Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Adansefo Mununkum Kɛse!
    Ɔwɛn-Aban—1987 | May 1
    • Adansefo Mununkum Kɛse!

      “Sɛ yɛwɔ adansefo mununkum [kɛse] a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma . . . yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.”​—HEBRIFO 12:1.

      1, 2. (a) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn ho mfonini na na ɛwɔ Paulo adwene mu bere a na ɔrekyerɛw akɔma Hebri Kristofo no? (b) Dɛn nti na na mfɛfo gyidifo a wɔwɔ Hebri no hia gyidi a ɛyɛ den?

      YƐ WO HO mfonini sɛ mmirikatufo wɔ agumadibea bi. Woyere wo ho a w’ani da botae no so. Na bɛhwɛadefo no nso ɛ? Ɛdɛn, wɔn nyinaa yɛ mmirikatufo nkonimdifo! Wɔnnyɛ bɛhwɛadefo ara kwa na mmom adansefo a wɔyɛ hyew wɔ asɛm ne nneyɛe mu.

      2 Ɛbɛyɛ sɛ na ɔsomafo Paulo wɔ mfonini a ɛte saa wɔ n’adwene mu bere a na ɔrekyerɛw krataa akɔma Hebri Kristofo (bɛyɛ 61 Y.B.) no. Ná wohia gyidi a ɛyɛ den. (Hebrifo 10:32-39) Gyidi nkutoo so na na wɔnam betumi atie Yesu kɔkɔbɔ sɛ wonguan bere a asraafo twaa Yerusalem ho hyiae (wɔ 66 Y.B.), mfe kakraa bi ansa na Romafo resɛe no (wɔ 70 Y.B.) no. Ná gyidi bɛma wɔatumi agyina nso, bere a “trenee nti wɔtaa wɔn” no.​—Mateo 5:10; Luka 21:20-24.

      3. Wɔ Hebrifo 12:1 no, dɛn ne “bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si” no, na wɔka kyerɛ Kristofo sɛ wɔmfa boasetɔ ntu mmirika bɛn?

      3 Bere a Paulo apɛɛpɛe gyidi nnwuma ahorow a wɔyɛe ansa na Kristofo mmere no reba mu (wɔ Hebrifo, ti 11) akyi no, ɔkae sɛ: “Sɛ yɛwɔ adansefo mununkum [kɛse] a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, moma yɛntow adesoa biara adesoa [a ebegye yɛn asabawmu honhom mu] ne bɔne [gyidi a wonni] a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim [a ɛyɛ daa nkwa] no mu mmirika.” (Hebrifo 12:1) Gyidi a ano yɛ den ho asɛm a Paulo kae no si n’afã horow so dua na ɛho bɛba yɛn mfaso sɛ́ yɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔretu nkwa a owu nni mu wɔ ɔsoro ho mmirika, anaasɛ yɛka “nnipakuw kɛse” a wɔn botae ne sɛ wobenya nkwa a enni awiei wɔ paradise asase so no ho. (Adiyisɛm 7:4-10; Luka 23:43; Romafo 8:16, 17) Nanso dɛn koraa ne gyidi? Dɛn ne saa honhom mu abohene yi afã horow no mu bi? Na sɛ yɛwɔ gyidi a, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn? Bere a mohwehwɛ saa nsemmisa yi ho mmuae no, yɛsrɛ mo, monkenkan Hebrifo ti 11 ne 12 mu nkyekyem a wɔabobɔ din no wɔ mo kokoam adesua mu ne asafo adesua no nso ase.

      NEA GYIDI KYERƐ

      4. Dɛn ne gyidi?

      4 Paulo dii kan kyerɛkyerɛɛ gyidi mu. (Kenkan Hebrifo 11:1-3.) Gyidi fã bi ne “ade a yɛn ani da so ho ahotoso.” Obi a ɔwɔ gyidi no wɔ adanse sɛ biribiara a Onyankopɔn hyɛ ho bɔ no te sɛ nea abam dedaw. Afei nso gyidi ne “nneɛma a yenhu ho adansegye.” Nneɛma no pɔtee a wonhui ho adanse a wɔagye atom no ano yɛ den ara ma wɔka sɛ gyidi te sɛ saa adansegye no.

      5. Dɛn na yɛnam gyidi so hu wɔ yɛn adwene mu?

      5 Gyidi nti na “tetefo no nyaa adanse” sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani. Afei gyidi na ‘yɛde hu yɛn adwenem sɛ wɔde Onyankopɔn asɛm asiesie nneɛma nhyehyɛe no’​—asase, owia, ɔsram ne nsoromma​—ma nea ani tuae fi nneɛma a ɛnna adi mu bae.’ Yegye di sɛ Yehowa ne saa nneɛma no nyinaa Bɔfo, ɛwom sɛ yentumi nhu no esiane sɛ ɔyɛ Honhom a aniwa nhu no nti.​—Genesis 1:1; Yohane 4:24; Romafo 1:20.

      GYIDI NE “TETE WIASE” NO

      6. Dɛn nti na na Habel wɔ ‘ade a n’ani da so’ sɛ Yehowa nkɔmhyɛ nsɛm a ɛfa ‘ɔbea no aseni’ ho no bɛbam ampa?

      6 Gyidi afã horow pii no mu biako ne anisɔ ma hia a bɔne ho afɔrebɔ hia no. (Kenkan Hebrifo 11:4.) “Tete wiase” no mu no, Habel, adesamma baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, babarima a ɔto so abien no, kyerɛɛ mogya afɔrebɔ mu gyidi. (2 Petro 2:5) Akyinnye biara nni ho sɛ Habel ankasa huu bɔne su a edi awu a wonya fi awo mu no. (Genesis 2:16, 17; 3:6, 7; Romafo 5:12) Ɛda adi nso sɛ ohuu Onyankopɔn ahyɛde a ɛde ɔbrɛ adwumayɛ brɛɛ Adam ne nyinsɛn mu yaw pii brɛɛ Hawa no mmamu. (Genesis 3:16-19) Enti na Habel wɔ ‘ade a n’ani da so’ sɛ nneɛma afoforo a Onyankopɔn aka no bɛbam ampa. Nea na ɛka eyinom ho ne nkɔmhyɛ nsɛm a wɔka kyerɛɛ ɔdaadaafo kɛse Satan bere a Onyankopɔn kaa eyi kyerɛɛ ɔwɔ no, sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.”​—Genesis 3:15.

