔnkɔnsɔn no fii ne nsa guu fam! Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Fa w’ataade ne wo mpaboa hyɛ na di m’akyi.’ Awɛmfo no antumi asiw wɔn kwan efisɛ na ɔbɔfo no reboa Petro. Afei wobeduu dade pon bi ano, na anwonwasɛm bi sii. Ɔpon no ara buei! Saa ɔbɔfo no maa Petro nyaa ahofadi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkɔ so aka asɛmpa no.—Asomafo no Nnwuma 12:3-11.

So Onyankopɔn abɔfo betumi aboa yɛn nso?— Yiw, wobetumi. So eyi kyerɛ sɛ wɔremma yempira da?— Dabi, sɛ yɛyɛ nneɛma a nyansa nnim a abɔfo no rennye yɛn mfi pira a yebetumi apira no mu. Nanso sɛ yɛanyɛ nneɛma a nyansa nnim mpo a, yebetumi apira ara. Wɔnka nkyerɛɛ abɔfo no sɛ wonsiw eyi a ebesi no kwan. Mmom no, Onyankopɔn ama wɔn adwuma titiriw bi sɛ wɔnyɛ.

Bible ka ɔbɔfo bi a ɔka kyerɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsom Onyankopɔn ho asɛm. (Adiyisɛm 14:6, 7) Ɔkwan bɛn so na ɔbɔfo no fa ka kyerɛ wɔn? So ɔteɛm fi soro sɛnea ɛbɛyɛ na obiara bɛte ne nne?— Dabi, mmom no, Yesu akyidifo a wɔwɔ asase so no ka Onyankopɔn ho asɛm kyerɛ nkurɔfo, na abɔfo no kyerɛ wɔn kwan wɔ adwuma yi mu. Abɔfo no hwɛ hu sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu Onyankopɔn ho asɛm ampa no benya kwan atie. Yebetumi anya saa asɛnka adwuma no mu kyɛfa, na abɔfo no bɛboa yɛn.

Na sɛ nkurɔfo a wɔnnɔ Onyankopɔn no haw yɛn nso ɛ? Na sɛ wɔde yɛn kogu afiase nso ɛ? So abɔfo no bɛma yɛade yɛn ho?— Wobetumi. Nanso ɛnyɛ saa na bere nyinaa wɔyɛ.

Wɔde Yesu akyidini Paulo too afiase bere bi. Na ɔte hyɛn bi mu retu kwan bere a na ahum retu no. Nanso abɔfo no anyi no amfi mu amonom hɔ ara. Efisɛ na nnipa foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔte Onyankopɔn ho asɛm. Ɔbɔfo bi kae sɛ: “Paulo, nsuro! Etwa sɛ wukogyina Kaesare anim.” Yiw, na ɛsɛ sɛ wɔde Paulo kɔ wiase tumidifo Kaesare anim na Paulo atumi aka asɛmpa no bi akyerɛ no. Na abɔfo no nim baabi a Paulo wɔ bere nyinaa, na wɔboaa no. Sɛ yɛsom Onyankopɔn paa a, wɔbɛboa yɛn.—Asomafo no Nnwuma 27:23-25.

Adwuma titiriw bi a ɛho hia nso wɔ hɔ a abɔfo no bɛyɛ, na wɔbɛyɛ no nnansa yi ara. Bere a Onyankopɔn de bɛsɛe nnipa abɔnefo no abɛn pɛɛ. Wɔbɛsɛe wɔn a wɔnsom nokware Nyankopɔn no nyinaa. Wɔn a wɔka sɛ wonnye nni sɛ abɔfo wɔ hɔ esiane sɛ wontumi nhu wɔn nti no behu sɛ wɔadi mfomso.—2 Tesalonikafo 1:6-8.

Dɛn na ɛno bɛkyerɛ ama yɛn?— Sɛ yegyina Onyankopɔn abɔfo no afã a, wɔbɛboa yɛn. Nanso, so yɛwɔ wɔn afã?— Sɛ yɛsom Yehowa a, na yɛwɔ wɔn afã. Na sɛ yɛsom Yehowa a, yɛbɛka akyerɛ afoforo ma wɔn nso wɔasom no.

Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea abɔfo nya nkurɔfo asetra so nkɛntɛnso a, kenkan Dwom 34:7; Mateo 4:11; 18:10; Luka 22:43; ne Asomafo no Nnwuma 8:26-31.

[Mfonini wɔ kratafa 63]

Dɛn na Onyankopɔn yɛe de gyee Daniel?

[Mfonini wɔ kratafa 64]

Ɔkwan bɛn so na ɔbɔfo bi boaa Petro ma ofii afiase?

[Mfonini wɔ kratafa 66]

Dɛn na ɔbɔfo no reka kyerɛ Paulo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena