Tie Nea Honhom No Ka Kyerɛ Asafo No
Wɔde amanneɛbɔ a ɛwɔ nkratafa 10 kosi 21 no mae wɔ Yehowa Adansefo Ɔsoro Atɛntrenee Ɔmantam Nhyiam horow ase wɔ 1988 mu sɛ asɛmti a ɛne “Bere a Wɔahyɛ No Abɛn” no nnianim ɔkasa ahorow.
“Nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo no.”—ADIYISƐM 3:22.
1. Adiyisɛm mu nsɛm bɛn na ɛyɛ asɛmpa wɔ bere a anigye nnim yi mu, na dɛn ne “nkɔmhyɛ” ne “bere a wɔahyɛ” a na wɔka ho asɛm no?
MFE bi a atwam ni no, asetra mu nsɛm ho ɔbenfo bi a ɔwɔ United States kae sɛ nnipa a wɔwɔ saa ɔman no mu no wɔ ahofadi a ɛtra so nanso wonni anigye pii. Ɔde kaa ho sɛ nkurɔfo “hu sɛ wonni anigye. Paradise a wɔde hyɛɛ wɔn ankasa ho bɔ no adan adehunu.” Esiane eyi nti, ɔsomafo Yohane nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 1:3, NW, no yɛ asɛmpa efisɛ ɔka sɛnea yebetumi anya anigye ho asɛm kyerɛ yɛn. Yohane kyerɛwee sɛ: “Anigye ne nea ɔkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no den ne wɔn a wotie na wodi nneɛma a wɔakyerɛw wom no so; efisɛ bere a wɔahyɛ no abɛn.” “Nkɔmhyɛ” a ɔreka ho asɛm no ne nea a wɔakyerɛw wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no. Na “bere a wɔahyɛ” no ne bere a ɛsɛ sɛ Adiyisɛm yi mu nkɔmhyɛ no nya mmamu. Yohane nsɛm no kura ntease a emu dɔ ma yɛn nnɛ.
2. Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ na Yohane resusuw ho bere a afeha a edi kan no bɛn n’awiei no?
2 Bɛboro mfe 60 ansa na Yohane rekyerɛw Adiyisɛm nhoma no, na ɔwɔ hɔ wɔ Pentekoste da no, bere a wɔtew Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no. Afei, wɔ 96 Y.B. mu no, saa asafo no anyin ma emufo a wodi kan a na wɔn dodow yɛ 120 no abɛyɛ amanaman ntam ahyehyɛde kɛse bi. Nanso na wɔahyia ɔhaw ahorow. Te sɛnea Yesu, Paulo, ne Petro de kɔkɔbɔ mae no, na ɔwae ne mpaapaemu afi ase reba, na ebia Yohane susuw nea ɛbɛba daakye no ho.—Mateo 13:24-30, 36-43; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Petro 2:1-3.
3. Anisoade ahorow a Yohane hui na ɔkyerɛwee wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no hyɛ dɛn ho bɔ?
3 Ɛnde yɛ anigye a onyae bere a ne nsa kaa “Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm” no ho mfonini wɔ w’adwenem. (Adiyisɛm 1:1) Yohane hui wɔ anisoadehu ahorow a ɛyɛ nwonwa mu sɛ Yehowa atirimpɔw ahorow benya mmamu ne sɛ Kristofo anokwafo benya wɔn boasetɔ so akatua kɛse. Ne nsa kaa nkrasɛm ahorow a Yesu de rekɔma asafo ahorow ason no fii Yesu nkyɛn nso; nokwarem no, na eyi yɛ Yesu afotu tee a etwa to a na ɔde rekɔma Kristofo ansa na Waba N’Ahenni anuonyam mu no.
Asafo Ahorow Ason No
4. (a) Dɛn ne Kristofo anokwafo asafo ahorow no asɛyɛde? (b) Dɛn na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wohuu mpanyimfo a wɔasra wɔn no sɛ nsoromma ason a ɛwɔ Kristo nsa nifa mu no kyerɛ?
4 Wɔde nkaneadua ason gyinaa hɔ maa Kristofo a wɔasra wɔn no asafo ahorow ason no, na wɔde nsoromma ason a ɛwɔ Kristo nsa nifa mu no gyinaa hɔ maa wɔn mu mpanyimfo a wɔasra wɔn no. (Adiyisɛm 1:12, 16) Yohane nam anisoadehu a emu da hɔ yi so hui sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo asafo ahorow a wodi nokware no yɛ akanea kurafo te sɛ akaneadua a wɔasosɔ akanea asisi so wɔ wiase a aduru sum bi mu. (Mateo 5:14-16) Na mpanyimfo no a Yesu kura wɔn wɔ ne nsa nifa mu no kyerɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn kwan na odi wɔn so.
5. Wɔde nkrasɛm a wɔka kyerɛ asafo ason no kɔmaa henanom wɔ Yohane bere so?
5 Yesu ka kyerɛ Yohane sɛ: “Kyerɛw nea wuhu hyɛ nhoma mu, na soma kɔma asafo ahorow ason no, fa kɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea.” (Adiyisɛm 1:11) Na asafo ahorow yi wɔ hɔ ankasa wɔ Yohane bere so na yebetumi anya awerɛhyem sɛ bere a Yohane kyerɛw Adiyisɛm no wiei no, asafo no mu biara nyaa bi. Nanso hyɛ nea Hastings Dictionary of the Bible ka wɔ Adiyisɛm no ho: “Nhoma foforo biara nni A[pam] F[oforo] no mu a wodii ho adanse yiye wɔ afeha 2 no mu saa.” Eyi kyerɛ sɛ na ɛnyɛ Kristofo a wɔwɔ asafo ahorow ason no mu nko na na wonim Adiyisɛm nhoma no na wɔkenkan na mmom nnipa afoforo pii a wɔpɛe sɛ wosua nkɔmhyɛ no mu nsɛm nso yɛɛ saa. Yesu de afotu yi maa Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa ampa.
6, 7. (a) Bere bɛn na Adiyisɛm nhoma no mu nsɛm nyaa mmamu titiriw, na yɛyɛ dɛn hu eyi? (b) Henanom na nsoromma ason ne asafo ahorow ason no yɛ wɔn ho mfonini nnɛ?
6 Nanso nkrasɛm a wɔde kɔmaa asafo ahorow ason yi wɔ mmamu kɛse mpo. Yohane ka wɔ Adiyisɛm 1:10 sɛ: “Mewɔ honhom mu, Awurade da no.” Nkyekyem yi yɛ ade titiriw a ɛbɛma yɛate Adiyisɛm no ase. Ɛkyerɛ sɛ ɛfa “Awurade da” a efii ase bere a Yesu bɛyɛɛ Ɔhene wɔ 1914 mu no ho titiriw. Yesu nkrasɛm a ɔde kɔmaa asafo ahorow ason no si ntease yi so dua. Yehu nsɛm te sɛ nea wɔde kɔmaa Pergamo yi wom: “Mereba ntɛm.” (Adiyisɛm 2:16; 3:3, 11) Wɔ 96 Y.B. akyi no, Yesu ‘amma’ wɔ ɔkwan titiriw bi so kosii sɛ wosii no Hene wɔ 1914 mu. (Asomafo no Nnwuma 1:9-11) Afei, ɔbae bio wɔ 1918 mu bere a ɔbaa Yehowa asɔrefi sɛ obedi kan abu Onyankopɔn fi ntɛn no de maa Malaki 3:1 nyaa mmamu. (1 Petro 4:17) Ɛrenkyɛ ‘ɔbɛba bio’ bere a ‘obedi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛ Awurade Yesu asɛmpa no were’ no.—2 Tesalonikafo 1:7, 8; Mateo 24:42-44.
7 Bere a eyi wɔ yɛn adwene mu no, ɛma yɛte ase sɛ asafo ahorow ason no yɛ Kristofo a wɔasra wɔn no asafo ahorow no nyinaa ho mfonini, na nsoromma ason no gyina hɔ ma mpanyimfo a wɔasra wɔn nyinaa a wɔwɔ saa asafo ahorow no mu no. Bio nso, sɛ yɛtrɛw mu a, mpanyimfo a wɔyɛ “nguan foforo” no mufo no nso wɔ Yesu nsa nifa a ɔde kyerɛ kwan no mu. (Yohane 10:16) Ne titiriw no, afotu a wɔde kɔmaa asafo ahorow ason no fa Onyankopɔn nkurɔfo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa nnɛ a Kristofo a wɔwɔ asase so anidaso ka ho no ho.
8. Tebea bɛn na Yesu hui bere a ɔbɛhwɛɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo wɔ 1918 mu no?
8 Bere a Yesu Kristo bae sɛ ɔrebɛhwɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo wɔ 1918 mu no, ohuu Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no sɛ wɔrebɔ mmɔden denneennen adi nkɔmhyɛ no mu nsɛm so. Efi 1870 mfe no mu reba no, wɔde kɔkɔbɔ rema nkurɔfo wɔ yɛ a 1914 yɛ afe titiriw no ho. Wohuu amane kɛse wɔ Kristoman nsam wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no mu, na ɛkame ayɛ sɛ wogyaee wɔn adwuma no koraa wɔ 1918 mu bere a wogyinaa sobo a ɛnyɛ nokware so de Ɔwɛn Aban Asafo no mpanyimfo atitiriw koguu afiase no. Nanso osuahu ahorow a wonyae saa bere no ne Adiyisɛm mu nkɔmhyɛ ahorow no hyia ma ɛyɛ nwonwa. Na wɔn bo a wɔasi sɛ wobedi Yesu nsɛm a ɔde kɔmaa asafo ahorow ason no so no ma wohuu wɔn pefee sɛ Kristofo a wɔn nkutoo na wɔma wɔn akanea hyerɛn wɔ wiase a aduru sum yi mu. Ɛnnɛ, nkaefo yi ka bom yɛ Yohane kuw a wɔtra ase hu Adiyisɛm no afã horow pii mmamu na wonya mu kyɛfa no.
Afotu ne Nkamfo
9, 10. Yesu nsɛm bɛn mmamu na ama nnɛyi Kristofo anya anigye kɛse? Kyerɛkyerɛ mu.
9 Wɔ Adiyisɛm 3:8 no, Yesu ka kyerɛɛ Filadelfia asafo no sɛ: “Minim wo nnwuma. Hwɛ, mede ɔpon a wɔahiɛ masi w’anim a obi ntumi ntom, efisɛ wowɔ ahoɔden ketewa, nanso woadi m’asɛm so, na woampa me din.” Ɛda adi sɛ na Kristofo a na wɔwɔ Filadelfia no yɛ nnam na afei na hokwan pon bi rebue ama wɔn.
10 Nkrasɛm yi nnɛyi mmamu maa Onyankopɔn nkurɔfo ani gyei kɛse. Wɔ osuahu ahorow a emu yɛ den a wonyae wɔ 1918 akyi no, wɔsan nyaa ahoɔden wɔ honhom mu, na Yesu buee hokwan pon bi maa wɔn wɔ 1919 mu. Wɔfaa saa ɔpon no mu bere a wogyee ahyɛde a ese wɔnka Ahenni no ho asɛmpa nkyerɛ amanaman nyinaa no. Esiane sɛ Yehowa honhom wɔ wɔn so nti, biribiara rentumi nsiw adwuma yi kwan, na saa Kristofo anokwafo yi nyaa hokwan kɛse a ɛma wɔmaa Yesu ba no ho sɛnkyerɛnne fã titiriw bi nyaa mmamu. (Mateo 24:3, 14) Esiane wɔn asɛnka adwuma a wɔde nokwaredi yɛe nti, wɔtoo nsa frɛɛ 144,000 nkaefo no na wɔsraa wɔn, na wɔboaboaa “nnipakuw kɛse” no mufo pii ano. (Adiyisɛm 7:1-3, 9) Hwɛ anigye ara a eyi de abrɛ Onyankopɔn nkurɔfo!
11. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔde mpaapaemu ba bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe Yehowa ahyehyɛde no wɔ Yohane bere so, na ɔkwan bɛn so na wɔayɛ saa ara wɔ yɛn bere yi mu?
11 So biribi betumi ama anigye yi afi wɔn nsa? Yiw. Sɛ nhwɛso no, wɔ boasetɔ ho kyerɛwtohɔ pa a na wɔwɔ nyinaa akyi no, Pergamo mpanyimfo no antumi ansiw Nikolaifo nkyerɛkyerɛ ano na amma asafo no mu. (Adiyisɛm 2:15) Na mpaapaemu regye ntini. Saa ara nso na wɔ awiei nna yi mu nyinaa no, ebinom awae afi nokware no ho na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe Yehowa ahyehyɛde no. Mpanyimfo no ako atia wɔn sɛ kuw nanso awerɛhosɛm ne sɛ wɔadaadaa ebinom. Mommma yɛmmma awaefo mma anigye a yɛwɔ no mmfi yɛn nsa!
12. (a) Dɛn ne Bileam ne Isebel nkɛntɛnso no? (b) So Satan abɔ mmɔden sɛ ɔde Bileam anaasɛ Isebel nkɛntɛnso bɛba Kristofo asafo no mu wɔ nnɛ bere yi mu?
12 Yesu bɔɔ Pergamo asafo no kɔkɔ nso wɔ wɔn a “wokura Bileam kyerɛ mu” no ho. (Adiyisɛm 2:14) Na nkyerɛkyerɛ yi yɛ dɛn? Na obi a ɔwɔ Pergamo rema Kristofo a wɔwɔ hɔ no ayɛ nneɛma bɔne te sɛ nea Bileam maa Israelfo no yɛe wɔ sare no so no: denam nkuranhyɛ a ɔde maa wɔn sɛ “wonni nam a wɔakum ama abosom na wɔmmɔ aguaman” no so. (Numeri 25:1-5; 31:8) Yesu bɔɔ Tiatira asafo no kɔkɔ wɔ “ɔbea Isebel” ho. Na ɔbea yi nso rekyerɛkyerɛ Kristofo sɛ “wɔmmɔ aguaman na wonni nam a wɔakum ama abosom.” (Adiyisɛm 2:20) So Satan abɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Bileam anaasɛ Isebel nkɛntɛnso aba Kristofo asafo no mu nnɛ? Ɛda adi sɛ wayɛ saa, na akodu baabi a wotu nnipa bɛyɛ 40,000 fi ahyehyɛde no mu afe biara a aguamammɔ nti na wotu wɔn mu fã kɛse no ara. Awerɛhosɛm bɛn ara ni! Mmarima a wɔte sɛ Bileam ne mmea a wɔte sɛ Isebel atew atua atia mpanyimfo no na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe asafo no. Ɛmmra sɛ yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛko atia nkɛntɛnso bɔne a ɛtete saa no!—1 Korintofo 6:18; 1 Yohane 5:21.
13. (a) Ka sɛnea Yesu kyi boturobodwo no ho asɛm. (b) Dɛn nti na na Laodikeafo no yɛ boturobodwo, na ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati saa mmerɛwyɛ yi nnɛ?
13 Wɔ Adiyisɛm 3:15, 16 no, Yesu ka kyerɛɛ Laodikea asafo no sɛ: “Minim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwini na wonyɛ hyew. Sɛ woyɛ nwini anaa hyew a, anka eye. Na afei de, sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hyew anaa nwini nti, merebɛfe wo mafi m’anom.” Hwɛ sɛnea Yesu kyi boturobodwo ho nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ! Ɔtoa so sɛ: “Wuse: Meyɛ ɔdefo na manya me ho, na hwee nhia me.” Yiw, na honam fam ade dodowpɛ a ɛte saa no adaadaa Kristofo a wɔwɔ Laodikea no. Na wɔte nka sɛ hwee nhia wɔn na na wɔyɛ anibiannaso. Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wunnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufo ne mmɔboroni ne ohiani ne onifuraefo ne dagyawee.” (Adiyisɛm 3:17) So yɛpɛ sɛ yɛyɛ ‘amanehunufo ne mmɔborɔfo ne ahiafo ne anifuraefo ne dagyawee’ wɔ Yesu ani so? Dabida! Enti momma yɛmfa ɔkwan biara so nko ntia yɛ a yɛbɛyɛ honam fam ade dodowpɛfo anaasɛ boturobodwo no.—1 Timoteo 6:9-12.
Boasetɔ a Wobenya Akodu Awiei
14. (a) Ɔhaw bɛn na na Smirna asafo no hyia? (b) Smirna osuahu ahorow no ho nnɛyi nsɛso ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ?
14 Asafo a na ɛnyɛ boturobodwo ne nea na ɛwɔ Smirna no. Yesu ka kyerɛɛ saa Kristofo yi sɛ: “Minim w’ahohia ne wo hia no,—nanso woyɛ ɔdefo,—ne wɔn a wose wɔyɛ Yudafo, na wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm. Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu.” (Adiyisɛm 2:8-10) Hwɛ sɛnea eyi ne Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no osuahu a wɔanya sɛ! Nnɛyi Kristofo, wɔn a wɔasra wɔn ne nguan foforo no nyinaa nso atumi agyina ɔtaa a emu yɛ den a efi nnɛyi “Satan hyiadan,” Kristoman hɔ no ano. Efi wiase nyinaa ko a edi kan no so besi nnɛ no, wɔahwe mmarima, mmea, ne mmofra mpempem pii, wɔde wɔn agu afiase, wɔayɛ wɔn ayayade, wɔato wɔn mmonnaa, anaasɛ wɔakunkum wɔn esiane sɛ wɔampene sɛ wobegyae wɔn mudi mu nti.