      7. (a) Ɔkwan bɛn so na Habel kyerɛɛ anisɔ wɔ hia a bɔne ho afɔrebɔ ho hia no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ‘dii Habel ayɛyɛde no ho adanse’?

      7 Habel daa gyidi wɔ Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no mu adi denam aboa afɔre a ɔbɔ maa Onyankopɔn a na ebetumi agyina hɔ wɔ mfonini kwan so ama Habel ankasa nkwa no so. Nanso ne nua panyin Kain a onni gyidi no de nnuadewa a mogya nni mu na ɛbɔɔ afɔre. Sɛ owudifo no, Kain hwiee Habel mogya gui akyiri yi. (Genesis 4:1-8) Nanso Habel wui a na onim sɛ Onyankopɔn abu no trenee, “Onyankopɔn dii n’ayɛyɛde ho adanse.” Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Habel afɔre a ofi gyidi mu bɔe a ogye toom no so. Esiane ne gyidi ne ɔsoro mpeneso, a Kyerɛwtohɔ a efi Honhom mu no kɔ so di ho adanse no nti, ‘Habel wui de, nanso ɔda so ara kasa.’ Ohuu hia a bɔne ho afɔrebɔ ho hia no. So wowɔ gyidi wɔ Yesu Kristo ogye afɔre a ɛho hia kɛse sen saa no mu?​—1 Yohane 2:1, 2; 3:23.

      8. (a) Dɛn na yesua fa gyidi ho wɔ Henok adanse a odii wɔ akokoduru so no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na “wɔfaa Henok kɔe a wanhu owu”?

      8 Gyidi bɛka yɛn ma yɛaka Onyankopɔn asɛm no a yensuro. (Kenkan Hebrifo 11:5, 6.) Yehowa tete dansefo Henok de akokoduru kaa ɔsoro atemmu a na ɛbɛba nnipa a wonnim Onyankopɔn so ho asɛm siei. (Yuda 14, 15) Akyinnye biara nni ho sɛ Henok atamfo pɛe sɛ wokum no, nanso Onyankopɔn “faa no kɔe” na wanhu owu mu yaw. (Genesis 5:24) Nanso nea edi kan no, “onyaa adanse sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani.” Ɔkwan bɛn so? “Gyidi nti na wɔfaa Henok kɔe a wanhu owu.” Ɔkwan a ɛte saa ara so no, wɔfaa Paulo, anaasɛ “wohwim no kɔɔ paradise,” a ɛda adi sɛ onyaa Kristofo asafo no daakye honhom mu paradise no ho anisoadehu. (2 Korintofo 12:1-4) Enti ɛda adi sɛ na Henok renya asase so Paradise a ɛbɛba no ho anisoadehu, bere a Yehowa ma ɔdae wɔ owu mu, a wagye no afi atamfo nsam no. Sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani, te sɛ Henok a, ɛsɛ sɛ yɛka Onyankopɔn asɛm no a yensuro. (Asomafo no Nnwuma 4:29-31) Ɛsɛ sɛ yegye di nso sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na “ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.”

      9. Ɔkwan bɛn so na Noa kwan a ɔfaa so no kyerɛ sɛ Onyankopɔn akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ a wodi no yɛ gyidi fã foforo?

      9 Onyankopɔn akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ a wodi nso yɛ gyidi fã foforo. (Kenkan Hebrifo 11:7.) Bere a Noa reyɛ n’ade gyidi mu no, ɔyɛɛ ‘sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no ara.’ (Genesis 6:22; 7:16) Noa nyaa ‘nea wonhui ho ɔsoro kɔkɔbɔ’ na ogyee Yehowa asɛm sɛ asase nyinaa so nsuyiri bɛba no dii. Wɔ gyidi mu no, Noa “siesiee adaka maa ne fi nkwagye.” Ɛdenam osetie ne trenee nnwuma so no, obuu wiase a enni gyidi no fɔ esiane ne nnwuma bɔne nti, na ɔkyerɛe sɛ ɛfata ɔsɛe.​—Genesis 6:13-22.

      10. Ɛwom sɛ na Noa repam adaka no de, nanso adwuma foforo bɛn na ogyee bere yɛe?

      10 Ná Noa yɛ Yehowa adansefo no mu biako nso efisɛ na ɔyɛ “treneekafo.” (2 Petro 2:5) Ɛwom sɛ na ɔrepam adaka no a onni adagyew de, nanso ogyee bere de kaa asɛm sɛnea Yehowa Adansefo yɛ nnɛ no. Ampa, Noa de akokoduru kasae sɛ Onyankopɔn kɔkɔbɔ ma nnipa a na wɔwɔ hɔ ansa na nsuyiri no reba no ho dawurubɔfo de, nanso “wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.”​—Mateo 24:36-39.

      GYIDI WƆ TETE AGYANOM A WƆTRAA ASE WƆ NSUYIRI NO AKYI NO MU

      11. (a) Ɔkwan bɛn so na Abraham kyerɛe sɛ nea ɛka gyidi ho nso ne Yehowa bɔhyɛ ahorow mu ahotoso a edi mu? (b) Gyidi mu no, na Abraham retwɛn “kurow” bɛn?

      11 Nea ɛka gyidi ho ne Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu ahotoso a edi mu. (Kenkan Hebrifo 11:8-12.) Gyidi na Abraham (Abram) de tiee Onyankopɔn ahyɛde na ofii Ur a ɛyɛ kurow a na obetumi anya honam fam nneɛma pii wom no mu. Ogyee Yehowa bɔhyɛ sɛ ne mu na “asase so mmusua nyinaa” benya nhyira ne sɛ ɔbɛma n’asefo asase no dii. (Genesis 12:1-9; 15:18-21) Ná Abraham ba Isak ne ne banana Yakob yɛ “bɔhyɛ koro no ara difo.” Gyidi na Abraham “de kɔyɛɛ ɔhɔho bɔhyɛ asase no so sɛ ananafo de so.” Ɔhwɛɛ “kurow a ne kyekyefo ne ne yɛfo ne Nyankopɔn” no kwan. Yiw, Abraham twɛnee Onyankopɔn soro Ahenni a ɛno ase na wobenyan no aba nkwa mu wɔ asase so no. So Ahenni no wɔ afã titiriw saa wɔ w’asetra mu?​—Mateo 6:33.

      12. Esiane sɛ na Sara wɔ gyidi wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu nti, dɛn na ɛbae?

      12 Ná tete agyanom a wosuro Nyankopɔn no yerenom nso wɔ gyidi wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no mu. Sɛ nhwɛso no, gyidi na Abraham yere Sara a ɔyɛɛ obonin kosii sɛ odii mfe 90 a na “watwa ne nyin mu” no de nyaa ahoɔden “nyinsɛn aseni . . . efisɛ obuu nea ɔhyɛɛ bɔ no [Onyankopɔn] nokwafo.” Ankyɛ na Sara woo Isak. Enti Abraham a na wadi mfe 100 a wɔ abawo mu no na ɛte sɛ nea ‘wawu’ no mu na akyiri yi “wɔwoo nnipa a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea a wontumi nkan.”​—Genesis 17:15-17; 18:11; 21:1-7.

      13, 14. (a) Ɛwom sɛ Abraham, Isak, ne Yakob “nsa anka bɔhyɛ no” de, nanso wɔyɛɛ wɔn ade dɛn? (b) Sɛ yesusuw tete agyanom no nokwaredi ma Yehowa no ho a, ɔkwan bɛn so na yenya mfaso, sɛ yenhu ne bɔhyɛ horow no mmamu ntɛm ara mpo a?

      13 Sɛ yenhu ne bɔhyɛ ahorow no mmamu ntɛm ara mpo a, gyidi bɛma yɛadi nokware ama Yehowa. (Kenkan Hebrifo 11:13-16.) Tete agyanom no nyinaa wuwui a wɔanhu Onyankopɔn bɔhyɛ a ɔde mae no anwie. Nanso “wohuu [nneɛma a wɔahyɛ ho bɔ no] akyiri nko gye dii yɛɛ no atuu kae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo.” Yiw, wɔbɔɔ wɔn bra gyidi mu, efisɛ awo ntoatoaso pii twaam ansa na Bɔhyɛ Asase no rebɛyɛ Abraham asefo agyapade.

      14 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔannya ɔsoro bɔhyɛ ahorow no mmamu wɔ wɔn bere so no amma Abraham, Isak, ne Yakob bo amfuw na amma wɔammɛyɛ awaefo nso. Wɔannyaw Yehowa ansan ankɔ Ur amfa wɔn ho ankɔhyɛ wiase nnwuma mu. (Fa toto Yohane 17:16; 2 Timoteo 4:10; Yakobo 1:27; 1 Yohane 2:15-17 ho.) Dabi, saa tete agyanom yi ‘hwehwɛɛ’ beae a eye sen Ur, ‘nea ɛyɛ ɔsoro de.’ Enti ɛnyɛ Yehowa ‘aniwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn.’ Wokuraa wɔn gyidi wɔ ɔsorosoroni no mu de kosii owu mu, na ɛrenkyɛ wobenyan wɔn aba nkwa mu wɔ asase so a ɛno nso yɛ “kurow” no, Mesia Ahenni a Onyankopɔn siesie maa wɔn no, fã a edi so no so. Na wo nso ɛ? Sɛ ‘woanantew nokware no mu’ mfe dodow bi, anyin wɔ Yehowa som mu mpo a, ɛsɛ sɛ wukura w’ahotoso wɔ ne nhyehyɛe foforo ho bɔhyɛ no mu no mu. (3 Yohane 4; 2 Petro 3:11-13) Akatua bɛn ara na esiane gyidi a ɛte saa nti wo ne tete agyanom anokwafo no benya sɛɛ yi!

      15. (a) Dɛn na ɛmaa anka Abraham de Isak rebɔ afɔre ankasa no? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ asɛm a esii a ɛfa Abraham ne Isak ho no ka yɛn gyidi? (d) Nkɔmhyɛ mu adeyɛ bɛn na nea esii no daa no adi?

      15 Osetie a edi mũ koraa ma Onyankopɔn yɛ gyidi no fã a ɛho hia kɛse. (Kenkan Hebrifo 11:17-19.) Esiane sɛ Abraham tiee Yehowa kosii ase nti, ɛte sɛ nea “ɔde Isak,” ne “ba koro no”​—biako pɛ a Sara wo maa no no​—“kɔbɔɔ afɔre ankasa.” Dɛn nti na na Abraham betumi ayɛ eyi? Efisɛ “osusuwii sɛ Onyankopɔn betumi anyan [Isak] afi awufo mu mpo,” sɛ, ɛho hia a, na ɔde ama aseni ho bɔhyɛ a ɛnam no so no abam. Bere tiaa bi mu no, na anka sekan a ekura Abraham no bɛma Isak nkwa aba awiei, nanso ɔbɔfo bi nne siw eyi kwan. Enti Abraham nsa kaa Isak fii owu mu “wɔ mfatoho mu.” Saa ara na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn nso ma yetie Onyankopɔn wɔ gyidi mu, sɛ yɛn nkwa anaa yɛn mma de ho ba asɛm mpo a. (1 Yohane 5:3) Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow nso sɛ Abraham ne Isak yɛɛ sɛnea Yehowa de ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, bɛma sɛ agyede na ama wɔn a wɔkyerɛ ne mu gyidi anya daa nkwa no ho mfonini wɔ nkɔmhyɛ kwan so.​—Genesis 22:1-19; Yohane 3:16.

      16. Ɛdefa yɛn mma ne Onyankopɔn bɔhyɛ mu gyidi ho no, nhwɛso bɛn na tete agyanom no yɛe?

      16 Sɛ yɛwɔ gyidi a, yɛbɛboa yɛn mma ma wɔde wɔn ani ato nea Onyankopɔn hyɛ ho bɔ ma daakye no so. (Kenkan Hebrifo 11:20-22.) Ná tete agyanom no gyidi mu yɛ den ara ma ɛwom sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow no amma mu wɔ wɔn bere so de, nanso wɔde eyinom maa wɔn mma sɛ apɛgyade a ɛsom bo. Enti “Isak hyiraa Yakob ne Esau nneɛma a ɛbɛba ho,” na Yakob a ɔrewu no hyiraa Yosef mmabarima a wɔne Efraim ne Manase. Esiane sɛ na Yosef ankasa wɔ gyidi a emu yɛ den sɛ Israelfo befi Misraim akɔ bɔhyɛ asase no so nti, ɔmaa ne nuanom kaa ntam sɛ sɛ wɔrefi hɔ akɔ a, wɔde ne nnompe bɛkɔ. (Genesis 27:27-29, 38-40; 48:8-22; 50:24-26) So woreboa w’abusua ma wɔanya gyidi a ɛte saa ara wɔ nea Yehowa ahyɛ ho bɔ no mu?

      GYIDI MA YƐDE ONYANKOPƆN DI KAN

      17. Ɔkwan bɛn so na Mose awofo yɛɛ ade gyidi mu?

      17 Gyidi kanyan yɛn ma yɛde Yehowa ne ne nkurɔfo di biribiara a wiase yi wɔ de ma no kan. (Kenkan Hebrifo 11:23-26.) Bere a Mose awofo yɛɛ wɔn ade wɔ gyidi mu no, ná Israelfo yɛ nkoa a wohia ogye fi Misraim kɔndua no ase. ‘Wɔansuro ɔhene mmara’ sɛ wonkum Hebrini ɔbabanin biara wɔ awoe no. Mmom no, wɔde Mose siei asram abiɛsa, na awiei koraa no, wɔde no too mmɛw adaka mu de no kosii nwura a ɛwɔ Nil Asubɔnten no kɔn so no mu. Bere a Farao babea kohuu no no, ‘ɔyɛn no sɛ n’ankasa ba.’ Nanso, nea edi kan no, wɔyɛn Mose na wɔtetee no wɔ honhom mu wɔ n’agya ne ne na, Amram ne Yokebed, fi. Afei, sɛ́ Farao fifo no mu biako no, “wɔkyerɛɛ no Misrifo nyansa nyinaa” na ɔyɛɛ “den wɔ ne nsɛm ne nneyɛe mu,” a ɔbɔ mmɔden wɔ adwene ne nipadua mu dwumadi mu.​—Asomafo no Nnwuma 7:20-22; Exodus 2:1-10; 6:20.

      18. Esiane Mose gyidi nti, gyinabea bɛn na ɔpawee wɔ Yehowa som ho?

      18 Nanso, Misraim nhomasua ne ahenfie nneɛma afɛfɛ no amma Mose ampow Yehowa som ammɛyɛ ɔwaefo. Mmom, “gyidi nti na Mose nyinii no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba,” ade a ɔdaa no adi bere a ɔko gyee ne nua Hebrini no. (Exodus 2:11, 12) Mose pawee sɛ “ɔne Onyankopɔn man [ne mfɛfo Israelfo a wɔyɛ Yehowa asomfo] behu amane mmom sen sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi.” Sɛ woyɛ Yehowa somfo a woabɔ asu a wowɔ honhom mu ntetee a w’ase a atim a, so wubedi Mose nhwɛso yi akyi na woagyina pintinn ama nokware som anaa?

      19. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛda adi sɛ Mose de Yehowa ne Ne nkurɔfo dii kan wɔ n’asetra mu? (b) Mose hwɛɛ akatua bɛn kwan?

      19 Mose yɛɛ nea obetumi nyinaa wɔ Yehowa nkurɔfo mu “efisɛ obuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛse sen Misraim ahonyade.” Ɛda adi yiye sɛ Mose ‘buu tete bere mu Kristo nsɛso anaa Nea Onyankopɔn Asra no a ɔbɛyɛ no sɛ ahonya sen Misraim ahonyade.’ Sɛ́ obi a ofi adehye abusua mu no, na anka obetumi anya ahonyade ne din wɔ Misraim. Nanso ɔdaa gyidi adi na “ɔhwɛɛ akatua no”​—daa nkwa denam owusɔre so wɔ asase so wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo a wahyɛ ho bɔ no mu kwan.

      20. Dɛn na ɛwɔ Mose osuahu no mu a ɛkyerɛ sɛ, sɛ́ Yehowa nkoa no, gyidi mma yensuro?

      20 Gyidi mma yensuro, efisɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso sɛ ɔyɛ ogyefo. (Kenkan Hebrifo 11:27-29.) Bere a Farao tee sɛ Mose akum Misrini bi no, ɔpɛe sɛ okum no. “Nanso Mose guan fii Farao anim kɔtraa Midian asase so.” (Exodus 2:11-15) Enti ɛte sɛnea na Paulo reka Hebrifo no tu a wotu fii Misraim no ho asɛm bere a ɔkaa eyi no: “Gyidi nti na [Mose] gyaw Misraim a wansuro ɔhene [a ɔde owu hunahunaa no esiane sɛ ogyinaa Onyankopɔn ananmu maa Israel nti no] abufuw na omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu Nea wonhu no no.” (Exodus 10:28, 29) Ɛwom sɛ Mose anhu Yehowa ankasa da de, nanso sɛnea Yehowa ne no dii no yɛ paa ara ma enti ɔyɛɛ n’ade te sɛ nea ohu ‘Nea wonhu no.’ (Exodus 33:20) Wo ne Yehowa ntam abusuabɔ mu yɛ den saa anaa?​—Dwom 37:5; Mmebusɛm 16:3.

      21. Ɛdefa lsraelfo no fi a wofii Misraim no ho no, esiane “gyidi nti” dɛn na ɛbae?

      21 Aka bere tiaa bi ma lsraelfo afi Misraim no, “gyidi na [Mose] de dii twam ne mogya-pete no, na mmakan no sɛefo no anka wɔn [Israelfo] mmakan no.” Yiw, na egye gyidi na wɔde adi Twam no a ntease no ne sɛ wɔbɛkora Israelfo mmakan so bere a Misrifo de wuwu no, na wotuaa saa gyidi yi so ka. (Exodus 12:1-39) Afei nso “gyidi na [Israelfo no] de twaa Ɛpo kɔkɔɔ no sɛ fam a awo, nanso Misrifo no resɔ ahwɛ no, ɛmenee wɔn.” Ogyefo a ne ho yɛ nwonwa bɛn ara na Yehowa kyerɛe sɛ ɔyɛ sɛɛ yi! Na esiane saa ogye yi nti, Israelfo no “suroo [Yehowa] na wogyee [Yehowa] ne n’akoa Mose dii.”​—Exodus 14:21-31.

      22. Ɛdefa gyidi ho no, nsemmisa bɛn na ɛda so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

      22 Ampa, Mose ne tete agyanom no gyidi no yɛ nhwɛso ma Yehowa Adansefo nnɛ. Nanso dɛn na ɛbae bere a Onyankopɔn kɔɔ so ne Abraham asefo a wɔahyehyɛ wɔn wɔ teokrase kwan so sɛ ɔman no dii no? Dɛn na yebetumi asua afi gyidi nwuma a wɔkɔɔ so yɛe tete mmere mu no mu?*

  • Ná Wiase No Mfata Wɔn
    Ɔwɛn-Aban—1987 | May 1
    • denam ɔne ne fifo a wɔkoraa wɔn so bere a Yeriko hwee ase no ne Yesu Kristo nanabea a ɔbɛyɛe no so.​—Yosua 2:1-11; 6:20-23; Mateo 1:1, 5; Yakobo 2:24-26.

      4. Dɛn na Gideon ne Barak osuahu no si so dua wɔ gyidi a wɔda no adi wɔ asiane bere mu no ho?

      4 Wɔda gyidi adi denam ho a wɔde to Yehowa so koraa wɔ asiane bere mu no so. (Kenkan Hebrifo 11:32.) Paulo gye toom sɛ, sɛ ɔbɛkɔ so aka “Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid, ne Samuel ne adiyifo no ho asɛm” a nea wɔyeyɛe no di gyidi ne Yehowa so a wɔde wɔn ho toe wɔ ɔhaw bere mu no ho adanse no a, anka adagyew bɛbɔ no. Enti ɛdenam gyidi, ne mmarima ahasa so no, Onyankopɔn maa ɔtemmufo Gideon tumi ma ɔsɛee Midianfo a wɔyɛ nhyɛsofo no asraafo dɔm. (Atemmufo 7:1-25) Ɛdenam odiyifobea Debora nkuranhyɛ so no, ɔtemmufo Barak ne akofofo 10,000 a wɔnam fam a wonni akode papa biara no dii Ɔhene Yabin asraafo a wɔdɔɔso na wɔwɔ nteaseɛnam 900 na Sisera di wɔn anim no so nkonim.​—Atemmufo 4:1-5:31.

      5. Akwan horow bɛn so na Samson ne Yefta daa gyidi a edi adanse sɛ wɔde wɔn ho too Yehowa so koraa adi?

      5 Gyidi ho nhwɛso foforo wɔ Israel atemmufo no nna no mu nso ne Samson, Filistifo tamfo kɛse no. Ampa, akyiri yi wɔfaa no dommum a na wɔabobɔ n’ani. Nanso Samson kunkum wɔn mu pii bere a obubuu ɔdan a na wɔrebɔ afɔre kɛse ama wɔn atoro nyame Dagon wom no adum gui no. Yiw, Samson ne saa Filistifo no wuwui, nanso ɛnyɛ sɛ okum ne ho wɔ abasamtu mu. Ofi gyidi mu de ne ho too Yehowa so na ɔbɔɔ mpae sɛ ɔmma no ahoɔden a ohia no na ɔmfa nni saa Onyankopɔn ne Ne nkurɔfo atamfo yi so were. (Atemmufo 16:18-30) Yefta a Yehowa ma odii Amonfo so nkonim no nso daa gyidi a edi ne ho a ɔde too Yehowa so koraa no ho adanse adi. Gyidi mu nkutoo na na obetumi adi ne bɔ a ɔhyɛɛ Yehowa no so denam ne babea a ohyiraa ne so maa Yehowa som sɛ ɔbaabun daa no so.​—Atemmufo 11:29-40.

      6. Ɔkwan bɛn so na Dawid kyerɛɛ ne gyidi?

      6 Nea esiane ne gyidi nti wonim no nso ne Dawid. Ná ɔyɛ abarimaa bere a ɔne Filistini ɔbran a wɔfrɛ no Goliat koe no. Dawid kae sɛ, ‘wo de wode nkrante, peaw, ne pɛmɛ na ɛreba me nkyɛn, na me de, mede asafo [Yehowa] din na ɛreba wo nkyɛn.’ Yiw, Dawid de ne ho too Onyankopɔn so, kum Filistini tenten no, na ɔkɔɔ so bɛyɛɛ ɔhene ne dɔmmarima a ɔko ma Onyankopɔn nkurɔfo yiyedi. Na gyidi nti Dawid bɛyɛɛ ɔbarima a Yehowa koma pene no so. (1 Samuel 17:4, 45-51; Asomafo no Nnwuma 13:22) Wɔ Samuel ne adiyifo afoforo nso asetra nyinaa mu no, wɔdaa gyidi kɛse ne ho nyinaa a wɔde to Onyankopɔn so adi. (1 Samuel 1:19-28; 7:15-17) Nhwɛso fɛfɛ bɛn ara na eyi yɛ ma Yehowa nkoa, mmofra ne mpanyin, nyinaa sɛɛ yi!

      7. (a) Henanom na “wɔnam gyidi so ko dii ahene so nkonim” no? (b) Henanom na wɔnam gyidi so “dii asɛntrenee” no?

      7 Yɛnam gyidi so betumi adi nkonim wɔ mudi mu kura ho sɔhwɛ biara mu na yɛayɛ biribiara a ɛne ɔsoro apɛde hyia no awie. (Kenkan Hebrifo 11:33, 34.) Bere a na Paulo rebobɔ gyidi nnwuma foforo din bio no, ɛda adi sɛ na Hebrifo atemmufo, ahene ne adiyifo no ho asɛm na na ɛwɔ n’adwene mu, efisɛ na ɔbobɔɔ eyinom din nkyɛe. “Gyidi nti” atmmufo te sɛ Gideon ne Yefta “kodii ahene so nkonim.” Saa ara nso na ɔhene Dawid a odii Filistifo, Moabfo, Siriafo, Edomfo, ne afoforo so no yɛe. (2 Samuel 8:1-14) Afei gyidi nti, atemmufo a wɔteɛ “dii asɛntrenee,” na anyɛ yiye koraa no, Samuel ne adiyifo afoforo afotu a ɛteɛ no kaa ebinom ma wɔtwee wɔn ho fii bɔneyɛ ho.​—1 Samuel 12:20-25; Yesaia 1:10-20.

      8. Bɔhyɛ bɛn na Dawid nyae, na ekowiee dɛn mu?

      8 Dawid yɛ obi a ɔnam gyidi so “nyaa bɔhyɛ.” Yehowa hyɛɛ no bɔ sɛ: “W’ahenni betim akosi daa.” (2 Samuel 7:11-16) Na Onyankopɔn dii saa bɔhyɛ no so denam Mesia Ahenni a ɔde sii hɔ wɔ 1914 mu no so.​—Yesaia 9:6, 7; Daniel 7:13, 14.

      9. Tebea horow bɛn mu na ‘wɔnam gyidi so siw agyata ano’?

      9 Odiyifo Daniel hyiaa mudi mu kura ho sɔhwɛ na odii mu nkonim bere a ɔkɔɔ so bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛnea ɔyɛ daa no a ɔhene mmara no mfa ho no. Enti Daniel nam mudi mu kurafo gyidi so “siw agyata ano” efisɛ Yehowa koraa ne nkwa so wɔ gyata amoa a wɔde no toom no mu.​—Daniel 6:4-23.

      10. Henanom na wɔnam gyidi so “dum ogya tumi” no, na gyidi a ɛte saa bɛboa yɛn ma yɛatumi ayɛ dɛn?

      10 Daniel mfɛfo Hebrifo mudi mu kurafo a wɔne Sadrak, Mesak, ne Abednego tumi “dum ogya tumi.” Bere a wɔde owu wɔ fononoo a adɔ aboro so mu hunahunaa wɔn no, wɔka kyerɛɛ Ɔhene Nebukadnesar sɛ, sɛ Onyankopɔn gye wɔn oo, sɛ wannye wɔn oo, wɔrensom Babilon tumfoɔ no anyame anaa ohoni a ɔde asi hɔ no. Yehowa annum fononoo no mu gya no, nanso ɔhwɛe sɛ ɛrenyɛ Hebrifo baasa no hwee. (Daniel 3:1-30) Gyidi a ɛte saa ara boa yɛn ma yekura yɛn mudi mu ma Onyankopɔn kosi sɛ ebia atamfo no bekum yɛn mpo.​—Adiyisɛm 2:10.

      11. (a) Henanom na wɔnam gyidi so “guan nkrante ano” no? (b) Henanom na wɔnam gyidi so ma “wonyaa ahoɔden” no? (d) Henanom na “wɔyɛɛ ɔko mu den” na “wɔkaa ananafo mpasua gui” no?

      11 Dawid “guan” fii Ɔhene Saulo mmarima no “nkrante ano.” (1 Samuel 19:9-17) Adiyifo Elia ne Elisa nso guan owu wɔ nkrante ano. (1 Ahene 19:1-3; 2 Ahene 6:11-23) Nanso henanom na ‘wɔnam gyidi so nyaa ahoɔmmerɛw mu ahoɔden’ no? Wiɛ, Gideon susuwii wɔ ɔne ne mmarima ahasa no ho sɛ wɔyɛ mmerɛw dodo sɛ wobegye Israel afi Midianfo nsam. Nanso Onyankopɔn ma “onyaa ahoɔden” na odii nkonim​—na ɔde mmarima ahasa pɛ na ɛyɛɛ saa! (Atemmufo 6:14-16; 7:2-7, 22) Bere a woyii Samson ti nhwi wɔ “ahoɔmmerɛw mu” no, Yehowa ma ‘onyaa ahoɔden’ na okunkum Filistifo pii. (Atemmufo 16:19-21, 28-30; fa toto Atemmufo 15:13-19 ho.) Ebia na Paulo susuw Ɔhene Hesekia nso ho sɛ obi a ‘onyaa ahoɔden’ wɔ sraadi ne honam mu mmerɛwyɛ mpo mu. (Yesaia 37:1-38:22) Onyankopɔn nkoa a “wɔyɛɛ ɔko mu den” no mu binom ne Ɔtemmufo Yefta ne Ɔhene Dawid. (Atemmufo 11:32, 33; 2 Samuel 22:1, 2, 30-38) Na wɔn a “wɔkaa ananafo mpasua gui” no nso bi ne ɔtemmufo Barak. (Atemmufo 4:14-16) Ɛsɛ sɛ saa nnwuma a efi akokoduru mu yi nyinaa ma yɛte ase pefee sɛ yɛnam gyidi so betumi adi nkonim wɔ yɛn mudi mu kura ho sɔhwɛ biara mu na yebetumi awie biribiara a ɛne Yehowa apɛde hyia no yɛ.

      Afoforo Nso A Wɔn Gyidi Yɛ Nhwɛso

      12. (a) Mmea bɛn na “wɔn nsa kaa wɔn awufo a wɔsɔree” no? (b) Ɔkwan bɛn so na nnipa gyimfo bi wusɔre bɛyɛ nea “eye kyɛn so”?

      12 Nea ɛka gyidi ho ne owusɔre no mu ahotoso, anidaso a ɛboa yɛn ma yekura yɛn mudi mu ma Onyankopɔn no. (Kenkan Hebrifo 11:35.) Gyidi nti “mmea nsa kaa wɔn awufo a wɔsɔree.” Ɛdenam gyidi ne Onyankopɔn tumi so no, Elia nyanee okunafo bi babarima wɔ Sarefat na Elisa nyanee Sunemni bea bi babarima (1 Ahene 17:17-24; 2 Ahene 4:17-37) “Na ebinom nso wɔde wɔn goruu atɔprɛ [kyerɛ sɛ, “wɔde mmaa hwee wɔn” ankasa] na wɔampɛ ogye, na wɔn nsa aka owusɔre a eye kyɛn so.” Ɛda adi sɛ wɔhwɛɛ saa Yehowa adansefo a Kyerɛwnsɛm no ammobɔ wɔn din yi ma wowuwui, na wɔpow ogye a ɛhwehwɛ sɛ wogyae wɔn gyidi mu no. Wɔn wusɔre no bɛyɛ nea “eye kyɛn so” efisɛ ɛrenyɛ nea ɛho hia sɛ wɔsan wu bio (te sɛ nea ɛbaa wɔn a Elia ne Elisa nyanee wɔn no so no) na ɛbɛba wɔ Yesu Kristo, “Daa Agya” a n’agyede ma wonyaa nkwa a enni awiei wɔ asase so hokwan no, Ahenni nniso ase.​—Yesaia 9:6; Yohane 5:28, 29,

      13. (a) Henanom na wohuu “animguasede ne ɔhwe” mu amane no? (b) Henanom na wonyaa “mpokyerɛ ne duam nna” mu osuahu no?

      13 Sɛ yɛwɔ gyidi a, yebetumi agyina ɔtaa ano. (Kenkan Hebrifo 11:36-38.) Sɛ wɔtaa yɛn a, eye sɛ yɛbɛkae owusɔre anidaso no na yehu sɛ Onyankopɔn betumi awowaw yɛn sɛnea ɔyɛɛ “afoforo [a] wohuu animguasede ne ɔhwe, mpokyerɛ ne duam nna” no. Israelfo “dii n’adiyifo ho fɛw kosii sɛ Yehowa abufuw no sɔre hyɛɛ ne man.” (2 Beresosɛm 36:15, 16) Gyidi nti Mikaia, Elisa ne Onyankopɔn asomfo afoforo gyinaa “animguasede” ano. (1 Ahene 22:24; 2 Ahene 2:23, 24; Dwom 42:3) Ná wonim “ɔhwe” wɔ Israel ahene ne adiyifo no nna no mu, na atamfo “boroo” Yeremia ankasa a ɛnyɛ sɛ wɔbɔɔ no ara kwa. Ebia “mpokyerɛ ne duam nna” no bɛkae yɛn ɔne adiyifo Mikaia ne Hanani osuahu ahorow no. (Yeremia 20:1, 2; 37:15; 1 Ahene 12:11; 22:26, 27; 2 Beresosɛm 16:7, 10) Esiane sɛ nnɛyi Yehowa adansefo wɔ gyidi a ɛte saa ara nti, wɔatumi agyina amanehunu a ɛtete saa ara mu “trenee nti.”​—1 Petro 3:14.

      14. (a) Henanom na wɔka wɔn a “wosiw wɔn abo” no ho? (b) Hena na ɛbɛyɛ sɛ ‘wɔde ɔwan paee ne mu’ no?

      14 Paulo kae sɛ: “Wosiw wɔn abo.” Gyidifo a wɔte saa no mu biako ne Sakaria, Yehoida ba no. Bere a Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma no, ɔkasa tiaa Yudafo awaefo no. Dɛn na efii mu bae? Ɛdenam Ɔhene Yoas ahyɛde so no, n’atirisopamfo siw no abo kum no wɔ Yehowa ofi no adiwo. (2 Beresosɛm 24:20-22; Mateo 23:33-35) Paulo de kaa ho sɛ: “Wɔsɔɔ wɔn hwɛe, de ɔwan paee wɔn mu.” Ebia osusuwii sɛ odiyifo Mikaia yɛ “wɔn a wɔsɔɔ wɔn hwɛe” no mu biako, na Yudafo atetesɛm bi a emu nna hɔ yiye ka sɛ wɔde ɔwan paee Yesaia mu wɔ Ɔhene Manase adedi bere so.​—1 Ahene 22:24-28.

      15. Henanom na “wohuu amane” na “wokyinii sare so” no?

      15 Afoforo nso, “wɔde nkrante kum wɔn,” sɛ nhwɛso no, Elia mfɛfo a wɔyɛ Nyankopɔn adiyifo a “wɔde nkrante kunkum wɔn” wɔ ɔhemmɔne Ahab nna no mu no wɔ hɔ. (1 Ahene 19:9, 10) Elia ne Elisa ka wɔn a wɔwɔ gyidi a “wokyinii nguanten ne mmirekyi nhoma mu, ehiaa wɔn, wɔn ho guan wɔn, wohuu amane” no ho. (1 Ahene 19:5-8, 19; 2 Ahene 1:8; 2:13; fa toto Yeremia 38:6 ho.) Ɛnyɛ Elia ne Elisa nko na wɔka wɔn a “wokyinii sare so ne mmepɔw so, abodan mu ne asase so atu mu” no ho, na mmom adiyifo 100 a Obadia de wɔn siee ɔbodan mu aduonum aduonum na ɔde aduan ne nsu brɛɛ wɔn bere a ɔhemmaa Yesebel ɔbosonsonni no fii ase sɛ ‘ɔretwitwa [Yehowa] adiyifo agu’ no nso. (1 Ahene 18:4, 13; 2 Ahene 2:13; 6:13, 30, 31) Mudi mu kurafo bɛn ara ni! Ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo kae sɛ wɔyɛ “wɔn a wiase [a ɛyɛ adesamma abusua a ɛnteɛ] no amfata wɔn”!

      16. (a) Dɛn nti na Yehowa adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba no ‘nsa nkaa bɔhyɛ no’? (b) Wɔ Yehowa adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba no fam no ɛsɛ sɛ yɛ a ‘wɔyɛ wɔn pɛ’ no yɛ nea ɛfa dɛn ho?

      16 Gyidi ma yenya ahotoso sɛ wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, wɔn a wɔdɔ no nyinaa ‘nsa bɛka bɔhyɛ no.’ (Kenkan Hebrifo 11:39, 40.) Mudi mu kurafo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba no “nam gyidi so nyaa adanse pa” a mprempren abɛyɛ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛwtohɔ. Nanso ‘wɔn nsa nkaa Onyankopɔn bɔhyɛ’ denam asase so owusɔre so a hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Ahenni no nniso ase ka ho no. Dɛn ntia? “Na wɔankwati” Yesu akyidifo a wɔasra wɔn a “Onyankopɔn asiesie biribi a eye kyɛn so” ama wɔn​—ɔsoro asetra a owu nni mu ne hokwan ahorow sɛ wɔne Kristo Yesu bɛbom adi ade no​—“anyɛ wɔn pɛ.” Ɛdenam Kristofo a wɔasra wɔn no wusɔre a efii ase bere a wɔde Ahenni no sii hɔ wɔ 1914 mu akyi no so no, wɔyɛ wɔn “pɛ” wɔ ɔsoro ansa na wɔanyan Yehowa adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba no. (1 Korintofo 15:50-57; Adiyisɛm 12:1-5) Wɔ saa tete adansefo no fam no, ɛsɛ sɛ yɛ a ‘wɔyɛ wɔn pɛ’ no yɛ nea ɛfa wɔn asase so owusɔre, sɛnea ‘wɔbɛfa wɔn ho adi afi nea ɛsom porɔwee no mu’ akyiri yi, ne adesamma pɛyɛ ho a wobedu denam ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo ne ne soro asɔfo nkumaa 144,000 no dwumadi wɔ ne Mfirihyia Apem Ahenni no mu no so no ho.​—Romafo 8:20, 21; Hebrifo 7:26; Adiyisɛm 14:1; 20:4-6.

