Onyankopɔn Atemmu Dɔn Adu
“Munsuro Onyankopɔn na mohyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu.”—ADIYISƐM 14:7.
1. Dɛn na ɛka Adiyisɛm atiri a edi kan no ho?
ADIYISƐM nhoma no kura nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye a anya ne mmamu wɔ yɛn bere yi mu. Asɛm a edi kan no kaa binom ho asɛm a sɛnkyerɛnne kwan so nsɔano asia no ano a wobuei no ka ho.Saa nsɔano ahorow a na wɔabue ano no daa nneɛma a apɔnkɔ so a apɔnkɔsotefo baanan no te no asɛe no wɔ saa “nna a edi akyiri” yi mu no adi. (2 Timoteo 3:1; Adiyisɛm 6:1-8) Ɛkaa wɔn a wɔne Kristo bedi hene wɔ soro ne wɔn a wobenya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu ma wɔatra asase so daa no nso ho asɛm. Nsɔano asia no kyerɛ sɛ Onyankopɔn “bere a wɔahyɛ” a ɔde bebu atɛn no “abɛn.”—Adiyisɛm 1:3, NW; 7:4, 9-17.
2. Ɔkwan bɛn so na wɔde sɛnkyerɛnne kwan so ntorobɛnto ason a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 8 no bedi dwuma?
2 Nanso aka nsɔano foforo biako bio, nea ɛto so ason. Adiyisɛm 8:2 ka nea ɛdaa adi bere a wobuee ano no kyerɛ yɛn: “Na mihuu abɔfo baason a wogyinagyina Onyankopɔn anim no, na wɔmomaa wɔn ntorobɛnto ason.” Nkyekyem 6 ka sɛ: “Na abɔfo baason a wokurakura ntorobɛnto ason no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛn.” Wɔ Bible mmere mu no, na wɔde ntorobɛnto bɔ nsɛm atitiriw a ɛrebesisi ho amanneɛ. Saa ara nso na saa ntorobɛnto ason no hyɛn twe adwene si owu ne nkwa nsɛm so wɔ yɛn bere yi mu. Na bere a abɔfo hyɛn ntorobɛnto no, Adansefo a wɔyɛ nnipa no di akyi ka asɛmpa a ɛho hia a ntorobɛnto no hyɛn biara bɔ no dawuru no.
Nea Torobɛnto no Hyɛn Kyerɛ
3. Ntorobɛnto ason no hyɛn kyerɛ dɛn?
3 Saa ntorobɛnto hyɛn yi ma yɛkae ɔhaw ahorow a Yehowa de baa tete Misraim so no. Na saa ɔhaw ahorow no yɛ Yehowa atemmu a ɔde baa saa wiase tumi a edi kan ne n’atoro som so a ɔdaa no adi, nanso ɛmaa Onyankopɔn nkurɔfo nyaa kwan guanee. Saa ara nso na Adiyisɛm no mu ntorobɛnto a wɔhyɛn no yɛ nnɛyi ɔhaw ahorow a saa bere yi de ɛba Satan wiase mũ no nyinaa ne n’atoro som so no. Nanso ɛnyɛ ɔhaw ankasa na mmom Yehowa atemmu nkrasɛm a ɛhaw nkurɔfo. Ɛkyerɛ ɔkwan a Onyankopɔn nkurɔfo bɛfa so aguan nso.
4. Ɔkwan bɛn so na ntorobɛnto ason no hyɛn anya mmamu wɔ yɛn bere yi mu?
4 Nea ɛne ntorobɛnto ason yi hyɛn hyia no, wɔde tirimbɔ ahorow a emu yɛ den a na wɔde kasa tia Satan wiase no dii dwuma wɔ Yehowa nkurɔfo afe afe nhyiam atitiriw ason a wɔyɛe wɔ 1922 kosi 1928 no mu. Wɔkyekyɛɛ tirimbɔ yi ɔpepehaha pii. Nanso ɛnyɛ saa mfe no mu nko na wɔhyɛn saa nkrasɛm a ano yɛ hyew no na mmom wɔatoa so ayɛ saa wɔ nna a edi akyiri no mu nyinaa. Ɛho dawuru a wɔbɔ nnɛ no ano yɛ den sen bere biara, efisɛ “nnipakuw kɛse” no mufo ɔpepem pii abɛka kuw ketewa a wɔasra wɔn a wɔn na mfiase no wɔreka asɛm no wɔ Wiase Ko I mu no ho. (Adiyisɛm 7:9) Afei afe biara no, nnipa ɔpepem pii yi nam ahoɔden kɛse ne nnipa pii so ka sɛ wɔbɛsɛe Satan wiase yi pasaa.
5. Hena ne wiase no “nkyɛm abiɛsa” a wodi kan bu no fɔ no, na dɛn ntia?
5 Wɔ Adiyisɛm 8:6-12 no, wɔhyɛn ntorobɛnto anan a edi kan no. Wohwie amparuwbo, ogya, ne mogya gu na ɛsɛee wiase no “nkyɛm abiɛsa.” Dɛn nti na wɔka “nkyɛm abiɛsa” ho asɛm sɛ wiase no fã a edi fɔ a ɛsɛ sɛ wodi kan bu no ntɛn? Efisɛ ɛwom sɛ Satan nhyehyɛe no nyinaa yɛ akyide ma Onyankopɔn de, nanso ɔfã biako yɛ akyide kɛse. Nea ɛwɔ he? Ne fã a afa din Kristo ato ne ho so no—Kristoman. Bere a wɔkaa Onyankopɔn atemmu nkrasɛm tiaa Kristoman wɔ Wiase Ko I akyi no, na emufo a wɔwɔ hɔ saa bere no bɛyɛ adesamma nkyem abiɛsa mu biako.
6. Dɛn nti na Yehowa apow Kristoman sɛ wɔnsɛe no?
6 Kristoman ɔsom no yɛ aba a nokware Kristosom ho a wɔwae fii a anya mfe 1,900 a Yesu ne n’asuafo kaa ho asɛm siei no asow. (Mateo 13:24-30; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Kristoman asɔfo de wɔn ho ma sɛ Kristosom akyerɛkyerɛfo, nanso wɔn nkyerɛkyerɛ ahorow mmɛn Bible mu nokware no ho koraa, na wɔn ɔporɔw nneyɛe no kɔ so sɛe Onyankopɔn din. Wɔapa mogya ho fɔ a wodi esiane afeha 20 yi mu ɔko ahorow akyi a wogyina nti no ho ntama. Kristoman yɛ Satan nneɛma nhyehyɛe no fã ankasa. Enti ne nsa ka ɔhaw ho nkrasɛm a tumi wom a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ onya ɔsoro dom wɔ ɔkwan biara so fi Yehowa hɔ. Yehowa agyaw Kristoman fi ama ɔsɛe sɛnea ɔyɛɛ Yudafo fi wɔ afeha a edi kan no mu no!—Mateo 23:38.
Wɔsan Hyɛ Wɔn Den ma Wiase Nyinaa Asɛnka
7, 8. (a) Wɔ Adiyisɛm ti 9 no, dɛn na torobɛnto no hyɛn a ɛto so anum no da no adi? (b) Mmoadabi no yɛ henanom ho sɛnkyerɛnne?
7 Wɔ Adiyisɛm 9:1 no, ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛn ne torobɛnto no, na anisoadehu no da nsoromma bi a ɛreba asase so adi. Saa nsoromma yi kura safe wɔ ne nsam. Ɔde bue ebun bi a wɔde mmoadabi kuw bi ahyem ano. Nsoromma no ne Yehowa ɔsoro Hene a wɔde no asi ahengua so foforo, Yesu Kristo. Mmoadabi no yɛ Onyankopɔn nkoa a wɔtaa wɔn a ɛte sɛnea wokum wɔn fii hɔ bere a wɔde wɔn mpanyimfo atitiriw guu afiase wɔ 1918 mu no. Nanso, Kristo a mprempren ɔwɔ Ahenni tumi mu wɔ soro no yi wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi afi wɔn wiase nyinaa baguam asɛnka no ase bio ma ehu kaa asɔfo a na wɔapam wɔn ti so sɛ wobegu wɔn adwuma no.—Mateo 24:14.
8 Wɔka mmoadabi no ho asɛm wɔ Adiyisɛm 9:7 sɛɛ se: “Na mmoadabi no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko de, na biribi wowɔ wɔn ti so te sɛ sika abotiri, na wɔn anim te sɛ nnipa anim.” Nkyekyem 10 de ka ho sɛ: “Wɔwowɔ dua te sɛ akekantwɛre.” Saa mmoadabi yi yɛ Ahenni adedifo nkaefo a wɔasan ahyɛ wɔn den bio ma wɔakodi honhom mu ako fi 1919 reba no ho mfonini yiye. Esiane sɛ na wɔanya ahoɔden foforo nti, wɔkaa Onyankopɔn nkrasɛm ahorow a ɛwowɔ de tiaa Kristoman a aporɔw no titiriw.
9, 10. (a) Dɛn na torobɛnto no hyɛn a ɛto so asia no da no adi? (b) Henanom na wɔka apɔnkɔ ahoɔdenfo buburigyaa no ho?
9 Nea edi hɔ no, ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛn ne torobɛnto no. (Adiyisɛm 9:13) Eyi da dɔm a wɔtete apɔnkɔ so a wɔagyae wɔn adi. Nkyekyem 16 ka sɛ wɔn dodow yɛ “ɔpedu ahorow ɔpeduonu” a ɛyɛ ɔpepem 200! Na wɔka wɔn ho asɛm wɔ nkyekyem 17 ne 19 sɛnea edi so yi: “Apɔnkɔ no ti te sɛ agyata ti, na ogya ne wusiw ne sufre fifi wɔn anom. . . . Wɔn dua no te sɛ awɔ.” Saa dɔm yi teɛm wɔ Ɔhene, Kristo Yesu akwankyerɛ ase. Na hwɛ sɛnea wɔn ho yɛ hu!
10 Saa apɔnkɔ ahoɔdenfo yi gyina hɔ ma dɛn? Esiane sɛ wɔn dodow si ɔpepem pii nti, wɔrentumi nyɛ nkaefo a wɔasra wɔn a bɛyɛ 8,800 pɛ na wɔwɔ asase so mprempren no nkutoo. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea “nnipakuw kɛse” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 7 a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no ka apɔnkɔ bebree yi ho. Wɔ Bible mu no, asɛmfua “ɔpedu” no taa kyerɛ biribi a ne dodow nni ano. Enti, ɛnyɛ sɛ nkaefo a wɔasra wɔn a wɔn dodow so rehuan no nko na wɔka sɛnkyerɛnne kwan so apɔnkɔ yi ho, na mmom “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” a wɔredɔɔso na wɔn ano reyɛ den ɔpepem pii a wɔkɔ so yɛ baguam adwuma a nkaefo a wɔasra wɔn a wɔte sɛ mmoadabi no fii ase no.—Yohane 10:16.
11. Dɛn nti na wɔka sɛ “apɔnkɔ no ahoɔden wɔ wɔn ano,” na ɔkwan bɛn so na ‘wɔde wɔn dua haw’?
11 Adiyisɛm 9:19 ka sɛ: “Na apɔnkɔ no ahoɔden wɔ wɔn ano” na “[wɔn dua no] na wɔde haw.” Ɔkwan bɛn so na ahoɔden wɔ wɔn ano? Ɛkyerɛ sɛ wɔ mfe du du pii mu no, wɔakyerɛkyerɛ Onyankopɔn nkoa sɛnea wɔde wɔn ano bɛka atemmu nkrasɛm no tumi so wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu ne nhyiam afoforo ase. Na ɔkwan bɛn so na wɔde wɔn dua haw? Ɛkyerɛ sɛ wɔakyekyɛ nhoma a egyina Bible so ɔpepepem pii wɔ wiase nyinaa, na wɔnam saayɛ so agyaw nkrasɛm a ɛwowɔ a ɛkasa tia Satan wiase no. Wɔ wɔn atamfo fam no, dɔm a wɔtete apɔnkɔ so yi te sɛ ɔpedu ahorow ɔpeduonu ampa.
12. Dɛn na ɛsɛ sɛ sɛnkyerɛnne kwan so mmoadabi ne apɔnkɔ no kɔ so yɛ, na dɛn na ebefi mu aba?
12 Enti, ɛsɛ sɛ sɛnkyerɛnne kwan so mmoadabi ne apɔnkɔ no bɔ Onyankopɔn atemmu nkrasɛm no dawuru ma emu da hɔ pefee kɛse na wɔka no den bere a n’aweredi da rebɛn no. Saa nkrasɛm no yɛ asase so asɛmpa a ɛsen biara ma nnipa komapafo. Nanso ɛyɛ asɛmmɔne ma wɔn a wɔpɛ Satan wiase no, efisɛ ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe wɔn wiase no.
13. “Due a ɛto so abiɛsa” a wɔde bata torobɛnto no hyɛn a ɛto so ason no ho no fa dɛn ho, na ɔkwan bɛn so na ɛyɛ “due”?
13 Wɔka mmoadabi a wɔhaw nkurɔfo ne dɔm a wɔtete apɔnkɔ so no ho asɛm sɛ “due” abiɛsa a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma aba no mu nea edi kan ne nea ɛto so abien. (Adiyisɛm 9:12; 11:14) “Due a ɛto so abiɛsa” no yɛ dɛn? Wɔka kyerɛ yɛn wɔ Adiyisɛm 10:7 sɛ: “Nna a ɔbɔfo a ɔto so ason no rebɛhyɛn no mu no, na wɔawie Onyankopɔn ahintasɛm no, sɛnea ɔkaa ho asɛmpa kyerɛɛ ne nkoa, adiyifo no.” Saa ahintasɛm kronkron yi fa ‘aseni’ a wodii kan hyɛɛ ne ho bɔ wɔ Eden no ho. (Genesis 3:15) Saa ‘aseni’ no ne Yesu titiriw nanso n’ahokafo a wɔasra wɔn a wɔne no bedi hene wɔ soro no nso ka ho. Enti saa ahintasɛm kronkron no fa Onyankopɔn ɔsoro Ahenni no ho. Saa Ahenni yi de “due” a ɛto so abiɛsa a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma aba no bɛba, efisɛ ɛde Onyankopɔn atemmu a ɛbɛba Satan wiase no so bɛba n’awiei koraa.
Wɔde Ahenni no Asi Hɔ
14. Dɛn na torobɛnto no hyɛn a ɛto so ason a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 11:15 no bɔ no dawuru?
14 Afei ɛba saa! Adiyisɛm 11:15 ka sɛ: “Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee. Na ɛnne kɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade [Yehowa] ne Kristo de, na obedi hene daa daa.” Yiw, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni a Kristo na odi so no sii hɔ wɔ soro wɔ afe 1914 mu. Bere a wɔsan hyɛɛ nkaefo no den wɔ Wiase Ko I akyi no, wɔkaa saa asɛmpa yi kyerɛe titiriw.
15. Wɔ 1922 mu no, asɛm a esii bɛn na ɛkyerɛɛ Ahenni asɛnka nkɔanim foforo?
15 Wɔ Yehowa nkoa nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A. wɔ 1922 mu no, nnipa mpempem pii a wɔbaa ase no tee amanneɛ a ɛyɛ anigye yi: “Eyi yɛ da a ɛsen nna nyinaa. Hwɛ, Ɔhene no di tumi! Moyɛ n’adawurubɔfo. Enti mommɔ, mommɔ, mommɔ Ɔhene no ne n’ahenni no dawuru.” Ɛno na efii Ahenni no ho baguam asɛnka kɛse a atemmu ahorow a abɔfo baason a wɔhyɛn ntorobɛnto bɔɔ no dawuru no ka ho no ase. Ɛnnɛ, Yehowa nkoa bɛyɛ ɔpepem abiɛsa ne fã a wɔwɔ asafo ahorow bɛboro 55,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no mu no de wɔn ho ahyɛ wiase nyinaa Ahenni asɛnka yi mu. Nnipa buburigyaa ampa!
16. Wɔ Adiyisɛm ti 12 no, asɛm foforo a esii wɔ soro ne asase so bɛn na torobɛnto no hyɛn a ɛto so ason no daa no adi?
16 Nanso na ɔbɔfo a ɔto so ason no wɔ pii a ɛsɛ sɛ ɔda no adi. Adiyisɛm 12:7 ka sɛ afei “ɔko baa soro.” Nkyekyem 9 ka nea efii ade a Ɔhene Kristo yɛe no mu bae no: “Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.” Nkyekyem 12 de ka ho sɛ: “Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam.” Yiw, wɔapopa Satan nkɛntɛnso afi soro, ade a ɛmaa abɔfo anokwafo ani gyei kɛse. Nanso dɛn na ɛkyerɛ ma adesamma? Saa nkyekyem no ara bua sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”
17. Dɛn nti na wiase nniso a wɔyɛ ho mfonini sɛ “aboa” wɔ Adiyisɛm ti 13 no fata?
17 Adiyisɛm 12:3 ka Satan ho asɛm sɛ ‘ɔtweaseɛ kakraka a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du,’ ɔdesɛefo a ɔte sɛ aboa kɛse bi a ne ho ye hu. Eyi kyerɛ sɛ ɔno na ɔyɛɛ asase so amammui “aboa” a wɔka ne ho asɛm wɔ ti 13, nkyekyem 1 ne 2 no. Saa aboa no nso wɔ ti ason ne mmɛn du te sɛ Satan. Nkyekyem 2 ka sɛ: “Na ɔtweaseɛ no [Satan] de ne tumi ne n’ahengua ne n’ahoɔden kɛse maa no.” Amammui nniso horow a wɔyɛ ho mfonini te sɛ akekaboa bi no fata, efisɛ wɔ afeha 20 yi nkutoo mu no wɔakunkum nnipa bɛboro ɔpepem ɔha wɔ amanaman no ako ahorow mu.
18. Dɛn ne aboa a ɔwɔ mmɛn abien a wɔka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 13:11 no, na ɔkwan bɛn so na ne nneyɛe boa ma yehu dekode a ɔyɛ?
18 Sɛnea Adiyisɛm 13 nkyekyem 11 ka no, ɛda ade a edi hɔ no adi sɛ “aboa foforo bi a ofii asase mu bae, na ɔwɔ mmɛn abien sɛ oguammaa, na ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ.” Aboa a ɔwɔ mmɛn abien yi ne Anglo-Amerika amammui no a wɔaka abom. Ɛte sɛ oguammaa efisɛ ɛyɛ ne ho te sɛ ɛnhaw adwene, nniso a anibue wom sen biara. Nanso ɔkasa te sɛ ɔtweaseɛ, te sɛ Satan, na wɔfrɛ no “aboa foforo bi” efisɛ odi tumi te sɛ aboa. Ɔde ɔhyɛ ne ahunahuna ne atirimɔdensɛm mpo di dwuma wɔ baabiara a wonnye ne nniso ntom no. Ɛnhyɛ ahobrɛase ma Onyankopɔn Ahenni ho nkuran, na mmom obu ntraso ma Satan wiase no. Enti na nkyekyem 14 ka sɛ: “Ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase so no.”
19, 20. Dɛn na Yehowa nkoa mudi mu kura da no adi? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ nkaefo a wɔasra wɔn no bedi Satan wiase no so nkonim wɔ ɔkwan biara so?
19 Wiase a Satan di so tumi yi yɛ beae a emu tra yɛ den ma wɔn a esiane sɛ wodi Yesu ahyɛde a ɔde maa Kristofo so nti wɔnyɛ ne fã no. (Yohane 17:16) Enti, ɛyɛ Yehowa tumi a ɔda no adi wɔ ɔkwan titiriw bi so ne ne nhyira na ɛma ne nkoa a wɔwɔ wiase nyinaa nnɛ no kura wɔn mudi mu na wɔde biakoyɛ kɔ so ma Yehowa ne n’akwantrenee ho asɛm trɛw kɛse. Wɔyɛ eyi wɔ ɔsɔretia a emu yɛ den, ɔtaa ne owu mpo mu.
20 Satan de n’ani asa nkaefo a wɔasra wɔn no titiriw efisɛ wɔne Kristo bɛyɛ yɔnko adedifo. Nanso Adiyisɛm ti 14 kyerɛ sɛ wɔaboaboa wɔn dodow ankasa a ɛyɛ 144,000 ano aka Yesu ho wɔ Ahenni tumi mu wɔ nkonimdi mu. Wɔabata wɔn Wura no ho nokwaredi mu efisɛ nkyekyem 4 ka sɛ: “Wɔn na wodi oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ”—wɔyɛ eyi wɔ ɔtaa a atirimɔden wom a Satan de aba wɔn so nyinaa no akyi.
Onyankopɔn Atemmu a Wobenya Kan
21, 22. (a) Dawuru bɛn na abɔfo no bɔ wɔ Adiyisɛm 14:7, 8? (b) Dɛn nti na ɔbɔfo bi bɔ nyamesom mu Babilon asehwe ho amanneɛ bere a ɔda so ara te ase no?
21 Wɔ Adiyisɛm 14:7 no, ɔbɔfo bi teɛm sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow nea ɔyɛɛ soro ne asase ne ɛpo ne asuti no.” Hena na odi kan nya Onyankopɔn atemmu? Nkyekyem 8 bua sɛ: “Na ɔbɔfo foforo a ɔto so abien dii akyiri kae sɛ: Babilon kɛse no ahwe ase, ahwe ase, efisɛ wama amanaman nyinaa anom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi.” Wɔ ha na Adiyisɛm ka “Babilon kɛse,” wiase nyinaa atoro som ahemman no ho asɛm nea edi kan na ɛnyɛ nea etwa to.
22 Esiane sɛ nyamesom da so ara wɔ nkɛntɛnso wɔ asase no afã horow nti, dɛn nti na ɔbɔfo no bɔ dawuru sɛ Babilon Kɛse no ahwe ase dedaw? Wiɛ, dɛn na ɛbae wɔ 539 A.Y.B. mu bere a tete Babilon hwee ase nanso wɔansɛe no koraa no? Ɛdɛn, Yehowa nkoa a na wɔafa wɔn nnommum san baa wɔn asase so wɔ mfe abien akyi na wɔsan de nokware som sii hɔ! Saa ara nso na adwuma a wɔhyɛɛ Onyankopɔn nkoa den ma wɔsan yɛe ne wɔn honhom mu yiyedi a efii ase wɔ 1919 mu no yɛ adanse pefee sɛ sɛnea Yehowa huu no no Babilon Kɛse no hwee ase wɔ 1919 mu. Obuu no fɔ saa bere no na wɔbɛsɛe no akyiri yi.
23. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔrebɔ kwan ama Babilon Kɛse no sɛe? (b) Nkɔmhyɛ afoforo bɛn na yebesusuw ho wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbɛba no mu?
23 Sɛ́ ade a edi nnɛyi Babilon sɛe a ɛrebɛn no anim kan no, waba ɔhaw kɛse mu dedaw. Wɔapa ne porɔwee, ne ɔbrasɛe kɛse, n’atorodi ne ne ho a ɔde hyehyɛ amammuisɛm mu no ho ntama wɔ baabiara. Wɔ Europa mmeae pii no, nnipa pii nkɔ asɔre bio. Wɔ sohyialist aman pii mu no, wobu nyamesom sɛ “bɔre a ɛsɛe nnipa adwene.” Afei nso, wɔagu nnɛyi Babilon anim ase wɔ Onyankopɔn Asɛm mu nokware adɔfo a sukɔm de wɔn no nyinaa anim. Enti afei, ɔtwɛn sɛ wobekum no, sɛ yɛbɛka no saa a. Yiw, “bere a wɔahyɛ” no abɛn ama nsɛm a ebesisi a ebubu wiase no aba! Wɔ Ɔwɛn-Aban a edi hɔ no mu no, adesua afoforo bɛka Adiyisɛm no mu nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa nyamesom mu “aguaman” ne Satan nneɛma nhyehyɛe mũ no nyinaa sɛe ho no ho asɛm.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn na ntorobɛnto hyɛn a ɛto so ason a efi ase wɔ Adiyisɛm ti 8 no kyerɛ ma yɛn bere yi?
◻ Dɛn nti na wodi kan bu Kristoman fɔ?
◻ Ɔkwan bɛn so na wɔaka nkaefo a wɔasra wɔn no ne “nnipakuw kɛse” no asɛnka adwuma ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 9?
◻ Dɛn na amanneɛbɔ a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 11:15 no kyerɛ ma ɔsoro ne asase?
◻ Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Adiyisɛm 14:8 no, ɔkwan bɛn so na nyamesom mu Babilon no hwee ase wɔ 1919 mu, na dɛn na eyi kyerɛ ma no?