15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn no betumi anya anigye wɔ ɔtaa a wohyia nyinaa akyi? (b) Akatua titiriw a ɛretwɛn “nguan foforo” no bɛn na ɛboa wɔn ma wɔn nso wonya anigye?
15 So osuahu ahorow a ɛte saa no ma wonya anigye? Osuahu no ankasa nyɛ anigye. Nanso te sɛ asomafo no, Kristofo anokwafo a wotumi gyina sɔhwɛ ahorow ano no nya komam mu anigye sɛ “[Yesu] din nti wɔbɔ wɔn ahohora.” (Asomafo no Nnwuma 5:41) Na wɔkɔ so ma wɔn ani gye a nea wɔn atamfo de yɛ wɔn biara mfa ho efisɛ wonim sɛ bere a wɔahyɛ no abɛn sɛ wɔbɛma wɔn akatua wɔ wɔn mudi mu kura no ho na wɔn akatua so yiye. Yesu ka kyerɛɛ Smirna Kristofo no sɛ: “Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.” (Adiyisɛm 2:10) Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Sardis no sɛ: “Nea odi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atade fitaa saa, na merempopa ne din mfi nkwa nhoma no mu.”—Adiyisɛm 3:5.
16 Ampa, bɔhyɛ ahorow yi fa Kristofo a wɔasra wɔn no ho tee na ɛma wɔkae wɔn akatua a ɛne ɔsoro asetra a owu nnim a ɛretwɛn wɔn no. Nanso saa nsɛm yi hyɛ “nguan foforo” no mufo den nso. Yehowa asiesie akatua ama wɔn nso, sɛ wɔkɔ so yɛ nnam na wotumi gyina mu a. Wɔwɔ anidaso a ɛyɛ anigye a ɛne daa nkwa a wobenya wɔ paradise asase so wɔ Ahenni a ɛhyɛ Kristo nsa no ase. Ɛhɔ na wobenya Paradise a wiase yi mu nnipa rentumi nnya no.
17. Nsɛm bɛn na Yesu de wiee nkrasɛm no mu biara, na nsɛm no kyerɛ dɛn ma yɛn nnɛ?
17 Yesu de nsɛm a edi so yi na ewiee ne nkrasɛm ahorow a ɔde kɔmaa asafo ahorow no: “Nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo no.” (Adiyisɛm 3:22) Yiw, ɛsɛ sɛ yetie na yedi Oguanhwɛfo Panyin no nsɛm no so. Ɛsɛ sɛ yɛkwati efĩ ne ɔwae na yekura yɛn nnamyɛ mu. Akatua a yebenya no gyina ɛno so. Na sɛ yesusuw nsɛm foforo a ɛwɔ Adiyisɛm no mu ho a, ɛma yesi yɛn bo kɛse mpo sɛ yɛbɛyɛ saa.
Nhoma Mmobɔwee Nsɔano No
18. (a) Dɛn na Yesu nsa kae wɔ ɔsoro trabea hɔ? (b) Dɛn na apɔnkɔ so a apɔnkɔsotefo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 6 no te no kyerɛ ma adesamma a wɔte ase nnɛ no?
18 Sɛ nhwɛso no, wɔ atiri 4 ne 5 no, Yohane nya Yehowa ɔsoro trabea ho anisoadehu a ɛyɛ nwonwa. Onyankopɔn Guammaa, Yesu Kristo wɔ hɔ, na wɔde nhoma mmobɔwee bi a ɛwɔ nsɔano ason ma no. Wɔ ti 6 no, obue nsɔano ason no mu asia ano nnidiso nnidiso. Bere a Yesu buee nea edi kan ano no, wohu obi a ɔte ɔpɔnkɔ fitaa bi so. Wɔmaa no abotiri na ɔte ɔpɔnkɔ no so ‘rekodi nkonim na wawie ne nkonimdi no.’ (Adiyisɛm 6:2) Ɛyɛ Yesu, nea wɔasi no Hene foforo no. Awurade da no fii ase bere a ofii ase traa ɔpɔnkɔ so sɛ ɔhene nkonimdifo wɔ 1914 mu no. Bere a obuee nsɔano abiɛsa a ɛdi hɔ no ano no, apɔnkɔ afoforo abiɛsa puei. Eyi yɛ adehu a ɛyɛ hu, na egyina hɔ ma adesamma akodi, ɔkɔm ne owu a ɔyaredɔm ne nneɛma afoforo bɛma aba no. Esi Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛkyerɛ sɛ ako akɛse, ɔkɔm, ɔyaredɔm, asasewosow ne asiane afoforo bɛhyɛ ba a waba wɔ soro wɔ ahenni tumi mu no agyirae wɔ asase so no so dua. (Mateo 24:3, 7, 8; Luka 21:10, 11) Ampa, sɛ Kristofo betumi agyina mu wɔ bere a ɛte saa mu a, ɛsɛ sɛ wotie Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ asafo ason no.
19. (a) Bere a Yesu aba no mu no, akatua bɛn na wɔde ma Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn a wɔawuwu dedaw no? (b) Nsɔano a ɛto so asia no ano a wobue no yɛ nsɛm a ɛyɛ hu a asisi bɛn ho mfonini, na asemmisa bɛn na ɛma ɛsɔre?
19 Bere a obuee nsɔano a ɛto anum no ano no, wɔdaa asɛm bi a na asi wɔ ɔsoro a aniwa ntumi nhu hɔ no adi. Wɔde atade fitaa ama Kristofo a wowuwu maa wɔn gyidi no mu biara. Ɛda adi sɛ esiane sɛ na Kristo aba ampa nti, na ɔsoro owusɔre no afi ase. (1 Tesalonikafo 4:14-17; Adiyisɛm 3:5) Afei obuee nsɔano a ɛto so asia no ano, na asasewosow kɛse bi wosow “asase” a ɛne Satan asase so nneɛma nhyehyɛe no. (2 Korintofo 4:4) Wɔbobɔw “ɔsoro,” nnipa nniso a Satan di so no te sɛ nhoma mmobɔwee dedaw bi, na na wɔrebɛtow akyene. Esiane ehu a na aka adesamma atuatewfo nti no, wɔde abasamtu teɛm kyerɛ abotan sɛ: “Monhwe yɛn so mfa yɛn nhintaw mfi nea ɔte ahengua no so no ne oguammaa no abufuw ho, efisɛ n’abufuw da kɛse no adu, na ɛhena na obetumi agyina ano?”—Adiyisɛm 6:13, 14, 16, 17.
20. Henanom na wobetumi agyina wɔ Yehowa ne oguammaa no abufuw da kɛse no mu?
20 Hena na obetumi agyina? ‘Ɛdɛn, Yesu abua saa asemmisa no dedaw. Wɔn a ‘wotie nea honhom no ka kyerɛ asafo no’ na wobegyina wɔ saa abufuw da kɛse no mu. Na sɛnea ɛbɛyɛ a Yohane besi eyi so dua no, ɔkɔ so hu sɔ a wɔsɔw 144,000 mufo a wotwa to no ano ne nnipakuw kɛse a wofi aman nyinaa mu a wobenya nkwa wɔ “ahohia kɛse” no mu no. (Adiyisɛm 7:1-3, 14) Nanso na afei bere adu sɛ wobue nsɔano a ɛto so ason no ano na wɔde anisoadehu ahorow a ɛyɛ nwonwa kɛse akyerɛ Yohane na wɔnam no so de akyerɛ yɛn nnɛ. Asɛm a edi so no ka eyi mu binom ho asɛm.
So Wokae?
◻ Abusuabɔ bɛn na ɛda Yesu ne asafo no mpanyimfo ntam?
◻ Ɔhaw bɛn na na Pergamo ne Tiatira mpanyimfo no hyia, na ɔkwan bɛn so na ɔhaw ahorow a ɛte saa ara aka asafo ahorow no nnɛ?
◻ Mfomso a anibere wom bɛn na Laodikea asafo no yɛe, na ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati mfomso a ɛte saa ara a yɛbɛyɛ nnɛ no?
◻ Ɔkwan bɛn so na na ɛsɛ sɛ Kristofo gyina ɔhaw ano wɔ afeha 20 yi mu, na Yesu bɔhyɛ ahorow bɛn na aboa wɔn ma wɔayɛ saa?
◻ Ɔkwan bɛn so na na yebetumi akwati abasamtu a amanaman no behyia wɔ Harmagedon no?
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Kristofo anokwafo a wohuu amane wɔ Nasifo adwumayɛban mu no mu binom
[Mfonini Fibea]
DÖW, Vienna, Austria