      Hwɛ Yɛn Gyidi Wiefo No

      17, 18. (a) Sɛ yebedi nkonim wɔ yɛn daa nkwa ho mmirikatu no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo yɛ yɛn “gyidi Wiefo”?

      17 Bere a Paulo aka Yehowa adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba no gyidi nnwuma ho nsɛm awie no, ɔdan adwene kɔɔ gyidi mu nhwɛso a ɛsen biara no so. (Kenkan Hebrifo 12:1-3.) Nkuranhyɛ fibea bɛn ara na ɛyɛ sɛ yɛwɔ ‘adansefo mununkum ‘a ɛte saa a atwa yɛn ho ahyia’! Eyi ka yɛn ma yɛtow adesoa biara a ebesiw yɛn honhom mu nkɔso kwan no gu. Ɛboa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi bɔne a ɛne gyidi a wonni ho na yɛde boasetɔ tu daa nkwa ho mmirika a Kristofo tu no. Nanso, sɛ yebedu yɛn botae no ho a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi ka ho. Na ɛno ne dɛn?

      18 Sɛ yebetumi adi nkonim wɔ yɛn daa nkwa wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo mu ho mmirikatu no mu a, ɛho hia sɛ ‘yɛhwɛ gyidi mu Dikanfo ne ne Wiefo Yesu.’ Ná Abraham ne mudi mu kurafo afoforo a wɔtraa ase ansa na Yesu Kristo rebɛyɛ n’asase so ɔsom adwuma no gyidi no tɔ sin, enwie mu di, efisɛ saa bere no na wɔnte nkɔmhyɛ pii a ɛfa Mesia no ho a enyaa mmamu no ase. (Fa toto 1 Petro 1:10-12 ho.) Nanso ɛdenam Yesu awo, ne som adwuma, ne wu ne ne wusɔre no so no Mesia ho nkɔmhyɛ ahorow no pii nyaa mmamu. Enti gyidi a wɔayɛ no pɛ no “bae” denam Yesu Kristo so. (Galatifo 3:24, 25) Afei nso Yesu fi ne soro trabea hɔ kɔɔ so yɛɛ n’akyidifo no gyidi Wiefo, te sɛ bere a ohwiee honhom kronkron guu wɔn so wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu ne denam nneɛma ahorow a ɔdaa no adi a ɛkɔɔ so siesiee wɔn gyidi no so. (Asomafo no Nnwuma 2:32, 33; Romafo 10:17; Adiyisɛm 1:2; 22:16) Hwɛ aseda ara a yɛde ma sɛ yɛwɔ saa “Ɔdansefo Nokwafo” yi, saa Yehowa Adansefo “Kannifo Kɛse” yi!​—Adiyisɛm 1:5; Mateo 23:10.

      19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yesusuw’ Yesu ho?

      19 Esiane sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobegyina wɔn a wonni gyidi no ahohorabɔ ano nti, Paulo hyɛe sɛ: “Munsusuw [Yesu] a ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.” Ampa, sɛ yɛkɔ so de yɛn ani si “Ɔdansefo Nokwafo,” Yesu Kristo, so a, yɛremmrɛ wɔ ɔsoro apɛde no yɛ mu da.​—Yohane 4:34.

      20. Nneɛma a woasua afa gyidi ho denam Hebrifo 11:1-12:3 a yɛasusuw ho no so no bi ne nea ɛwɔ he?

      20 Yesua gyidi afã horow no ho ade pii fi ‘adansefo mununkum’ no hɔ. Sɛ nhwɛso no, gyidi te sɛ Habel de no ma anisɔ a yɛwɔ wɔ Kristo afɔrebɔ no mu no yɛ kɛse. Nokware gyidi ma yɛyɛ adansefo akokodurufo, te sɛ nea Henok kaa Onyankopɔn asɛm a na onsuro no. Sɛnea na ɛte wɔ Noa ho no, yɛn gyidi ka yɛn ma yedi Onyankopɔn akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ na yɛsom sɛ treneekafo. Abraham gyidi no ma yehu hia a ɛho hia sɛ yɛyɛ osetie ma Onyankopɔn na yenya ne bɔhyɛ mu awerehyem a ɛwom sɛ emu binom nyaa mmamu mpo de ɛ. Mose nhwɛso no kyerɛ sɛ gyidi boa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi wiase nkekae ho na yɛde nokwaredi gyina Yehowa nkurɔfo afã. Israel atemmufo, ahene, ne adiyifo no akokoduru nnwuma no da no adi sɛ Onyankopɔn mu gyidi betumi awowaw yɛn wɔ ɔtaa ne sɔhwɛ mu. Na aseda bɛn ara na yɛde ma sɛɛ yi sɛ Yesu Kristo nhwɛso a ɛkyɛn so no ma yɛn gyidi ase tim a enhinhim! Ɛnde, bere a yɛwɔ Yesu sɛ yɛn Kannifo, ne wɔ yɛn Nyankopɔn no ahoɔden mu no, momma yɛnkɔ so nna gyidi a boasetɔ wom adi sɛ Yehowa Adansefo.

      Mmuae Bɛn na Wode Bɛma?

      ◻ Yehowa adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba no nnwuma ahorow bɛn na ɛda no adi sɛ wɔdaa gyidi adi denam wɔn ho a wɔde too Yehowa so koraa wɔ asiane bere mu no so?

      ◻ Dɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛnam gyidi so betumi adi yɛn mudi mu kura ho sɔhwɛ biara mu nkonim?

      ◻ Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ yɛnam gyidi so betumi agyina ɔtaa ano?

      ◻ Dɛn nti na wɔfrɛ Yesu sɛ “yɛn gyidi Wiefo”?

      ◻ Gyidi afã horow pii no bi ne nea ɛwɔ he?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena